Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w82 11/1 kr. 3-4
  • So Onyankopɔn Tie Wo Mpaebɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Onyankopɔn Tie Wo Mpaebɔ?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkwan Pa
  • Ɛnyɛ Nea Wobeti Mu Aka
  • Nea Ɛne Onyankopɔn Pɛ Hyia
  • Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Sɛnea Wubenya Mmoa Denam Mpaebɔ So
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Mpaebɔ Yɛ Hokwan Kɛse
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Wo Mpaebɔ Di Mũ Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
w82 11/1 kr. 3-4

So Onyankopɔn Tie Wo Mpaebɔ?

EFI BERE a Yesu maa n’asuafo Mpaebɔ Nhwɛso no, wɔabɔ Onyankopɔn mpae mpɛn ɔpepepem ahorow pii. Nnipa pii tĩ mpaebɔ yi nsɛm mu ka. Nanso wɔte nka kɛse sɛ mpaebɔ pii wɔ hɔ a wonnya ho mmuae. So Onyankopɔn da so ara tie yɛn mpaebɔ? Dɛn na ɛma mpaebɔ bi yɛ nea otie?

Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yegye di sɛ Onyankopɔn bebua yɛn mpaebɔ. “Ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.”​—Hebrifo 11:6.

Ɛnde, ɛsɛ sɛ yɛn mpaebɔ yɛ tẽe a ɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn ankasa wɔ nokware mu. So ɛno yɛ nwonwa? Nanso Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ mobɔ mpae a, monnyɛ sɛ nyaatwomfo no; na wɔpɛ sɛ wogyina hyia adan mu ne mmɔnten twea so bɔ mpae, na nnipa ahu wɔn. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.” (Mateo 6:5) Enti, mpae atenten a wɔbɔ wɔ baguam a wɔteɛteɛm sɛnea ɛbɛyɛ a atiefo ani begye ho no nsɔ Onyankopɔn ani. Ontie mpaebɔ a ɛte saa.

Bio nso, ɛnsɛ sɛ yɛkɔ Onyankopɔn anim a yɛrehwehwɛ sɛ ogye yɛn tom sɛ yɛteɛ. Onyankopɔn tie ahobrɛasefo a wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ, na wogye abɔnefo a wɔyɛ no tom no mpaebɔ.​—Luka 18:9-14; 1 Petro 3:12.

So gyinabea titiriw bi ho hia bere a yɛbɔ mpae? Wɔ Bible kyerɛwtohɔ mu no, Onyankopɔn asomfo faa akwan ahorow so bere a wɔrebɔ mpae; nanso otiee wɔn. Ebinom buu nkotodwe; afoforo gyinaa hɔ. Nehemia bɔɔ mpae bere a na ogyina Persia hene anim. Yona teɛɛm fii apataa kɛse bi yam, na ɛbɛyɛ den sɛ wubetumi akyerɛ gyinabea ko a na ɔwom saa bere no. (Daniel 6:10; 1 Ahene 8:22; Nehemia 2:1-5; Yona 2:1, 2) Enti bere a ebia yɛbɛpɛ sɛ yɛyɛ biribi a ɛbɛboa yɛn ma yɛn adwene akɔ mpaebɔ no so no, ade a ɛho hia ne sɛ wubenya ɔpɛ ankasa sɛ wobɛkɔ Onyankopɔn anim wɔ mpaebɔ mu. Yebetumi ayɛ eyi bere biara, wɔ baabiara ne wɔ tebea horow biara mu.​—Efesofo 6:18.

Ɔkwan Pa

Yehowa Nyankopɔn akyerɛ ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so ba n’anim. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mene kwan [no] obi mma agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.”​—Yohane 14:6.

Nnipa pii gye di wɔ nokwarem sɛ, sɛ wobɔ mpae wɔ “ahotefo” din mu, anaasɛ mpo wɔ Yesu asase so ɛna, Maria din mu a, eyi bɛyɛ nea etu mpɔn. Nanso sɛ yɛpɛ sɛ “Yɛn Agya” no bua yɛn mpaebɔ ankasa a, ɛnde na ɛsɛ sɛ yɛfa ɔkwan a wapaw no so. Ɛne yɛn kwan koro pɛ a yɛbɛfa so akɔ Onyankopɔn anim. Sɛnea Yesu kae no: “Biribiara a mobɛsrɛ agya no me din mu no, ɔde bɛma mo.”​—Yohane 16:23.

Ɛnyɛ Nea Wobeti Mu Aka

Bere a Yesu kyerɛɛ Mpaebɔ nhwɛso no, so na n’adwene ne sɛ n’akyidifo betĩ nsɛm koro no ara mu aka bere biara a wɔbɛbɔ Onyankopɔn mpae? Wiɛ, ofii mpaebɔ no ase sɛ: “Mommɔ mpae sɛɛ se,” ɛnyɛ ‘momfa nsɛm yi.’ (Mateo 6:9, Twi Bible Dedaw) Bere foforo nso Yesu akyidifo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ.” Ɔrema wɔn mmuae no, Yesu bɔɔ mpae bi a ntease a ɛwom te sɛ Mpaebɔ Nhwɛso mu de no, nanso ɛsono nsɛm a ɔde dii dwuma. Ose: “Agya, wo din ho ntew, w’ahenni mmra. Ma yɛn yɛn daa aduan daa! Na fa yɛn bɔne firi yɛn, efisɛ yɛn nso de firi obiara a ɔde yɛn aka. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu!” Enti, Mpaebɔ Nhwɛso no yɛ nea ɛkyerɛ yɛn ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so bɔ mpae. Ɛkyerɛ yɛn nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae ne sɛnea saa nneɛma yi ho hia.​—Luka 11:1-4.

Esiane eyi nti, so Onyankopɔn betie mpaebɔ a wɔkenkan fi mpaebɔ nhoma mu? Sɛ wowɔ ba a, so w’ani begye ho sɛ ɔde nsɛm a ɔkenkan fi nhoma a obi na akyerɛw mu nkutoo bɛkasa akyerɛ wo? Anaasɛ wobɛpɛ sɛ ofi ne koma mu kasa? Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ yefi yɛn koma mu kasa kyerɛ no, ɛnyɛ sɛ yɛbɛkenkan afi mpaebɔ nhoma mu. Ɔhene Dawid kae sɛ: “Munyi mo yam nkyerɛ [Onyankopɔn].” (Dwom 62:8) Bio nso, Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Sɛ mobɔ mpae a, monnkasakasa pii kwa.”​—Mateo 6:7.

Nea Ɛne Onyankopɔn Pɛ Hyia

Ɔsomafo Yohane ka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Na nnam a yɛde kɔ [Onyankopɔn] nkyɛn ne sɛ, yɛsrɛ biribiara sɛnea ɔpɛ a, otie yɛn.” (1 Yohane 5:14) Ade foforo a wɔhwehwɛ na Onyankopɔn atie yɛn mpaebɔ ni. Ɛsɛ sɛ yɛn mpaebɔ yɛ nea ɛne Onyankopɔn pɛ hyia. Afei nso, bere a yɛbɔ mpae no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɛne yɛn mpaebɔ no hyia.

Kornelio, afeha a edi kan Italiafo asraafo panyin no ‘bɔɔ Onyankopɔn mpae daa.’ Yehowa tiee ne mpaebɔ na ɔboaa no ma osuaa Onyankopɔn apɛde ho ade pii. So wopɛ sɛ Onyankopɔn tie wo mpaebɔ? Ɛnde kenkan Bible no na hwehwɛ Onyankopɔn apɛde sɛnea ɛbɛyɛ a wo mpaebɔ betumi ayɛ nea ɛne no hyia. Wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase no, Yehowa Adansefo ani begye sɛ wode mmoa a ɛte saa ara bɛma wo wɔ eyi mu sɛnea ɔsomafo Petro de maa Kornelio no.​—Asomafo no Nnwuma 10:2-5.

“Ade nyinaa mu momfa mpaebɔ . . . mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom.” (Filipifo 4:6, 7) Kɔ so bisa​—nea edi kan, nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ho: ne din, n’ahenni no ne n’apɛde. Afei bisa nneɛma a ɛfa w’ankasa ahiade ne wo mfɛfo de ho. Ma ɛne nea Yesu kae wɔ Mpaebɔ nhwɛso no mu no nhyia. Di nneɛma a Onyankopɔn hwehwɛ wɔ mpaebɔ mu no so, na yɛwɔ anidaso sɛ Yehowa betie wo mpaebɔ.

[Kratafa 4 adaka]

“Momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefo nyinaa, ɛne me nso, sɛ, mibue m’ano a, wɔmma me asɛm menka, na memfa nnam minyi asɛmpa no ahintasɛm menkyerɛ.”​—Efesofo 6:18, 19.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena