So Onyankopɔn Retwentwɛn N’atemmu Ase?
FA NO sɛ woretwɛn obi a ofi kurow foforo so a ɔreba abɛsra wo a wakyerɛ wo da a ɔbɛba nanso wankyerɛ wo dɔn ko. Bere a bere pii twam na ɔmma no, ebia wufi ase susuw ho sɛ wakyɛ. So ɛnnɛ ankasa ne da a ɔkae sɛ ɔbɛba? So ebetumi aba sɛ mante n’ase yiye? Nkakrankakra, ahopere a na anka wode rehwɛ no kwan mfiase no fi hɔ na woyɛ basaa kɛse w’adwenem yɛ wo naa.
Ebia eyi bɛkyerɛkyerɛ sɛnea nnipa binom te nka wɔ Onyankopɔn bere a ɔde bebu atɛn atia abɔnefo a ɛbɛba a wɔahyɛ ho bɔ no mu yiye. Ɛdɛn, n’asomfo de bere tenten atwɛn. Fa Ɔhene Dawid ɔnokwafo no sɛ nhwɛso. Ɔkae bɛyɛ mfe 3,000 a atwam ni sɛ: “[Yehowa] a ɔwɔ wo nifa so no bɛbobɔ ahene, n’abufuw da no. Obebu atɛn amanaman mu.” Enti so wobetumi anunu obi nnɛ sɛ obisa sɛ, Bere Bɛn?—Dwom 110:5, 6.
Ɛdenam wiase nsɛm tebea a wɔde toto Bible nkɔmhyɛ ho ne Bible mmerebu a wosusuw ho so no, Bible asuafo agye adi sɛ Onyankopɔn da a ɔde bebu atɛn no abɛn afei. Na so ɛnyɛ nea nnipa pii ate nka saa wɔ mmere a atwam no mu a akyiri no na wohu sɛ wɔadi mfomso? So ɔkwan ankasa bi wɔ hɔ a yebetumi afa so ahu bere pɔtee a Onyankopɔn bebu atɛn no?
Wɔ Onyankopɔn “Bere A Wɔahyɛ” Mu
Yesu kyerɛe sɛ atemmu no bɛba wɔ bere pɔtee bi mu. Nanso bere a ɔrebɔ n’akyidifo kɔkɔ no, ɔkae sɛ: “Monwɛn, efisɛ munnim bere a wɔahyɛ no.”—Marko 13:33, NW.
Habakuk a Onyankopɔn dii kan de hyɛɛ ne nsa mfeha asia sɛ ɔnkyerɛw mfa ɔsoro atemmu ho no nso kae sɛ ɛbɛba wɔ “bere a wɔahyɛ” mu. Na wɔ ne kɔkɔbɔ a etia obi ho a ɔbɛma apere no wɔ ho, anaa n’adwenem a ebia ɛbɛyɛ no naa mpo mu no, ɔnam Onyankopɔn akwankyerɛ so hyɛɛ bɔ sɛ: “Ɛrenni atoro! Sɛ ɛtwentwɛn ase nso a twɛn no ara, na ɔba de, ɛbɛba, ɛrenka akyiri.”—Habakuk 2:2, 3.
Nanso sɛ Onyankopɔn atemmu no bɛba wɔ “bere a wɔahyɛ” mu na “ɛrenka akyiri” a, dɛn nti na Habakuk ka sɛ “sɛ ɛtwentwɛn ase nso a”? Ɛyɛ nea ɛda adi sɛ na wɔde rekyerɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo no bi bɛhwɛ kwan sɛ ɛmmra ntɛm sen bere a ɛsɛ sɛ ɛba ankasa no. Dɛn ntia? Efisɛ na bere pɔtee a ɛbɛba no bɛkɔ so ara ayɛ nea wonnim.
Bere a na Yesu mpo wɔ asase so no, na onnim bere pɔtee no, efisɛ ɔkae sɛ: “Na da no ne dɔn no de, obi nnim, abɔfo a wɔwɔ ɔsoro nso nnim, ɔba no nso nnim, gye agya no.” (Marko 13:32) Nanso, nea na onim ne bere ko a atemmu no bɛba no. Enti, bere a n’asuafo bisae no, ɔmaa wɔn sɛnkyerɛnne a ɛbɛma wɔatumi ahu bere yi, sɛ efi ase a. Yesu kae sɛ ɛho adanse a edi kan no bɛyɛ “sɛ awokoyaw a edi kan.” Na, ampa, ɔbea a ɔreko awo nnim dɔn pɔtee a ɔbɛwo. Nanso, onim sɛ n’awo adu hɔ.—Mateo 24:3-8, Today’s English Version.
“Awo Ntoatoaso Yi Rentwam”
Wɔ nim a na Yesu nim bere a ɔsoro ate mmu bɛba wom akyi no, otumi too ne tenten ano hye nso. Bere a ɔde borɔdɔma bɛ no redi dwuma no, ɔkae sɛ “Sɛ n’abaa nya yɛ frɔmfrɔm na eyiyi nhaban a, na munim sɛ ahuhuru bere abɛn. Saa ara na mo nso, sɛ muhu eyinom nyinaa a, munhu sɛ abɛn, na adu apon ano! Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba mu ansa.”—Mateo 24:32-34.
Enti wobebu atɛn no wɔ nnipa a wohuu bere a Yesu kaa ho asɛm too hɔ no ho adanse a edi kan no nkwa nna mu bere bi mu; Saa bere yi mfiase bɛkyerɛ Satan wiase a Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ foforo no de ɔsoro atemmu bɛba so no awiei mfiase Bible mmerebu ne Bible nkɔmhyɛ mmamu de adanse pii ma a ɛkyerɛ sɛ saa bere yi fii ase wɔ 1914 mu.
Enti ɛsɛ sɛ Onyankopɔn atemmu no ba ansa na 1914 awo ntoatoaso no atwam koraa. Awo ntoatoaso yi mufo dodow ara da so wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1980 mu no na nnipa a wɔwoo wɔn wɔ 1900 mu anaasɛ ansa na ɛno reba 1,597,700 da so ara te ase wɔ Federal Republic of Germany. Sɛ ɛnyɛ emufo no ɔpepem pii a wowuwui mpofirim wɔ wiase ko ahorow abien no mu a, anka wɔn dodow no bɛboro saa.
Gyidi Ho Sɔhwɛ
Habakuk kɔkɔbɔ no kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔatwentwɛn Yehowa atemmu no ase na ayɛ gyidi ho sɔhwɛ. Ɛyɛ nea emu da hɔ sɛ sɔhwɛ yi remma kosi awo ntoatoaso a Yesu kaa ho asɛm no awiei mu hɔ. Sɛ́ nea ɛfa nhwɛso a yɛkaa ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase mu hɔ no ho no, susuw eyi ho: Bere bɛn na w’adwenem befi ase ayɛ wo naa kɛse wɔ wo hɔho no ba a ɔbɛba no ho? Ɛda adi sɛ ɛnyɛ anɔpa nɔnkron, na saa ara na ɛnyɛ awia, na ebetumi aba sɛ ɛnyɛ anwummere mpo. Nanso ɛyɛ nea ɛbɛsɔ wo gyidi ahwɛ bere a adu anadwo no. Nanso kae sɛ, sɛ ɛbɔ 11:30 p.m. mpo a, wo hɔho no da so ara wɔ bere a ɛdɔɔso a obetumi aba sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no!
Ntease nnim sɛ yɛbɛdwen ho sɛ ebia Onyankopɔn Asɛm remma mu. Ennii huammɔ da. Yosua asɛm a ɔka kyerɛɛ Israelfo bɛboro mfe 3,000 a atwam ni no yɛ nokware mprempren sɛnea na ɛte saa bere no: “Asɛm biako pɛ ntɔɔ fam asɛmpa a [Yehowa] mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu: ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm biako pɛ antɔ fam.”—Yosua 23:14.
“Ɛdefa nkɔmhyɛ mmamu ho no, ɛyɛ ade a wɔbɛhwɛ kwan wɔ yɛn, ne adesamma nyinaa fam sɛ yɛde ahopere bɛhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ nneɛma ntɛmntɛm sen ɔkwan a ɛsɛ sɛ ɛfa so ba no.” Saa na Watchtower a ɛbae May 1, 1910 no kae, na ɛde kaa ho sɛ: “Eyi akyɛ sɛnea yɛhwɛ kwan no, nanso yebetumi agye adi sɛ, sɛnea ɔsoro atirimpɔw te no, ɛnyɛ nea akyɛ . . . yegye di sɛ eyi bɛba bere a bere no adu—Onyankopɔn bere no.”
Bere a yesusuw ho no, nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ tumi hu ntease pa nti a Onyankopɔn atemmu mmae no. Nokwarem no, wɔn ani gye sɛ ɛmmae.
[Kratafa 4 mfoni]
Afe 1914 awo ntoatoaso no mufo pii wɔ anidaso sɛ wobehu sɛ “eyinom nyinaa aba mu”