Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 1/1 kr. 30-31
  • Wɔhyɛɛ No Anuonyam Ansa Na Wɔrewo No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔhyɛɛ No Anuonyam Ansa Na Wɔrewo No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Biribi Sii a Ɛkyerɛ Sɛ Yesu Bɛyɛ Onipa Kɛse
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Gabriel Baa Maria Nkyɛn
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Ɔbɔfo Ba Maria Nkyɛn
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 1/1 kr. 30-31

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Wɔhyɛɛ No Anuonyam Ansa Na Wɔrewo No

SEESEI ara na na ɔbɔfo Gabriel aka akyerɛ ababaa Maria sɛ ɔbɛwo ɔbabanin a ɔbɛyɛ daa hene. Nanso Maria bisa sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na eyi atumi ayɛ, efisɛ minnim ɔbarima biara?’

Gabriel kyerɛkyerɛ mu sɛ, ‘Onyankopɔn honhom kronkron bɛba wo so, enti wɔbɛfrɛ abofra no sɛ Onyankopɔn ba.’ Sɛnea ɛbɛboa Maria no, Gabriel kɔɔ so sɛ: ‘Wo busuani Elisabet a wabɔ aberewa a nkurɔfo se ɔrentumi nwo mma no anyinsɛn asram asia ni.’ Maria gye Gabriel di na ɔka sɛ: ‘Ɛnyɛ mma me sɛnea w’asɛm no se.’

Bere a Gabriel kɔe no, ntɛm ara na Maria siesiee ne ho na ɔkɔsraa Elisabet a ɔne ne kunu Sakaria te bepɔw so Yuda kurow mu no. Ná eyi yɛ ɔkwan a ɛware a efi Maria kurom wɔ Nasaret no ebia ebegye nnansa anaa nnannan.

Bere a afei Maria du Sakaria fie no, ɔhyɛn mu na okyia wɔn. Ɛbaa saa no honhom kronkron hyɛɛ Elisabet ma na ɔka kyerɛ Maria sɛ: ‘Wɔahyira wo mmea mu, na wɔahyira abofra a wobɛwo no no. Hwɛ hokwan ara a ɛyɛ sɛ me Wura ne na aba me nkyɛn! Na hwɛ, wo nkyia twaa m’asom ara pɛ, akokoaa no de ahosan kɛse huruwii me yam.’

Maria a n’ani agye kɛse no ka sɛ: ‘Efi nnɛ nnipa nyinaa bɛfrɛ me nhyira, efisɛ Onyankopɔn ayɛ me ade kɛse.’ Maria ne Elisabet trae bɛyɛ asram abiɛsa na akyinnye biara nni ho sɛ ɔboaa Elisabet kɛse wɔ adapɛn a etwa to wɔ ne nyinsɛn mu yi mu. Na ɛyɛ nea ɛyɛ anigye ampa sɛ mmea anokwafo baanu a wɔn nyinaa nyinsɛnee denam Onyankopɔn mmoa so no betumi abom atra ase wɔ wɔn asetra mu nhyira bere yi mu!

So wohyɛɛ anuonyam a wɔhyɛɛ Yesu ansa na wɔrewo no mpo no nsow? Elisabet frɛɛ no “me wura,” na ne ba a onnya nwoo no no de ahosan huruwii bere a Maria baa hɔ nea edi kan no. Nea ɛne eyi bɔ abira no nnipa afoforo amfa obu kɛse amma Maria ne ne ba a afei na ɔrebɛwo no no, sɛnea yebehu akyiri yi no. Nanso, wɔ asɛm a ebedi hɔ no mu no, yebesua pii afa Elisabet ba, Yohane ho. Luka 1:26-56.

◆ Dɛn na Gabriel kae a ɛboaa Maria ma ɔtee sɛnea obenyinsɛn no ase?

◆ Ɔkwan bɛn so na wɔhyɛɛ Yesu anuonyam ansa na wɔrewo no?

◆ Maria ne Elisabet trae bere tenten ahe, na dɛn nti na na ɛfata sɛ Maria ne Elisabet tra wɔ saa bere yi mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena