Bere A Enye Koraa, Nanso Ɛyɛ Bere A Eye Sen Biara
CHARLES DICKENS fii n’abakɔsɛm nhoma a wɔfrɛ no A Tale of Two Cities, a ɛfa Franse Ɔman Anidan ho, no ase sɛ: “Ná, ɛno ne bere a eye sen biara, nanso na ɛne bere a enye koraa.” Saa kwan yi so no ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛka basabasayɛ a ɛkɔɔ so saa bere no mu, ne nka a na wɔte sɛ abakɔsɛm mu nsakrae titiriw bi rekɔ so no ho asɛm.
Nanso esiane nea yɛhyɛɛ no nsow wɔ asɛm a edi eyi anim no mu no nti, akwan horow pii so no, wobetumi aka yɛn bere yi ho asɛm ma afata sɛ “bere a enye koraa.” Nanso, so bere a emu yɛ den betumi ayɛ nea ɛde anigye ba bere koro no ara mu anaa? So ebetumi ayɛ “bere a eye sen biara”? Yiw, sɛ yɛwɔ awerɛhyem ankasa sɛ yɛwɔ mmere pa bi wɔ anim a.
Sɛnea yɛahu no, akwan horow pii so no wiase no wɔ mmere a emu yɛ den mu. Nanso biribiara wɔ hɔ a enti yebetumi agye adi sɛ adesamma ogye abɛn—nsɛmmɔnedi, akodi, ɔkɔm ne nyarewa ho ogye. Bible no da anidaso a ɛte saa adi. Nanso, sɛnea ɛbɛyɛ na anidaso a ɛte saa ayɛ yɛn de no, ɛho hia sɛ yehu bere a yɛte mu yi na yesua ɔkwan ko a ɛsɛ sɛ yɛfa so no fi Kyerɛw Kronkron no mu.
Yɛn Bere Yi—Awo Ntoatoaso A Woahyɛ No Agyirae’
Afeha a edi kan no mu no, Yesu asomafo no dii kan hwɛɛ kwan sɛ obegye tumidi wɔ Israel sɛ́ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Bere a wohui sɛ na ɛrenkyɛ na Yesu afi asase so, nanso nea na wɔhwɛ kwan no mmaa mu no, wobisaa no ne sanba no ho asɛm: ‘Dɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei ho sɛnkyerɛnne?’ (Mateo 24:3) Nkɔmhyɛ a Yesu de mae wɔ mmuaema mu no annya mmamu a edi mu wɔ afeha a edi kan no mu. Na nkyerɛwee afoforo a efi honhom mu daa no adi akyiri yi sɛ na ɛsɛ sɛ enya mmamu kɛse wɔ abakɔsɛm mu akyiri yi. (Adiyisɛm 6:2-8) So ebetumi ayɛ yɛn bere yi so?
Yesu daa no adi sɛ ebegye ntease na wɔde ahu bere a wɔahyɛ ho bɔ no efisɛ ɔbɔɔ n’asuafo kɔkɔ sɛ bebree rente nneɛma a ɛrekɔ so no ase. Bere a ɔde Nsuyiri a ɛbaa Noa bere so no reyɛ nhwɛso no, Yesu kae sɛ: “Na sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara nso na onipa Ba no ba bɛyɛ. . . . Na wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe.”—Mateo 24:37, 39.
Dɛn na nkurɔfo de behu ne ‘ba a waba’ no na wɔayɛ nneɛma a ɛremma ɔsɛe mma wɔn so sɛnea ɛbaa nnipa pii so wɔ Noa nna no mu no? Yesu de nkɔmhyɛ kwan so “sɛnkyerɛnne” a ɛyɛ nneɛma pii a aka abom mae a wɔakyerɛw wɔ Nsɛmpa no mu. Ma yɛnhwɛ sɛ ebia saa “sɛnkyerɛnne” yi da adi nnɛ anaa, na sɛ saa a, nea ɛkyerɛ.
AMANAMAN NTAM AKODI—AMUMƆYƐ A ƐKƆ ANIM: “Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so.” (Luka 21:10) “Amumɔyɛ rebɛdɔɔso.”—Mateo 24:12.
Akodi pii akɔ so fi 1914, a, wiase nyinaa akodi abien ka ho. Mprempren mpo asraafo ne akofofo bɛyɛ ɔpepem biako gu akodi so, na wokunkum mmerante bɛboro 100 da biara da, sɛnea New Zealand Herald ka no. Nsɛmmɔnedi nso rekɔ anim, sɛnea ebia wunim na ɛyɛ awerɛhow no. Atesɛm krataa kyerɛwfo Anthony Lewis kaa no nnansa yi sɛ: “Amanneɛbɔ fi aman a wɔyɛ soronko te sɛ Britania . . . ne Rusia nkyɛn aba a ɛka nsɛmmɔnedi a ɛrekɔ anim ne den a ɛyɛ sɛ aban betumi asiw ano no ho asɛm.”
ASASEWOSOW: “Asasewosow bɛba mmeaemmeae.”—Mateo 24:7.
Bere a asasewosow akɛse aba mmere horow wɔ mfehaha no mu no, yɛn bere yi yɛ soronko wɔ eyi fam. Asasewosow adɔɔso pii wɔ mfe kakraa a atwam yi mu. Efi 1970 besi 1979 no, ɛkame ayɛ sɛ nnipa bɛyɛ 80,000 hweree wɔn nkwa afe biara wɔ asasewosow ahorow mu. Saa dodow yi mpo yɛ nea asasewosow a ɛbae wɔ Liaoning mantam no mu wɔ China, baabi a sɛnea amanneɛbɔ ahorow bi kyerɛ no, nnipa bɛyɛ 800,000 hweree wɔn nkwa, no nka ho!
ƆKƆM—NYAREWA: “Ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛba.”—Luka 21:11.
Sɛnea Amanaman Nkabom Ahyehyɛde no fã a ɛhwɛ mmofra yiyedi so no kyerɛ no, ɔkɔm kunkum mmofra ɔpepem 12 wɔ wiase nyinaa 1979 mu. Wɔ Afrika no ɔkɔm kum mmofra baasa biara mu biako. Nyarewa nso kɔ so de ɔhaw ahorow ba wiase nyinaa. Ntoburo anaasɛ ntɛnkyɛm kunkum mmofra mpem ahanum afe biara, na nyarewa ahorow a ɛwɔ mmeae horow a ɛhɔ yɛ hyew wɔ asase so no ka nnipa ɔpepepem biako. Na wɔn a wɔwɔ aman a wɔanya nkɔso mu no rentumi nka sɛ wɔn de ye, efisɛ akisikuru, komayare ne babaso ka ɔpepem pii.
WIASE NYINAA ADANSEDI: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse.”—Mateo 24:14.
Asram 12 a efi September 1981 besi August 1982 no mu no, Yehowa Adansefo de nnɔnhwerew bɛboro ɔpepem 384 kaa asɛmpa no kyerɛe na wɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo Bible mu nokware ahorow. Asomfo bɛboro ɔpepem abien kaa asɛm wɔ nsase ne nsupɔw 205 so.
Nea Ne Nyinaa Kyerɛ
Bere a ɔhyɛɛ nneɛma ahorow yi ho nkɔm akyi no, Kristo daa nea ɛkyerɛ adi:
“Monhwɛ borɔdɔma ne nnua nyinaa! Sɛ enya fefɛw na mohwɛ a, mo ankasa muhu sɛ ahohuru bere anya abɛn. Saa ara na mo nso, sɛ muhu sɛ eyinom ba a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn. Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.”—Luka 21:29-32.
Ná nea Yesu aka ho asɛm nyinaa mmamu bɛbom ayɛ “sɛnkyerɛnne,” a ɛkyerɛ bɛn a Onyankopɔn Ahenni no abɛn, sɛnea nnua a ‘egu nhwiren’ no kyerɛ sɛ ahohuru bere abɛn no. Nanso bere bɛn na saa nneɛma yi fii ase?
Ɔreka nneɛma a ɛsakraa tebea a ɛwɔ asase so no ho asɛm no, Franseni sikasɛm ho nimdefo Alfred Fabre-Luce kae sɛ: “1914 ko no na efii nneɛma ahorow a ɛda so rewosow yɛn nnɛ no ase.” Abakɔsɛm akyerɛwfo ne aman mpanyimfo afoforo pii agye atom sɛ bere a ɛyɛ soronko koraa fii ase 1914 mu bere a Wiase Nyinaa Ko I fii ase no. Nea ɛyɛ anigye no Pius XI, paapa a na ɔwɔ hɔ efi 1922 besi 1939 no huu nneɛma a na ɛrekɔ so efi 1914 no sɛ ɛyɛ “nna a edi akyiri no ho sɛnkyerɛnne, sɛnea Yɛn Awurade kae no.” Sɛnea yɛahu no, nneɛma ahorow a wɔka siei wɔ nkɔmhyɛ yi mu no rekɔ so. Enti yɛwɔ ntease pa a enti yebetumi agye adi sɛ awo ntoatoaso a ehuu nneɛma ahorow yi mfiase wɔ 1914 mu na emufo bi da so te ase nnɛ no ne nea ebehu nkɔmhyɛ yi mmamu a etwa to no.
Ɛnde, suban bɛn na ɛsɛ sɛ yenya bere a “awo ntoatoaso” yi mfe kɔ anim no? Ɛnsɛ sɛ yɛma abasamtu anaasɛ anibiannasoyɛ kwan. Mmom no, ɛsɛ sɛ yetie afotu a Yesu de mae bere a ɔkaa “sɛnkyerɛnne” no afa horow ho asɛm akyi no. Ɔkae sɛ: “Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.” (Luka 21:28) Yebetumi anya suban a ɛte saa bere a yenim nea yebenya daakye wɔ Onyankopɔn Ahenni no nniso ase no.
Onyankopɔn Bɔhyɛ Ahorow
Ebinom te nka sɛ wɔn mprempren haw ahorow no ano bɛbrɛ ase, sɛ wobetumi ayɛ adwuma wɔ mmeae horow a ɛhɔ yɛ anigye na ahobammɔ wɔ a. Kyerɛwnsɛm no mmɔ adwene a ɛte saa ngu. Adiyifo te sɛ Yesaia hyɛɛ tebea horow a eye a ebetumi ama nnipa anya anigye ho nkɔm: “Wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrenyɛ adwumayɛhunu, na wɔrenwo mma ɔpatuwu.”—Yesaia 65:21, 23.
Nanso, Kyerɛwnsɛm no twe adwene kɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nhyira a efi Yehowa nkyɛn bɛyɛ nea honhom mu de ka ho so. Nnipa hia nea ɛsen ɔhonam fam yiyedi ara kwa. Ɛho hia sɛ yenya obu ma nnyinasosɛm a ɛfa ɔdɔ ne atɛntrenee ho no na yɛne nnipa a wɔwɔ obu ma saa nnyinasosɛm no bom tra. Onyankopɔn Ahenni de tebea pa a ɛte saa bɛba asase so na ama nnipa koma pafo asow aba sɛnea ɛsɛ. Odiyifo a yɛadi kan abɔ ne din no de kaa ho sɛ: “Sɛ w’atemmude ka asase a, wiasefo sua trenee.”—Yesaia 26:7-9.
Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ biribi a nniso foforo biara rentumi nyɛ, na ɛne sɛ ebegye adesamma afi bɔne ne nea ɛde ba mu: ɔhaw ahorow, nyarewa ne owu. Sɛ Onyankopɔn nam Yesu Kristo so yɛ eyi a, wɔn a wɔdɔ trenee na wodi akyi nyinaa benya daa nkwa.—Yohane 3:16.
Mfaso Horow Mprempen Mpo
Ɛnsɛ sɛ yebu ani gu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yenya anigye kɛse mprempren denam yɛn asetra a yɛma ɛne Onyankopɔn atirimpɔw ahorow hyia no so. Nneɛma bɔne a ɛrekɔ so wɔ asase so no yɛ nea nnipa nyinaa hu, na ɛmfa anigye mma. Nanso, sɛ yehu “sɛnkyerɛnne” no ne nea ɛkyerɛ a, yebetumi ate nea enti a yɛn bere yi yɛ nea edi bere a eye sen biara anim no ase, efisɛ yebehu dwuma a Onyankopɔn bedi de ayi adesamma haw ahorow nyinaa afi hɔ koraa no.
Ɛwom sɛ wɔwɔ wiase a ahaw yi mu, nanso Yehowa Adansefo tumi nya mfaso horow a wo nso wo nsa betumi aka. Onyankopɔn mmara ho nimdeɛ a wɔwɔ no bɔ wɔn ho ban wɔ abrabɔ mu na ɛboa wɔn ma wɔn asetra kari pɛ. Wɔwɔ asomdwoe a anidaso a egyina Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow so ne abrabɔ pa de ba no. (Dwom 119:165; 1 Timoteo 4:8) Nea ɛka ho no, wobenya nkwa bere a Kristo sɛe Onyankopɔn atamfo wɔ daakye a enni akyiri no mu na obue hokwan ma wɔanya Onyankopɔn nhyira a enni awiei no.—Sefania 2:2, 3; Dwom 29:11.
[Kratafa 6 mfoni]
Ɛdefa yɛn mmere yi ho no, Yesu kae sɛ yebetumi asua biribi afi borɔdɔma dua ho