Ɛhe Na Yebetumi Ahu Biakoyɛ Wɔ Wiase A Nitan Apaapae Mu Yi Mu?
“Mɛka wɔn mabom sɛ nguan nguamman mu.”—MIKA 2:12.
1, 2. Dɛn nti na yɛrentumi nhwɛ wiase akannifo kwan sɛ wɔbɛka adesamma abusua no abom?
WƆ MFE mpempem pii mu no adesamma abusua no mu apaapae kɛse. Amammui, sikasɛm ne asetra mu nsonsonoe ahorow apaapae adesamma mu ayɛ wɔn afã horow a wɔko tia wɔn ho wɔn ho. Yɛn afeha a ɛto so aduonu yi ahu eyi mu nea ennye koraa. Sɛ nhwɛso no, Wiase Nyinaa Ko II nkutoo kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 55, na ekowiee ɔsɛe kɛse a atomik ɔtopae ahorow de bae wɔ Hiroshima ne Nagasaki no mu
2 Wɔ mfe kakraa a atwam yi mu no, akodi afoforo nso akunkum nnipa ɔpepem pii bio. Ɛnnɛ, nuklea akode ahorow a aman horow wɔ no de adesamma asetra wɔ asase so to asiane mu. Na, sɛnea The Guardian a wotintim wɔ England no ka no, amanaman, akɛse ne nketewa, gu ahosiesie ma akodi so “denneennen, honam fam ne adwene mu.” Enti, nokwarem no, yɛrentumi mfa yɛn ani nto wiase yi mpanyimfo so sɛ wɔbɛka adesamma abusua no abom.
Wiase Nyamesom Kyerɛwtohɔ
3, 4. Dɛn na abakɔsɛm ka kyerɛ yɛn wɔ wiase nyamesom ho sɛ ebia ɛyɛ nea ebetumi aka nkurɔfo abom?
3 Nanso, so ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nyamesom ahorow a ɛwɔ wiase yi mu kwan sɛ ɛbɛka nkurɔfo abom? So wɔn ho kyerɛwtohɔ ma wonya ahotoso kɛse bi? Abakɔsɛm bua sɛ dabi. Samufo asɛm bi a na ɛwɔ Chicago Tribune mu kae sɛ: “Nyamesom akɛse no nyinaa ka asomdwoe ne onuayɛ ne mmɔborohunu ho asɛm, nanso nneɛma bɔne ne atirimɔdensɛm a ɛsen biara wɔ abakɔsɛm mu no mu binom yɛ nea wɔyɛe wɔ Onyankopɔn din mu.” Atesɛm krataa samufo C. L. Sulzberger nso kae saa ara sɛ: “Wɔ gye a ebia wɔrennye asɛm no ntom akyi no, so ɛnyɛ nea ɛsɛ sɛ yehu sɛ, sɛ́ nea ɛka nneɛma afoforo a ama aba saa—ahempɔnsɛmdi, mmusua mu mpaapaemu, sraadi —ho no, nyamesom yɛ nea akɔ so de adesamma nkwa to asiane mu kɛse?”
4 Yiw, nitan a nyamesom hyɛ akyi anaasɛ ɛpene so ama mogya ayɛ abakɔsɛm mu ma. Wɔ yɛn afeha yi ara mu, wɔ wiase ko ahorow ne afoforo mu no, yɛahu Katolekfo a wokunkum Katolekfo, Protestantfo a wokunkum Protestantfo, Nkramofo a wokunkum Nkramofo ne Yudafo a wokunkum Yudafo a ɛyɛ adeyɛ a ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Ampa, abakɔsɛm mu nokwasɛm ahorow da no adi sɛ, sɛ́ anka ɛbɛyɛ tumi a ɛka adesamma abusua no bom no, wiase nyamesom mmom na emu a apaapae kɛse no ho asodi da no so.
5. Ɛhe na wiase yi nyamesom ahorow a emu apaapae no fi?
5 Basabasayɛ ne mpaapaemu a ɛwɔ wiase nyamesom ahorow mu no kyerɛ pefee sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ogyina wɔn akyi. Ebia ɛno bɛyɛ wɔn a wosusuw sɛ nyamesom” nyinaa a ɛka sɛ egyina Onyankopɔn ananmu ye no nwonwa. Nanso Onyankopɔn ankasa Asɛm a efi honhom mu no ka no pefee sɛ: “Onyankopɔn nyɛ sakasayɛ Nyankopɔn, na mmom asomdwoe Nyankopɔn.” (1 Korintofo 14:33) Ɛnyɛ Onyankopɔn honhom kronkron, anaa adeyɛ tumi no, na mmom honhom fĩ tumi a ɛkanyan wɔn no de ‘ɔtan, akayɛ, kunsunkunsun, mpaapaemu ne nitan’ ba. (Galatifo 5: 19, 20) Yakobo 3:14, 15 da nyansa a ɛka honhommɔne yi ho no adi sɛ ɛyɛ ‘adaemone’ de a efi “wi yi ase nyame,” Satan Ɔbonsam hɔ na ɛba.—2 Korintofo 4:4.
Ofie A Emu Apaapae
6. Nnyinasosɛm a Yesu de mae bɛn na ɛfa wiase yi ho?
6 Adesamma abusua a emu apaapae no ma yɛkae Yesu asɛm yi: “Ahenni biara a ɛne ne ho di mpaapaemu no dan amamfo; na kurow anaa ofi biara a ɛne ne ho di mpaapaemu no rennyina.” (Mateo 12:25) Esiane eyi nti, ɛsɛ sɛ wiase a emu apaapae yi hwe ase. Nokwarem, amanaman no ankasa mpo gye asɛm a wɔka yi tom sɛ, “Biakoyɛ ma yegyina, mpaapaemu ma yɛhwe ase.”
7. Dɛn na nnipa binom ahu sɛ ɛho hia na ama wɔakwati ɔsɛe?
7 Wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobekwati asehwe a ɛyɛ hu mu no, nnipa atitiriw binom ka sɛ ɛsɛ sɛ nsakrae kɛse ba wɔ onipa nsusuwii mu. Nuklea nyansahufo Harold Urey kae sɛ: “Wiase ɔhaw ahorow no ano aduru a eye biara nni hɔ, gye sɛ awiei koraa no wiase nyinaa nniso a ebetumi ahyɛ mmara wɔ asase nyinaa ani ba.” Saa ara na Albert Einstein “kae sɛ nnipa nyinaa a wɔbɛka wɔn abom wɔ wiase nyinaa mmara ase so nkutoo na wɔnam betumi ama asomdwoe atra amanaman no ntam wɔ atomik bere yi mu.” Ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yeyi akwanside ahorow a enye a ɛne aman ahye ahorow no fi hɔ.” Yiw, nnipa pii hu hia a wiase nyinaa nniso ho hia no.
8. So wiase a emu apaapae yi betumi akwati asehwe?
8 Nanso, so ebetumi aba sɛ wiase amanaman yi begyae wɔn tumidi ahorow no mu? Sɛ saa a, wobegyaa mu ama hena? Ɛda adi sɛ wɔrennyae mu mma Amanaman Nkabom ahyehyɛde no. Aman ahorow no taa ne wɔn ho ko mmom sen sɛ wɔbɛpene Amanaman Nkabom no gyinaesi ahorow so. Enti, wiase yi ne n’amammui, aguadi, asetra ne nyamesom nhyehyɛe horow a emu apaapae no rekɔ asehwe mu.—Sefania 3:8; 1 Yohane 2:15-17.
Nnipa A Wɔyɛ Biako Ankasa
9. Dɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wobetumi aka adesamma abusua no abom?
9 Ɛnde, so eyi kyerɛ sɛ wiase biakoyɛ yɛ nea ɛrentumi nyɛ yiye? Ɛnte saa koraa! Nea ɛne no bɔ abira no, ɛnyɛ yɛ nko na wiase biakoyɛ betumi ayɛ yiye na mmom ɛbɛba wɔ ɔkwan biara so! Nokwarem no, wɔato wiase nyinaa biakoyɛ nhyɛase no dedaw! Nnipa wɔ hɔ dedaw a wɔreyɛ nea Einstein kae no a ‘wɔredi akwanside ahorow a ɛne ɔmampɛ so.’ Nnipa a wɔyɛ biako ankasa wɔ ho dedaw wɔ wiase nyinaa. Wiase nyinaa nniso a ɛkorɔn wɔ hɔ dedaw a ɛno na nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ amanaman nyinaa mu di kan de wɔn ho ma.
10. Dɛn na ɛsɛ sɛ nniso a ɛyɛ paara nya?
10 Nnipa pii bɛte nka sɛ adwene a ɛte sɛɛ nni mũ. Ebia wobebisa sɛ: ‘So moreka nniso ankasa a ɛwɔ mmara ankasa ne ɔmanfo ankasa ho asɛm? Ɛhe na mohwɛ kwan sɛ eyi nyinaa bɛkɔ so? Henanom na ɛfa wɔn ho?’ Wiɛ, dɛn na ɛka bom yɛ nniso? Nneɛma ahorow pii: (1) Ɛsɛ sɛ enya akannifo a wɔte ase ankasa; (2) ɛsɛ sɛ beae a efi di tumi no nso yɛ nea ɛyɛ paara; (3) ɛsɛ sɛ ɔman no nya mmara horow a ɛbɛma nneɛma akɔ so pɛpɛɛpɛ; (4) ɛsɛ sɛ enya nkoa ankasa—ɔmanfo. Sɛ nhwɛso no, wɔ United States no, wɔwɔ sodifo (ɔmampanyin no) a Washington, D.C., ne n’ahenkurow. Wɔwɔ mmarahyɛfo (Mmarahyɛ Bagua) a wɔhyehyɛ mmara horow. Wɔwɔ atemmu ho dwumadifo (asennibea ahorow) a wɔhwɛ ma ɔman no mmara horow yɛ adwuma. Na wɔwɔ nnipa a wɔn dodow boro ɔpepem 230 a wɔyɛ ɔman no mma. So obi begye kyim sɛ eyinom nyinaa nyɛ paara?
11. Ɔkwan bɛn so na wiase atesɛm krataa mpo agye atom sɛ nnipa a woyɛ biako ankasa wɔ hɔ?
11 Saa ara na nnipa a wɔyɛ biako ankasa no yɛ paara nnɛ! Wɔ he? Ɔhene bɛn na wɔsom no? Dɛn nti na yebetumi aka sɛ wɔyɛ biako ankasa? Brazilfo atesɛm krataa O Tempo no huu nnipa a wɔda nsow yi bere a ɛkyerɛwee sɛ: “Ɛwom sɛ nyamesom ahorow pii wɔ hɔ a wɔwɔ wɔn nsɛm a wɔbɔ ho dawuru wɔ wiase nyinaa de, nanso biako pɛ mpo nni asase so nnɛ a eyi ɔdɔ ne biakoyɛ koro no ara adi te sɛ Yehowa Adansefo Teokrase ahyehyɛde no.”
12. Adwene a wɔdaa no adi wɔ Belgianfo atesɛm krataa mu bɛn na ɛne nokwasɛm a Yehowa Adansefo gye tom hyia?
12 Wɔ Belgium no, atesɛm krataa a wɔfrɛ no La Nouoelle Gazette no daa asɛmti yi adi: “Sɛ́ Nea Ɛbɛma Wɔakwati Nuklea Ɔko wɔ Mfirihyia 25 mu no, Amerika Abenfo Ahu Ano Aduru Koro Pɛ: Ɛno ne Yehowa Adansefo De No!” Asɛm no kae sɛ nea ɛbɛyɛ ano aduru biako pɛ ne “nsakrae kɛse wo adesamma asetra mu . . . de ama wiase nyinaa nniso.” Atesɛm krataa no de baa awiei sɛ saa adwene yi “ne nsusuwii a Yehowa Adansefo kura mu” no hyia pɛpɛɛpɛ. Ɛno yɛ “nsusuwii” bɛn? Nea Yesu de yɛɛ ne nkyerɛkyerɛ asɛmti titiriw no: Onyankopɔn nniso foforo ma asase nyinaa, Ne soro Ahenni a Kristo yɛ ne sodifo no. Aduru a Onyankopɔn wɔ ne saa nniso no, aduru koro pɛ a ɛwɔ hɔ ma adesamma nyarewa ahorow no nyinaa a wɔn mu a apaapae no ka ho. Yesu kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo sɛ wɔmmɔ saa nniso no ho mpae bere a ɔkae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no. (Mateo 6:10) Na sɛnea Bible no ka wɔ Daniel 2:44 nkɔmhyɛ no mu no, ɛrenkyɛ saa Onyankopɔn nniso no ‘bebubu [kan] ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”
Nokware Dɔ Ne Biakoyɛ A Woyi Adi
13. Ɛdefa wiase nyinaa nniso a ɛbɛka nnipa abom ho no, dɛn na akɔ so fi 1914?
13 Wiase nsɛm a ɛma Bible nkɔmhyɛ nya mmamu da no adi sɛ Onyankopɔn soro nniso no fii ase dii tumi 1914 mu. Onyankopɔn yɛɛ Yesu Kristo sodifo, sɛ ne Hene a wapaw no saa bere no. (Mateo 24:3-14; 2 Timoteo 3:1-5; Adiyisɛm 12:10) Saa nniso no wɔ mmara ne nnyinasosɛm ahorow a ɛkorɔn, a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ nhoma kronkron a ɛsen biara, Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu a ɛne Bible no mu. (2 Timoteo 3:16, 17) Na ɛdefi 1914 mu no, Oguanhwɛfo Pa Yesu Kristo aboaboa Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo no mufo ano. Enti wɔreto asase so abusua foforo no nhyɛase mprempren! Yiw, eyinom nyinaa yɛ paara. Ɛnyɛ adaeso ara kwa.—Mateo 25:31-46; Yohane 10:14-16; 2 Petro 3:13.
14. Ade a esiw biakoyɛ kwan bɛn na Yehowa Adansefo atumi adi so?
14 Sɛ́ Nhyehyɛe Foforo no mufo no, Onyankopɔn soro Ahenni nniso no ne nea Yehowa Adansefo a wɔwɔ asase biara so de wɔn ho ma kan. Enti, bere a Yehowa Adansefo kenkan Yesu asɛm a ese, “monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo” no, wonim sɛ saa ara na ɛte, na wɔyɛ saa wɔ wiase nyinaa. (Yohane 15:12) Esiane eyi nti, wɔatumi ayi ɔmampɛ su ahorow a esiw kwan no afi hɔ ankasa. Wotumi yi nokware dɔ adi kyerɛ adesamma nyinaa a onipa no abusua, kurow anaa ɔman a ofi mu mfa ho.
15, 16. Ɔkwan bɛn so na afoforo ahu di a wɔatumi adi ɔmampɛ su so no?
15 Ɛdefa eyi ho no, Roman Katolekni bea a ɔresua asɔfodi bi kyerɛw nsɛm a edi so yi faa Yehowa Adansefo ho wɔ Italiafo asɔre nsɛmma nhoma Andare alle genti mu: “Ɛfata sɛ yɛma yɛn ani gye wɔn ho wɔ ɔkwan a wɔpow basabasayɛ biara na wogyina sɔhwɛ ahorow pii a wɔde ba wɔn so esiane wɔn gyidi ahorow nti ano a wɔnsɔre ntia no ho . . . Hwɛ soronko ara a anka wiase bɛyɛ, sɛ yɛn nyinaa sɔre anɔpa bi a yɛabɔ yɛn tirim denneennen sɛ yɛremma akode so bio a nea ebegye anaasɛ nea enti mfa ho te sɛ Yehowa Adansefo a!”
16 Italiafo atesɛm krataa Il Corriere di Trieste kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye Yehowa Adansefo ho wɔ gyina a wogyina pintinn ne wɔn nkabom no ho. Nea ɛne nyamesom afoforo bɔ abira no, yɛ a wɔyɛ nnipa biako no mma wɔmmɔ Onyankopɔn koro no ara mpae wɔ Kristo koro no ara din mu sɛ onhyira afanu a wɔredi ako, na ɛmma wɔmmfa amammuisɛm mfrafra nyamesom mu na ama Aman Mpanyimfo anaa amanyɛkuw ahorow nneɛma anya nkɔso.”
17. Ɔkwan bɛn so na 1 Yohane 3:10-12 ne Yohane 13:35 kyerɛ nsonsonoe a ɛda Onyankopɔn mma ne Satan mma ntam?
17 Hyɛ sɛnea eyi ne 1 Yohane ti 3 nkyekyem 10 kosi 12 hyia no nsow. Ɛhɔ na ɛka sɛ: “Eyi mu na Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adi. Obiara a ɔnyɛ nea ɛteɛ ne nea ɔnnɔ ne nua no mfi Nyankopɔn. Na eyi ne kaseɛ a moate fi mfiase sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no, ɛnyɛ sɛ Kain a ofi ɔbɔne no mu na okum ne nua no.” Dabi, Onyankopɔn mma nkunkum wɔn nuanom. Satan mma na wɔyɛ saa.—Yohane 13:35.
18. Dɛn na ɛba, bere a nnipa a na kan wɔn mu apaapae ba bɛyɛ Yehowa Adansefo no?
18 Enti, bere a Arabfo, Yudafo ne wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo wɔ Israel ne Lebanon ba bɛyɛ Yehowa Adansefo no, wɔka bom wɔ ɔdɔ ne biakoyɛ hama a emu ntumi ntetew mu. Wɔn a na kan wɔyɛ Katolekfo ne Protestantfo wɔ Northern Ireland no nso saa ara. Abibifo ne aborɔfo a wɔwɔ United States no nso saa ara. Na Afrika mmusua ahorow mufo a na kan wɔtentan wɔn ho na wɔne wɔn ho wɔn ho di ako no nso saa ara. Britaniafo nsɛmma nhoma New Society no kae sɛ: “Ebia Adansefo no tumi bɔ mmɔden kɛse wɔ ahoɔhare a wɔde yi mmusua mu nyiyimu fi hɔ wɔ wɔn nkurɔfo mu no mu sen kuw biara.”
Biakoyɛ Fibea
19. Nneɛma atitiriw abien bɛn mu na Yehowa Adansefo da nsow?
19 Dɛn nti na Yehowa Adansefo tumi yi ɔdɔ ne biakoyɛ a ɛte sɛɛ adi? So ɛyɛ wɔn nhomasua, din a wɔagye, wɔn ahonyade anaa nyansa nti anaa? Dabi, wɔyɛ nnipa te sɛ afoforo ara pɛ. Nanso wɔda nsow wɔ nneɛma atitiriw abien mu. Nea edi kan no, Yehowa Adansefo gye Bible mũ no nyinaa tom sɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde emu asɛm no bɛtra ase. Sɛnea ɔsomafo Paulo kae no: “Munyaa Onyankopɔn kaseɛ asɛm no yɛn nkyɛn no, mugyei, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ampa, ɔno nso na ɔyɛ mo a mugye di no mu adwuma.” (1 Tesalonikafo 2:13) Nea ɛto so abien, Yehowa Adansefo kura adwene koro no ara te sɛ Yesu asomafo a wɔka kyerɛɛ sodifo no sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa” no.—Asomafo no Nnwuma 5:29.
20. Dɛn ne biakoyɛ a ɛwɔ Yehowa Adansefo mu no fibea ankasa?
20 Dɛn na ɛba nnipa a wogye Bible mũ no nyinaa tom sɛ Onyankopɔn Asɛm na wɔde emu nsɛm no tra ase na wotie Onyankopɔn sɛ wɔn Sodifo wɔ nneɛma nyinaa mu no so? Asomafo no Nnwuma 5:32 se Onyankopɔn de ne honhom kronkron, anaa adeyɛ tumi a ahoɔden wom no “ma wɔn a wotie no [sɛ sodifo] no.” Ɛno ne ahoɔden fibea a ɛma Yehowa Adansefo yɛ biako wɔ wiase nyinaa na wokura mu no, biribi a afoforo rentumi nyɛ.
21, 22. (a) Ɛnde, henanom na wɔma Yesaia 2:2-4 nya mmamu? (b) Nkɔmhyɛ mmamu bɛn na Yehowa Adansefo hu mprempren?
21 Ɛnde, sɛnea adanse no kyerɛ no, henanom na wɔma nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia ti 2, nkyekyem 2 kosi 4 no nya mmamu? Ɛreka bere a yɛte mu yi ho asɛm no, saa nkɔmhyɛ no ka sɛ wɔde Yehowa nokware som besi hɔ pintinn wɔ Ahenni no nniso ase, na nnipa pii bɛka sɛ: “Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa] bepɔw so . . . na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so.” Nkɔmhyɛ no ka nso sɛ: “Obebu amanaman no ntam ntɛn na wateɛteɛ nsɛm wɔ aman bebree ho. Na wɔde wɔn mfoa bɛbobɔ nsɔw ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare. Ɔman remma afoa so nhyɛ ɔman, na wɔrensua akodi bio.”—New World Translation.
22 Henanom na wɔama Onyankopɔn ne n’Asɛm no ‘ateɛteɛ nsɛm’ wɔ wɔn mu? Henanom na wɔatie Onyankopɔn ahyɛde sɛ ‘wonsua akodi bio’ no ankasa? Henanom na sɛ wɔka bom a, wɔde mfe mpempem pii ada afiase ne nnadeban ahorow mu wɔ yɛn bere yi mu sen sɛ wobekunkum wɔn yɔnkonom? Henanom na wɔde obu ma Bible no sɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu na wotie Onyankopɔn sɛ Sodifo? Henanom na woyi amanaman ntam nuayɛ a ɛda nsow adi wɔ wiase a nitan apaapae mu yi mu? Mmuae koro pɛ no ne sɛ, ɛyɛ Yehowa Adansefo. Na mprempren wɔreboaboa “nguan foforo” mpem ɔhaha pii ano sɛ “kuw ketewa” a wɔasra wɔn nkaefo no ahokafo. (Yohane 10:16; Luka 12:32) Eyinom nso renya nkɔmhyɛ bi a wɔde mae wɔ Hosea bere so mmamu mu mfaso. Ɛka too hɔ sɛ Yehowa asomfo nyinaa “bɛbom ahyia” wɔ biakoyɛ mu wɔ Ti, biako, Yesu Kristo, ase wɔ Ahenni tumi mu. (Hosea 1:11) Wohu nso sɛ Yesu asɛm no nya mmamu wɔ wɔn biakoyɛ no mu bere a ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ n’akyidifo ‘nyɛ biako, sɛnea wɔyɛ biako’ no. (Yohane 17:20-22) Enti, Onyankopɔn adi bɔ a ɔhyɛe wɔ wɔn ho bere tenten no so sɛ: “Mɛka wɔn mabom sɛ nguan nguamman mu.”—Mika 2:12.
So Wokae Saa Nsɛm Yi?
□ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ogyina wiase yi nyamesom akyi?
□ Ɔkwan bɛn so na 1 Yohane 3:10-12 da wɔn a wɔyɛ biako ampa wɔ wiase a nitan apaapae mu yi mu no adi?
□ Dɛn ne ahoɔden a ɛma Yehowa asomfo tumi kura wiase nyinaa biakoyɛ mu no fibea ankasa, na dɛn nti na wɔwɔ soa ahoɔden fibea no?
□ Nkɔmhyɛ akɛse bɛn na yehu sɛ enya mmamu nnɛ a ɛfa Onyankopɔn asomfo biakoyɛ no ho?
[Kratafa 12 mfoni]
Wɔato wiase nyinaa biakoyɛ nhyɛase no dedaw!