Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 11/1 kr. 3-4
  • Ɔpɔnkɔbiri A Ogyina Hɔ Ma Aduankɔm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔpɔnkɔbiri A Ogyina Hɔ Ma Aduankɔm
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So—Wɔyɛ Nnipa Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Aduankɔm​—Dɛn Na Ɛkyerɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Apɔnkɔsotefo Baanan Tu Mmirikaden!
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
  • Apɔnkɔ Sotefo No Ho Ahintasɛm No A Wohu Nea Ɛkyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 11/1 kr. 3-4

Ɔpɔnkɔbiri A Ogyina Hɔ Ma Aduankɔm

“HWƐ, ɔpɔnkɔbiri bi ni, na nea ɔte ne so no kura nsenia ne nsam. Na metee nne bi ateasefo baanan no mfinimfini a ese: Awi susukora taku, na aburow susukora abiɛsa taku; na ngo ne nsa de, nyɛ no hwee.”​—Adiyisɛm 6:5, 6.

Nsɛm a emu yɛ den yi na ɔsomafo Yohane de ka apɔnkɔ sotefo baanan a wɔwɔ Adiyisɛm no mu nea ɔto so abiɛsa, nea ɔte ɔpɔnkɔbiri a ogyina hɔ ma aduankɔm so, no ho asɛm.a So woasusuw bere a ɔtraa no so wɔ anibere mu no ho pɛn? Ɛsɛ sɛ woyɛ saa. Ɛkyerɛ nsakrae a ɛsen biara a wiase yi ahu pɛn a ɛbɛba.

Ebinom te nka sɛ ɔpɔnkɔ sotefo yi atra ɔpɔnkɔ no so wɔ adesamma mu bere nyinaa. Na ɛyɛ nokware sɛ aduankɔm ho nsɛm ayɛ abakɔsɛm mu ma fi Abraham ne Yosef bere so besi aduankɔm a ɛsen biara a wɔakyerɛw ho asɛm ato hɔ no so, nea ɛkaa China wɔ 1878 ne 1879 ntam hɔ no. (Genesis 12:10; 41:54) Chinafo dodow a wobuu akontaa sɛ wowuwui wɔ saa ɔkɔm no mu fi bɛyɛ ɔpepem 9 kosi 13.

Nanso, ɔpɔnkɔbiri no ne nea ɔte ne so no ho asɛm nyɛ nea ɛfa aduankɔm nyinaa a wɔaka ho asɛm wɔ abakɔsɛm mu no ho. Dɛn ntia? Efisɛ wɔ anisoadehu no mu no Yohane huu ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ a ogyina hɔ ma akodi ne afei ɔpɔnkɔ sotefo a ɔbɔ abotiri a ɔte ɔpɔnkɔ fitaa so sɛ wodi ɔpɔnkɔbiri no anim. Nea ɔte ɔpɔnkɔ fitaa so no ne Yesu Kristo, Ɔhene foforo a wɔapaw no a ofi adi a “ɔredi nkonim na wakodi nkonim” no. (Adiyisɛm 6:1, 2) Enti ɔpɔnkɔbiri a ohuruhuruw ne ne sotefo no yɛ aduankɔm a ɛka asase bere a wɔpaw Yesu sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene no ho mfonini.

Anisoadehu a ɛfa apɔnkɔ sotefo a wɔwɔ Adiyisɛm mu ho no ne nkɔmhyɛ bi a Yesu ankasa de mae hyia. Bere bi ɔkaa tebea horow wɔ asase so a ɛbɛhyɛ ne ba a waba sɛ ɔsoro Hene a aniwa nhu no no agyirae ho asɛm pii too hɔ. Saa nkɔmhyɛ no fã bi kae sɛ: “Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so; na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae.”​—Mateo 24:3, 7.

Bere bɛn na sɛnkyerɛnne yi nyaa ne mmamu? Bere bɛn titiriw na ɔpɔnkɔ sotefo a ɔde ɔkɔm nam yi tu mmirika fa asase so? Wɔ mfe pii mu no Yehowa Adansefo ada no adi sɛ ɛyɛ awo ntoatoaso a ehuu afe 1914 no na ahu nea afi ɔpɔnkɔ sotefo no twa a obetwaam no mu aba no. So wɔn ntease no teɛ?

Ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Dabi, ɛnte saa. Ɛdɛn, asase no ma aduan pii sen sɛnea ayɛ pɛn, esiane nnɛyi kuadwuma ho nimdeɛ nti. Adwumayɛma akuw horow a ɛbata Amanaman Nkabom no ho, te sɛ FAO (Aduan ne kuadwuma ahyehyɛde) a ɛbɔ mmɔden sɛ ɛbɛhwɛ sɛ obiara nya aduan a ɛsɛ di no wɔ hɔ. Afei nso, asetra gyinapɛn horow akɔ soro wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so wɔ mmeae binom. Aman te sɛ England a na anka ɔkɔm taa si no, nnɛ wunhu sɛ aduan ho taa yɛ den wɔ hɔ. Ɛnnɛ aman pii anya asetra gyinapɛn a ɛkɔ soro sen biara a wɔakyerɛw ato hɔ pɛn. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ awo ntoatoaso yi a ɛsen afoforo nyinaa yi ne nea ebehu nea ɔpɔnkɔbiri a ogyina hɔ ma aduankɔm de ba no mu amane?’

Ɛno yɛ asemmisa a ɛyɛ anigye. Ɛyɛ nokware sɛ wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no adesamma agyina aduankɔm ahorow ano. Ná ɔsomafo Yohane ne Yesu ankasa nim no saa. Nanso wɔkaa aduankɔm a ɛbɛka asase wɔ ɔkwan a ɛda nsow so ho asɛm too hɔ. Ɔkwan bɛn so na aduankɔm ahorow yi bɛyɛ nea ɛda nsow? Na, esiane nnɛ wiase yi fã kɛse no ara honam fam yiyedi no nti, so biribi wɔ hɔ a wobegyina so agye adi sɛ awo ntoatoaso a ɛte ase mprempren yi ahu sɛ aduankɔm rekɔ so?

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya apɔnkɔ sotefo baanan no nyinaa ne nea ɛkyerɛ wɔ nkɔmhyɛ mu no ho nsɛm no, yɛsrɛ wo hwɛ yɛn May 15, 1983, Engiresi de no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena