Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w82 10/1 kr. 4-5
  • Atoro a Edi Kan​—Nea Ɛde Bae No a Wobeyi Afi Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Atoro a Edi Kan​—Nea Ɛde Bae No a Wobeyi Afi Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kristosom Ne Ɔwae
  • Ɔporɔw Wɔ Wɔn Mu
  • Wɔasan De Paradise Asi Hɔ
  • Bible no Asɛmti Titiriw
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
  • Nniso a Ɛde Paradise Bɛba
    Nniso a Ɛde Paradise Bɛba (bp)
  • Kristosom—So na Yesu ne Ɔkwan a Ɛkɔ Onyankopɔn Nkyɛn No?
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Ɔwɔ No Asefo—Ɔkwan Bɛn na Wɔfaa So Daa Wɔn Adi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
w82 10/1 kr. 4-5

Atoro a Edi Kan​—Nea Ɛde Bae No a Wobeyi Afi Hɔ

ƐNYƐ nnipa nyinaa na wodii Satan nyamesom foforo no akyi anaasɛ wogye toom. Sɛ nhwɛso no, Abraham kɔɔ so som nokware Nyankopɔn no. Ná ogye di sɛ, sɛ́ nea ehia titiriw no, nkwa gyina osetie a wɔbɛyɛ ama Onyankopɔn so. Enti, Yehowa hyiraa no sɛ: “W’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa.” (Genesis 22:18) Dɛn na na eyi kyerɛ? Ɛda adi sɛ na ‘aseni’ a wɔhyɛɛ ne ho bɔ fi bere tenten wɔ Eden no fi Abraham asefo mu na ɔbɛba.​—Galatifo 3:16.

Akyiri yi, wɔdaa nsɛm afoforo a ɛfa ‘aseni’ no ho adi kyerɛɛ nnipa anokwafo. Ná wɔbɛwo no wɔ Yuda abusua mu, na ɔbɛyɛ Ɔhene Dawid aseni. Ɔbaabun na ɔbɛwo no wɔ Betlehem kurom. (Genesis 49:10; 2 Samuel 7:16; Yesaia 7:14; Mika 5:2) Bere a bere a ɛsɛ no dui no, wɔwoo ‘aseni’ a wɔahyɛ ne ho bɔ no wɔ beae a ɛfata pɛpɛɛpɛ wɔ abusua a ɛfata pɛpɛɛpɛ mu. Ɛyɛ Yesu na akyiri yi wɔfrɛɛ no Kristo no.​—Luka 2:8-11.

Bere a wɔwoo Yesu no na Satan wiase no wɔ sum kabii mu wɔ nyamesom mu. Wɔ Roma nniso a ɛde besi saa bere no na ɛne ahemman a ɛyɛ den no ase no, wɔtetew Babilon nyamesom ahorow ahorow pii. Ná gyidifo Abraham asefo a wɔne Israelfo no pii ayera afi nokware som ho. Ná wɔn nyamesom asɔfo no yɛ wɔn ho atreneefo na na wɔyɛ ahantan. Na ebinom de wɔn ho ahyɛ Babilonfo nkyerɛkyerɛ ahorow mu. Sɛnea Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛ no, na Farisifo (nyamesom kuw a agye din) no gye di sɛ “akra wɔ ahoɔden a enwu da bi wɔ wɔn mu” ne “sɛ nnipa bɔne akra nya daa asotwe.”

Yesu tumi de pii san baa ɔsom kronn mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no sɛ ‘wɔmmfa wɔn ho nhyɛ’ Satan nneɛma nhyehyɛe no mu, sɛ́ ɛyɛ nyamesom anaa amammuisɛm (Yohane 15:19) Ɔsaa ayarefo yare, nyanee awufo na oyii ayamhyehye kɛse adi kyerɛɛ ahobrɛasefo. Eyinom dɔɔ Yesu, nanso asɔfo no pii tan no efisɛ ɔdaa wɔn nhyɛso kwan ahorow a na wɔnam so, ne wɔn atoro nkyerɛkyerɛ no adi. Enti, awiei koraa no wokum no.

Ná Yesu wu no te sɛ nea ɛkyerɛ sɛ Satan adi nkonim, nanso sɛ saa a, ɛyɛ nea ankyɛ. Ankyɛ na Onyankopɔn nyanee Yesu fii awufo mu kɔɔ honhom asetra mu. Na denam Yesu wu ne ne wusɔre so no, Onyankopɔn yɛɛ nsiesiei kɛse wɔ nneɛma bɔne a Satan atorodi no de aba a obeyi afi hɔ no ho. Ɔma ɛyɛɛ yiye maa wɔn a wɔpɛ sɛ wodi nokware kwan no akyi no sɛ wobɛsan anya nkwa a Adam nam asoɔden so yeraa no no. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Sɛnea wɔn nyinaa wu Adam mu no, sɛ nso wɔn nyinaa benya nkwa Kristo mu ne no.”​—1 Korintofo 15:22-26.

Kristosom Ne Ɔwae

Afei de na onipa betumi anya nkwagye afi bɔne ne owu mu. Wɔbɛsan de paradise asi hɔ denam Onyankopɔn ahenni a ne hene bɛyɛ Yesu Kristo a wɔanyan no no so. Nnipa binom mpo benya hokwan anya saa Ahenni nniso no mu kyɛfa. Asɛm a ɛyɛ anigye kɛse yi a wɔbɔɔ ho dawuru wɔ Yɛn Bere yi afeha a edi kan mu no kanyan nnipa bebree koma. Wɔhyehyɛɛ Kristo akyidifo asafo​—a akyiri yi wɔfrɛɛ wɔn Kristofo​—wɔ Yerusalem, na ankyɛ na emufo dodow bɛyɛɛ mpempem pii.

Satan a na ne bo afuw no sɔre hyɛɛ wɔn. Ankyɛ na Kristofo wuwui wɔ Yerusalem maa wɔn gyidi. Ɔtaa maa bebree fii kurow no mu, nanso wɔde “asɛmpa” no kɔe. Wɔbɔɔ Samariafo, ne afei Amanaman mufo asu sɛ Kristofo. Wɔ mfe dudu kakraa bi mu no, asɛm no trɛwee wɔ wiase a na wonim wɔ saa bere no mu nyinaa mu. Na ɛno yɛ mmere a adagyew nni mu.​—Asomafo no Nnwuma 17:6; Kolosefo 1:23.

Awiei koraa no, wɔ Ɔhempɔn Nero a na ne bra asɛe no bere so no, wɔde Roma Ahemman no ahoɔden sɔre tiaa Kristosom. Wɔde Kristofo nipadua yɛɛ gyatɛn, hyew wɔn wɔ Romafo apontow ahorow ase. Wɔmaa wɔne mmoa akɛse koe wɔ agodibea ahorow. Nanso, Kristosom kɔɔ so trɛwee. Nanso ná Satan wɔ akwan afoforo.

Ɔporɔw Wɔ Wɔn Mu

Ná ɔsomafo Paulo abɔ Kristofo a wɔwɔ Kolose no kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ yiye na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm . . . so ammɛfa mo nnommum.” (Kolosefo 2:8) Ná waka akyerɛ mpanyimfo a wɔwɔ Efeso no sɛ: “Na minim sɛ me kɔ akyi no, mpataku bɔne bɛhyɛn mo mu a wɔrenkyɛenguankuw no so. Nso mo ankasa mu nnipa bɛsɔre a wɔbɛka nkontomposɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.” (Asomafo no Nnwuma 20:29, 30) Afei ne kɔkɔbɔ no fii ase baa mu. Nnaadaafo hyɛnee asafo ahorow no mu, na wɔnam anifere ne akyinnyegye ahorow a ɛsɛe adwene so de nkakrankakra sɛee emufo pii mmɔdenbɔ.

Mfeha kakraa akyi no, Kristosom foforo a agye din sɔree a na aporɔw koraa wɔ nkyerɛkyerɛ ahorow a ennyina kyerɛw nsɛm so mu. Wogyee Babilonfo nkyerɛkyerɛ a ɛne ɔkra a enwu da no toom. Wɔsom baasakoro nyame a ɛte sɛ baasakoro anyame ahorow a ná wɔsom wɔn wɔ Babilon no. Hell gya nkyerɛkyerɛ ne, akyiri yi ahodwiragya yɛ nea wɔkyerɛkyerɛe. Wɔbɔɔ “Onyankopɔn Nã” mpae. Wɔ Roma Ɔhempɔn Konstantino bere so no, sɛ́ anka saa Kristosom a awae yi bɛtwe ne ho afi wiase no ho mmom no, ɛbɛyɛɛ ahemman no ɔman som.

Ná Yesu ahyɛ nkɔm sɛ, asomafo no wu akyi no wobedua atoro Kristosom wɔ wiase no mu, na enkosi sɛ “twa bere” no bedu no, atoro ne nokware Kristosom no nyinaa bɛkɔ so atra ase. (Mateo 13:24-30, 36-43) Afei na na eyi reba. Bere a atoro Kristosom bɛyɛɛ den no, ɛsɔre tiaa wɔn a wɔanni ne kwan no akyi no denneennen. Wɔhyew Kristofo no bi anikan esiane wɔn gyidi nti, na saa bere yi de, wɔn nipadua no dɛwee bere a na nkokorafo ne asɔfo rehwɛ.

Wɔ mfehaha pii mu no, Bible mu hann no antumi anhyerɛn kɛse. Na wɔakyerɛ Onyankopɔn Asɛm no ase wɔ Latin kasa a na ɛrewu no mu, na wɔtaa nnipa a wɔkyerɛɛ ase kɔɔ kasa horow a na wonim kɛse mu no denneennen. Nanso Bible no kɔɔ so traa ase. Na nokware Kristosom nso kɔɔ so sɛnea Yesu kae sɛ ɛbɛyɛ no. Abien no nyinaa da so ara wɔ hɔ nnɛ.

Wɔasan De Paradise Asi Hɔ

Ampa, na saa atoro biako a wodii mfe mpempem pii a atwam ni wɔ Eden turo no mu no yɛ ɔhaw ma adesamma abusua no. Nea ɛde bae ne amanehunu kɛse. Anigye mu no, adesamma renkɔ so nhu nneɛma bɔne a ɛde aba no mu amane bere tenten bio.

‘Aseni’ a na ɔbɛma Satan ne ne nsusuwii ahorow ayɛ hunu no bae sɛ onipa a wɔfrɛ no Yesu. Yesu wu akyi no wonyan no kɔɔ honhom asetra mu na ɔforo kɔɔ soro na ‘ɔtwɛn koduu sɛ wɔde n’atamfo yɛɛ ne nan ase ntiaso.’ (Hebrifo 10:13) Adanse no ne sɛ afei de bere a ɛsɛ sɛ ɔde twɛn yi aba awiei. Nkɔmhyɛ ahorow ne Bible mmerebu kyerɛ sɛ afe 1914 ne bere a Yesu ‘baa n’anuonyam mu’ sɛ ɔrebedi tumi sɛ ɔsoro hene.​—Hwɛ Mateo 24,25; Marko 13; Luka 21.

Eyi kyerɛ sɛ Satan a ɔde atorodi no bae no bere a aka yɛ tiaa (Adiyisɛm 12:12) Wiase nyinaa basabasayɛ a adesamma ahu fi 1914 no di abufuw kɛse a wafa wɔ nokwasɛm yi ho no ho adanse. Ɛrenkyɛ, wɔbɛsɛe ɔno ne amammui ne nyamesom nhyehyɛe ahorow a efi n’atorodi no mu bae a ɛhyɛ afoforo so no koraa.​—Daniel 2:44; Adiyisɛm 18:4-8.

Ahotɔ bɛn ara na ɛno bɛyɛ ama adesamma sɛɛ yi! Awiei koraa no, ɔbɛma asomdwoe ne anigye a na ɛwɔ Onyankopɔn mfitiase turo no mu, ne ne fɛ a na ɛyɛ no asan aba, na wɔama paradise atrɛw wɔ asase nyinaa so. (Adiyisɛm 21:3, 4) So wobɛpɛ sɛ wuhu ɛno? Onyankopɔn pɛ ne “sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.” (1 Timoteo 2:4) Dɛn nti na womfa Yehowa Nyankopɔn ayamye a wama adu wo so no nni dwuma? Fi Satan atorodi ahorow no ho na hwehwɛ nokware a efi Onyankopɔn Asɛm Bible mu no. Ɛno na wubehu nea saa adaemone atoro a edi kan no de bae a ɛyɛ awerɛhow no awiei ne nneɛma a wɔbɛsan ayɛ no foforo koraa no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

“Na metee nne kɛse bi fi ahengua no mu a ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu me ɛyaw; bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”​—Adiyisɛm 21:3, 4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena