Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w80 11/1 kr. 21-23
  • So Onyankopɔn Wɔ Din?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Onyankopɔn Wɔ Din?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƐNDE, ONYANKOPƆN DIN NE DƐN?
  • ƐHE NA WOHU DIN NO?
  • DƐN NTI NA “YAHWEH”?
  • “JEHOVAH” ANAA “YEHOWA” NA WONIM NO YIYE
  • A4 Onyankopɔn Din Pue Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm No Mu
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Onyankopɔn Din
    Nyan!—2017
  • Onyankopɔn Din—Sɛnea Wɔde Di Dwuma ne Nea Ɛkyerɛ
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Onyankopɔn Din De Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
w80 11/1 kr. 21-23

So Onyankopɔn Wɔ Din?

EBIA nnipa pii bɛka sɛ: ‘So Onyankopɔn din fa ho? Otumfoɔ Teasefo koro pɛ na ɔwɔ hɔ.’ Sɛ nhwɛso no, ɔsɔfo bi a ɔwɔ Kanada kae bere bi sɛ: “Din a nkurɔfo taa de ma Onyankopɔn no nso ho nhia.” Saa ɔsɔfo yi kyerɛe sɛ sɛ wɔbɛfrɛ no “Allah,” sɛnea Nkramofo frɛ no, anaasɛ “Manitou,” sɛnea Kusuufam Amerika Indiafo frɛ no, no ho nhia. Asɔfo pii kura adwene a ɛte saa ara.

Nanso momma yensusuw ho nhwɛ: Dɛn nti na yɛde din di dwuma? Dɛn na ɛwɔ din mu?

Titiriw no, yɛde din di dwuma sɛ agyiraehyɛde. Afei nso ɛtaa da obi dwumadi ne ne dibea adi. Nnipa mpempem pii wɔ hɔ a din te sɛ Aleksandar ɔkɛseɛ anaasɛ Ghandi ma wɔkae nea saa mmarima yi yɛe no ntɛm.

Nanso dɛn nti na Onyankopɔn din ho hia? Efisɛ, ɛwom sɛ nnipa pii gye di sɛ nokware Nyankopɔn koro pɛ na ɔwɔ hɔ de, nanso afoforo pii nso som anyame bebree. Hindufo wɔ anyame ɔpepem pii. Wɔ Asia ne Afrika afa horow no, nnipa ɔpepem pii som wɔn nananom a wɔawuwu. Bebree som ɔman a wɔte mu no, amammui mpanyimfo anaasɛ nnipa a wɔda nsow kɛse wɔ agodi anaasɛ sini mu. Ebinom nso de, wɔka sɛ “wɔn nyame ne wɔn yafunu.”​—Fil. 3:19.

Sɛnea ɛbɛyɛ na Otumfoɔ Teasefo no ada nsow wɔ anyame bebrebe yi ho no, ɔwɔ n’ankasa ne din a ɛyɛ soronko koraa. Na sɛnea yebehu no, saa din yi nyɛ nea ɛho hia na wɔde ahu no nko, na mmom ɛfa ne dibea nso ho. Wagye din ama n’ankasa ho.

ƐNDE, ONYANKOPƆN DIN NE DƐN?

So “Allah” betumi ayɛ Onyankopɔn din? Dabi. Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma a eye bɛkyerɛ wo no, “Allah” yɛ Arabiafo kasa mu asɛmfua a ɛkyerɛ “onyame no” a wɔatwa no tiaa. Ɛda adi sɛ eyi nyɛ din.

Na “Awurade” nso ɛ? Ɛno nso nyɛ din. Bible no se “Anyame pii ne awurade pii wɔ hɔ.” (1 Kor. 8:5) Spanish kasa mu asɛmfua ma “Awurade,” a wɔtaa de di dwuma wɔ Spanish Bible nkyerɛase horow mu, no ne Senõr, a ɛtaa kyerɛ “owura.” Ɔkwan bɛn so na eyi betumi ayɛ Teasefo Tumfoɔ no din ankasa?

Ebia ebinom bɛka sɛ: ‘So Yesu nyɛ Onyankopɔn din?’ Bere a wɔkaa Yesu awo no ho asɛm kyerɛɛ Maria no, ɔsoro bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Na woato ne din Yesu. Ɔbɛyɛ kɛse, na wɔafrɛ no nea ɔwɔ sorosoro no ba.” (Luka 1:30-32) Enti Yesu yɛ Onyankopɔn ba no din, ɛnyɛ Teasefo Tumfoɔ no din. Yesu ankasa kae sɛ: “M’agya yɛ kɛse sen me.”​—Yoh. 14:28; fa toto Mmebusɛm 30:4 ho.

Esiane sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba nti, Yesu ne n’Agya wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. Na Yesu daa no adi pefee sɛ n’Agya wɔ din. Bere a ɔkyerɛɛ n’asuafo no mpaebɔ nhwɛso a agye din a wɔtaa frɛ no “Awurade Mpaebɔ” no, nsɛm a edi kan pɛɛ no ne sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho, ntew.” (Mat. 6:9) N’Agya mpae foforo bi a ɔbɔe mu no, Yesu kae sɛ: “Mayi wo din adi makyerɛ nnipa a wode wɔn afi wiase ama me no . . . na mayi wo din makyerɛ wɔn na meyi makyerɛ.” (Yoh. 17:6, 26) Enti, Yesu daa nea n’Agya din kyerɛ ankasa no nyinaa adi kyerɛɛ wɔn.

Nea ɛyɛ anigye no, Hebri asɛmfua ma “Yesu” no ne “Yehoshua,” a ɛyɛ “Yehowa-yesua” a asekyerɛ ne “Yehowa ne nkwagye” a wɔatwa no tiaa. Enti ɛno na ɛwɔ hɔ no Agya, ɔteasefo Tumfoɔ, no din ne YEHOWA. Na hwɛ fata a ɛfata sɛ wɔde Yesu, sɛ onii a Yehowa nam no so de nkwagye ba, no too n’Agya!

ƐHE NA WOHU DIN NO?

Wohu din “Yehowa” no wɔ nkyerɛwee ahorow pii mu ne mmeae horow pii. Nanso faako a wohu din no titiriw ne tete Hebri nkyerɛwee a ɛwɔ Bible mu no mu. Ebia wobɛka sɛ, ‘Minhuu saa din no wɔ Bible mu da.’ Ɛyɛ ampa sɛ Bible ahorow bi mfa Onyankopɔn din no nni dwuma. Nanso kae sɛ nea ɛwɔ yɛn Bible ahorow no mu yɛ nkyerɛase horow, na ɛsono akwan horow a wɔn a wɔkyerɛ nhoma ase no nam so kyerɛ mfiase nkyerɛwee no ase. Na ɛnyɛ Bible no fam nko na ɛba saa, na mmom wɔ nhoma anaasɛ asɛm biara a nnipa ahorow kyerɛ ase fam.

Sɛ nhwɛso no, edin “Yehowa” no pue mpempem pii wɔ New World Translation of the Holy Scriptures a wɔde di dwuma titiriw wɔ saa nhoma yi mu no mu. Nanso wɔ King James Version a wonim no yiye no mu no, epue mpɛn kakraa bi pɛ. Sɛ wowɔ Ɔhene James nkyerɛase no bi a, hwɛ Exodus nhoma no, ti 6, nkyekyem 8, na wubehu saa nsɛm yi wɔ hɔ: “Na miyii me ho mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn Tweaduampɔn, na me din YEHOWA no de, mamma wɔamfa anhu me.”

Ebia na wopɛ Katolik nkyerɛase. Pii wɔ hɔ a Onyankopɔn din no nni mu. Nanso sɛ wowɔ The Jerusalem Bible, nnɛyi Katolik nkyerɛase no bi, na wobɔ mmɔden hwɛ nkyekyem a ɛwɔ atifi hɔ yi a, wubehu sɛ ɛde edin “Yahweh” (a epue wɔ Twi Bible foforo no mu wɔ Dwom 83:18 mu no) di dwuma mmom kyɛn “Yehowa.” Dɛn nti na ɛte saa?

DƐN NTI NA “YAHWEH”?

“Yahweh” (a ɛtɔ dabi a wɔkyerɛw no “Jahveh” no) yɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛkyerɛw Onyankopɔn din no ma abɛn sɛnea na ɛte wɔ mfitiase Hebri kasa mu no. Wɔ tete Hebri nkyerɛwee mu no, nkyerɛwee a egyigye wɔ anom nkutoo na wɔde dii dwuma, a nkyerɛwee a ɛwɔ nne nnyigyei biara nka ho. Wɔda Onyankopɔn din no adi wɔ tete Hebri nkyerɛwee no mu sɛ YHWH anaasɛ JHVH, na wɔn a wɔka Bible ho asɛm no taa frɛ saa nkyerɛwee yi “Tetragrammaton,” a ɛkyerɛ “nkyerɛwde anan.”

Sɛnea wɔbɔ din kronkron yi wɔ Hebri kasa mu no ayera wɔ mfehaha a abɛsen kɔ no mu. Enti, wontumi nhu nkyerɛwde a ɛwɔ nnè nnyigyei a ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma wɔ din no mu. Ɛdenam Hebri nsɛmfua abien Adonay’ (Awurade) ne Elohim’ (Onyankopɔn) mu nkyerɛwde a ɛwɔ nnè nnyigyei a wɔde hyehyɛ Tetragrammaton no mu no so no, wotumi bɔɔ edin no Yehowah’. Awiei koraa no, eyi bɛyɛɛ “Jehovah” wɔ Latin kasa mu. Nanso, Hebri nhomanimfo pii ka sɛ “Yahweh” mmom na ɛbɛn din no ankasa. Na, Rudolph Kittel, a ɔyɛɛ Biblia Hebraica ho adwuma no de nkyerɛwde a ɛwɔ nnè nnyigyei hyehyɛɛ Hebri nkyerɛwde anan no mu ma ɛyɛɛ “Yehwah,” wɔ ne nkyerɛase ahorow no nyinaa no.

“JEHOVAH” ANAA “YEHOWA” NA WONIM NO YIYE

Nanso, edin “Jehovah” anaa “Yehowa” no na wonim no yiye na wɔde di dwuma. Wɔde adi dwuma wɔ Bible nkyerɛase ne nhoma horow nyinaa mu mfehaha pii.a Wɔakyerɛw agu nneɛma horow pii ho nso. Sɛ nhwɛso no, Latin nkyerɛwde a ɛwɔ Plymouth, England, kurow no bɔs ho kenkan sɛ “Turris Fortissima Est Nomen Jehova, a ɛkyerɛ: “Aban dennen ne Yehowa din.” (Hwɛ Mmebusɛm 18:10 wɔ Twi Bible Dedaw mu.) Enti, edin “Yehowa” no pue mpo wɔ kurow no mu bɔs ahorow ho.

Afei momma yɛnkɔsra Mediterranea Ɛpo mu supɔw Minorka a ɛbɛn Spania mpoano no so kakra. Ɛha nso no, wɔ Mahón kurow mu no yehu Tetragrammaton no wɔ kurow no gua a wɔtɔn afuw mu nneɛma wɔ hɔ, a kan no na ɛbɛn asɔfo atrae bi, no fasu ho. Wɔ kurow ketewaa bi a ɛbɛn hɔ a wɔfrɛ no San Luis mu no, wɔakyerɛw Hebri nkyerɛwde a egyina hɔ ma Yehowa din no agu wɔn asɔredan no ho.

Afei momma yɛnhwɛ Spaniafo tete asɔfo kurow Toledo asɔredan a agye din no nso mu. Hwɛ adwinni fɛfɛ a wɔadi agu ne nsɛmso no ani no. Ɛyɛ Lukas Giordano, Italiani mfoniniyɛfo kɛse bi a ɔtraa ase afeha ɛto so 17 no mu no nsaano adwuma. Ɛhɔ, wɔ baabi a ɛda adi pefee no, wohu Hebri nkyerɛwde anan a egyina hɔ ma Onyankopɔn din no.

Ebia Kristoman mu asɔre horow no asɔredan a agye din sen biara no ne asɔredan kɛse a ɛwɔ Vatikan kurom a wɔfrɛ no St. Peter’s Basilica no. Wɔ Paapa Pius X (1835-1914) damoa so no, wɔayɛ Israel sɔfo panyin mfonini na wɔakyerɛw Tetragrammaton no abɔ n’abotiri no anim. Na wohu eyi nso wɔ ahenkyɛw a ɛhyɛ ohoni bi a esi Paapa Clement XIII (1693-1769) damoa so no anim.

So woate “Flavit Jehovah” abasobɔde no ho asɛm pɛn? Woyɛɛ eyi na wode akae nkonim a Engiresi akohyɛn dii bere a wɔne Spaniafo akohyɛn koe afe 1588 Y.B. mu​—bere a ahum kɛse bi tui na ɛsɛee atamfo pasaa no. Nea wɔakyerɛw wɔ abasobɔde yi so wɔ Latin ne Hebri kasa mu no kyerɛ: “Yehowa bɔɔ mframa na wɔhwetee.”

Wɔn va wopɛ sankudwom pii nim “Halleluyah dwom” a ɛyɛ dɛ a efi Handel dwom a wɔfrɛ no Mesia mu no yiye. Nnipa ɔpepem pii ate sɛ wɔto dwom yi fi bere a wɔkyerɛw nea edi kan wɔ afe 1743 mu no. Nanso baahe na wonim sɛ “Halleluya” (anaasɛ “Alleluia”) ase ne “Munyi Yehowa ayɛ”?

Odwontofo foforo a wagye din, Franz Schubert, kyerɛw dwom bi a wɔtoo din “Ade Nyinaa so Tumfoɔ No” (Germane, Di Allmacht) a na n’asɛmti ne sɛ: “Awurade Yehowa Yɛ Kɛse!”

Wɔhyɛ Onyankopɔn din no ankasa anuonyam na wɔda no adi wɔ mmeae horow pii. Nhwehwɛmu kakraa a yɛyɛ no ma ɛda adi sɛ JHVH (YHWH) ne Ɔteasefo Tumfoɔ no DIN, sɛnea ɛwɔ Hebri Bible no mu no. Mpɛn ahe na saa din kronkron no pue wɔ mu? Mpɛn MPEM ASIA AHANKRON ADUOSIA AKRON! Ɛda adi pefee sɛ saa din kronkron no nyɛ nea ƐSƐ SƐ WƆKATA SO.

[Ase hɔ asɛm]

a Webster’s New International Dictionary (1955) ka wɔ “Yehowa” ho sɛ: “Ɔteasefo Tumfoɔ No: Onyankopɔn; Ade Nyinaa so Tumfoɔ . . . Sɛnea Kristofo bɔ Tetragrammaton no.”

[Kratafa 23 mfoni]

Asɔredan atifi Menorca, Spain

Plymouth Kurow mu Bɔs, Engiresi Aburokyiri

Honi a esi Paapa Clement XIII nna so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena