Ahenni No ne Owusɔre Ho Anidaso
“Midi wo adanse Onyankopɔn ne Kristo Yesu a obebu ateasefo ne awufo atɛn n’ahoyi ne n’ahenni mu no anim.”—2 Timoteo 4:1.
1. Sɛ wususuw nnipa dodow a wɔatra ase pɛn no ho a, dɛn nti na owusɔre ho anidaso no ho hia, nanso nsemmisa bɛn na ɛma ɛba yɛn adwene mu?
AKONTAABU ahorow wɔ hɔ a ɛkyerɛ nnipa dodow a wɔatra asase so pɛn a ɛyɛ bɛyɛ fi ɔpepepem 14 kosi ɔpepepem 20. Sɛnea wɔn dodow a ɛyɛ nokware no te biara no, nokwasɛm ahorow abien da adi: (1) Yehowa Nyankopɔn nim nnipa dodow a wɔatra ase pɛn, na ɔwɔ tumi sɛ ɔde wɔn a ɔpɛ ‘biara bɛsan aba nkwa mu bio; (2) ɛda adi sɛ mprempren nnipa a wɔwɔ wiase a wɔyɛ bɛyɛ ɔpepepem 4.4 bi a wɔn dodow sen biara no yɛ adesamma a wɔatra ase pɛn no nyinaa dodow nkyem fã ketewaa bi nɛ. Nea ɛkyerɛ no mu da hɔ pefee: adesamma mu ɔfã kɛse no ara awuwu na wɔde wɔn ‘ho to owusɔre no so ma daakye asetra ho anidaso biara. Nanso dɛn nti na wowuwui? Na anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ wɔbɛsan abɛtra ase bio?
2. Dɛn na Petro kae wɔ Kristo wusɔre no ne nea Ɔwɔ yɛ wɔ owusɔre anidaso no mu no ho?
2 Ɔsomafo Petro kae wɔ afe 36 Y.B. mu sɛ: “Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no. . . . Onyankopɔn nyan no [Yesu Kristo] da a ɛto so abiɛsa; na ɔma oyii ne ho pefee kyerɛe, ɛnyɛ ɔman no nyinaa, na mmom adansefo a Onyankopɔn ayi wɔn ato hɔ dedaw no, ɛne yɛn a ne sɔre a ɔsɔre fii awufo mu no akyi no, yɛne no didii na yɛnomee; na ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnka nkyerɛ ɔman no, na yenni adanse sɛ ɔne ateasefo ne awufo temmufo a Onyankopɔn ayi no asi hɔ. Ɔno na adiyifo nyinaa di ne ho adanse sɛ: Obiara a ogye no di no nam ne din so benya bɔne fafiri.”—Asomafo no Nnwuma 10:34-43.
3. (a) Dɛn nti na nnipa ɔpepepem pii awuwu? (b) Kyerɛkyerɛ sɛnea owusɔre ho anidaso no gyina Kristo wu ne ne wusɔre no so no mu.
3 Yiw, nea enti a nnipa ɔpepepem pii awuwu deda adamoa mu no ne bɔne a yenya fii onipa a odi kan Adam mu no. “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa. . . . Ɛnam obiakofo no so na owu de obiakofo no mfomso dii hene.” (Romafo 5:12, 17) Nanso Kristo wui na “wɔma ɔtraa ase honhom mu.” (1 Petro 3:18) Ɛdenam gyidi wɔ ne mogya a ohwie gui no mu so no, “obiara,” a ofi “ateasefo ne awufo” mu betumi anya “bɔne fafiri” na wɔagye no afi Ɔhene Owu atirimɔden nniso no ase. Wɔ eyi mu no, adesamma dodow no ara behia owusɔre. Enti Paulo kyerɛw se: “Sɛnea ɛnam onipa [Adam] so na owu bae no, sɛ nso awufo sɔre nam onipa [Yesu] so bae ne no.” (1 Korintofo 15:21) Kristo sii eyi so dua, ka kyerɛe Marta sɛ: “Mene sɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu po a, obenya nkwa.” (Yohane 11:25) Kristo wu ne ne wusɔre no so na owusɔre ho anidaso no gyina.
“Owusɔre A Edi Kan” No
4, 5. (a) Dɛn na Yohane kyerɛw faa “owusɔre a edi kan” no ho, na tumi ne adwuma bɛn na wɔde ma wɔn a wonya saa owusɔre yi? (b) Dɛn na Yesu ka kyerɛɛ asomafo anokwafo 11 no wɔ adwuma a daakye wɔbɛyɛ ho?
4 Bible no kyerɛ sɛ ɛnyɛ Kristo nkutoo na obebu “ateasefo ne awufo” atɛn. Ɔsomafo Yohane reka anisoadehu bi a efi honhom mu ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Na mihuu nhengua bi, na wɔn a wɔtratraa so no, wɔde atemmu maa wɔn. Na mihuu wɔn a Yesu adanse ne Nyankopɔn asɛm nti wotwitwaa wɔn ti no akra ne wɔn a wɔankotow aboa [Satan amammui ahyehyɛde] no anaa ne honi na wɔannye agyirae no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa so no. Na wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirihyia apem. Nhyira ne kronkron ne nea onya afa ɔsɔre a edi kan no mu. Saafo no so na owuprenu no nni tumi, na mmom wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo, na wɔneno bedi ahene mfirihyia apem.”—Adiyisɛm 2 :4, 6
5 Wɔn a na wɔka daakye ahene ne atemmufo a wodi kan a wowuwui sɛ Yesu ne n’Agya Yehowa nokware adansefo yi ho ne asomafo anokwafo 11 no. Wɔ Luka 22:28,30 no, Yesu ka eyinom ho asɛm sɛ wɔtete nhengua so ka ne ho wɔ n’ahenni mu, na ‘wobu Israel mmusuakuw dumien [wɔnyɛ asɔfo, a na wogyina hɔ ma adesamma nkae] no atɛn.”
6. Mfɛfo atemmufo baahe na wɔbɛboa Kristo bere a obu ateasefo ne awufo atɛn no, na sɛ wonyan wɔn a tebea bɛn mu na wɔkɔ?
6 Kyerɛw nsɛm afoforo kyerɛ sɛ wɔato wɔn a wonya hokwan soronko a ɛne Kristo a wɔne no yɛ mfɛfo ahene ne atemmufo wɔ n’ahenni no mu no ano hye ayɛ wɔn “kuw ketewa” a wɔyɛ Kristofo anokwafo 144,000 a “wɔatɔ wɔn afi asase so,” “wɔatɔ wɔn afi nnipa mu.” (Luka 12:32; Adiyisɛm 14:1-4) Eyinom gyae asase so a wɔbɛtra daa ho anidaso a ɛwɔ hɔ dedaw a wɔwɔ no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne no [Kristo] bɛyɛ biako ne sɔre sɛso no mu nso.’ (Romafo 6:5, NW) Eyinom ho, na Paulo nso kyerɛwee sɛ: “Sɛ nso awufo sɔre te ne no. Wodua no porɔwee mu, ebenyan nea ɛmporɔw mu. . . . Wodua ɔkra nipadua, ebenyan ayɛ honhom nipadua. . . . Ɔhonam ne mogya ntumi nnya Onyankopɔn ahenni . . . Etwa sɛ nea ɛporɔw yi hyɛ nea ɛmporɔw no.”—1 Korintofo 15:42-53.
7. Dɛn na nsɛm asekyerɛ nhoma bi ka wɔ ɔkra a enwu ho, na dɛn na Paulo ne Petro kyerɛw faa ɔsoro anidaso no ho?
7 Nea ɛyɛ anigye no, The New International Dictionary of New Testament Theology no ma adwene a emfi kyerɛwsɛm mu a ɛne sɛ obiara wɔ ɔkra a enwu no yɛ atoro, na ɛka sɛ: “Ɔkra a enwu nyɛ ade a nnipa nyinaa wɔ mprempren na mmom daakye ade a Kristofo nya. Sɛnea 1 Kor. 15:42, 52 kyerɛ no, ɛyɛ owusɔre a ɛyɛ obi foforo no akyi nkutoo na gyidifo nya ɔkra a enwu. . . . ɔkra a enwu ntumi mma bere a wonnii kan nnyaa owusɔre.” Nokwarem no, wɔmfaa ɔkra a enwu akyɛde no mmaa Kristofo nyinaa, na mmom wɔde ama wɔn a wonya “awufo mu sɔre a edi kan” no nkutoo. Eyinom na wɔde “apɛgyade a ɛmporɔw, na ɛho nni dɛm, na ɛmpo . . . asie ɔsoro ama.”—Hwɛ Filipifo 3:10, 11; 1 Petro 1:3. 4.
“Owusɔre A Edi Kan” No Bere
8. (a) Sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, bere bɛn na na ɛsɛ sɛ “owusɔre a edi kan” no ba? (b) Kyerɛkyerɛ nea 1 Tesalonikafo 4:14-17 ne 1 Korintofo 15:51, 52 kyerɛ no mu.
8 Kyerɛwnsɛm no de “owusɔre a edi kan” yi tõa Kristo “ba a waba [Hela, parousia]” no mu. (1 Korintofo 15:23) Ɔsomafo Paulo kyerɛw sɛ: “Awurade ankasa de osebɔ,ɔbɔfo panyin nne ne Onyankopɔn torobɛnto fi soro besian, na Kristo mu awufo [efi afeha a edi kan no so besi bere a Kristo baa honhom mu asɔrefi hɔ wɔ 1918 mu] bɛsɔre kan.” Afei Paulo kɔ so ka sɛ, wobenyan Kristofo a wɔasra wɔn ‘a wɔtra ase na wɔka kosi Awurade ba a waba [parousia] mu,’ na enti wowu wɔ parousia bere no mu no mpofirim na ‘wɔaba abɛfa wɔn . . . amununkum mu sɛ wonkohyia Awurade ewim.’ (1 Tesalonikafo 4:14-17) Ɛho nhia sɛ ‘wɔda’ wɔ adamoa mu twɛn owusɔre no. Bere a wɔawu no, “wɔsakra afrɛ so, amonom.”—1 Korintofo 15:51, 52, Revised Standard Version.
9. (a) Bere bɛn na Kristo ba a waba wɔ honhom mu no fii ase? (b) Dɛn na na bere adu sɛ ɛba wɔ ne ba no mu, na dɛn nti na wobetumi abu Kristofo a wɔasra wɔn a wowu wɔ Kristo ba no mu no sɛ wɔwɔ “anigye”?
9 Nneɛma a ɛmaa Bible nkɔmhyɛ ahorow nyaa mmamu kyerɛ sɛ Kristo ba a waba, anaa parousia no fii ase wɔ afe 1914 mu. (Mateo 24:3, 7-14) Afei ‘wiase ahenni bɛyɛɛ yɛn Awurade [Yehowa] ne Kristo no dea.’ Nneɛma a ɛmaa wiase wosowee yi akyi na “bere a wɔayi ato hɔ sɛ wɔde bebu awufo atɛn” no bae. Wɔn a wɔfata a wobu wɔn atɛn na wɔma wɔn akatua yi fii ase wɔ wɔn a wonya “owusɔre a edi kan” no so, fi bere a Kristo baa asɔrefi hɔ reba yi. (Adiyisɛm 11:15-18) Wɔfrɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wowu nokwaredi mu wɔ bere a wɔde ‘Onyankopɔn ahenni no asi hɔ akyi no “anigye.” Dɛn ntia? Efisɛ wɔn de no ye amonom owusɔre, a ɛma wonya kwan fi wɔn adwuma foforo a wɔne Kristo Yesu yɛ wɔ soro no ase ntɛm ara.—Adiyisɛm 14:13,
10. Dɛn nti na wɔfrɛ 144,000 no wusɔre no se”owusɔre a edi kan”?
10 Wɔfrɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔn dodow yɛ 144,000 a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔne Kristo mmedi hene wɔ soro no owusɔre no “owusɔre a edi kan” ma ɛfata. Eyi te saa efisɛ edi adesamma nyinaa owusɔre a ɛba nkwa mu wɔ asase so no anim, 144,000 no bɛyɛ ‘mmakan ma Onyankopɔn ne Oguammaa no.’ (Adiyisɛm 14:1, 4; Yakobo 1:18) Eyi de wɔn gyina gyinabea titiriw bi, efisɛ nnipa foforo biara ntumi ‘nkwati’ saa asɔfo, ahene ne atemmufo 144,000 yi ‘nyɛ pɛ.’ (Hebrifo 11:40b; Adiyisɛm 22:1, 2) Bio nso, ɛsen asase so owusɔre biara, wonyan 144,000 no wɔ ‘ne [Kristo] sɔre sɛso no mu’ kɔ nkwa a owu ne ɔporɔw nni mu mu sɛ Onyankopɔn honhom mu mmaa.—Romafo 6:5.
Asase So Owusɔre No
11. Owusɔre foforo bɛn bio na wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm?
11 Sɛ “owusɔre a edi kan” wɔ hɔ a, ɛnde na nyansam no ɛsɛ sɛ owusɔre a edi akyiri nso wɔ hɔ. Ɔreka nea ɛbɛba wɔ mfirihyia apem atemmu da a wadi kan abɔ din wɔ ti koro no ara mu no ho asɛm no, ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ:
“Na mihuu awufo, nketewa ne akɛse, sɛ wogyinagyina ahengua no anim; na wobuebuee nhoma mu; na wobuee nhoma foforo bi a ɛyɛ nkwa nhoma no mu; na wɔnam nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so bubuu awufo no atɛn sɛnea wɔn nnwuma te.”—Adiyisɛm 20:12.
12, 13. (a) Dɛn nti na nyansa nnim sɛ wɔbɛka sɛ wɔrennyan awufo nkae no kosi mfirihyia apem no akyi? (b) Ɛnde, dɛn na asɛm “nkwa bio” a wɔde adi dwuma wɔ Adiyisɛm 20:5 no kyerɛ? (d) Awiei koraa no, ɔkwan bɛn so ma wɔbɛkyerɛ wɔn din wɔ “nkwa nhoma” no mu?
12 Saa “awufo” yi ama ne “awufo nkae” a wɔkaa wɔn ho asɛm wo ti koro no ara nkyekyem anum no, na ɛdefa wɔn ho na wɔkae sɛ “wɔannya nkwa bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa” no. Eyi nkyerɛ sɛ wɔrennyan wɔn kosi mfirihyia apem atemmu da no akyi, efisɛ wɔma wɔn a wonya “owusɔre a edi kan” no ‘atemmu tumi’ na wɔbɛyɛ “asɔfo” na wɔne Kristo “bedi ahene mfirihyia apem.” (Adiyisɛm 20:4-6) Henanom na wobebu wɔn atɛn adi wɔn so ahene, na wɔbɛyɛ asɔfo ama henanom, sɛ wonnyan “awufo nkae” no kosi mfirihyia apem no awiei a?
13 Enti asɛm “nkwa bio” no bɛyɛ nea ɛkyerɛ sɛnea tebea no bɛyɛ wɔ mfirihyia 1,000 Atemmu Da no awiei. Ɛkyerɛ sɛ saa nnipa yi nya “nkwa bio” efisɛ awiei koraa no wodu ɔdesani pɛyɛ ho. Wɔbɛba pɛyɛ tebea koro no ara mu te sɛ nea na Adam ne Hawa wom wɔ Eden turo no mu no. Afei ɔkwan bɛn so na Yehowa bɛkyerɛ wɔn a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw wɔn din wɔ “nhoma foforo,” anaa “nkwa nhoma” no mu? Ɛdenam sɔhwɛ a etwa to a ɛba adesamma so no so. (Adiyisɛm 20:7-10, 12, 15) Yehowa ankasa ‘bebu’ wɔn a wɔda no adi sɛ wodi nokware ma Onyankopɔn denam sɔhwɛ a etwa to no so no “bem’ na wɔakɔ “Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu” wɔ asase so. (Romafo 8:21, 33) Esiane sɛ wɔnte sɛ Adam a wantumi annyina sɔhwɛ mu na enti kerubim a Onyankopɔn somaa wɔn baraa no “nkwa dua” no ho a ɔbɛkɔ nti, wobenya ɔsoro bɔhyɛ a ɛne daa nkwa.—Genesis 2:9; 3:22-24.
14. Wɔ dɛn mu na nnipa a wobenyan wɔn wɔ asase so wɔ mfirihyia apem no mu no de no bɛyɛ nea ɛkɔ hokwan ahorow a eye mu?
14 Esiane sɛ “awufo nkae” a wonyan wɔn wɔ Kristo mfirihyia 1,000 ahenni no mu no nyinaa benya hokwan de akyerɛ sɛ wɔfata sɛ wɔkyerɛw wɔn din wɔ Yehowa “nhoma foforo” no mu na wɔtra Onyankopɔn ahenni no ase daa nti, wɔn wusɔre no yɛ nea ɛkɔ hokwan ahorow a eye mu sen nnipa kakraa bi a wonyanee wɔn wɔ Bible mmere no mu nanso wɔsan wuwui bio de no. (1 Ahene 17:17-24; 2 Ahene 4:17-37; 13:20, 21; Mateo 9:18, 23-26; Luka 7:11-15; Yohane 11:38-44; Asomafo no Nnwuma 9:36-41; 20:7-12) Sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya “owusɔre a eye kyɛn so” wɔ Mesia “kurow” anaa ahenni no ase nti na saa tete mmarima ne mmea no dii nokware maa Yehowa koduu owu mu no.—Hebrifo 11:10, 13, 14, 35.
Owusɔre Ne Atemmu
15, 16. (a) So Atemmu Da yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yesuro? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Henanom na wobebu atɛn no, na dɛn so na wobegyina?
15 Yɛahu sɛ wonyan “awufo nkae” no wɔ mfirihyia apem ahenni no mu sɛnea abɛyɛ a ‘wobebu . . . wɔn atɛn sɛnea wɔn nnwuma te’ saa bere no. (Adiyisɛm 20:12) Adwene a eyi afoforo hu a ɛne atemmu da bi a ɛsɛ sɛ obiara a watra ase pɛn beyi ne ho ano wɔ bɔne a atwam a wayɛ ho no nyɛ nea egyina Bible so. Asɛm no kyerɛ sɛ wobebuebue “nhoma foforo” anaa mmara nhoma mu na “wɔnam nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so” bu awufo a wɔanyan wɔn no atɛn “sɛnea wɔn nnwuma te,” kyerɛ sɛ, sɛnea wodi saa ɔsoro akwankyerɛ ahorow yi so anaasɛ wɔyɛ ho asoɔden no so.
16 Henanom na wobebu atɛn no? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ Kristo Yesu na “obebu ateasefo ne awufo atɛn,” na bere koro no ara ɔka Kristo ‘ahoyi ne n’ahenni’ ho asɛm. (2 Timoteo 4:1) Wɔn a wɔne Kristo bɛtra “nhengua” so wɔ ne mfirihyia apem ahenni no mu bɛyɛ mfɛfo atemmufo 144,000. (Luka 22:28-30; Adiyisɛm 20:4, 6) Paulo kyerɛwee sɛ: “‘Munnim sɛ ahotefo na ebebu wiase atɛn?”—1 Korintofo 6:2.
17, 18. (a) So abirabɔ bi wɔ Yohane 5:29 ne Adiyisɛm 20:12 mu? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Wɔ ntease bɛn mu na ebinom ‘befi adi . . . akɔ atemmu sɔre mu’?
17 Ɔreka nea ɛbɛba wɔ ne mfirihyia apem ahenni a ɛyɛ mfirihyia 1,000 Atemmu Da nso no ho asɛm no, Yesu kae sɛ: “Na agya no nso mmu obiara atɛn, na ɔde atemmu nyinaa ahyɛ ɔba no nsa. . . . Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi; wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmu sɔre mu.”—Yohane 5:22-29.
18 So eyi bɔ Adiyisɛm 20:12 abira, faako a yɛkenkan sɛ “wɔnam nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so bubuu awufo atɛn,” nhoma a ‘wɔremmue’ mu kosi mfirihyia apem no mu no? Ɛnte saa koraa. Ɛsɛ sɛ yɛte Yesu asɛm no ase wɔ ntease a ɛwɔ n’adiyisɛm a akyiri yi ɔde maa Yohane no mu no. (Adiyisɛm 1:1) “Wɔn a wɔayɛ papa” ne “wɔn a wɔayɛ bɔne” no nyinaa bɛka “awufo” a ‘wobebu wɔn mu biara atɛn sɛnea wɔn nnwuma’ a wɔyɛe wɔ wɔn wusɔre akyi te no ho. (Adiyisɛm 20:13) Bere a ɔde “nkwa sɔre” retoto “atemmu sɔre [Hela, a·naʹsta·sis kriʹseos]” ho no, na Yesu retwe adwene asi nea awiei koraa no owusɔre a ɛte sɛɛ de ba no so. Thayer’s Greek-English Lexicon kyerɛ a·naʹsta·sis kriʹseos ase sɛ owusɔre a “afobu di akyi.” Wannyan onipa no sɛnea ɛbɛyɛ a wobebu no fɔ wɔ ɔkwan biara so, na mmom nea ebedi ne wusɔre no akyi aba ne afobu, sɛ ɔpow sɛ obedi “nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu” no akyi, ma enti wɔamfa ne din anhyɛ “nkwa nhoma no mu” a. Ɛnde obenya “owuprenu,” a daakye owusɔre “ho anidaso biara nnim.—Adiyisɛm 20:14, 15; 21:8.
19. ne asɛm a ɛwɔ ase no. (a) Ɔkwan bɛn so na Franse Bible nkyerɛase bi de Yohane 5:29 ba, na bere bɛn nkutoo na ɛbɛda adi sɛ ná owusɔre bi yɛ “nkwa” nkutoo na ɛbɛda adi sɛ ná owusɔre bi yɛ “nkwa” anaa “atemmu” de? (b) So “wɔn a wɔteɛ” ne wɔn a wɔnteɛ” a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma 24:15 no fi adi ba mmiako mmiako kɔ “nkwa sɔre” ne “atemmu sɔre” mu? Kyerɛkyerɛ mu.
19 Ɛyɛ anigye sɛ wubehu sɛ Franse Ecumenical Translation (a Katolek ne Protestant animdefo kuw bi yɛe) no de Yohane 5:29 ba sɛ: “Wɔn a wɔayɛ papa no befi aba abenya owusɔre a ɛkɔ nkwa mu; wɔn a wɔayɛ bɔne no benya owusɔre a ɛkɔ atemmu mu.” Bere a awiei koraa no nea efi obi wusɔre mu ba no ada adi no ansa na wobehu sɛ ná ne wusɔre no yɛ “nkwa sɔre” anaa “atemmu sɔre.”a
20. Henanom na ebehia sɛ wɔnom “nkwa nsu” no, na dɛn ntia? (b) Asemmisa bɛn na wɔhwehwɛ mu wɔ adesua a edi hɔ no mu?
20 Awufo a wɔanyan wɔn ne “nnipakuw kɛse” a wotwa “ahohiahia kɛse” a ɛda yɛn anim pɛɛ no nyinaa behia sɛ wɔnom “nkwa nsu,” a ɛne sɛ, wɔde aseda begye Kristo afɔrebɔ no ne nsiesiei afoforo nyinaa a Yehowa yɛ de gye adesamma fi bɔne ne owu mu no. (Adiyisɛm 7:9, 10, 14, 17; 22:1, 2) Kristo ne ne mfɛfo asɔfo ne atemmufo 144,000 na ebedi nsiesiei ahorow yi ho dwuma wɔ mfirihyia apem Ahenni no mu. Nanso so awufo no nyinaa bɛsan aba ma wɔabu wɔn atɛn, a “ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu awufo ka ho? Adesua, a edi hɔ no bɛka ɛno ho asɛm.
[Ase hɔ asɛm]
a Ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ wɔn a wonyan wɔn ba “nkwa sɔre” mu, anaasɛ “atemmu sɔre” mu no ne “wɔn a wɔteɛ” ne “‘wɔn a wɔnteɛ” a Paulo kaa wɔn ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma 24:15 no yɛ ade koro. Paulo reka nnipa no gyinabea bere a wɔanyan wɔn, a egyina wɔn nneyɛe ansa na wɔrewu no so ho asɛm. Ɛsɛ sɛ “wɔn a wɔteɛ” no kɔ so wɔ wɔn ade trenee no mu denam di a wobedi nea wɔakyerɛw wɔ “nhoma” no mu no so. Anyɛ saa a, wɔn owusɔre no betumi adan “atemmu” de. Ɔkwan foforo so no, sɛ “wɔn a wɔnteɛ” no bi nu wɔn ho, gye Kristo afɔrebɔ no tom na wodi nneɛma a wɔakyerɛw wɔ “nhoma” no mu no so a, wɔn owusɔre no betumi abɛyɛ “nkwa” de.
NTIMU NSEMMISA
□ Ɔkwan bɛn so na Kristo ne “sɔre ne nkwa” no?
□ Henanom na wonya “owusɔre a edi kan” no, na dwumadi ahorow bɛn mu na wɔbɛboa Ɔhene Yesu Kristo?
□ Dɛn nti na asɛm “owusɔre a edi kan” no yɛ nea ɛfata?
□ Ɔkwan bɛn so na “awufo nkae” no nya “nkwa bio” wɔ mfirihyia apem no akyi, na ɔkwan bɛn so na wɔn de no yɛ owusɔre a ɛsen nnipa a wonyanee wɔn baa nkwa mu wɔ asase so wɔ Bible mmere mu de no?
□ Dɛn so na wobegyina abu awufo a wobenyan wɔn no atɛn, na dɛn na wobehia na wɔde agye wɔn afi bɔne ne owu mu?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]
“Ɔkra a enwu nyɛ ade a nnipa wɔ mprempren na mmom daakye ade a Kristofo nya. . . . ɔkra a enwu ntumi mma bere a wonnii kan nnyaa owusɔre.”—The New International Dictionary of New Testament Theology
[Kratafa 8 mfoni]
Bible no kyerɛ sɛ nnipa pii benya owusɔre aba nkwa mu wɔ asase so