Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 10/1 kr. 20-26
  • Nya Anigye A Ɛkari Pɛ wɔ Ayeforohyia Apontow Ahorow Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nya Anigye A Ɛkari Pɛ wɔ Ayeforohyia Apontow Ahorow Ase
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anidahɔ Ho Hia
  • Akwankyerɛ Fi Hena Hɔ?
  • Hena Na Ɔbɛba Ase?
  • Boa Wɔn Nyinaa Ma Wonnya Anigye
  • Ayeforohyia Horow a Ɛyɛ Anigye A Ɛhyɛ Yehowa Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Fa W’abrabɔ Kyerɛ Sɛ Wowɔ Gyidi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Ayeforohyia a Ɛhyɛ Yehowa Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ma W’ayeforohyia Da Nyɛ Anigye Kɛse na Ɛho Mmra Nyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 10/1 kr. 20-26

Nya Anigye A Ɛkari Pɛ wɔ Ayeforohyia Apontow Ahorow Ase

1, 2. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw ayeforohyia apontow ahorow ho nnɛ? (b) Apontow ahorow no ho hia dɛn?

EBIA woahu adanse pii a ɛkyerɛ sɛ nkɔmhyɛ no yɛ nokware sɛ “nna a edi akyiri mu no” nnipa ayɛ “wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.” (2 Timoteo 3:1-4) Ɛyɛ mmerɛw sɛ wubehu eyi ho adanse wɔ ɔkwan a nnipa pii bu ayeforohyia apontow ne ɔkwan a wɔfa so yɛ wɔn ade wɔ ho no mu.a Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn adwene wɔ eyi ho? So ɛsɛ sɛ Kristofo twe wɔn ho fi ayeforohyia ase apontow ho anaasɛ ɛnsɛ sɛ wɔkɔ ase? Anaa so asɛm a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ ‘yɛdɔ Onyankopɔn’ no nti, ɛho hia sɛ yekwati tebea horow bi a asiane wom?

2 Ɛmfa ho sɛnea ɛyɛ nea abu so wɔ faako a obi wɔ sɛ wɔbɛtow pon wɔ awarefo bi ayeforohyia akyi pɛɛ no, Kristofo nni Kyerɛwsɛm mu asɛyɛde biara ase sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa. Awarefo binom pɛ mmom sɛ wɔne wɔn abusuafo anaa nnamfo a wɔbɛn pɛɛ kakraa bi behyiam na ebia wɔne wɔn adidi. Nanso ayeforohyia apontow anaasɛ ase a wɔbɛkɔ nyɛ nea wobetumi aka ho asɛm ankasa sɛ ɛkyerɛ ‘dɔ a wɔdɔ anigyede sen Onyankopɔn,’ efisɛ Yesu ne n’asuafo no kɔɔ apontow a ɛte sɛɛ bi ase wɔ Kana.

3. Ná ayeforohyia apontow yɛ nea wonim no yiye dɛn wɔ Bible mmere no mu?

3 Ayeforohyia yɛ anigye bere ma nnipa a wɔaware foforo no, ne afei wɔn abusuafo ne nnamfo. Ayeforohyia apontow a ɛyɛ anigye ayɛ ade a wɔtaa yɛ fi bere tenten. (Genesis 29:21, 22; Atemmufo 14:3, 10, 17) Esiane sɛ ayeforohyia apontow yɛ ade a na Yudafo no nim yiye nti, Yesu tumi de dii dwuma wɔ bɛ ahorow abiɛsa mu. (Mateo 22:2-14; 25:1-13; Luka 14:7-11) Bible mu nhoma a etwa to no mpo ka sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔahyia wɔn aba Oguammaa no aware anwummeduan no ase.”​—Adiyisɛm 19:9, New World Translation.

4. Ayeforohyia apontow pii yɛ nea wohu sɛ ɛte dɛn?

4 Onyankopɔn tete asomfo​—a Yesu ne n’asuafo no ka ho​—nyaa anigye a ɛkari pɛ wɔ ayeforohyia apontow ahorow ase. Ɛyɛ nea ɛte saa ara wɔ Kristofo mpempem pii a wɔwɔ yɛn bere yi mu no nso fam. Obusuani bi a onnye nni a ɔkɔɔ bi ase wɔ South Africa kae sɛ: “Ná minnim sɛ Adansefo no hyia ayeforo a ɛyɛ anigye saa. Yɛabrɛ wɔ asanom ne nnwom a ano yɛ den yi nyinaa a ɛkɔ so wɔ ayeforohyia ahorow ase nnansa yi no ho.” Kristofo apontow ahorow pii yɛ nea ɛbɛfata nkamfo a ɛte saa ara.

5. Ɔhaw ahorow bɛn na asɔre?

5 Nanso, nhyɛso a efi wiase no mu a ɛpɛ sɛ yɛyɛ “wɔn a wɔdɔ anigyede” no ano yɛ den. Enti Kristofo mpanyimfo bi bɔ amanneɛ sɛ:

“Bebree de [ayeforohyia apontow] hokwan no yɛ nea wɔpɛ. Adwene a wonya ne sɛ, wɔntaa nya hokwan ahorow a ɛte sɛɛ pii, enti wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛsen biara a wobetumi de kanyan wɔn ho, de ma akɔnnɔ ahorow a ano aboa wɔ bere a aka no mu no kwan. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wohu sɛ ɛhɔ ayɛ hoo.”​—Europa.

“Ɛte sɛnea nea ɛwɔ ayeforohyia mu ne ɛho ɔkasa, aduan a wobedi na afei wɔasaw akosi ahemadakye. Ebinom te nka sɛ wobetumi anom nsa pii asen sɛnea wɔnom no wɔ apontow ahorow ase, na mpɛn pii wɔnom nsa pii dodo.”​—Latin Amerika.

“Nea ebia ɛka ayeforohyia apontow ho ne ‘saw a wɔbɛsaw kosi sɛ ade bɛkye.’ Nokwarem, nneɛma ahorow yi bi yɛ wiasefo nneyɛe​—basabasayɛ a asanom pii ne wiasefo asaw ka ho. Pii bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhoahoa wɔn ho denam ntade a ne bo yɛ den a wɔbɛhyɛ ne nsa nnaka pii a wɔbɛtɔ no so.”​—Afrika.

Anidahɔ Ho Hia

6. Dɛn na yebetumi asua wɔ Yudafo apontow ho afi asɛm bi a wɔkae wɔ Kana no mu?

6 Nnipa pii nim sɛ Yesu maa nsu danee nsa wɔ ayeforohyia apontow ase wɔ Kana. Nanso, kae saa asɛm yi: “Na adidiihwɛfo no kaa nsu a adan nsa no hwɛe no . . . [ɔfrɛɛ] ayeforokunu no, na osee no sɛ: Nnipa nyinaa de nsa pa na ebesisi hɔ kan, na sɛ wɔbobow a, ɛno ansa na wɔde nea enye ba.” (Yohane 2:9, 10) Wanka sɛ wɔ saa apontow yi ankasa ase no nnipa a wɔbae no ‘bobowee.’b Nokwarem no, yɛrentumi nnya adwene no sɛ na Yesu bɛpene asabow so na wama ayɛ kɛse denam nsa pii a ɔbɛma aba no so. Nanso na saa onipa yi nim sɛ nsa a wɔnom ma ɛtra so yɛ nea wɔtaa yɛ wɔ Yudafo ayeforohyia apontow ahorow ase.

7. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni susuw ho wɔ nsa a ɔde bɛba ase ho?

7 Wɔ apontow ahorow binom ase no, nnipa a wɔtow pon no amfa nsa a ano yɛ den biara amma ase, efisɛ nsa a wɔnom ma ɛtra so abu so kɛse wɔ saa beae no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensɔ obi a ɔwɔ asanom mu ɔhaw nhwɛ. Anuanom bi a wofi Afrika kae mpo sɛ nsa a wɔmmfa mma ase no ma “wohyia Kristofo ayeforo a ɛho tew.” Na ɛyɛ nokware sɛ ebia ɛbɛyɛ nea eye sɛ wɔremfa nsa a ano yɛ den mma ase wɔ faako a nnipa no wɔ nkate a ano yɛ den tia Kristofo a wɔnom nsa no. (Romafo 14:20, 21) Nanso, nneɛma a wɔbɛma akari pɛ ho hia ara. Bisa wo ho sɛ, So apontow a Yesu kɔɔ ase no yɛ nea na ‘ɛho ntew’ esiane sɛ wɔde nsa baa ase nti anaa? Bible no kasa tia asabow, ɛnyɛ anidahɔ a wɔde nom nsa.​—Mmebusɛm 23:20, 21; 1 Petro 4:3.

8, 9. (a) Sɛ wɔde nsa ba ase a, ɔkwan bɛn so na wobetumi akura anidahɔ mu? (b) Dɛn na ɔpanyin biako kae wɔ ɔhaw no ho?

8 Sɛ awarefo bi pɛ sɛ wɔde nsa ba wɔn apontow ase a, ɛyɛ nea nyansa wom na eye sɛ wobesusuw nneɛma a wɔbɛyɛ wɔ anidahɔ mu ho sɛnea ɛfata. (1 Timoteo 3:2; Mateo 23:25) Sɛ nhwɛso no, wɔ Kana apontow no ase no, ɔkwan bɛn so na wɔsom ahɔho a wɔbae no? Ɛda adi sɛ ɛdenam “asomfo” no so. (Yohane 2:5, 9) Enti ebia awarefo no bɛpaw nnipa bi ma wɔde nsa ama (na ebia wɔahwɛ ato ano hye.) Ɛwom, wɔ Kristofo apontow biara ase no, ɛsɛ sɛ wonya nsa a ano nyɛ den wɔ hɔ ma wɔn a ɛno na ɛsɛ sɛ wɔnom, anaasɛ ebia ɛno na wɔpɛ no.

9 Ɔpanyin bi a ɔwɔ Central America kae sɛ: “Ɔhaw no ne sɛ apontow ahorow no yɛ akɛse dodo, enti ɔkwan biara nni hɔ a wɔbɛfa so ahwɛ wɔn a wɔaba no nyinaa so na amma wɔanyɛ basabasa. Ɛtɔ mmere bi a wiasefo sɛe apontow ahorow no, wɔn ankasa de wɔn nsa a ɛwɔ ntoaa mu ba na wɔyɛ aniwude.” Enti hena na ɔbɛhwɛ wɔn so anaa ɔde akwankyerɛ bɛma? Nnipa baahe na wɔbɛba ase? Dɛn na ɛbɛkɔ so wɔ apontow ahorow a ɛte sɛɛ ase?

Akwankyerɛ Fi Hena Hɔ?

10. Nea Bible no kyerɛ bɛn a yebedi akyi na ebetumi aboa ma yɛahwɛ nnipa a wɔba apontow ahorow ase no so yiye?

10 Wɔ Kana apontow no ase no, na “adidiihwɛfo” wɔ hɔ. (Yohane 2:9) Saa ara na wɔ apontow ahorow ase nnɛ no wobetumi de ahyɛ onua a ne ho akokwaw a ɔfata nsa ma wahwɛ sɛnea nneɛma bɛkɔ so. Esiane sɛ onim nea nnipa a wɔreware foforo no pɛ nti, obetumi de akwankyerɛ ama nnwontofo, asomfo ne afoforo no, anaasɛ obetumi ne awarefo no atu agyina na afei wadi nneɛma ho dwuma. Ebia nea ɛka ho ne wɔn a wobegye ahɔho no a ɔde akwankyerɛ bɛma wɔn. Bere a wɔabom reyɛ adwuma no, wobetumi aboa ahɔho a wɔaba no na ɛbɛma wɔadi nnipa biara a wɔbɛpɛ sɛ wɔsɛe apontow no ho dwuma nso. Ɛdefa sɛnea wɔhwɛ ma nneɛma kɔ so sɛnea ɛfata ho no, hyɛ nea ɛbaa obi a wɔtoo nsa frɛɛ no a ɔdaa animtiaabu kɛse adi wɔ ayeforohyia apontow ase wɔ Yesu bɛ no mu no nsow.​—Mateo 22:11-13.

11. Dɛn na ɛsɛ sɛ wosusuw ho bere a wɔrepaw obi ma waboa awarefo no ma wɔde akwankyerɛ ama wɔ nneɛma ho no?

11 Wɔ wiasefo apontow pii ase no, obi a ɔyɛ asa bi so hwɛfo anaa nnwontofo kuw no panyin na ɔhwɛ dwumadi no so. Ebia na onim nea wɔtaa yɛ na ebetumi aba sɛ ɔwɔ kasa bi a wasua anaa ɔka de yi aserewsɛm. Nanso sɛ wopɛ apontow a ɛne Kristofo nnyinasosɛm ahorow hyia a, so wobɛma wiaseni bi​—a ɔnyɛ wo nua wɔ honhom mu anaa w’abusua muni​—akasa akyerɛ w’ahɔho no anaa wayɛ obi a ɔno na wotie no? So ɛno bɛfata afotu a ese “momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo” no?​—Galatifo 6:10.

12. Dɛn na Bible no ka a ɛkyerɛ nea asodi da no so titiriw wɔ nea ɛkɔ so wɔ apontow ase no ho?

12 Ɛtɔ bere bi a ayeforo anaa ayeforokunu no awofo boa wɔn denam ayeforohyia apontow no ho ka a wotua no so. Enti ebia awofo no bɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ wonya ano wɔ wɔn a wɔbɛto nsa afrɛ wɔn, aduan ne nsa ko a wɔde bɛba ase anaa sɛnea dwumadi no bɛyɛ mu kɛse. Bible no nka nea otuaa Kana apontow no ho ka, nanso ɛka kyerɛ yɛn sɛ bere a asɛm a ɛho hia bi sɔree no “adidiihwɛfo no frɛɛ ayeforokunu no.” (Yohane 2:9) Wɔ ayeforohyia apontow ase no, ayeforokunu no ne abusua foforo a wɔahyehyɛ no ti wɔ Kyerɛwsɛm mu. (Efesofo 5:22) Enti, bere a ɛsɛ sɛ osusuw nea n’ayeforo no pɛ wɔ da titiriw yi mu ne nea wɔn abusuafo nso pɛ ho wɔ ɔdɔ mu no, ɔno na ɛho hia titiriw sɛ ogye nea wɔbɛyɛ ne nea wɔrenyɛ ho asodi to ne ho so.

Hena Na Ɔbɛba Ase?

13. Ná ayeforohyia apontow ahorow no kɛse te dɛn wɔ Bible mmere no mu?

13 Yennim sɛnea na ayeforohyia apontow ahorow no kɛse te wɔ Bible mmere no mu. Simson de n’awofo, nnipa 30 a wɔka n’ayeforo no ho ne ebia nnamfo anaa abusuafo afoforo kaa ho. (Atemmufo 14:5, 10, 11, 18) Ná wɔn a wohyia wɔn ba Yudafo ayeforohyia ase ne mfɛfo asɔrefo a wofi kurow no mu ne afei wɔn a wofi baabi. Yesu Kristo ne n’asuafo a na wofi Galilea baabi no kɔɔ Kana apontow no ase. Nsa dodow a wɔde baa ase no kyerɛ sɛ ebia na nnipa no dɔɔso kakraa.​—Yohane 2:1, 2, 6.

14, 15. Ɔkwan bɛn so na ebinom ayɛ “adiwo” apontow horow ho nhyehyɛe, nanso ɔhaw ahorow bɛn na ebetumi asɔre?

14 Ɛnnɛ, ɛsono amanne ne nneɛma ahorow a nkurɔfo pɛ wɔ pon ko a wɔbɛtow ne ne kɛse ho. Wɔ mmeae binom no ɛyɛ amanne sɛ wobehyiam wɔ adiwo; wɔma mfɛfo Kristofo a wɔyɛ nnipa a wɔreware foforo no nnamfo nyinaa kwan ma wɔba ase. Ebia wɔbɛma wɔn nnɔkɔnnɔkɔwade kakra, a ɛnyɛ adwene no ne sɛ ɛbɛma obiara amee na mmom sɛ wobenya hokwan akyia wɔn na wɔanya fekubɔ a ɛyɛ anigye mu kyɛfa. Wɔ mmeae afoforo wɔ apontow a nnamfo nyinaa tumi ba ase no ase no, nnipa pii de nnuan bi ba​—aduan a wɔannoa, anonne anaa nnɔkɔnnɔkɔwade. Enti wɔn a wɔde biribi ba no nyinaa nya anigye sɛ wɔaboa, na obiara tumi di nnuan ahorow ahorow no bi a ɛnyɛ adesoa wɔ awarefo no anaa obi foforo so.​—Asomafo no Nnwuma 20:35.

15 Wɔ nea yɛkenkan fi Yesu bɛ ahorow no mu no, ɛte sɛnea wɔ Yudafo ayeforohyia ase no mpɛn pii wɔde aduan pii ba. (Mateo 22:2; Luka 14:8) Ampa, sɛ́ wobɛma nnipa a wɔaba nyinaa aduan a ɛdɔɔso sɛnea ɛsɛ wɔ apontow ase nnɛ gye nhyehyɛe pa. Ɛna bi a ɔwɔ North America kaa osuahu a ɛyɛ awerɛhow yi kyerɛe:

‘Bere a wɔtee sɛ wɔrehyia ayeforo no, mmofra a wofi akyirikyiri bae bɛpɛɛ aduan no bi dii kwa a asaw nso ka ho. Bere a wɔn a wotoo nsa frɛɛ wɔn no wɔ Ahenni Asa no so no, afoforo kɔɔ asa a ɛhɔ na wɔatow pon wɔ no so na wɔkɔtratraa apon a ɛwɔ hɔ no ho. Bere a miduu hɔ no na ɛyɛ me sɛ minsu, efisɛ na ɔkwan nni baabiara. Ɛyɛɛ me yaw kɛse wɔ yi a wɔanyi ɔdɔ adi na wɔsɛee ayeforohyia no, dii aduan a nea ɔtow pon no de asi hɔ ama nnamfo ne abusuafo a wɔbɛn no ho.’

16. Dɛn na yebetumi asua afi Bible no mu wɔ wɔn a wɔto nsa frɛ wɔn wɔ ayeforohyia ase no ho?

16 Maria, Yesu ne n’asuafo no ansɛe Kana apontow no; ‘wɔtoo nsa frɛɛ wɔn.’ (Yohane 2:1, 2) Yesu kae sɛ, “Sɛ obi hyia wo ayeforo ase a . . .” (Luka 14:8, 9, 16, 17) Wɔ bɛ a ɛfa ɔhene no ba ayeforohyia ho no mu no. Yesu kaa “wɔn a wɔahyia wɔn” ho asɛm nso. (Mateo 22:3, 9, 10) Bio nso, sɛ obi a wɔato nsa afrɛ no ankyerɛ obu a, wɔka kyerɛ wɔn a wogye ahɔho no ma woyi no adi. Wɔ bɛ foforo mu no, wɔamma mmabaa baanum a wɔpɛe sɛ wɔkɔ ayeforohyia apontow no ase bi no kwan amma wɔankɔ. (Mateo 22:11-13; 25:10-12) Enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa, sɛ apontow bi yɛ nea wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔba ase na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn a wɔasiesie wɔn ho yiye a. Na ɛyɛ nea ntease wom sɛ ɛho nhia sɛ nea watow pon no ayamye no yɛ nea ɛkã nnipa a nea ehia wɔn titiriw ne aduan ne gye a wobegye wɔn ani no.​—Filipifo 3:18, 19; Ɔsɛnkafo 5:11.

17. Asɛnnennen bɛn na asɔre wɔ sɛnea ayeforohyia apontow ahorow kɛse te no ho?

17 Sɛ awarefo bi anaa wɔn abusuafo pɛ sɛ wɔma nnipa pii a wɔaba no aduan a ɛdɔɔso a, ɛno betumi agye sika a ɛdɔɔso. (Fa toto Marko 6:35-37 ho.) Amanneɛbɔ yi fi Pasifik na ɛbae:

“Apontow no betumi ayɛ nea ɛtra so. Ebinom kɔbɔ bosea de tow pon kɛse, na wɔnam saa yɛ so de ka fi aware no ase. Ɛte sɛnea mpɛn pii wɔmpɛ sɛ wɔn ani bewu, enti wɔtow pon a ɛsen nea wobetumi ayɛ.”

Hwɛ awerɛhow a ɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ awarefo nkumaa de ka adesoa a ebetumi asɛe wɔn abusuabɔ no fi aware ase no. Anaa wɔbɛte nka dɛn, bere a wohu sɛ ɛyɛ den ma wɔn abusuafo sɛ wobetua apontow kɛse ho ka kɛse no? Ɛwom, ebia wiasefo begye ayeforohyia ho ka a ɛso ato wɔn ho so esiane ahantan akɔnnɔ a wɔwɔ sɛ wɔbɛsɔ afoforo ani anaa wobenya anuonyam wɔ faako a wɔwɔ no nti. (Mmebusɛm 15:25; Galatifo 6:3) Esiane nea yɛkenkan wɔ Luka 12:29-31 no nti, so ɛsɛ sɛ ɛno ba saa wɔ Kristofo fam?

18, 19. (a) Dɛn nti na ebia ebinom sii gyinae sɛ wɔbɛtow pon kɛse? (b) Sɛ wɔanto nsa amfrɛ yɛn wɔ adamfo bi apontow ase a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade? (Luka 14:12)

18 Adwene a ɛwɔ apontow akɛse no binom akyi ne pɛ a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ nea afoforo ayɛ no bi anaa wɔbɛyɛ ma asen saa. Mpanyimfo a wɔwɔ Afrika Atɔe Fam kae sɛ:

“Ebinom bɔ ka kɛse wɔ apontow no ho. Nea ɔsɛe sika kɛse de tow pon ɛse no na afoforo suasua no. Eyi de ɔhaw ahorow abrɛ wɔn a wonni soronko a wɔbɛyɛ ho akokoduru no. Obi asetra mu nneɛma ho ahohoahoa betumi ato afoforo hintidua na, sɛ́ wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nea afoforo ayɛ no bi yɛ nea ɛho nhia.”​—Hwɛ 1 Yohane 2:15-17.

19 Afoforo atow pon akɛse esiane sɛ wɔmpɛ sɛ nneɛma bɛhaw afoforo nti. Wonya adwene no sɛ, sɛ wɔanto nsa amfrɛ nnipa binom a, ɛbɛhaw saa nnipa yi. Enti, wɔto nsa frɛ nnipa pii sen sɛnea wobetumi. Nanso, wɔ nokwarem no, yɛn mu hena na ɔbɛpɛ sɛ yɛn nnamfonom suro sɛ wɔbɛyɛ ade ma ahaw yɛn ma enti wɔakɔfa ka ato wɔn ho so na ebia amma wɔantumi amfa wɔn ho anhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu? Sɛ wɔanto nsa amfrɛ yɛn a, hwɛ ye a eye sɛ yebenya ahotoso sɛ wɔde ahokokwaw susuw nneɛma nyinaa ho, a sikasɛm ka ho. Ebia to a wɔrento nsa mfrɛ yɛn no bɛkyerɛ mpo sɛ wɔwɔ ahotoso sɛ yɛn ho akokwaw na yɛrempɛ ntɛm mma ɛnhaw yɛn. (Ɔsɛnkafo 7:9; 1 Korintofo 13:4-7) Yebetumi anya wɔn anigye no mu kyɛfa ara denam ayeforohyia ɔkasa a egyina Bible so a ɛyɛ adeyɛ no fã a ɛho hia titiriw no ase a yɛbɛkɔ no so. Sɛ yenya adwene sɛ ɛno ho nhia titiriw te sɛ apontow no a, so na ebia yɛreyɛ “wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn”?​—2 Timoteo 3:4.

20. Obi apontow a ɔremma ɛnyɛ kɛse no betumi ama wakwati nneyɛe bɛn?

20 Anidahɔ a wɔde bedi dwuma wɔ apontow ahorow no kɛse ne sika a ebegye ho no bɛboa nso ma wɔakwati nneyɛe horow a enye. Sɛ nhwɛso no, sika a wɔpɛ sɛ wonya ama ebinom ahyɛ da atɔ ntama atitiriw bi de apam ayeforohyia ntade, na afei wɔka kyerɛ wɔn a wɔba ayeforohyia apontow no ase no sɛ wɔntɔ no aboɔden. Wɔ apontow binom ase no ná ɛsɛ sɛ wɔn a wɔaba no “tɔ” keeki a wɔde ma wɔn no anaasɛ “wotua” ayeforo no a wɔne no bɛsaw ho “ka,” de sika tetare ne ntade mu. Sika so dua a wosi yi betumi ahyɛ wɔn a wɔaba no nso ma wɔatotow sika ama nnwontofo no anaasɛ wɔde akyɛde akɛseakɛse ama sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya baabi pa atra wɔ wɔn a wɔrehyia ayeforo no nkyɛn.​—Luka 14: 8-11.

Boa Wɔn Nyinaa Ma Wonnya Anigye

21. Dwuma bɛn na nnwom di wɔ ayeforohyia apontow mu?

21 Wɔ Makabeefo ɔko ahorow no mu no na wɔma kuw a “wokura sanku ahorow ne nnwontofo” hyia Yudani ayeforohyia kuw a a wɔreba no kwan. (1 Makabeefo 9:39, The Oxford Annotated Bible; fa toto Dwom 45:8 ho.) Ɛnnɛ nso, wɔtaa de nnwom ka ayeforohyia apontow ahorow ho. Ebetumi ama Kristofo anigye a ɛwɔ adeyɛ no mu no ayɛ kɛse​—anaasɛ ebetumi asɛe no. Dɛn nti na nea etwa to no betumi aba saa? Wɔ mmere ahorow bi mu no, nnwom no ayɛ nea ano yɛ den kɛse a anohyeto biara nni mu. Nnwontofo binom pɛ disco nnwom, anaasɛ ebia wɔde mmɔden a wɔbɔ no bɛhoahoa wɔn ho kɛse. Nanso Kristofo apontow ase nyɛ beae a wɔyɛ eyinom. So nnipa a wɔaba no​—mmofra anaa mpanyin​—betumi anya Kristofo fekubɔ mu anigye bere a nnwom no ano yɛ den araa ma nnipa a wɔte ɔpon biako ho ntumi mmɔ nkɔmmɔ no?

22. Ɔkwan bɛn so na wobetumi ama ɔhaw ahorow a ɛfa nnwom ho no ano abrɛ ase?

22 Ɛda adi sɛ nnwom wɔ ayeforohyia apontow ase hia nhyehyɛe pa ne sohwɛ wɔ anidahɔ mu, titiriw nea nnwontofo no ankasa wɔ hɔ reto nnwom no. Ɛyɛ nea eye sɛ woremfa nnwontofo a wɔyɛ wiasefo. Sɛ nnipa a wɔreto nnwom ma wɔatua wɔn ka wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ ayeforokunu no anaa onua a wapaw no no kyerɛkyerɛ nnwom ko a nnwontofo no betumi atow ne nea wɔrentumi ntow no mu. (Exodus 32:6, 17, 18) Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn sɛ wɔrentumi mmɔ nnwom biara a nnipa a wɔaba ase no bebisa bere a ayeforokunu anaa “adidiihwɛfo” no mpenee so. Esiane ɔhaw ahorow a ɛtaa ba wɔ nnwontofo ankasa a wɔkɔfa wɔn ma wɔbɛto nnwom ne nnwom no ano den ho nti, awarefo pii paw sɛ wɔde nnwom a wɔatwa agu mpaawa so anaa wɔakyere agu hama so a nea wɔpɛ no na ɛwɔ so bedi dwuma. Wɔma obi a wanyin a ɛyɛ den sɛ nea aba so wɔ mmerante ne mmabaa a wonnyinii mu no bɛtwetwe no bɔ nnwom ahorow yi.​—1 Korintofo 13:11; Hebrifo 5:14.

23-25. Nneɛma afoforo a eye bɛn na nnipa a wɔreware foforo betumi ayɛ na ama aguabɔ no ayɛ Kristofo de a ɛyɛ anigye?

23 Kristofo a wɔaware foforo bɛpɛ sɛ wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no tumi de anigye kae apontow no. Enti sɛ ɛyɛ nea nnwom ne/anaa asaw wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ ɛne Kristofo nnyinasosɛm ahorow hyia. Sɛ wɔbɛka akyerɛ nnipa bi ma wɔabɛkasa kakra a, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpaw wɔn no ne nea wɔka fata Kristofo aguabɔ a nidi wom.

24 Wɔ mmabaa du ho bɛ no mu no, apontow no fii ase “ɔdasu mu” efisɛ ayeforohyia kuw no kyɛe. (Mateo 25:5, 6) Wɔ bere foforo mu no, nea Yesu ka faa ɔhene a ɔtow pon na ne nkoa too nsa frɛɛ nnipa a wɔwɔ akwan so ho no kyerɛ sɛ wɔtow pon no awia. (Mateo 22:4, 9) Ɛnnɛ apontow ahorow binom kɔ so araa kodu ɔdasu mu na ɛba bɛyɛ nea wontumi nni so bere a Kristofo a wɔanyinyin no kɔ fie kɔda gye wɔn ahome sɛnea ɛsɛ no. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakwati eyi no, awarefo a wɔyɛ ade ma ɛkari pɛ pii yɛ bere a wɔn apontow no befi ase ne bere a ɛbɛba awiei ho nhyehyɛe. Saa kwan yi so no wɔn nyinaa betumi ayɛ wɔn nhyehyɛe ahorow a Kristofo dwumadi a ɛfata ka ho ama da a edi hɔ wɔ apontow a ɛyɛ anigye akyi.

25 Ayeforohyia apontow betumi ayɛ Kristofo anigye bere kɛse a eye na ɛkari pɛ. Nanso afã bɛn na ɛwɔ wɔ nea edi akyi ba​—awarefo asetra sɛ nokware Kristofo​—no mu?

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔ nsase binom so no, bere a wɔawie ayeforohyia no, wɔn a wɔaba ase no nyinaa betumi akɔ apontow a wɔma wɔn nsa a ano nyɛ den anaa kɔfe ne nnɔkɔnnɔkɔwade no ase bi. Akyiri yi nnipa a wɔaware foforo no, wɔn abusua ne nnamfo binom di ayeforohyia aduan wɔ fie anaa adidibea bi. Mmeae afoforo no, apontow no yɛ ayeforohyia akyi aguabɔ​—sɛ́ ɛyɛ nnɔkɔnnɔkɔwade anaa aduan ankasa.

b Efi Hela asɛmfua methusko no mu a ɛkyerɛ “bow a wɔbow.” Nsɛm mu nkyerɛkyerɛmufo binom ka sɛ asɛmfua no kyerɛ nom a wɔnom no sɛnea ɛsɛ anaa ɛma wonya anigye. Kyerɛw nsɛm afoforo nyɛ adwene yi nsɛmmoa.​—Mateo 24:49; Luka 12: 45; Asomafo no Nnwuma 2:15; Efesofo 5:18; 1 Tesalonikafo 5:7.

Wɔ Nea Yɛasua No Mu No, So Wokae?

□ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo susuw apontow ahorow ho?

□ Dɛn ne nea eye wɔ nsa a wɔde ba ayeforohyia apontow ase ho?

□ Hena na nea wɔyɛ wɔ apontow ase no ho asodi da no so?

[Kratafa 24 mfoni]

Adidiihwɛfo no huu ayeforokunu no wɔ nsa no ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena