Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 4/1 kr. 22
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Owusɔre​—Ma Henanom, Ne Ɛhe?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • So “Asɛmpa” No Mu Dennen!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Atreneefo Wusɔre Ɛba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Kyerɛ Gyidi na Woanya Daa Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 4/1 kr. 22

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

■So Yesu bɔhyɛ a ɛfa daa nkwa ho, a wɔakyerɛw wɔ Yohane 11:25, 26 no fa wɔn a wɔasra wɔn no nkutoo hɔ, anaa so saa asɛm no fa “nnipakuw kɛse”a wɔhwɛ asetra wɔ Paradise nsase so kwan no nso ho?

Mmere horow bi a atwam no Ɔwɛn-Aban, no kyerɛe sɛ saa kyerɛwsɛm yi fa Kristofo a wobenya ɔsoro asetra no nkutoo ho. Ɛda adi pefee sɛ wonyaa saa adwene yi esiane sɛ ɛha no na Yesu rekasa akyerɛ nnipa a akyiri yi wɔde saa anidaso yi bɛma wɔn nti. Nanso saa kyerɛwsɛm yi mu nhwehwɛmu yiye kyerɛ sɛ Yesu anna anohyeto bi a ɛte saa adi. Sɛnea nsɛm a yebesua wɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no si so dua no, ɛsɛ sɛ ntease a yenya wɔ Yohane 11:25, 26 ho no yɛ nea ɛde nnipa a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtra Paradise asase so daa no ka ho. Dɛn nti na yɛka eyi?

Hyɛ nea Marta ka fa Lasaro a na wawu no ho wɔ Yohane 11:24 no nsow: “Minim sɛ owusɔre mu, da a edi akyiri no ɔbɛsɔre.” Owusɔre bɛn na na ɛwɔ n’adwene mu? Yiw, owusɔre a Abraham ne Yudafo mudi mu kurafo afoforo de gyidi hwɛɛ kwan no​—asase so owusɔre? Ɛnde ɔkwan bɛn so na na Yesu asɛm no bɛka Marta? Ɛbɛtwe n’adwene akɔ asase so owusɔre tebea so.

Ɛno akyi no Yesu kaa n’ankasa ho asɛm sɛ ɔno na obenyan awufo. Nanso wanka sɛ ɔreka awufo binom a wonyaa ne nnu gyidi nkutoo ho asɛm. Ɔno ne “sɔre ne nkwa” ma wɔn a wonya daa nkwa nyinaa, wɔ ɔsoro anaa asase so. Wobetumi de nea Yesu kɔ so ka nyinaa, a ɛwɔ nkyekyem 25 ne 26 no agyina hɔ ama akuw abien nyinaa, ɛwom sɛ wɔ akwan a ɛsonsonoe so de. Kristofo a wɔasra wɔn no ‘nya nkwa bio’ efisɛ wonyan wɔn kɔ ɔsoro asetra a owu nni mu mu. Wonyan awufo a wɔbɛtra asase so daa no na afei wɔde wɔn ba pɛyɛ mu nkakrankakra.​—Fa toto Adiyisɛm 20:4 ho.

Sɛnea wɔaka wɔ nkyekyem 26 no, ɛte saa wɔ wɔn a wɔasra wɔn no fam sɛ “wɔrenwu da” wɔ wɔn wusɔre akyi. Afei wohu Onyankopɔn sɛnea ɔte, “ma enti wɔnnantew gyidi mu” bio. (1 Yohane 3:2; 2 Korintofo 5:7) Enti bere a Yesu ka sɛ “Obiara a ɔte ase na ogye me di no,” ɔda biribi titiriw a ɛfa wɔn a nnɛ wɔn anidaso ne sɛ wobenya daa nkwa wɔ asase so no ho. Wɔabu “nnipakuw kɛse” no atreneefo dedaw esiane sɛ “wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya mu” nti. Wɔte honam mu mprempren a wɔwɔ anidaso sɛ wobefi ahohiahia kɛse no mu aka, na wobu wɔn asetra sɛ trenee asetra te sɛ Abraham a ɔtraa ase tete mmere mu de no. Ɛsɛ sɛ wɔne adesamma a wɔanyan wɔn no kɔ so kura wɔn gyidi mu wɔ Kristo mfirihyia apem ahenni no mu na wɔanya daa nkwa wɔ adesamma pɛyɛ mu.​—Adiyisɛm 7:9, 10, 14, 15; 21:3, 4.

Nokwarem no eyi nyɛ ntease foforo koraa. Bere ne bere mu wɔ mfe a abɛsen no mu no Ɔwɛn Aban Asafo nhoma horow ada Yohane 11:24-26 ho ntease a ɛkɔ akyiri adi. Sɛ nhwɛso no, June 1, 1959 Engiresi Ɔwɛn-Aban, kratafa 337, kae wɔ Yehowa Adansefo a wɔaboaboa wɔn ano afi aman nyinaa mu no ho sɛ: “Wɔn a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtra asase yi so no wɔ anidaso sɛ wobefi wiase yi awiei mu aka akɔ wiase foforo no mu a wonwu da.” Ɛde Hebrifo 11:1, 6 ne Yohane 11:26 sii so dua. Saara nso na October 1, 1976, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 231, 232 de awufo a wɔanyan wɔn no kaa “nnipakuw kɛse” a wofi Harmagedon mu ka no ho wɔ saa asɛm koro a Yesu kae no mu: “Obiara a ɔte ase na ogye me di no rewu da. Wugye eyi di anaa?” Wugye di?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena