Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 2/1 kr. 8-9
  • Wɔawo Nea Osiesie Ɔkwan No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔawo Nea Osiesie Ɔkwan No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔwoo Obi a Ɔbɛsiesie Kwan Mu
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Elisabet Awo Ba
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Wotuaa Wɔn Ka sɛ Wɔnantew sɛ Nnipa a Wɔn ho Nni Asɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 2/1 kr. 8-9

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Wɔawo Nea Osiesie Ɔkwan No

NÁ ELISABET rebɛwo. Ná Maria atra ne nkyɛn wɔ bɛyɛ asram abiɛsa a atwam no mu. Nanso afei bere adu sɛ Maria kra no na otwa kwan tenten san kɔ fie wɔ Nasaret. Ɔno nso bɛwo wɔ bɛyɛ asram asia ntam.

Elisabet woe bere a Maria fii hɔ kɔe bere tiaa bi akyi. Hwɛ sɛnea wɔn ani agye sɛ Elisabet atumi awo a hwee nyɛɛ ɔno ne abofra no nyinaa no! Bere a Elisabet de abofra no kyerɛɛ n’afipamfo ne n’abusuafo no, wɔne no ani gyei.

Sɛnea Onyankopɔn mmara kyerɛ no, ɛsɛ sɛ wotwa Israelni abarimaa biara twetia bere a wanya nnawɔtwe. Saa da yi, nnamfo ne abusuafo ba bɛsra wɔn. Wɔka sɛ ɛsɛ sɛ wɔde abofra no to n’agya Sakaria. Nanso Elisabet kasa. Ose, ‘Dabi! Wɔbɛfrɛ no Yohane.’ Kae, ɛno ne din a ɔbɔfo Gabriel kae sɛ ɛsɛ sɛ wɔde frɛ abofra no.

Nanso, wɔn nnamfo kasa tia sɛ: ‘Obiara nni w’abusua mu a wɔfrɛ no saa.‘ Afei, wɔde sɛnkyerɛnne bisa n’agya edin a ɔpɛ sɛ wɔde frɛ abofra no. Ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwonwa bere a Sakaria gyee abopon bi na ɔkyerɛw so sɛ: ‘Ne din de Yohane’ no.

Afei Sakaria tumi kasae bio. Wobɛkae sɛ ɔtɔɔ mum bere a wannye asɛm a ɔbɔfo no kae a ɛkyerɛ sɛ Elisabet bɛwo anni no. Wiɛ, bere a Sakaria kasae no, wɔn a wɔte mpɔtam hɔ nyinaa ho dwiriw wɔn na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: ‘Ɛdɛn ara na abofra yi rebɛyɛ?’

Afei honhom kronkron hyɛɛ Sakaria ma na ɔhyɛɛ ne ba no ho nkɔm sɛ: ‘Wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoroni no diyifo na obedi [Yehowa] anim akosiesie n’akwan, na ɔde nkwagye ho nimdeɛ ama ne man, wɔn bɔne fafiri mu.’

Ebeduu saa bere yi na ɛda adi sɛ Maria a ɔda so ara yɛ ɔbea a wonnyee n’aware no akodu fie wɔ Nasaret. Dɛn na ɛbɛba no so bere a ɛbɛda adi sɛ ɔyem no? Luka 1:56-80; Leviticus 12:2, 3.

◆ Ná Yohane sen Yesu panyin asram ahe?

◆ Nsɛm bɛn na esisii bere a Yohane nyaa nnawɔtwe no?

◆ Adwuma bɛn na wɔkaa ho asɛm siei sɛ Yohane bɛyɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena