Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 1/1 kr. 5-7
  • Sɛnea Aware Di Ɔhaw Ahorow No Mu Nkonim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Aware Di Ɔhaw Ahorow No Mu Nkonim
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwankyerɛfo A Wɔn Ho Akokwaw
  • Akwankyerɛ Nhoma A Ɛho Hia No
  • Nsɛm A Nyansa Wom
  • Akwankyerɛ A Ɛho Wɔ Mfaso
  • Nea Kristofo Bɛyɛ Ama Wɔn Aware Asɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Ɛdɛn Na Bible Ka Fa Aware Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ma W’awareɛ Nnyina na Emu Nyɛ Anika
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Anigye a Wubenya Wɔ Aware Akyɛde No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 1/1 kr. 5-7

Sɛnea Aware Di Ɔhaw Ahorow No Mu Nkonim

ƆBEA warefo bi kae bere bi sɛ: “Nneɛma pii nni asetra mu a ɛne aware pa mu anigye sɛ. Na nneɛma pii nni hɔ a enye koraa te sɛ aware a anigye nni mu.” Eyi ma ɛyɛ te sɛ nea aware yɛ kyakyatow ankasa. Nnipa baanu a wɔaware no betumi anya anigye wɔn nkwa nna nyinaa anaasɛ wobedi awerɛhow pii.

Nanso, ɛho nhia sɛ aware yɛ kyakyatow. Akwan horow pii so no ɛte sɛ ɔkwan a wutu fa baabi a wonkɔɔ hɔ da. Sɛ wusim a wunnim ɔkwan a wobɛfa so no yiye a, na woreyɛ ade a ebetumi de ɔhaw aba. Nanso wubetumi abrɛ ɔhaw no ase yiye sɛ wubisa obi a wadi kan afa saa kwan no so a. Na aware pa pii wɔ hɔ nnɛ. Dɛn na yebetumi asua afi wɔn nkyɛn?

Akwankyerɛfo A Wɔn Ho Akokwaw

Wɔyɛɛ nhwehwɛmu bi wɔ Canada a ɛfa awarefo dodow bi a wɔaware bɛyɛ mfirihyia dunum anaa nea ɛboro saa ho. Ɔbenfo Schlesinger a ɔwɔ Toronto Sukuupɔn mu no bisabisaa nneɛma a ɛboa maa wɔn aware no kɔɔ so no binom. Ne nhwehwɛmu no sii hia a su ahorow anan ho hia so dua: ɔdɔ, obu, ahotoso ne nkɔmmɔbɔ.

Atesɛm krataa bi bisabisaa ɔbarima bi ne ne yere a wɔaware mfirihyia aduɔson na wɔwɔ anigye no nsɛm. Dɛn na ɛboaa wɔn? Wɔkaa ahotoso, mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔrennye akyinnye, ɔdɔ adi a woyi kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho ne botae a wɔn mu biara de sii n’anim sɛ ɔbɛboa nnipa afoforo ho asɛm.

Ebia eyi bɛyɛ te sɛ ntetekwaasɛm, nanso edii dwuma. Sɛ wunim nnipa bi a wɔatumi aware aware pa mfe dodow bi a, dɛn nti na wummisa wɔn nea aboa wɔn? Ebia wɔbɛka biribi a ɛte saa ara.

Nanso, ebia wobɛte nka sɛ nea ɛboaa ‘obi foforo no remmoa wo. Wɔ ɔkwan a wutu fa asasesin a wonnim mu so no, ade a ɛho hia ne sɛ wubenya akwankyerɛ nhoma a ɛbɔ kɔkɔ wɔ asiane a ɛwɔ kwan so no nyinaa ho na woatumi ayɛ w’akwantu nhyehyɛe no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma woakwati nsɛm a emu betumi ayɛ den ama wo no. So akwankyerɛ nhoma bi a ɛte saa wɔ hɔ ma aware. Yiw, ebi wɔ hɔ. Na ɛnsɛ sɛ obiara si aware kwan so a ɔnhwɛ mu.

Akwankyerɛ Nhoma A Ɛho Hia No

Nea ɛnkyɛe pii no aberante bi a wɔfrɛ no Alex huu saa akwankyerɛ nhoma yi. Ná Alex yɛ otuatewfo, obi a ɔnom nsa pii, na ɔnom nnubɔne. Bio nso, na ɔyɛ asraafo a wɔkɔkoe wɔ Vietnam a wɔayɛ basaa no mu biako. Ná ɔwɔ yere ababaa bi ne abofra a wɔawo no foforo, nanso na n’aware no ayɛ basaa. Da koro anɔpa, bere a ɔne nnamfonom a na ɔne wɔn wɔ sraadi mu no mu binom anom nsa anadwo mũ nyinaa wɔ ne fie akyi no, ne yere kae sɛ: “Worebu ani agu me so. Wonkae mpo sɛ me wɔ ha!”

Anigye so no, Alex ne ne yere dan kɔɔ akwankyerɛ nhoma no so. Bere tiaa bi akyi no, ɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Yɛn nnamfo dedaw no pii atwe wɔn ho afi yɛn ho, nanso yɛn ani gye titiriw sɛ́ okunu ne ɔyere. Mintumi nkyerɛ anigye a ɛwom no​—ɛyɛ nkate a wontumi nkyerɛkyerɛ mu. Yɛn nipasu ahorow asakra na yɛn abusuafo de anigye hwɛ yɛn.”

Dɛn ne akwankyerɛ nhoma a ɛkyerɛɛ Alex ne ne yere kwan fii aware mu basaayɛ so kɔɔ aware a anigye wom so? Ɛne Bible. Saa nhoma yi, ɛwom sɛ akyɛ de, nanso ɛde afotu a nyansa wom na ɛho wɔ mfaso wɔ aware a anigye wom ho ma sen nhoma foforo biara a ɛwɔ hɔ nnɛ. Susuw emu nsɛm no bi ho.

Nsɛm A Nyansa Wom

Obiara nyɛ pɛ. Ɛsɛ sɛ awarefo sua sɛ wɔn mu biara ne ne yɔnko sintɔ ahorow bɛtra. Enti, Bible se: “Monhyɛ ayamhyehye, ayamye ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre. Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea Awurade de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no. Na eyinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛyɛ pɛyɛ hama no ngu.”​—Kolosefo 3:12-14.

Sɛ okunu ne ɔyere di saa afotu yi akyi a, so aware biara renkɔ so?Akyinnye biara nni ho sɛ wobedi da biara da asetra mu nsɛm a emu yɛ den no pii so nkonim. Yiw, wɔn a wɔaware foforo a wɔn mu biara nnim ne yɔnko yiye no mpo si aware a anigye wom kwan so, sɛ wɔwɔ su horow yi a.

Amanneɛbɔ ahorow ka okununom a wonsusuw afoforo ho, wɔyɛ pɛsɛmenkominya anaa mpo sɛ wɔyɛ atirimɔdenfo ho asɛm. Nanso Bible tu fo sɛ: “Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no . . . Ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua.” (Efesofo 5:25, 28) Ɛda adi sɛ okunu a osusuw ne yere yiyedi ho na ɔyɛ nhyehyɛe horow de boa no no aware bɛkɔ so yiye.

Okununom binom ka akasakasa ne anwiinwii ho asɛm. Nanso Bible no se: “Ɔyere de, ɔmfɛre ne kunu.” (Efesofo 5:33) Ɔyere a odi saa afotu yi akyi no reboa kɛse ma ɔno ankasa anya anigye.

Nneɛma abien a ɛsɛe aware, asabow ne ahohwibɔ, yɛ nea Bible kasa tia koraa. “Nguaman . . . ne awaresɛefo ne asabofo . . . rennya Onyankopɔn ahenni no.” (1 Korintofo 6:9, 10) “Munni aware nni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fĩ; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.”​—Hebrifo 13:4.

Na sɛ abusuafo de wɔn ho hyehyɛ mu nso ɛ? Bible no da no adi sɛ ɛsɛ sɛ aberante ne ababaa a wɔaware no de obu ma wɔn awofo. Nanso, ɔbarima asɛyɛde a edi kan no fa ne yere ho. Yesu kae sɛ: “Onipa begyaw agya ne ɛnã, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ ɔhonam koro . . . Enti nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!” (Mateo 19:5, 6) Ɛsɛ sɛ aberante ne ababaa a wɔaware no de anigye gye afotu fi wɔn awofo nkyɛn. Nanso ɛnsɛ sɛ wɔma kwan ma wosisi gyinae ma wɔn.

Akwankyerɛ A Ɛho Wɔ Mfaso

Ebia ebinom bebu saa afotu yi sɛ ntetekwaasɛm wɔ nnɛ wiase yi mu. Nanso wiase yi kyerɛwtohɔ te dɛn wɔ aware ho? Enye koraa. Nanso, so wokenkan nea wɔn a wɔn aware atumi akɔ so fɛfɛ no kae no yiye anaa? Wɔkyerɛe sɛ su horow bi​—a sɛ wonim o, wonnim o, wɔkamfo kyerɛ wɔ Bible mu no na ɛma wonyaa anigye. So wubetumi agye ho akyinnye?

Sɛ yenya ɔma honhom a Bible kamfo kyerɛ no a, so yɛbɛhwere ade wɔ ɔkwan bi so? Dabi. Ɔma yɛ aware fã titiriw a ɛho hia. Wɔn a wɔware nyinaa de biribi bɔ afɔre, nanso, sɛ wɔn aware no kɔ so fɛfɛ a, wonya anigye mmɔho ɔha. Dɛn ntia? Efisɛ, ‘ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.’​—Asomafo no Nnwuma 20:35.

Ebia wobɛka sɛ, ‘Ɛno yɛ nsusuwii pa. Nanso aware biara nte saa ankasa.’ Mmuae no ne sɛ aware horow pii wɔ hɔ nnɛ a anigye wom esiane sɛ awarefo no bɔ mmɔden sɛ wobedi Bible afotu yi akyi nti. Baabi a nsɛm a emu yɛ den wɔ hɔ​—sɛnea na ɛte wɔ Alex ne ne yere asɛm no mu​—mpo no, Kyerɛwnsɛm no kyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔde yɛ wɔn botae. Sɛ awarefo bom bɔ mmɔden di saa botae no ho dwuma a, ɛde anigye ba ntɛm ara.

Na, sɛ awarefo no mu biako pɛ na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde saa nnyinasosɛm yi bedi dwuma nso ɛ? Ampa, ɛma asɛm no mu yɛ den, nanso ɛnyɛ nea anidaso nni mu. Eye sɛ wɔn mu biako bɛyɛ nneɛma pa sen sɛ wɔn baanu nyinaa bɛyɛ nneɛma bɔne. Na ɛdenam boasetɔ so no, nneɛma pa atumi afi mu aba.

Ná okunu bi a ɔwɔ Korea taa hwe ne yere bere a wanom nsa abow. Ne yere anhwehwɛ sɛ obegu aware no, ɛwom mpo sɛ na ɛyɛ den ma no de. Wɔ ne fam no, na aware a anigye wom ho botae yɛ botae pa a ɛsɛ sɛ obi de si n’anim. Enti, odii Bible afotu akyi, titiriw afotu a ɛde ma ɔyerenom sɛ wonnya “honhom a edwo na ɛyɛ komm [a] ne bo yɛ den Onyankopɔn anim” no.​—1 Petro 3:4.

Mfe dubiako no ɔtɔɔ ne bo ase. So na ɛfata? Yiw, efisɛ awiei koraa no ɛkaa ne kunu ma ɔno ankasa hwɛɛ akwankyerɛ nhoma no mu. Dɛn ntia? Sɛ wubisa no a, obebua sɛ ne yere “honhom a edwo na ɛyɛ komm” no kaa no ma ɔhwehwɛɛ dekode a ɛma onyaa su pa a ɛte saa. Ohuu nyansa a ɛwɔ Bible afotu mu no na ɔsesaa n’akwan.

Ampa sɛ aware betumi ayɛ “akwan horow a anigye ne abotɔyam wom sen biara a wɔfa so tra ase no mu biako.” Ebia ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa efisɛ Onii a ɔmaa yɛn nkwa, Yehowa Nyankopɔn, no ara na ɔde aware maa yɛn. (Dwom 36:9; Genesis 2:18-24) Na Ɔno na ɔde akwankyerɛ nhoma, Bible no, mae na aboa yɛn ma yɛn aware akɔ so yiye.

Ɛnnɛ, aware nhyehyɛe no wɔ ɔhaw ahorow mu esiane wiase a yɛte mu no mu nhyɛso horow no nti. Nanso, esiane sɛ aware fi Onyankopɔn nti, ɛredi ɔhaw ahorow no mu nkonim. Na sɛ yedi Onyankopɔn afotu a wɔakyerɛw wɔ Bible mu no akyi a, wo aware bedi nkonim na wo nso wubehu sɛ ɛyɛ ɔkwan a anigye wom sen biara a wɔfa so tra ase.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena