Ma Yosua Mmoa Wo Na Som Yehowa Akokoduru So!
“MO HO behia mo wi yi ase de, nanso munnya akokoduru! Me na madi wiase so nkonim.” Ebia wubehu sɛ ɔbarima bi a na wɔfrɛ no Yesu no na ɔkaa saa asɛm no. Nanso, sɛ woka Hebri kasa a, ebia edin Yosua no bɛba w’adwene mu, efisɛ Helafo bɔ Hebrifo din Yosua no Yesu.—Yohane 16:33, New World Translation.
Nea ɛfata no, sɛ́ wobenya akokoduru yɛ asɛm titiriw wɔ Bible mu nhoma a Yosua, Nun ba, a odii Yesu anim kyerɛwee no mu nso. Nanso ebia wubebisa sɛ, ɔkwan bɛn so na yɛn sɛ ankorankoro no betumi anya mfaso afi Yosua nhoma no mu? Wiɛ, ma yɛmfa adwene a ɛne sɛ wobenya akokoduru yi mfi ase.
Ɔbarima A Ɔwɔ Akokoduru
Bere a Mose bɛnee ne nkwa asetra awiei no, Yehowa paw Yosua a na ɛda adi sɛ ɔnyɛ aberante a onni osuahu anaa wɔnsɔɔ no nhwɛe no sɛ obi a obedi n’ade. Wɔwoo Yosua sɛ akoa wɔ Misraim, nanso bere a wofii Misraim no ɔdaa ne ho adi sɛ ɔkannifo a ɔyɛ den wɔ Amalekfo mpasua a wɔka gui no mu. (Exodus 17:8-16) Yosua sii n’akokoduru ne gyidi no so dua bere a ɔne Kaleb nkutoo na wɔde akokoduru bɛbɔɔ amanneɛ wɔ mmarima 12 a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔsrasra Kanaan asase no so no mu sɛ ɛdenam Yehowa mmoa so no wobetumi atu Kanaanfo a wɔn bra asɛe no na wɔafa Bɔhyɛ Asase no.—Numeri 13:1-14:9.
Esiane sɛ wɔamma Mose ankɔ Bɔhyɛ Asase no so nti, ɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Yɛ den na yɛ nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a [Yehowa] kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, na wo na wobɛkyɛ ama wɔn.”—Deuteronomium 31:7, 23.
Afei wubetumi ahu nea enti a yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebesua sɛnea na Yosua wɔ akokoduru no ne sɛnea yɛn nso yebetumi ayɛ saa afi ne nhoma no mu. Nokwarem no, nea ɛboro mpɛn dodow a nsɛmfua “yɛ den” ne “yɛ nnam” no bom pue wɔ Bible nkyekyem bi mu no fã yɛ nea ɛwɔ Yosua nhoma no mu anaasɛ nsɛm a ɛfa ne ho mu. Sɛ nhwɛso no, bere a yefi ase kenkan saa nhoma yi no yehu Yehowa afotu a ɔde maa Yosua no, sɛ: “Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfi ho nkɔ nifa anaa benkum, na nea wobɛkɔ nyinaa woadi yiye.” (Yosua 1:7) Ma yɛnhyɛ mmere horow a Yosua daa no adi sɛ ɔwɔ gyidi a ɛyɛ den wɔ ne mu na ɔyɛ nnam wɔ nneyɛe mu no bi nsow. Ɛno na afei yebetumi ahu nea yɛn mu biara betumi asua afi eyi mu.
Gyidi Ne Nneyɛe A Akokoduru Wom
Bere a Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ ‘ɔnyɛ den na ɔnyɛ nnam pa’ no akyi pɛ na ofii ase siesiee ne ho sɛ obedi Israel anim atwa Yordan akɔ Kanaan asase no so. Yosua, de akwankyerɛ mae sɛ: “Munsiesie akwansoduan nsie, na ɛha yi nnansa morebetwa Yordan yi akɔfa asase a [Yehowa] mo Nyankopɔn de rema mo sɛ munni so no.” (Yosua 1:11) Enti gyidi a akokoduru wom amma Yosua ante nka sɛ wobetumi atra hɔ atwɛn ma Yehowa ayɛ biribiara. Ná mmɔden a wɔn ankasa bɛbɔ ho hia. Saa ara na yehia gyidi ne akokoduru na yɛde adi Yesu afotu a ese yennya ahotoso sɛ Onyankopɔn bɛboa yɛn ma yɛanya aduan ne nea yɛde bɛkata yɛn ho a ɛsɛ no akyi. Nanso mmoa a ɛte sɛɛ ho bɔhyɛ yi nkyerɛ sɛ yebetumi atra hɔ a yɛnnyɛ biribiara mfa mmoa yɛn ho.—Mateo 6:25-33.
Nea na ɛhaw Yosua saa bere no ne twa a wɔrebetwa Yordan Asubɔnten no wɔ osutɔ bere a nsu no ayiri na ɛyɛ hu kɛse sɛ wobetwa mu no. Yosua anyɛ n’adwene sɛ, ‘Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛtwɛn akosi ahuhuru bere mu a nsu no atwetwe kakra no.’ Onyankopɔn kae sɛ wɔnyɛ ade, na Yosua yɛɛ saa akokoduru so. So wuhu asuade bi wɔ ha? Sɛ bere du sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi a ɛfa nokware som ho a, ɛho hia sɛ yɛyɛ ade akokoduru so sen sɛ yɛbɛtwentwɛn yɛn nan ase akosi sɛ nneɛma bɛyɛ te sɛ nea eye anaa ahotɔ wom ansa. Yiw, yɛ ade te sɛ nea Yosua yɛe no.—Ɔsɛnkafo 11:4; Yakobo 4:13, 14.
Ɔrekyerɛ sɛ Ɔka Yosua ho no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔmma asɔfo no nsoa apam adaka no nkɔ nsu a ayiri no mu. Bere a wosii nsu no mu no, emu paee. Afei ɔman no tumi twaa asu no te sɛ nea wɔnam asase kesee so. Sɛ́ anka ɔde ho anuonyam bi bɛma n’ankasa ho no, Yosua dii Yehowa akwankyerɛ akyi na ɔde nkae abo a wɔtase fii nsu no mu no sisii hɔ wɔ Gilgal (asu no kɔn so wɔ atɔe fam) . Ná ɛyɛ nea ebesi so dua akyerɛ wɔn sɛ ‘[Yehowa] nsa yɛ den, na wɔasuro no nna nyinaa.’ (Yosua 3:5-4:24) Ɛwom sɛ yɛrentumi nhu saa nkae dum no ankasa de, nanso ɛsɛ sɛ nea Yehowa nam Yosua so yɛe no ma yenya ahotoso sɛ Onyankopɔn tumi yɛ ade ma ne nkurɔfo. Nea na saa nkae dum no kyerɛ no bɛyɛ nea ntease wom ama Israelfo a na Kanaanfo kurow Yeriko a wɔato afasu atwa ho ahyia wɔ wɔn anim no.
So Yosua, ɔsahene a ɔwɔ akokoduru no bedi Israelfo anim ma wɔasɔre ahyɛ kurow a wɔato afasu atwa ho ahyia yi? Ebia woahu sɛ Yosua dii Onyankopɔn akwankyerɛ akyi mmom. De yɛɛ dɛn? De maa n’asraafo no de kommyɛ twaa kurow no ho hyiae da koro biara a asɔfo no di wɔn akyi na ebinom bɔɔ osebɔ ntorobɛnto a ebinom nso so Adaka no. Ɛda a ɛto so ason no wotwaa kurow no ho hyiae mpɛn ason na “ɔman no bɔɔ ose na wɔhyɛn ntorobɛnto no. . . . Na [Yeriko] ɔfasu no hwee fam.” Ɛno maa Yosua mmarima no nyaa kwan kɔɔ mu na wɔsɛee kurow no. Yiw, nkonimdi ankasa.—Yosua 6:20.
Ɔyɛ Den, Nanso N’ani Da Hɔ
Yebetumi ahu Yosua akokoduru no ho asɛm foforo wɔ nsɛm abien a esisii wɔ ɛno akyi no mu. Nea edi kan no fa kurow a ɛbɛn a wɔfrɛ no Ai no ho. Bere a Israelfo sɔre baa kurow no so no, wodii nkogu. Dɛn ntia? Efisɛ nea na ɛne Onyankopɔn ahyɛde bɔ abira no, na Akan afa asade bi afi Yeriko. Ebia nnipa binom bɛka sɛ n’adeyɛ no nyɛ hwee, efisɛ nneɛma a ɔfae no yɛ nea na ɛho hia na na ɛte sɛ nea saa a ɔbɛyɛ no nyɛ nea ɛbɛhaw obi. Ebia woate sɛ nkurɔfo ka nsɛm a ɛte saa ara wɔ nneɛma nketenkete a wowia fi adwumawura hɔ anaa bɔneyɛ “nketenkete” afoforo ho. Dɛn na Yosua yɛe wɔ ho?
Ɛdenam ɔsoro mmoa so no Yosua huu nea ɔyɛɛ bɔne no na ɔmaa bɔne no daa adi denam kyerɛ a ɔkyerɛɛ faako a nneɛma a wawia no hyɛ no so. Hwɛ sɛnea ebia ɛyɛ nneɛma a ɛnsom bo ahe biara! Nanso Yosua maa nea ehia wɔ asɛm no mu no daa adi, na ɔka kyerɛɛ Akan sɛ: “Ɛdɛn na woahaw yɛn yi? [Yehowa] bɛhaw wo nnɛ da yi.” (Yosua 7:25) Esiane yɛ a na Yosua yɛ den wɔ ade trenee yɛ ho nti, ɔma wokum ɔdebɔneyɛfo no na ebuee kwan ma wodii Ai so nkonim. Bere a ɔkwan a Yosua faa so dii Akan asɛm no ho dwuma wɔ yɛn adwene mu no, yebetumi abisa sɛ, ‘So meyɛ den saa ara bere a mfɛfo a wɔwɔ adwuma anaa sukuu mu ma nneyɛe a mmara mma ho kwan anaa abrabɔ bɔne yɛ te sɛ nea ɛnyɛ hwee no?’
Afei susuw asɛm a ɛto so abien a ɛfa Kanaanfo a na wɔwɔ Gibeon ho no ho. Bere a wɔtee nkonim a Yosua dii wɔ Yeriko ne Ai so nɔ, wofi anifere mu somaa mmarima a wɔayɛ wɔn ho te sɛ akwantufo a wofi akyirikyiri asase bi so a wɔpɛ sɛ wɔne Israel yɛ asomdwoe apam, na wɔne wɔn yɛɛ apam nso. Afei ɛbɛdaa adi sɛ mmarima no fi Gibeon kurow a ɛbɛn no mu na Israelfo no pii fii ase nwiinwii wɔ sɛnea wodii asɛm no ho dwuma no ho. So na Yosua bo befuw wɔ anifere kwan a wɔfaa so no ho na wahyɛ sɛ wɔnsɛe Gibeon?
Ná wɔayɛ apam, na Yosua dii so. Ɔkyerɛe sɛ efi saa bere no rekɔ no wɔmma Gibeonfo no nyɛ nnuatwafo ne nsusawfo mma Onyankopɔn fi. Gibeonfo no penee so sɛ wobedi nhyehyɛe yi so, na ankyɛ na nsɛm a esisii no daa no adi sɛ Yosua nso bedi ne de no so. Ɔkwan bɛn so? Ɛne sɛ, Kanaanfo ahene baanum a wofi mpɔtam hɔ ka boom na wɔsɔre hyɛɛ Gibeon. Yosua yɛɛ ade ntɛm ara, na bere a wɔanantew anadwo nyinaa no, wɔtow hyɛɛ ahene a wɔaka abom no so. Yehowa boae denam amparuwbo a ɔma ɛtɔ guu Kanaanfo asraafo no so ne afei anwonwa kwan so a ɔnam maa awia gyinae da koro sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo betumi adi wɔn so nkonim koraa no so. Bere a yɛkae Gibeonfo no, sɛ yɛpene nhyehyɛe bi so anaa yɛhyɛ biribi ho bɔ a ɛne Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow mmɔ abira a, so yɛbɛyɛ den wɔ akokoduru mu te sɛ Yosua? So yedi yɛn asɛm so, sɛ ɛyɛ nea ɛyɛ den anaa ɛbɛma yɛn ho akyere yɛn mpo a?—Dwom 15:4.
Saa ara na wɔ ɔko a yɛaka ho asɛm mprempren ara no akyi ne bere a wɔrebekum ahene baanum a wɔyɛ atamfo no mu no, Yosua ka kyerɛɛ ne nkurɔfo no sɛ: “Munnsuro, na mo bo nntu, mo ho nyɛ den na monyɛ nnam. Na saa ara na [Yehowa] bɛyɛ mo atamfo a mo ne wɔn ko no nyinaa.” (Yosua 10:25) Sɛ́ wɔbɛyɛ den na wɔanya akokoduru no bɛboa Israelfo no bere a nea edi kan no, wɔkɔ wɔn anim wɔ kesee fam wɔ nkonimdi a Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ no mu na afei wɔkɔ kusuu fam faako a Hasor hene nso ne afoforo ka boom tiaa Israel wɔ nkogudi mu no. Ɛwom sɛ na wɔnkɔɔ anim kɛse te sɛ Kanaanfo a na wɔwɔ nkurow a wɔato afasu atwa ho ahyia ne nteaseɛnam de, nanso Israelfo no de akokoduru dii Yehowa apɛde akyi.
Asuade Afoforo Fi Yosua Hɔ
Nea yɛahyɛ no nsow titiriw wɔ Yosua nhoma no mu ne asuade ahorow a ɛfa n’akokoduru ho no. Nanso bere a wokenkan ne nhoma no wubenya asuade afoforo nso a eye wom.
Sɛ nhwɛso no, mmea pii ani agye Rahab a ɔbɔɔ Israelfo baanu a wɔbɛhwehwɛɛ Yeriko no ho ban no su no ho. Kanaanfo a wɔtee nneɛma akɛse a Onyankopɔn reyɛ ama Israel no mu pii siesiee wɔn ho na wɔsɔre tiaa Israel denneennen. Ná Rahab nte saa. Ná ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛsɔre atia n’ankasa ne nkurɔfo na ɔde ne nkwa ato asiane mu sɛnea ɛbɛyɛ a obenya Yehowa dɔ ne n’ayamye. Ɔyɛɛ nea obetumi nso de boaa n’abusuafo ma wohuu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na wɔabɔ wɔn nkwa ho ban. Yebetumi de saa asɛm no adi dwuma de aboa mmea nnɛ ma wɔahu di a ɛsɛ sɛ wɔde nokware som di nkitahodi a wɔne afipamfo anaa wɔn man wɔ mpo anim no.—Yosua 2:8-14.
Wubenya asuade pa wɔ Yosua ho a ɛfa bu a ommu afoforo nkate ahorow ho atɛn a ɛnteɛ no mu. Ná ɛfa bere a wodii Kanaan fã kɛse no ara so, bere a Yosua kyekyɛɛ asase no mu sɛnea mmusuakuw no agyapade te akyi no ho. Ná mmarima a wofi mmusuakuw abien ne fã mu resan akɔ wɔn asasesin mu wɔ Yordan apuei fam. Bere a wɔreyɛ saa no, wosii afɔremuka. Mmusuakuw a aka no nyaa adwene bi—adwene a ɛnteɛ—wɔ nea saa afɔremuka no kyerɛ ho. Anka ɛreyɛ adan akodi wɔ mmusuakuw no ntam. Bere a wokenkan asɛm no wɔ Yosua ti 22 no, hyɛ asuade a ɛfa hwɛ a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannya afoforo nneyɛe ho adwemmɔne no nsow. Na hwɛ nea ɛbɛyɛ papa sɛ woyɛ, sɛ wote nka sɛ obi afom wo anaa wayɛ ade a enye a.
Ɛsɛ sɛ Yosua nhoma no mu a wɔhwehwɛ ma wohu si a esi nokware ɛsom a egyina Onyankopɔn Asɛm so a wobesua na wɔde ho afam ho so dua no. Onyankopɔn tuu Yosua fo sɛ ɔnkenkan N’asɛm no na ɔnnan ne ho mfi ho. (Yosua 1:8) Nkonimdi wɔ Ai akyi no, Yosua dii ɔman no nyinaa anim wɔ kusuu fam kɔɔ Sekem wɔ Bepɔw Ebal ne Bepɔw Gerisim ntam. Ɛhɔ na osii afɔremuka, na afei “ɔkyerɛw Mose mmra ntimu” no. (Yosua 8:32) Bio nso, ɔkenkan mmara no kyerɛɛ ɔman no. “Nea Mose hyɛe no nyinaa mu asɛm biara nni hɔ a Yosua ankenkan Israel guabɔ nyinaa ne mmea ne mmofra ne ɔhɔho a ɔnam wɔn mu no anim.”—Yosua 8:35.
Akyiri yi, bere a Yosua atra ase bere tenten bi wɔ kurow a ofi ahobrɛase mu srɛe sɛ wɔmfa mma no sɛ agyapade no mu no, ɔsan boaboaa ɔman no ano, kae sɛ: “Me de, mabɔ akora, madi nna pii. Na mo nso moahu nea [Yehowa] mo Nyankopɔn ayɛ amanaman yi mo anim na [Yehowa] mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔko maa mo.” Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Enti monhyɛ mo ho den pa ara, na monhwɛ nyɛ nea wɔakyerɛw Mose mmara nhoma no mu nyinaa, na moamman amfi ho ankɔ nifa anaa benkum na mmom [Yehowa] mo Nyankopɔn ho na momfam.” Sɛ́ nea ɔde rekanyan wɔn wɔ ɛno ho no, ɔkaee wɔn sɛ: “Munhu sɛ, asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a [Yehowa] mo Nyankopɔn kae wɔ mu ho no nyinaa mu: ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm biako pɛ antɔ fam.”—Yosua 23:2-8, 14.
Awei koraa no, ɔsan frɛɛ ɔman no bio na ɔde afotu a etwa to maa wɔn na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnnɛ mompaw nea mobɛsom no mfa: na me ne me fi de, yɛbɛsom [Yehowa].” Bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ wɔn nso wɔbɛsom no no, ɔne wɔn yɛɛ apam. Kyerɛwtohɔ kronkron no se: “Na nsɛm no akyi no, Nun ba Yosua, [Yehowa] akoa no, wui, na wadi mfirihyia ɔha ne du.” Yehowa somfo nokwafo yi ma yɛn nso yenya nkate a emu yɛ den sɛ yɛbɛyɛ den na yɛayɛ nnam bere a ‘yesuro [Yehowa] na yɛsom no emudi ne nokware mu’ no.—Yosua 24:14, 15, 29.