Ná Henanom Ne Adehufo No?
Samuel Nhoma a Edi Kan 9:9 kenkan sɛ: “Nea nnɛ wɔfrɛ no odiyifo no, kan no [na] wɔfrɛ no ɔdehufo.” Saa asɛm yi kyerɛ sɛ bere a adiyifo no bɛdaa adi kɛse efi Samuel bere so reba no, asɛmfua “odiyifo” no besii asɛmfua “ɔdehufo” no ananmu. Wɔde honhom kaa adehufo no ma “wohuu” nneɛma mu, kyerɛ sɛ, wohuu nea ɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Wobuee ɔdehufo no ani ma ohuu nneɛma a nnipa ntumi nhu anaasɛ wontumi nte ase. Enti wɔkɔhwehwɛɛ ne kyɛn afotu wɔ nsɛm a emu yɛ den ho dwumadi mu.