Ɔhɔho A Wɔserew Kyerɛ No
“Bere a mmea baanu serew kyerɛɛ ɔkyerɛwfo yi no, na mintumi nhu sɛ ebia mahyia wɔn da anaa,” eyi ne nea Kazuhiko Nagoya kyerɛwee, obi a ɔkyerɛw nsɛm ma Tokyo Daily Yomiuri atesɛm krataa wɔ n’afã a wɔfrɛ no “Nea Ɛma Asetra Yɛ Dɛ” hɔ. “Sɛnea wɔserewee no, ɛyɛɛ te sɛ nea wɔahyia me pɛn wɔ nhyiam bi a atwam ase, na wɔn ani agye sɛ wɔasan ahu me.” Nanso na ɛnte saa: “Mehwɛɛ wɔn anim yiye na mihui sɛ minhyiaa wɔn koraa da.” Bere a nnipa baanu foforo yɛɛ saa ara no, ose: “M’ani gyei pii. Saa na saa nkurɔfo no serew kyerɛ ɔhɔho, sɛ wohu no wɔ wɔn nhyiam horow no bi ase a.”
Henanom na wɔma ɔhɔho akwaaba saa? Owura Nagoya se, “Beae no yɛ Okoku Kaikan (Ahenni Asa So) , mmeae horow a ɛwɔ Japan a [Yehowa Adansefo] hyiam no biako.” Ɔkae nso sɛ: “Ade biako a ɛda nsow wɔ nnipa a wohyiam wɔ asa so hɔ mprɛnsa dapɛn biara no ho ne sɛ wɔn nyinaa yɛ Kristosom akyidifo mmɔdenbɔfo, na wɔn mu biara nni hɔ a ɔkɔ nhyiam horow no esiane sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔ ara kwa nti. Gyidi ka saa mmarima, mmea ne mmofra, a wɔfrɛ wɔn ho wɔn ho ‘kyodai’ (onuabarima) anaa ‘shimai’ (onuabea) , no bom. Na gyidi tumi no retwetwe nnipa pii akɔ ahyehyɛde no mu wɔ mfe no mu.”
Awiei no ɔkyerɛwfo no kaa Ahenni Asa no so bio a ɔkɔe ho asɛm: “Bere a mereyɛ afi hɔ wɔ nhyiam no akyi no, abofra, a wadi bɛyɛ mfe 10, baa me nkyɛn bɛkae sɛ: ‘Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ wobae nnɛ. Mepa wo kyɛw, ɛyɛ a san bra bio.’ Na ɔreserew saa serew soronko no. M’ani gyei efisɛ ɛno ne nea edi kan a abofra a ɔte saa a minnim no koraa aserew akyerɛ me na ɔne me akasa saa.”