Dɛn Nti Na Wɔreka Harmagedon Ho Asɛm Pii Saa?
“HARMAGEDON”—dɛn na Bible mu din yi kyerɛ? Yɛn nsɛmma nhoma abien a edi so yi a ɛyɛ July ne August 1985 Ɔwɛn-Aban no bɛka eyi ho asɛm. Yɛwɔ anidaso sɛ saa Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔbɔ yi de nimdeɛ a ɛbɛma woanya awerɛkyekye wɔ nea HARMAGEDON ankasa yɛ no ho bɛma wo.
“Munim, medan kɔ mo tete adiyifo a wɔwɔ Apam Dedaw no mu nsɛnkyerɛnne ahorow a ɛka Harmagedon ho asɛm no so, na ɛma misusuw ho sɛ ebia yɛne awo ntoatoaso a ebehu ɛno no.”—Ronald W. Reagan, United States ɔmampanyin, October 18, 1983.
“Ɛnnɛ Adiyisɛm nyɛ Bible mu asɛm bi ara kwa, na mmom abɛyɛ nea ebetumi aba ankasa. Ɛmmae da wɔ nnipa abakɔsɛm mu sɛ wɔama yɛabɛn ɔsɛe anaa ogye pɛɛ saa.”—Javier Perez de Cuellar, amanaman Nkabom ɔkyerɛwfo panyin, June 8, 1982.
“HARMAGEDON” abɛyɛ nea wɔka ho asɛm wɔ wiase nyinaa. Wote asɛmfua a emu yɛ duru yi mpɛn pii wɔ asɔfo, amansɛmdifo, amanyɛfo, asraafo mpanyimfo, nyansahufo ne sikasɛm ho abenfo mpo anom. Wɔ United States nkutoo no, anyɛ yiye koraa no, wohu asɛmfua Harmagedon no wɔ nhoma ahorow 15 a wɔkyekyɛɛ wɔ 1983 mu no akyi. Abɛyɛ biribi a nhoma ahorow pii, a ebinom yɛ nea wɔatontɔn ɔpepem pii, aka ho asɛm.
Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ saa asɛmfua yi abɛyɛ nea wɔde di dwuma kɛse saa, efisɛ baabi a edi kan a wɔde asɛmfua Harmagedon no dii dwuma ne Bible mu—na wɔde dii dwuma pɛnkoro pɛ wɔ hɔ. (Adiyisɛm 16:16) Nanso ɛnyɛ asefo nkutoo na wobetumi aka sɛ wɔde asɛmfua no adi dwuma. Wɔ 1800 mfe no mu no, wofii ase de asɛmfua Harmagedon no dii dwuma a ɛnyɛ wɔ Bible ntease mu. Nanso ɛyɛ 1900 mfiase mu ho na “Harmagedon” bɛyɛɛ nea wɔde di dwuma wɔ “nnipakum kɛse biara” anaa “ntawntawdi a etwa to” mu.
Efi saa bere no asɛmfua Harmagedon no de nkakrankakra abɛhyɛn nnipa ahorow ahorow kasa mu a ɛsono nkyerɛase a wɔn mu biara de ma wɔ ho. Wɔ 1912 mu, bere a Theodore Roosevelt rebɔ dawuru sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsan atow aba ama no bio sɛ United States ɔmampanyin no, ɔkyeaa asɛmfua no ntease kɔɔ amammuisɛm mu. Ɔhoahoaa ne ho sɛ “Yɛde koma a enhinhim ne ani a ehu ade yiye gyina Harmagedon na yɛko ma Awurade.” Roosevelt dii nkogu wɔ saa abatow no mu.
Nnansa yi de, ɛyɛ asɛmmɔne a eyi wiase hu na ama wɔreka Harmagedon ho asɛm pii saa no: wiase nyinaa nuklea ɔsɛe ho hu, nuklea ɔko akyi amanehunu a ɛbɛkyɛ esiane akode ahorow a ɛyɛ hu a wɔde bedi dwuma nti, ɔko kɛse wɔ Mfinimfini Apuei aman no mu, anaa wiase sikasɛm nhyehyɛe a ɛbɛsɛe mpofirim ara. Enti asɛmfua Harmagedon no yɛ nea wɔde redi dwuma nnɛ wɔ mmeae ahorow a wɔnhwɛ kwan koraa mpo:
◆ Japanfo mfonini bi a wɔde reyɛ sini a wɔato din “Harmagedon wɔ Kichijoji” kyerɛ sɛnea mfonini no mu nnipa bi a wogyina ho ma papa ne bɔne ko kodu awiei.
◆ Hwɛ a wɔhwɛ kwan sɛ Halley Nsoromma no bɛsan apue wɔ 1986 mu no maa Frankfurter Neue Presse kae sɛ “ebetumi ayɛ Harmagedon ho kɔkɔbɔ bio” ama wɔn a wogye di.
Nanso ɛnyɛ eyinom mu biara ne Harmagedon no. Ɛnnɛ wɔte nne foforo bi a ɛrebɔ Harmagedon ho dawuru—dawuru a emu reyɛ den kɛse a nnipa bɛboro ɔpepem abien ne fã na wɔrebɔ. So woate? Sɛ wutie nne yi a, ɛnyɛ nea Harmagedon nkyerɛ nko na wubetumi ahu, na nnnom nea ehia titiriw no, nea ɛkyerɛ ankasa.