Onipa A Ɔso Sen Biara A Watra Asase So No Wu Afahyɛ A Yebedi
“HWƐ! Ɔbarima no!” Ɛnyɛ bere a wɔbɔɔ ɔbarima Adam a na odi mũ wɔ Eden turo no mu bɛboro mfirihyia 6,000 a atwam ni no na wɔkaa saa asɛm yi. Wɔkaa no eyi akyi bɛyɛ mfirihyia 4,058, wɔ ɔbarima bi a na ɔno nso te sɛ Adam pɛpɛɛpɛ ho. Yudani baabun Eli a ofi Jerusalem no babea Maria, woo ɔbarima yi anwonwakwan so. Ná ɔno, a wɔfrɛɛ no Yesu, no ne Onyankopɔn Ba a wɔnam Onyankopɔn tumi so yii ne nkwa fii soro no. Sɛnea, ɛbɛyɛ na wasan akɔ ɔsoro bio no, wɔde ɔsoro Agya no honhom woo no. Eyi bae bere a Yohane Osuboni no bɔɔ no asu Yordan Asubonten mu, 29 Y.B. ofupɛ bere mu no. Ɛhɔ no Onyankopɔn fi soro kasae na ɔdaa no adi sɛ Yesu a wɔabɔ no asu no yɛ ne Ba. Yohane Osuboni no dii eyi ho adanse.—Yoh. 1:29-36.
Mfirihyia abiɛsa ne fa akyi, 33 Y.B. fefɛw bere mu wɔ Twam da no, na woredi n’asɛm wɔ Roma amrado Pontio Pilato a ɔhwɛ Yudea mantam no so no anim. Ná Yudafo asennii bagua a ɛwɔ ahenkurow Yerusalem no mu no adi n’asɛm Twam anadwo no na wɔde no abrɛ Roma amrado no ma watie no na wasi kumfɔ a wɔabu no no so dua denam Roma tumidi no so. Wɔ Bible nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 41:9 no mmamu mu no, n’ankasa n’asomafo 12 no mu biako, Yuda Iskariot, yii no hyɛɛ n’atamfo Yudafo no nsu. Amrado Pilato hui sɛ onni fɔ wɔ asɛm a wɔde too no so wɔ Yudafo asennii bagua titiriw no anim no ho. Ɔdaa saa nokwasɛm yi adi kyerɛɛ Yudafo dɔm a wɔahyia wɔ amrado no ahemfie no anim hɔ no. Asɛm a wɔteɛɛm kae ne sɛ, “Bɔ no asɛnduam! Bɔ no asɛnduam!” Ná wɔde nsɔe ahonu kyɛw ahyɛ Yesu ti, na na Romafo a wɔredi ne ho fɛw no de atade kɔkɔɔ bi agu no so. Nea ɛne Yesu ahosiesie, a ahenkyɛw ne atade kɔkɔɔ ka ho no hyia no, Amrado Pilato bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkanyan Yudafo a bere tenteenten a atwam no na wonni wɔn ankasa ahenni no, ma ɔteɛɛm kae sɛ: “Hwɛ, mo hene ni!” Nyaatwomyɛ mu no, Yudafo a na wɔn asɔfo mpanyin no di wɔn anim no, teɛɛm kae sɛ: “Yenni hene bi sɛ Kaesare.”—Yoh. 19:5-15.
Akyiri yi saa da no ara, Yesu wui wɔ asɛndua so na wosiee n’amu no wɔ turo mu ɔbodan bi mu. Te sɛ Twam guammaa a n’asuafo no dii no anadwofa a edi eyi anim no, na wawu, nanso wɔammu ne dompe biara mu. (Ex. 12:46: Dw. 34:21) Na wahyɛ n’asuafo anokwafo no sɛ wonni ne wu nkae no afe biara Twam da no. Bere a ɔyɛɛ nea Yudafo mmara no hwehwɛ ma ɔne n’asuafo no dii Twam anwummeduan no akyi no, Yesu yɛɛ ntɛm ara hyehyɛɛ biribi foforo a wɔde bɛkae ne wu. Wɔbɛfrɛɛ no Awurade Anwummeduan. Kyerɛw a efi honhom mu a ɛfa anwummeduan foforo yi a Yesu de sii hɔ no ho no kenkan sɛ:
“Na wɔredi [Twam anwummeduan] no, Yesu faa abodoo, na ohyiraa so bubuu mu de maa asuafo no sɛ: Munnye nni; eyi ne me honam. Na ɔfaa kuruwa, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn sɛ: Mo nyinaa monnom bi; na eyi ne me mogya a ɛyɛ apam ade a nnipa bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fafiri. Na mise mo sɛ, efi nnɛ merennom bobe aba yi bi bio de bɛkɔ akosi da a me ne mo bɛnom no foforo m’agya ahenni mu. Na wɔtoo ayeyi dwom no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw so.”—Mat. 26:26-30.
Wɔ Twam anwummeduan no ho no, na Yesu ama ne tirisopamfo, Yuda Iskariot, afi adi. Enti na Yesu asɛm no mfa osuani a onni nokware no ho bere a ɔkae wɔ asuafo 11 a aka no ho sɛ: “Efi nnɛ merennom bobe aba yi bi bio de bɛkɔ akosi da a ɔne ne mo bɛnom no foforo m’agya ahenni mu.” (Mat. 26:29) Saa asɛm no rentumi nkyerɛ sɛ wɔbɛtra asase so honam mu sɛ ahenni no man mma wɔ Mesia Yesu mfirihyia 1,000 ahenni no mu. Ebedu saa bere no na wɔawuwu dedaw, na na wobehia owusɔre aba ɔdesani nkwa mu wɔ asase so, wɔ “Onyankopɔn, Ade Nyinaa So Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko,” no akyi wɔ Harmagedon. (Adi. 16:14-16) Nanso, na ɛnyɛ oyi na Yesu kyerɛ wɔ saa asuafo anokwafo, a wɔte sɛ 11 yi ho. Na ɔkyerɛ ɔsoro ahenni no mu a wɔne no bɛtra denam owusɔre a wobenya afi owu mu akɔ honhom mu asetra mu no so.
Wɔ afe a edii anim (32 Y.B.) no mu no, na waka akyerɛ asuafo yi sɛ: “Mo Agya nim sɛ nneɛma yi hia mo. Na mmom monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni, na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho. Kuw ketewa, munsuro! Efisɛ ɛyɛ mo Agya no fɛ sɛ ɔde ahenni no bɛma mo.” (Luka 12:30-32) Ná ɔsoro ahenni no a ɔsoro Agya no de bɛma wɔn no bɛyɛ nea ‘Ahenni apam’ ho asɛm wom, na eyi so na Awurade Yesu Kristo dan adwene kɔe bere a ɔka kyerɛɛ asomafo anokwafo 11 no wɔ anwummeduan a ɛyɛ ne wu nkae no ho sɛ: “Na mone wɔn a wɔda so ka me ho me sɔhwɛ mu. Na me nso sɛnea m’agya ayi ahenni ama me no, saa ara na meyi mama mo, na moadidi na moanom me pon so wɔ m’ahenni mu, na moatra nhengua so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.”—Luka 22:28-30.
Eyi mu no ɛda adi pefee sɛ na wɔn ‘a wodii Awurade anwummeduan a edi kan no bi no yɛ wɔn a wɔne Awurade Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam ‘no bɛkɔ ɔsoro ahenni no mu. Saa nso na, ɛsɛ sɛ wɔn a akyiri yi wonya Awurade anwummeduan no di mu kyɛfa no yɛ, wɔn a wɔwɔ ɔsoro frɛ a Yesu de wɔn ba ‘Ahenni apam no mu.’
Kristofo a wɔwɔ saa kuw yi mu na ɔsomafo Paulo, de ne krataa a ɔkyerɛw no bɛyɛ mfirihyia 22 akyi (bɛyɛ 55 Y.B. mu) no kɔmaa wɔn, na ɔkaa Awurade Anwummeduan no ne awufo sɔre, kyerɛ sɛ “owusɔre a edi kan,” no ho asɛm wom. Asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no mu no, ɔkɔɔ so kae sɛ: “Sɛ nso awufo sɔre te ne no. Wodua no porɔwee mu obenyan nea ɛmporɔw mu. Wodua no nea enni nidi mu, obenyan anuonyam mu. Wodua no mmerɛw mu, ebenyan tumi mu. Wodua ɔkra nipadua, ebenyan ayɛ honhom nipadua. Ɔkra nipadua wɔ hɔ, na honhom nipadua wɔ hɔ. . . . Na sɛ́ ɔsoroni no te no, sɛ nso ɔsorofo no te ne no. Na sɛnea yɛhyɛɛ famni [Adam] no suban no, sɛ nso yɛbɛhyɛ ɔsoroni no suban ne no.”—1 Kor. 15:42-49; Adi. 20:5, 6
Nanso, ansa na ɔreka owusɔre no ho asɛm no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee Awurade anwummeduan no a wodi no afe biara no ho asɛm, sɛ: “Na me de, nea minya mifii Awurade hɔ no ara na mede memaa mo, sɛ: Awurade Yesu, anadwo a woyii no mae no, ɔfaa abodoo, na ɔdaa ase bubuu mu, na ɔkae sɛ: Me nipadua a wobubu ma mo ni; monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae! Ne saa ara nso na adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa no kae sɛ: Kuruwa yi ne Apam foforo m’ankasa me mogya mu; da biara a mobɛnom no, monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae! Na da biara a mubedi abodoo yi na mobɛnom kuruwa yi ano no, monka Awurade wu no nkosi sɛ ɔbɛba.”—1 Kor. 11:23-26.
Enti na honhom mu mfaso bi wɔ ‘Awurade wu no ho asɛm a wɔbɛka’ no mu, efisɛ saa kwan no so no na ɛsono wɔn wɔ honam fam Yudafo no ho. Sɛ anka afe biara wobedi Twam anwummeduan no ne ogye a wogyee wɔn fii Misraim nhyɛso asase no so no ho afahyɛ mmom no, na wobedi onii a Twam guammaa a wɔde bɔɔ afɔre wɔ Misraim no yɛɛ ne ho mfonini no wu ho afahyɛ. Wɔde tete Twam guammaa no dii dwuma wɔ ogye a wogyee honam fam Israelfo no fii nkoasom mu wɔ Misraim no fam, nanso anyi bɔne ho afobu amfi wɔn so. Ɔkwan foforo so no, “Oguammaa a ɔsoa wiase bɔne” no wu no gye Yesu Kristo asuafo fi bɔne afobu ho na egye wɔn fi sɛnkyerɛnne kwan so Misraim, wiase nneɛma nhyehyɛe yi fã a wɔbɛyɛ no mu. Ɛma asuafo no nso kae apam foforo, Onyankopɔn nhyehyɛe a ɔnam so paw nnipa fi wiase ma ne din no nnyinaso efisɛ Yesu Kristo, Mose a Ɔkyɛn So no ne “apam foforo” yi ntamgyinafo. (Yer. 31:31-33) Ɛkae wɔn ‘ahenni apam a wɔde wɔn aba mu no. Enti ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn werɛ fi nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔafrɛ wɔn akɔ saa ɔsoro ahenni no mu sɛ Yesu Kristo, Ɔhene Dawid aseni, “ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade,” no yɔnko adedifo.—Adi. 19:16
WƆN A WƆTE SƐ NGUAN A WƆBA AFAHYƐ NO ASE
Nnɛ, ɛde rekɔ nneɛma nhyehyɛe yi a ɛrekɔ ɔsɛe mu yi awiei no Kristo asuafo a wɔne no bedi ade wɔ ɔsoro ahenni mu nkaefo bi pɛ na wɔwɔ hɔ. Nanso wɔn afe afe nkaedi afahyɛ no yɛ nea nnipakuw a wɔn dodow kɔ anim bere nyinaa a wofi aman horow mu ani gye ho kɛse. Eyinom ani gye sɛ wɔbɛto nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmra Awurade anwummeduan a honhom mu Israelfo nkaefo a wɔwɔ apam foforo no ne Ahenni apam no mu no di no ase. Eyinom nso atwe wɔn ho afi wiase a Ɔbonsam di so no ho na wɔne honhom mu Israel nkaefo no bɔ anan kɔ bɔhyɛ asase a eye kyɛn so, Onyankopɔn nneɛma nhyehyɛe foforo a ɛwɔ Yesu Kristo ne ne mfɛfo adedifo 144,000 no ahenni ase no mu. Nnipa pii a wɔnyɛ Israelfo a wofii Misraim a na adaemone di so saa Twam anadwo no, de wɔn ho bɔɔ Israelfo a na wɔrefi hɔ no ho na wofii ase som Yehowa Nyankopɔn no yɛɛ eyinom ho mfonini. (Ex. 12:38) Saa “afrafrafo dɔm kɛse” yi ne Israelfo a na wɔreguan no faa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu na wɔbɛyɛɛ gye a Yehowa gyee ne nkurɔfo wɔ hɔ no ho adansefo na wɔne wɔn benyaa mu kyɛfa. Na wɔn nso wobetumi adi eyi ho ahurusi!
Nnɛyi ‘afrafrafo dɔm kɛse’ a wɔyɛ honhom mu Israelfo nkae no nnamfo no yɛ nea “nnipakuw kɛse” a wontumi nkan wɔn a ɔsomafo Yohane hui sɛ wɔredi ahurusi wɔ Yehowa honhom mu asɔrefi hɔ no yɛɛ wɔn ho mfonini. Bere a wɔatwe wɔn ho afi wiase dedaw yi a aporɔw no ho no, wɔyɛɛ wɔn ho mfonini sɛ “wɔhyehyɛ ntade fitaa” na “wokurakura berɛw.” Te sɛ honhom mu Israelfo nkae no, wɔnam ne Guammaa, Yesu Kristo, so ahyira wɔn ho so nyinaa ama Yehowa Nyankopɔn, na wɔnam nsu mu asubɔ so ayɛ saa ahosohyira yi ho sɛnkyerɛnne. Wɔhwɛ kwan sɛ wobefi “ahohiahia kɛse” a ɛreba wiase a wɔabu no fɔ yi so no mu aka, na ɛno akyi no wɔatumi de anigye ankasa ateɛm sɛ: “Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne oguammaa no dea!” (Adi. 7:9, 10) Ɛnde, eyinom nyinaa nti, ɛsɛ sɛ “nnipakuw kɛse” yi mufo nya ɔpɛ sɛ wɔne nkaefo yi bɛbom ahyia anadwo yi de akae Oguammaa no wu no.
Efi afe 1936 fefɛwbere mu Nkaedi no so reba no, “nnipakuw kɛse” no mufo ate nka sɛ wobetumi akɔ Awurade Anwummeduan afahyɛ no ase, ɛwom sɛ wonni abodoo no bi na wɔnnom bobesa no bi de.a Efi bere a wɔkyerɛɛ wɔn a wɔyɛ nnipakuw kɛse a Adiyisɛm 7:9-17 ka wɔn ho asɛm no mufo wɔ May 31, 1935, wɔ Yehowa Adansefo nhyiam a wɔyɛe wɔ Washington D.C. no ase no, nkaefo a wɔasra wɔn no hyɛɛ da too nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra Adidi no ase sɛ bɛhwɛɛ-ade-fo. Wofi anisɔ a wɔwɔ ma Awurade Yesu Kristo ogye afɔre no mu ayɛ saa. Di a wonni bi no nyɛ nea onipa bi na osiw wɔn kwan, na mmom ɛyɛ nea ɛne Onyankopɔn Asɛm hyia.
Dɛn nti na ɛyɛ nokware? Efisɛ Onii a ɔde afahyɛ no sii hɔ no de sii hɔ maa wɔn a ɔne wɔn yɛɛ apam maa ɔsoro ahenni no sɛ wonni. Ɛwom sɛ wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ, nanso “nnipakuw kɛse” no mufo gye tom sɛ wɔmfaa wɔn mmaa Ahenni apam no mu. Wɔnyɛ honhom mu Israelfo, esiane sɛ wɔmfaa wɔn mmaa “apam foforo” a wɔnam ntam-gyinafo Yesu Kristo so ne honhom mu Israelfo ayɛ no mu nti. Wɔmfaa honhom kronkron a wofii ase hwie guu asuafo 120 no so wɔ Yerusalem, Pentekoste da no 33 Y.B. mu no nwoo wɔn. Sɛnkyerɛnne kwan so no ‘wɔne Kristo nwui’ denam wɔn daakye asase so asetra wɔ Paradise asase a Onyankopɔn ahenni di so ho anidaso nyinaa a wɔde gu nkyɛn no so. Wɔnhwɛ kwan sɛ ‘wobesie wɔn’ aka Kristo ho, na ‘wɔanya ne wusɔre no bi.’ Enti sɛ wodi abodoo na wɔnom bobesa a ɛyɛ Yesu Kristo honam ne ne mogya ho sɛnkyerɛnne titiriw no bi a, na wɔredi nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔne Yesu Kristo, Onyankopɔn Guammaa no nni nhyehyɛe horow a ɛte sɛɛ mu no ho atoro. Ne saa nti wɔne nkaefo a wɔasra wɔn no nni abodoo no bi na wɔnnom bobesa no bi. Nanso, di a wonni bi no nkyerɛ sɛ wɔrennya daa nkwa, efisɛ ɛno nam Yesu Kristo ne ogye afɔre nsiesie no mu gyidi so na ɛba.—Rom 6:4, 5; Kol. 2:12, 20; 1 Yoh. 2:1, 2.
Nanso, sɛ́ “nguan foforo” no mufo no, Oguanhwɛfo Pa Yesu aboaboa wɔn ano, na wɔne honhom mu nkaefo a wɔwɔ “ban yi” mu a Yesu kaa wɔn ho asɛm wɔ Yohane 10:16 no bom yɛ “kuw biako.” Wohu sɛ nkwagye a wobenya akɔ daa nkwa mu wɔ Paradise asase a wɔahyɛ ho bɔ no so no fi Onyankopɔn nkyɛn denam Oguanhwɛfo Pa yi a wɔyɛ ne nguankuw no mufo mprempren no so. Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi abu wɔn ani agu obu a wɔde bɛma Kristo no so denam anwummeduan a ɔde sii hɔ sɛ ne wu a ɛno so na saa mmɔborohunu kwan so ogye yi nam ba no ho afahyɛ no ase a wɔrenkɔ no so? Ɛda adi pefee sɛ wɔrentumi nyɛ saa! Wɔmpɛ sɛ wɔyɛ saa. Bere tenten a Onyankopɔn soro ahenni no adedifo nkaefo no kɔ so di afahyɛ no wɔ asase so no, wobu wɔn ho sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔkɔ Awurade Anwummeduan no ase sɛ bɛhwɛɛ-ade-fo. Ɛwom sɛ mmeae horow pii no ebia na nkaefo no bi nni hɔ koraa a wobedi bi de, nanso Yehowa Adansefo pɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe ma afahyɛ no esiane obu kɛse a wɔwɔ ma nea egyina hɔ ma, na ama obiara a ɔba ase, a ebia ɔyɛ nkaefo no mu bi no, atumi adi bi no nti.
Afe yi, Yehowa Adansefo bedi Awurade Anwummeduan afahyɛ no April 19, 1981, bere a owia akɔtɔ. Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔkɔ de kae Onyankopɔn Guammaa, Yesu Kristo, wu no hu Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ wɔn kurom hɔ no. Nnipa komapafo a wonnim baabi a asafo no wɔ no betumi akyerɛw Ɔwɛn Aban Asafo no na wɔn nsa aka nsɛm a ɛho hia no.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ Engiresi Ɔwɛn-Aban, April 15, 1936, kr. 123, nky. 44, 46.