Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 5/1 kr. 4-7
  • Harmagedon​—Edi Paradise Anim!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Harmagedon​—Edi Paradise Anim!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkwan A Ɛde Kɔ Harmagedon
  • ‘De Kɔ Beae A Wɔfrɛ Hɔ Harmagedon’
  • Ɛno Akyi No​—Paradise A Asomdwoe Wom
  • So Ɛyɛ Ahobammɔbea?
  • Harmagedon Mfiase a Ɛyɛ Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Dɛn Ne Armagedon Ko No?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Armagedon Bɛhyɛ Ase Wɔ Israel Anaa?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Harmagedon​—Nea Ɛnkyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 5/1 kr. 4-7

Harmagedon​—Edi Paradise Anim!

ISRAEL. Wɔtaa bɔ saa din no wɔ asɔre horow mu bere a wɔka Onyankopɔn ko kɛse no ho asɛm no. Ɛnde, akyinnye biara nni ho sɛ nnipa pii de wɔn ani asi Mfinimfini Apuei hɔ! Nanso, ɔsomafo Paulo, obi a wɔwoo no sɛ Hebrini no kyerɛwee sɛ: “Ɛnyɛ wɔn a wofi Israel mu nyinaa ne Israel, . . . Ɛne sɛ ɛnyɛ ɔhonam [mu Yudafo] ne Nyankopɔn mma.” Yuda man no hweree hokwan a na wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn “Israel” no denam Yesu Kristo a wɔpow no sɛ Mesia no so. (Romafo 9:6-8; Mateo 21:43) Ne saa nti, na Hebrini diyifo Mose abɔ kɔkɔ sɛ wobehyia ɔhaw kɛse, sɛ ɔhonam fam Israelfo yɛ Yehowa Nyankopɔn so asoɔden a.​—Deuteronomium 28:58-68.

Ɛnde, henanom na wɔbom yɛ “Israel” a Paulo kaa ho asɛm no? Ɔno ankasa kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yudani ne nea ɔyɛ no ne mu, na twetiatwa ne nea wɔayɛ no komam, wɔ honhom mu.” (Romafo 2:28, 29) Harmagedon ho nkɔmhyɛ horow no mfa beae pɔtee bi ho wɔ Mfinimfini Apuei hɔ, na mmom ɛfa wiase nyinaa tebea bi ho.

Ɔkwan A Ɛde Kɔ Harmagedon

Wiase akodi ahorow, nsasewosow, aduankɔm, amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso​—Yesu kyerɛe sɛ tebea horow yi bɛyɛ ‘ne ba a waba’ a aniwa nhu ne ‘nneɛma nhyehyɛe no awiei’ ho “nsɛnkyerɛnne.” Sɛnea wofi Kyerɛwsɛm mu ada no adi mpɛn pii wɔ nsɛmma nhoma yi mu no, yɛatra nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri no mu efi 1914 afe soronko no mu. Eyi ho adanse foforo ne Yesu asɛm bi a ɛrenya mmamu nnɛ no: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:3-14) “Onyankopɔn Israel” no ankasa mufo adi saa asɛnka adwuma yi anim wɔ nsase 205 so. Enti, ɛda adi sɛ “awiei” no abɛn yiye.

Nanso, ɔkwan bɛn so na “awiei” no ba? Yetumi nya eyi ho adwene a edi mu kakra denam nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Bible no nyinaa mu a yɛde toatoam no so.

Sɛ nhwɛso no: Sɛnea Daniel hyɛɛ nkɔm no, komunist “kusuufam hene” (anaasɛ “nifa fam hene,” sɛnea Twi Bible foforo no ka) ne “keseefam hene” (anaa “benkum fam hene,” Twi Bible foforo) a ɔnyɛ komunist no ne wɔn ho redi asi wɔ wiase tumidi ho. Dɛn na ebedi so? Daniel hu siei sɛ komunist “kusuufam hene” no de ahoɔden bɛfa ɔhonam fam akorade a ɛsom bo, a wɔde “sika,” “dwetɛ” ne “afɛfɛde nyinaa” yɛɛ ho mfonini no.​—Daniel 11:40-43.a

Nanso, ntease bi bɛba wiase mpanyimfo ntam. Wɔbɛteɛm sɛ “Asomdwoe ne ahotɔ!” (1 Tesalonikafo 5:1-3) Nanso saa ahotɔ no befi hɔ ntɛm ara. Amammui sodifo a wiase nyamesomfo ho a wɔde hyehyɛ wɔn nsɛm mu afono wɔn no bɛyɛ biako asɛe no​—ntɛm ara, korakora. Nanso Yehowa Nyankopɔn ankasa na ɔhwɛ ma wɔsɛe atoro nyamesom a ɛne Satan ahyehyɛde no fã a edi sõ sen biara no.​—Adiyisɛm 17:1-18.

Nanso, “Israel” ankasa no befi mu aka, ɛwom sɛ ɛnyɛ nea ɛnam hwim a wobehwim wɔn afi asase yi ani sɛnea nnɛyi asɛnkafo pii kyerɛ no so de. Odiyifo Hesekiel kyerɛ nea ɛbɛba, bere a odi kan ka asɛm a Satan (a wɔfrɛ no Gog wɔ ha) ka no, sɛ: “Mɛforo makɔ [Yehowa nkurɔfo] . . . a wɔte hɔ dwoodwoo no [so].” Bere a ɔtan a emu yɛ den a ɔwɔ ma Onyankopɔn “bea” no akanyan no no, Satan bɛtow ahyɛ nokware Kristofo so. (Hesekiel 38:2, 11, 12) Afei ɔko kɛse a wɔahyɛ ho nkɔm mfehaha pii a atwam ni no bedu ne ntɛntɛnoa.

Gog ntoa no mu no, Yehowa bedi dwuma de abɔ ne nkurɔfo ho ban. Ɔbɛkora wɔn so, ma atew Onyankopɔn din kronkron no ho. Na ɛno bɛba efisɛ Yehowa ankasa na ɔde Harmagedon aba.​—Hesekiel 38:18-23.

‘De Kɔ Beae A Wɔfrɛ Hɔ Harmagedon’

Wɔ Adiyisɛm nhoma a ɛwɔ Bible mu no mu no wɔka siei sɛ ‘ahonhommɔne befi akɔ wiase nyinaa ahene nkyɛn akɔboaboa wɔn ano ama Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no.’ Bere a Satan nam ne naadaa akwan ahorow no so apiapia wɔn atiko no, wɔbɛboaboa “ahene” no ano akɔ “baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Harmagedon [“Megido Bepɔw”].”​—Adiyisɛm 16:13-16.

Bepɔw biara nni hɔ a wɔfrɛ no saa ankasa. Ampa, wɔ Bible mmere mu no wodii ako pii wɔ baabi a ɛbɛn kurow a wɔfrɛ no Megido. Nanso na bepɔw biara nni hɔ, na nnɛ nso bepɔw biara nni hɔ​—kokow bi kɛkɛ na ɛwɔ hɔ. Na asraafo dɔm a wɔwɔ wiase nyinaa rentumi nkɔ Esdraelon asasetaw a ɛwɔ Megido bon no mu no so, sɛnea ebinom susuw no. Ɛwom sɛ asɛmfua “Harmagedon” no fi Megido mu de, nanso nea egyina hɔ ma ankasa no ne asɛmfua no asekyerɛ, a ɛne sɛ “asraafo dɔm ahyiae bepɔw.” Eyi nyinaa kyerɛ sɛ Harmagedon nyɛ beae pɔtee bi, na mmom tebea bi: wiasefo nyinaa a wɔboaboa wɔn ano anaasɛ wɔka bom sɔre tia Yehowa Nyankopɔn ne ne nkurɔfo.

Ɛha no, Yehowa ankasa de ne ho bɛhyɛ ɔko no mu. “Bere a wɔn ani da so gu so,” anaasɛ wɔda so redi dwuma no, wɔbɛsɛe amammui ahyehyɛde horow. (Adiyisɛm 19:20) Nkurɔfo bɛyare ntasentase bere a amammui nniso horow no dwiriw gu no! Ehu bɛka asase sotefo asen biara bere a Yehowa de n’akode a ɛsen ɔdesani de biara no gu wɔn so no. (Hesekiel 38:18-23; Sakaria 14:12, 13) “Na da no na [Yehowa] bɛma atɔfo adeda hɔ afi asase awiei akosi asase awiei.”​—Yeremia 25:33.

Yesu Kristo, Onyankopɔn “bea” anaasɛ ɔsoro ahyehyɛde no “aseni” titiriw no bedi abɔfo trenee dɔm no anim akɔ nkonimdi mu. Wobedi Satan so nkonim na wɔatow no akyene anohyeto “bun” no mu mfirihyia apem. (Adiyisɛm 20:1-3) Na Yehowa nkurɔfo benya ɔsoro ahobammɔ ne ogye wɔ Onyankopɔn ko kɛse no mu.​—Mateo 24:21, 22, 37-39.

Ɛno Akyi No​—Paradise A Asomdwoe Wom

Akyinnye biara nni ho sɛ Harmagedon akyi pɛɛ no asase yi ani bɛyɛ basaa. Ɛbɛyɛ te sɛ nea adwuma a ɛho behia sɛ wɔyɛ na asase yi adan Paradise no bɛyɛ kɛse yiye. Nanso wɔbɛyɛ eyi wɔ Onyankopɔn soro nniso no akwankyerɛ ase. Bere bi akyi no asase yi nyinaa bɛyɛ fɛ te sɛ ofie a wodii kan de maa onipa, Eden turo no, na adesamma a wɔteɛ ‘begye wɔn ani asomdwoe pii’ a ɛbɛba yɛn asase yi so no ‘mu.’​—Dwom 37:11.

Awiei koraa no, asase yi bɛdan Paradise ma adesamma anya honhom fam ne honam fam nhyira pii. Yiw, ‘Onyankopɔn ntamadan bɛtra adesamma mu’! Na bere a adesamma di ɔsoro nniso no akwankyerɛ akyi no, Onyankopɔn “bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.” (Adiyisɛm 21:1-4) Pɛyɛ a anuonyam wom besi ɔyare, awerɛhow ne owu mpo ananmu.

So Ɛyɛ Ahobammɔbea?

Enti ɛsɛ sɛ Harmagedon a wubetwa akɔ Paradise a asomdwoe wɔ mu mu no yɛ wo ahiasɛm kɛse. Nanso, wurentumi nnya ahobammɔ wɔ wiase asɔre horow pii, a wɔn a wɔwɔ Kristoman mu ka ho, no mu. Wonni Yesu asɛm a ɛne sɛ n’akyidifo ‘nyɛ wiase yi fã’ no akyi. (Yohane 17:16) Na wɔnnka “ahenni no ho asɛmpa” no nso. (Mateo 24:14) Asɔre horow a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no mu akyekyɛ ayɛ akuw ɔhaha pii, na wɔnkyerɛ ɔdɔ a Yesu kae sɛ ɛbɛhyɛ ne nokware akyidifo agyirae no.​—Yohane 13:35.

Ɛnde, ɛhe na ahobammɔ wɔ? Ɛwɔ “Onyankopɔn Israel” ankasa mu. (Galatifo 6:16) Saa Kristofo a wɔasra wɔn yi mmɔ mpetee wɔ Kristoman asɔre horow pii no mu, na mmom wɔwɔ ahyehyɛde biako a aka abom mu. Wɔn a wɔka Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no ho no ne nnipa bɛboro 2,000,000 a wɔwɔ anidaso sɛ wobetwa “ahohiahia kɛse” no. (Adiyisɛm 7:9, 14) Saa Onyankopɔn ayeyifo a wɔaka abom yi ‘bɔ Yehowa din’ na wɔwɔ anidaso sɛ ‘wobefi mu afi.’ (Yoel 2:32) Yiw, nokware “Israel” no mufo mmɔ Onyankopɔn din nko, na mmom saa din no da wɔn so nso sɛ Yehowa Adansefo. Wɔn ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woanya nkwagye wɔ Onyankopɔn ko kɛse no mu no ho nimdeɛ pii na woanya daa nkwa wɔ Paradise a asomdwoe wɔ mu mu ho anidaso.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ Ɔwɛn-Aban April 1, 1982, nkratafa 3-5 (Engiresi de yɛ July 15, 1981, nkratafa 3-7) .

[Kratafa 5 mfoni]

Ka a wɔbɛteɛm aka sɛ “Asomdwoe ne ahotɔ!” bedi sɛe a wɔbɛsɛe nyamesom no anim!

[Kratafa 7 mfoni]

Harmagedon nyɛ saa bea yi wɔ Megido, na mmom sɛnkyerɛnne kwan so wiase tebea

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena