“Koma” No Wɔ Onyankopɔn Asɛm Bible No Mu
AKYINNYE biara nni ho sɛ wɔde adwene asi onipa koma no so, asusuw ho kɛse sen nipadua no akwaa foforo biara a aka. Wɔatwe adwene asi so kɛse wɔ anwensɛm ne nsɛm ankasa a wɔka mu. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔka koma no ho asɛm kɛse wɔ Onyankopɔn nsɛm no mu. Nokwarem no, wɔka ho asɛm wom bɛyɛ mpɛn apem wɔ ɔkwan biako anaa foforo so. Ɛnde ɛsɛ sɛ yɛte asɛmfua “koma” no ase dɛn?
Wɔ Bible mu no wɔtaa de asɛmfua bi di dwuma wɔ akwan horow pii so a ekura ntease ahorow. Sɛ nhwɛso no, ma yɛnhwɛ sɛnea Bible no de nsɛmfua “ɔsoro” ne “honhom” no di dwuma. Ɛtɔ bere bi a wɔde “ɔsoro” gyina hɔ ma ntrɛwmu, ahunmu, wim, faako a nnomaa tu nenam no. (Genesis 1:26) Amansan a aniwa hu yi nyinaa a nsoromma a wohu ne nea wonhu ka ho no yɛ nea ɛtɔ bere bi a wɔfrɛ no ɔsoro. (Dwom 19:1) Wɔ 2 Petro 3:7 no, ɛte sɛ nea nea ɛwɔ hɔ no kyerɛ amammui ɔsoro. Nanso, ɛtɔ bere bi a “ɔsoro” no kyerɛ faako a Yehowa ahyehyɛde a honhom abɔde na wɔwom wɔ no ankasa. (Adiyisɛm 12:12) Ebetumi ayɛ nea ɛkyerɛ ɔsoro Ahenni no nso, sɛnea ɛte wɔ 2 Petro 3:13 no.
Saa ara na ɛte wɔ asɛmfua “honhom” no ho. Ɛtɔ bere bi a wɔka Yehowa Nyankopɔn, Yesu Kristo ne abɔfo no ho asɛm sɛ ahonhom. (Yohane 4:24; 1 Korintofo 15:45; Hebrifo 1:13, 14) Wɔfrɛ nkwa tumi a ɛwɔ abɔde ateasefo nyinaa mu no nso sɛ “honhom.” (Ɔsɛnkafo 12:7) Ɛtɔ bere bi a wɔfrɛ tumi a ɛkanyan obi wɔ ne mu no “honhom” sɛnea ɛte wɔ Mmebusɛm 25:28 no. Na, mpɛn pii wɔka Yehowa Nyankopɔn adeyɛ tumi no ho asɛm sɛ “honhom” anaa “honhom kronkron.”—Genesis 1:2; Sakaria 4:6; Marko 13:11.
Ɛnde “koma” no nso ɛ? Wɔ Exodus 28:30 no Hebri asɛmfua ma “koma” no kyerɛ akwaa no ankasa. Ɛha no Yehowa Nyankopɔn hyɛe sɛ wɔmfa atemmu adɛbo no nto Aaron koma so. Ná ɛno yɛ onipa koma no ankasa. Na ɛda adi sɛ asɛm a ɛwɔ Dwom 45:5 no ntease ara ne nea ɛwɔ hɔ no a ɛkenkan sɛ: “W’agyan ano yɛ nnam . . . ɛwɔ ɔhene atamfo komam.”
Afei nso wɔde koma di dwuma de kyerɛ biribi mu anaa ne mfinimfini. Wɔ Hesekiel 27:25-27, NW no, yehu asɛm “wɔ po bun no komam” no mprɛnsa a akyinnye biara nni ho sɛ ɛkyerɛ po no mfinimfini pɛɛ. Saa ara na Yesu ka too hɔ sɛ obedi asase “komam” nnansa awia ne anadwo.—Mateo 12:40.
Wɔde koma no bata yɛn anigye ne awerɛhow nkate ahorow nso ho. Yɛkenkan wɔ 1 Ahene 8:66 sɛ, bere a wobuee Salomo asɔrefi no ano no ‘Israel nyinaa de papa a [Yehowa] ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel nyinaa ho anigye ne koma pa sii mu kokɔɔ wɔn afi mu.’ Wɔ Nehemia 2:2 no yehu sɛ ɔhene Artasasta rebisa Nehemia nea enti a n’anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ bere a ɔnyare no. Ɔkae sɛ, “Eyi nyɛ hwee sɛ koma mu awerɛhow.”
Wɔde koma no bata yɛn suban anaa yɛn nneyɛe ho, sɛ́ ɛyɛ ahomaso, ahantan, anaa ahobrɛase ne odwo. Mmebusɛm 16:5 se, “koma mu kwasiarefo nyinaa yɛ [Yehowa] akyide.” Wɔ ɔkwan foforo so no, Yesu kae wɔ Mateo 11:29 sɛ: “Midwo na mebrɛ me ho ase koma mu.”
Abrabɔ mu su horow—papayɛ, ade a ɛteɛ, bɔneyɛ ne nsɛmmɔnedi—yɛ nea wɔkyerɛ sɛ ɛwɔ koma no mu. Sɛ nhwɛso no, yɛkenkan wɔ Israelfo no ho wɔ Yeremia 7:24 sɛ, “wɔfaa wɔn ankasa kwan so, dii wɔn koma bɔne denyɛ akyi.” Yesu kyerɛ wɔ Mateo 12:34, 35 sɛ wobetumi ahu nneɛma pa ne nneɛma bɔne nyinaa bi wɔ koma no mu.
Gyidi nso fa koma no ho, efisɛ Paulo ka kyerɛ yɛn wɔ Romafo 10:10 sɛ: “Koma na wɔde gye di kɔ trenee mu, na ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagye mu.”
Koma no na ɛkanyan obi. Exodus 35:21 kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔn a na wɔreyi ntoboa wɔ ntamadan no ho no ‘bae, obiara a ne koma kanyan no.’ Sɛnea Hebrifo 4:12, 13 kyerɛ no, Yehowa asɛm te sɛ nkrante a ano yɛ nnam a etumi di dwuma sɛ “koma nsusuwii ne adwene temmufo.” Yiw, koma no na ɛkanyan obi ma ɔyɛ ade, na enya adwene no so nkɛntɛnso pa anaa nkɛntɛnso bɔne. Nhwɛso a ɛfa sɛnea koma no kanyan Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔyɛɛ ade nyansam ho no yɛ nea wohu wɔ Exodus 31:6, a ɛkenkan sɛ: “Nnipa a wɔwɔ nyansa koma nyinaa, mede nyansa mahyɛ wɔn komam na wɔnyɛ nea mahyɛ wo yi nyinaa.”
Nanso nea ɛsen ne nyinaa no, wɔde ɔdɔ ne ɔtan nkate ahorow bata koma no ho. Wɔhyɛɛ Israelfo no sɛ: “Ntan wo nua wo koma mu.” (Leviticus 19:17) Yɛkenkan nso sɛ Misrifo no koma tan Israelfo no. (Dwom 105:25) Wɔ ɔkwan foforo so no, Paulo ka kyerɛ yɛn sɛ: “Afotusɛm no botae ne ɔdɔ a efi koma kronn . . . mu.” (1 Timoteo 1:5) Na Petro tu yɛn fo sɛ: “Montew mo kra ho, nokware tie mu . . . mumfi koma mu nnodɔ mo ho mo ho dennen.”—1 Petro 1:22.
Kyerɛwnsɛm no ka nsɛm a ɛsom bo a wɔde sie koma mu nso ho asɛm. Enti yɛkenkan wɔ Luka 2:51 sɛ Maria, Yesu, ne na, “de nsɛm yi nyinaa [a ɛfa Yesu ho no] siee ne komam.”
Hwɛ akwan horow a ɛyɛ nwonwa a koma no fa so di dwuma ne nneɛma ahorow a wɔkyerɛ sɛ etumi yɛ! So eyinom nyinaa te koma no mu ankasa? Ɛyɛ den sɛ ebetumi aba saa. Eyi da adi denam kasa horow a ɛkyerɛ nsonsonoe kɛse a ɛda koma no ankasa ne sɛnkyerɛnne kwan so koma no ntam no so. Sɛ nhwɛso no, China ne Japanfo de nkyerɛwde abien di dwuma a ɛkyerɛ “koma-akwaa” ma koma no ankasa. Nanso bere a ɛreka su horow a efi koma no mu ba ho asɛm no, nkyerɛwde abien yi mu nea edi kan no nkutoo na wɔde di dwuma na wɔyɛ nneɛma afoforo ka ho na ɛbɛyɛ nkyerɛwde hwanyann bi fã wɔ nsɛmfua te sɛ ɔdɔ, ɔtan, nsusuwii ne boasetɔ mu. (Hwɛ adaka a ɛka ho no mu.) Enti wɔma wohu nsonsonoe a ɛda akwaa no ankasa ne obi nkate mu su ahorow ntam no, ɛwom sɛ abusuabɔ a ɛwɔ abien no ntam no da so ara wɔ hɔ de.
Ɛyɛ anigye nso sɛ wubehu sɛnea wɔka nipadua no nkwaa afoforo ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Yehu sɛ wɔka asaabo ankasa ho asɛm bɛyɛ mpɛn 20 wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu a emu pii wɔ Mose nhoma anum no mu. Yɛkenkan “asaabo abien no ne ɛso srade” ho asɛm mpɛn pii a ɛfa mmoa afɔre ahorow a na wɔhwehwɛ wɔ Mmara no ase no ho. (Exodus 29:13, 22; Leviticus 3:4, 10, 15; 4:9; 7:4) Akyinnye biara nni ho sɛ eyi fa asaabo ankasa no ho. Na akyinnye biara nni ho nso sɛ na odwontofo Dawid reka asaabo ankasa no ho asɛm bere a ɔkyerɛwee sɛ, “Wo na wobɔɔ m’asaabo, wonwenee me, me na yam” no.—Dwom 139:13.
Nanso, so na odiyifo Yeremia reka asaabo ankasa no ho asɛm bere a ɔkae wɔ Yeremia 11:20 sɛ Yehowa ‘sɔ asaabo ne koma hwɛ’ no? Bio nso so na ebetumi ayɛ nea Dawid reka asaabo ankasa no ho asɛm bere a ɔkae sɛ, “Anadwo m’asaabo tu me fo” no? (Dwom 16:7) Ampa yɛn asaabo ankasa yi rentumi ntu yɛn fo. Dɛn ho asɛm na na ɔreka? So Yeremia 12:2 mma asɛm no mu nna hɔ kakra? Ɛkenkan sɛ: “Wotɛw wɔn, na wogye ntini; wonyinyin na wɔsosow aba nso; wobɛn wɔn ano, na wo ne wɔn asaabo ntam pan.” So “asaabo” a ɛwɔ ha no nkyerɛ obi nkate horow a emu dɔ? Ɛte sɛ nea kyerɛwsɛm yi ne Yesaia 29:13 nso hyia, nea Yesu fa kaa asɛm a wɔakyerɛw wɔ Mateo 15:7, 8 no: “Nyaatwomfo! Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ: Ɔman yi de wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri.” Akyinnye biara nni ho sɛ na Yesu reka nnipa ko a wɔyɛ wɔ wɔn mu ankasa ho asɛm.
Nhwɛso foforo a yebetumi de ama ne Hela asɛmfua ma nsono anaa ayamde a ɛne splagʹkhna no. Wɔde di dwuma a ɛnyɛ sɛnkyerɛnne kwan so wɔ Asomafo no Nnwuma 1:18, faako a yɛkenkan wɔ Yuda ho sɛ: “Oyi na ɔde nea ɛnteɛ akatua nyaa asase, na ɔhyɛɛ akɔmfo no, ne mu paee, na n’ayamde nyinaa tu gui.” Na ɛwom sɛ asɛmfua yi pue mpɛn 11 wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu de, nanso eyi mu nkutoo na ɛka ayamde anaa nsono ankasa no ho asɛm. Wɔkyerɛ ase sɛ “mmɔborohunu” wɔ Luka 1:78 ne “ayamhyehye” wɔ 2 Korintofo 6:12; 7:15; Filipifo 2:1; Kolosefo 3:12 ne Filemon 1:7. Wɔ Genesis 43:30 ne 1 Ahene 3:26 no, wɔkyerɛ ra·chamimʹ a ɛyɛ Hebri asɛmfua a ɛne no hyia no ase sɛ “nsono” wɔ Authorized Version no mu, ɛwom sɛ na “nkate a ɛwɔ ne mu” ho asɛm ankasa na ɛreka sɛnea New World Translation ka no no de.
Saa ara na ɛte wɔ Hebri ne Hela nsɛmfua a wɔkyerɛ ase wɔ yɛn Bible ahorow mu sɛ “koma” no ho. Mmere kakraa bi wɔ hɔ a wɔka koma ankasa no ho asɛm, sɛ nhwɛso no wɔ Exodus 28:30 ne Dwom 45:5. Nanso, wɔ nea ɛrekɔ bɛyɛ mpɛn apem a wɔka “koma” ho asɛm wɔ Bible mu no mu no, ɛda adi sɛ wɔde “koma” di dwuma sɛnkyerɛnne kwan so. Eyi nkyerɛ sɛ koma ankasa no ne sɛnkyerɛnne kwan so de no nni abusuabɔ biara. Wɔwɔ abusuabɔ. Sɛ nhwɛso no, obi nkate a ɛyɛ basaa betumi apira koma ankasa no na ama ayare na ɛde owu mpo aba. Nanso ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ wohu nsonsonoe a ɛda koma a ɛyɛ akwaa no ne sɛnkyerɛnne kwan so koma no ntam. Sɛnea W. E. Vine kyerɛ no, “Wɔde koma no di dwuma sɛnkyerɛnne kwan so ma obi asetra mu nneyɛe a ahintaw.”—An Expository Dictionary of New Testament Words, Po II, nkratafa 206-7.
Wɔ nea yɛaka no nyinaa mu no, ɛda adi sɛ Hebri ne Hela nsɛmfua ma “koma” no yɛ nea Bible akyerɛwfo de adi dwuma de aka nkate ne abrabɔ mu su horow a ɛbom yɛ onipa a woyɛ wɔ wo mu no ho asɛm. Ɛda adi sɛ bere a ɛbɔ yɛn kɔkɔ wɔ hia a ɛho hia sɛ yɛbɛhwɛ yiye wɔ nneɛma a yɛhwehwɛ, nea yɛn kɔn dɔ ne nea ɛkanyan yɛn mu no, na Onyankopɔn Asɛm no reboa yɛn ma yɛde ‘koma mũ asom no.’ Ɛresiesie yɛn ama adwuma pa biara adwuma. (1 Beresosɛm 28:9; 2 Timoteo 3:17) Afotu pa ahorow a ɛfa eyi ho wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu.
[Kratafa 7 adaka]
“Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na emuɔ, hena na obenya mu ahuye? Me, [Yehowa,] na mehwehwɛ koma mu, mesɔ asaabo mehwɛ, na mɛma obiara sɛ n’akwan te, sɛ ne nsenii aba no te.”—Yeremia 17:9, 10
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 6]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
Chinafo nkyerɛwde ahorow a ɛfa koma no ho
[Artwork—Chinese character] koma, ɛtaa yɛ sɛnkyerɛnne kwan so
[Artwork—Chinese character] koma, akwaa ankasa
Hyɛ sɛnea nkyerɛwde titiriw no pue wɔ su a wɔde bata koma ho mu:
[Artwork—Chinese character] ɔdɔ
[Artwork—Chinese character] ɔtan
[Artwork—Chinese character] fafiri
[Artwork—Chinese character] awerɛhowdi
[Artwork—Chinese character] ɔhaw
[Artwork—Chinese character] nsusuwii
[Artwork—Chinese character] abufuw
[Artwork—Chinese character] boasetɔ
[Kratafa 5 mfoni]
Wɔde koma no bata onipa nkate, su, gyidi ne nneɛma a ɛkanyan no ho