Bere A Asiane Bi Aba
ƐDA adi sɛ na abusua no nni ɔhonam fam nneɛma pii. Nanso na wɔwɔ nneɛma pii a wobetumi ada ho ase. Na wɔn asase no yɛ asase pa a ɛma nnɔbae pii, na wim tebea yɛ fɛfɛɛfɛ afe no fã kɛse no ara, na na wɔte baabi pa.
Na wɔn Nain kurow no da baabi pa wɔ Esdraelon asase pa a ɛda Bepɔw Moreh kusuufam atɔe no so. Efi wɔn fie no na abusua no tumi hwɛ bon a wura momono ayɛ mu ma no mu hu Galilea mmepɔw a nnua pii wɔ so a ɛwɔ akwansin kakraa no. Na, akyirikyiri nso no wohu Bepɔw Hermon a sukyerɛmma ayɛ atifi fitaa no ne Lebanon mmepɔw no. Hwɛ anigye ara a na ɛyɛ sɛ, sɛ edu anwummere a wɔbɛtra ɔdan no atifi na wɔahwɛ nneɛma a atwa wɔn ho ahyia—wɔn baasa no ara—ɔbarima no, ne yere ne wɔn babarima no!
Nanso dakoro, asiane bi bae—ɔbarima no wui. Awerɛhosɛm bɛn ni! Afei na wɔrentumi mmom ntra hɔ asomdwoe mu anwummere anwummere. Nanso ɔbea no nyaa awerɛkyekye sɛ na ne babarima no da so wɔ hɔ. Ná n’anidaso ne ne botae horow nyinaa gyina ne babarima yi daakye so. Eyi ma ɔsan nyaa botae ne atirimpɔw wɔ asetra mu.
Nanso asiane bae bio. Ɔbabarima no wui. Afei de na obiara nni hɔ a obenya awerɛkyekye wɔ ne mu. Ɔbea no awerɛhow no mu yɛɛ den bere a wosiesiee ne ba no amu no ma wɔakosie no no.
Ebia wunim sɛnea obi te nka bere a wahwere obi a ɔdɔ no. Hwɛ awerɛhow kɛse a ɛba ne sɛnea w’anidaso nyinaa sã! Owu yɛ ɔtamfo kɛse ampa. Bere a ɛte saa mu no obi susuw awufo daakye ho yiye. So anidaso bi wɔ hɔ ma wɔn ampa?
Sɛ obi tumi ba beso wo dɔfo no nsa gye no ma wo wɔ nkwa ne akwahosan mu bio ɛ. Hwɛ anigye ara a anka wubenya! Hwɛ nwonwa ara a anka ɛbɛyɛ!
Ebia wobɛka sɛ, ‘Nanso ɛrentumi mma saa.’ Ampa, ɛmmae da wɔ yɛn nkwa nna mu. Nanso aba pɛn. Mmea nsa aka wɔn awufo denam owusɔre so.
Bere bɛn na eyi bae? Dɛn nti na yebetumi agye adi? Dɛn na ɛkyerɛ ma yɛn nnɛ?