Masi Me Bo Sɛ ‘Metintim, Merenhinhim’
Sɛnea Paul Smit ka kyerɛe
Wɔ 1980 mfe no mu no, na aborɔfo akuafo a wɔwɔ Cape mansin a ɛwɔ South Africa no mu pii ayeyɛ basaa. Esiane sɛ wɔyɛ Dutchfo asefo nti, wohuu Britaniafo tumi no sɛ ɛhyɛ wɔn so. Wɔn mu mpempem pii kɔɔ ɔman no kusuu fam. Bere a wɔadi akwanside ahorow pii so akyi no, ebinom traa Orange Asubɔnten no kusuu fam, faako a ɛbɛyɛɛ Orange Free State akyiri yi no. Afoforo nso twaa Vaal Asubɔnten no na wɔtraa faako a mprempren wɔfrɛ no Transvaal no. Wɔn a wɔka eyinom ho ne me nananom a na wɔka Afrikaan kasa a wɔtraa Transvaal Kusuu Fam wɔ 1860 mfe no mu no. Wɔwoo me wɔ baabi a ɛbɛn kurow ketewa a wɔfrɛ no Nylstroom no mu wɔ 1898 mu.
Na nnipa kakraa bi a wɔte mpɔtam ho no asetra ba fam kɛse wɔ saa bere no mu. Ná mmoa pii a wɔyɛ ha kunkum wɔn a afumduan kakraa bi ka ho ne aduan titiriw a wodi. Afei, wɔ 1899 mu no, ɔko bae—South Africa anaasɛ Boer Ko no. Ná Britaniafo no asi gyinae sɛ wɔbɛtrɛw wɔn tumidi mu akɔ Afrikaner Mansin abien, Orange Free State ne Transvaal mu. Enti wɔ mfe abiɛsa mu no, Britaniafo ne Boerfo (“akuafo” wɔ Afrikaan kasa mu) koo denneennen de peree tumidi. Wɔ bere yi mu no, wɔde yɛn abusua no too afiase wɔ dadeban bi mu.
Bere a ɔko no baa awiei no, yekohui sɛ wɔasɛe yɛn mfuw na wɔatutu mu nneɛma. Yehuu amane kɛse. Ná mmarima pii awuwu wɔ ɔko no mu na na mmea ne mmofra mpempem pii nso awuwu wɔ nnadeban ahorow mu. Ná ohia akã ɔman no. Na akã yɛn nso. Nanso, awi a aban no de maa yɛn no boa ma yetumi traa nkwa mu na m’awofo de nsiyɛ yɛɛ afuw no mu adwuma na woduaa nnuadewa ne nnuan afoforo nso.
Nokware No Ma “Ahum” Tu
Afei afe a mekae titiriw a ɛyɛ 1915 no dui. Sɛ́ sukuuni a madi mfe 16 no, me nsa kaa nhomawa bi a wɔato din sɛ What Say the Scriptures About Hell? a Yehowa Adansefo tintimii saa bere no bi. Me ne m’adamfo sukuuni, Abraham Stroh, boom kenkanee na yegye toom sɛ ɛne nokware no. Ná ɛyɛ yɛn anigye sɛ yehui sɛ Onyankopɔn nyɛ nnipa ayayade daa; awufo nnim hwee, wɔada wɔ owu mu na wɔretwɛn Yesu bɔhyɛ a ɛne owusɔre no. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Hesekiel 18:4; Yohane 5:28, 29) Yɛde anigye kaa ho asɛm kyerɛe. Nylstroom dan butuwii te sɛ nea ahum atu wɔ hɔ bere a yɛn sukuufo baanu yi de akokoduru daa no adi pefee sɛ Dutch Reformed Church nkyerɛkyerɛ ahorow no yɛ atoro no. Nokwarem no, asɔfo no yɛɛ basaa na wɔkasa tiaa “asɔre foforo” yi wɔ wɔn asɛnka agua so.
Esiane eyi nti, me ne Abraham nnamfo ampɛ sɛ yɛbɛba wɔn fi. Me papa mpo hunahunaa me sɛ ɔbɛpam me afi fie. Nanso me maame a na ɔyɛ obi a ɔwɔ oguanten su ankasa no anka biribi a ɛbɛhaw me da. Wɔ bere bi mu no, me papa a wabɔ akora a mepɛ n’asɛm no ani begyee “asɔre foforo” no ho na ofi ayamye mu gyee Adansefo ani wɔ yɛn fi. Wɔ saa bere no mu no, na yennim Asafo ti no ho hwee na yɛde yɛn ho nyinaa too Yehowa so. Akyiri yi, colporteurs (mprempren wɔfrɛ wɔn akwampaefo) baa yɛn nkyɛn na wɔma yetumi ne Asafo ti no ne ne baa dwumadibea a ɛwɔ Cape Town a efi yɛn hɔ kɔ hɔ yɛ akwansin 1,000 no dii nkitaho. Eyi ma wɔbɔɔ me asu wɔ 1918 mu.
Mfirihyia abien akyi no, mekɔɔ nhyiam kɛse bi wɔ Pretoria. Anuanom 23 bae na Onua Ancketill a ɔyɛ Asafo ti no nanmusifo no na ɔhwɛɛ so. Hwɛ anigye ara a na ɛyɛ sɛ yɛne yɛn mfɛfo gyidifo behyiam, ɛwom mpo sɛ na yɛyɛ kakraa bi de! Ná dwumadi no fa nkyerɛkyerɛ ne “adansedi ahorow,” anaasɛ osuahu ahorow ho titiriw, nanso na ɛyɛ nkuranhyɛ kɛse a ɛbɛma matumi akɔ so agyina pintinn. Ná ɛho hia me.
Huammɔdi—Afei Nhyira Ahorow
Asɛm a ɛhaw me kɛse wɔ m’asetra mu sii bere a m’adamfo paa, Abraham, wiee sukuu na ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ sukuu a ɛwɔ kurow no mu no mu na akyiri yi wɔka kyerɛɛ no sɛ, sɛ wannyae n’asɔre no a, wobeyi no adi no. Ogyaee nokware no na ɔkɔɔ Dutch Reformed Church. Ɛno ma ɛkaa me nkutoo a meyɛ obi a ɔyɛ foforo wɔ nokware no mu wɔ Transvaal Kusuu fam. Misui mpɛn pii wɔ m’adamfo a mehweree no no ho nanso mekɔɔ so bɔɔ Yehowa mpae a mannyae na ɔhyɛɛ me den ma mitumi ‘tintimii a manhinhim na mekɔɔ so Awurade adwuma mu daa.’—1 Korintofo 15:58.
Afei 1920 mfe no dui. Yehowa hyiraa mmɔden kɛse a mebɔe sɛ mede nokware no bɛtra ase sɛnea metumi no so. Mifii ase huu “nguanten” wɔ me mpɔtam hɔ. Okuafo bi a na ɔte bɛn me no babarima kumaa gyee Ahenni no ho asɛmpa no toom ma enti minyaa obi sii m’adamfo yi a mehweree no no ananmu. Onua yi a wɔfrɛ no Hannes Grobler kɔɔ so dii nokware kosii sɛ owui nnansa yi. Mifii ase nso ne Vorster abusua a emufo yɛ baason no suaa The Harp of God nhoma no.a
Memeneda biara mede anigye nantew akwansin anan kɔyɛ adesua no. Awofo no bɛyɛɛ Adansefo na wodii nokware kosii wɔn wu mu. Wɔ 1924 mu no, Onua George Philips a na ɔbaa South Africa nkyɛe a na ɔrebɛyɛ adwuma wɔ baa dwumadibea a ɛwɔ Cape Town no bɛsraa Nylstroom—ade a m’ani gyee ho. Ɛno fii adamfofa a emu yɛ den ne teokrase nneɛma a yɛyɛ boom kosii sɛ owiee n’asase so adwuma wɔ 1982 mu ase.
Anigye a wɔn a wɔwɔ kurow no mu wɔ no nyaa nkɔso na ankyɛ biara na yenyaa anuanom 13—Adansefo a wodi kan wɔ Pretoria kusuu fam. Wɔ bere tiaa bi mu no, Ahenni asɛm no trɛw kɔɔ Transvaal Kusuu Fam nyinaa.
Ɔhaw Ahorow Ne Nkɔso Wɔ Pretoria
Nanso saa afe no ara na sikakorabea a meyɛ adwuma wɔ hɔ no wuranom yii me kɔɔ Pretoria, faako a na Bible Asuafo (Yehowa Adansefo) kuw ketewa a wɔyɛ baawɔtwe wɔ no. Nanso wɔn mu biako pɛ na ɔwɔ anisɔ ankasa ma teokrase nneɛma na owui bere a miduu hɔ no akyi bere tiaa bi. Afoforo no a na wɔn mu binom nim nhoma no ankyerɛ anisɔ amma Asafo ti no nhyehyɛe a ɛne sɛ wɔnhyehyɛ asafo ahorow no mma ɔsom dwumadi no na wɔn mu baanu gyaee.
Saa bere no mu no, na “ɔpanyin” a ɔwɔ kuw no mu no rekyerɛw nhoma afa n’ankasa ntease a ɔwɔ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no ho wɔ pene a na Asafo ti no mpene so no akyi. Me nso mesrɛɛ no sɛ onnyae. Asɛm no baa awiei Kwasida bi anɔpa. Na watintim nhoma no dedaw na ɔde bi bae sɛ kuw no nkɔkyekyɛ. Me ho dwiriw me. Mesɔre gyinae na mekasa tiaa nea ɔkae no. Esiane eyi nti, “ɔpanyin” no ne afoforo bɛyɛ baanan anaa baanum fii ahyehyɛde no mu. Eyi ma ɛkaa onuawa aberewa bi a onni ahoɔden ne me ne me yere. Nanso na yɛasi yɛn bo sɛ ‘yɛrenhinhim na yebetintim’ na yɛde nokwaredi begyina Asafo ti no akyi. Efi saa bere no reba no, Yehowa de nkakrankakra ma yenyaa nkɔso.—1 Korintofo 3:6; 15:58.
Wɔ bere a ɛsɛ mu no, Yehowa ma yenyaa adwumayɛfo pii kaa Pretoria Asafo no ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1931 mu no, anuanom abibifo baanu baa yɛn nhoma adesua no ase na wɔdaa wɔn ho adi kyerɛɛ yɛn. Wɔ ɛno akyi no, na ɛyɛ m’asɛyɛde sɛ mɛsom Europa (aborɔfo) ne Afrika (abibifo) nyinaa bɛyɛ mfe bi—hokwan a wɔntaa nnya wɔ South Africa. Sɛnea ɛbɛyɛ a mɛboa anuanom abibifo no, na meyɛ nhoma adesua no wɔ wɔn ankasa kurow no mu anaasɛ kuw bi a atew ne ho mu. Mede Onua Rutherford baguam ɔkasa horow a wɔakyere agu hama so no dii dwuma nso wɔ kurow no mu. Nea ɛka eyi ho no, na onua obibini a wɔfrɛ no Hamilton Kaphwitti Maseko taa boa me ma mebɔ baguam ɔkasa ahorow yi wɔ Church Square wɔ Pretoria mfinimfini pɛɛ.
Ɛdenam nkɔanim a Yehowa ma yenyae so no, yɛtew Abibifo asafo. Sɛ kuropɔn sohwɛfo no, me na meyɛɛ wɔn nhyiam atitiriw ahorow no ho nhyehyɛe wɔ mfe pii mu. Ɛdenam nnipa kakraa bi a yenyaa wɔn so no, adwuma a yɛyɛe wɔ abibifo a wɔwɔ Pretoria no mu no mu trɛwee ma ebeduu 1984 mu no na yɛanya asafo ahorow 16 wɔ hɔ.
Adwuma No A Wɔbarae Wɔ Ɔko Bere Mu
Wiase Ko II a ɛpae gui wɔ September 1939 mu no de amanehunu kɛse baa aman pii so. Nanso ebi anka South Africa. Esiane nsɛm a ɛwosow wiase a esisii no nti, nnipa pii a wɔwɔ South Africa gyaee anibiannaso a wɔyɛ no na wɔde wɔn adwene sii Bible nkɔmhyɛ mmamu so. Esiane eyi nti, Ahenni adwuma no nyaa nkɔso kɛse na yenyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛyɛ ɔha biara mu 50 wɔ 1941 ɔsom afe no mu. Eyi maa asɔre ahorow no bo fuwii, ne titiriw no Katolek Asɔre a ɛtotõõ Asafo ti no ano sɛ ɛyɛ asiane ma Ɔman no. Ɛno nti Aban no baraa Asafo nhoma ahorow no pii.
Bɛyɛ saa bere no mu na me ne me yere Anna ne yɛn mma baanu Paul ne Anelise, kɔsraa Nylstroom, faako a memaa baguam ɔkasa wɔ hɔ no. Mede hokwan no kyerɛɛ anuanom a wɔwɔ hɔ no sɛnea wobetumi de yɛn nsɛmma nhoma no ama wɔ borɔn so. Mikogyinaa Asennibea dan bi akyi. Ankyɛ biara na Polisini Panyin bi ka kyerɛɛ me sɛ mereyɛ adwuma a mmara mma ho kwan na ɛsɛ sɛ meba Polisifo Atrae hɔ ntɛm ara. Nanso, esiane sɛ na yɛasi gyinae sɛ yɛbɛyɛ adwuma dɔnhwerew biako nti, metoaa so. Afei polisini foforo bɛbɔɔ me amanneɛ sɛ Polisini Panyin no retwɛn me. Nanso mankɔ. Polisini foforo san bɛkaa asɛm koro no ara nanso mankɔ. Dɔnhwerew biako no baa awiei a na biribi pa afi mu aba, na afei me ne m’abusua no kɔɔ adidibea sɛ yɛkɔnom kɔfe.
Bere a awiei koraa no mekɔɔ Polisifo Atrae hɔ no, wobisaa me faako a nhoma no wɔ. Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ yɛde ama ɔmanfo. Akyiri yi polisifo no baa m’awofo afuw mu, faako a na yɛte no na wɔbɛfaa nsɛmma nhoma a wohui no nyinaa kɔe.
Bere a me ne anuanom a wɔwɔ kurow no mu asusuw asɛm no ho akyi no, yesii gyinae sɛ yɛrennye mma asɛm no nka. Enti dapɛn a edi hɔ no, yɛkɔkyekyɛɛ nsɛmma nhoma wɔ Nylstroom na nea edi ɛno akyi no, yɛkɔɔ Warmbad a ɛwɔ akwansin 18 wɔ kurow no ku suu fam no. Nea ɛne nea yɛhwɛ kwan bɔ abira no, obiara ansiw yɛn kwan. Akyiri yi, bere a wɔahaw yɛn kakra no, wɔsan de nhoma ahorow a wɔmmarae no maa yɛn.
Wɔ Nkwakorabɔ Nyinaa Akyi No, ‘Mitintim, Minnhinhim’
Me yere Anna de nokwaredi boaa me kosii sɛ owui wɔ 1949 mu. Efi 1954 a mesan waree no, me yere a medɔ no, Maud aboa me. Efi wɔn mmofraase tɔnn no, me mma baanu, Paul ne Anelise, aka me ho wɔ Ahenni som adwuma no afã horow nyinaa mu. Wɔn nyinaa bɛyɛɛ akwampaefo bere a wofii fie no. Anelise ne ne kunu Jannie Muller da so ara wɔ daa ɔsom adwuma no mu. Akyiri yi Paul gyaee nokware no na ɔkɔɔ sukuupɔn nanso wasan aba nnansa yi ara. Me nenanom baanum yɛ Yehowa Adansefo; wɔn mu baanu ne wɔn aware mu ahokafo nyinaa reyɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no. Metumi akamfo akyerɛ awofo sɛ wɔmmɛn wɔn mma kɛse na wɔntete wɔn ma wɔnnɔ Yehowa na womfi ɔkra nyinaa mu nsom no denam ahyɛde a wɔde bɛma wɔn ne nhwɛso so.—Deuteronomium 6:6, 7.
Wɔ mfe 69 a mede ayɛ teokrase adwuma mu no, mahu nkɔanim a ɛyɛ anigye. Wɔ 1931 mu no na Ahenni adawurubɔfo baanum na wɔwɔ Pretoria mpɔtam hɔ. Mprempren adawurubɔfo bɛboro 1,500 a wɔwɔ asafo ahorow 26 mu na wɔwɔ hɔ. Eyi ho nkamfo ne anuonyam nyinaa yɛ Yehowa dea! Mprempren a madi mfe 86 no, meda so ara nya afie afie adansedi ne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma adwuma no mu anigye sɛnea m’akwahosan ma ho kwan. Me ne Maud asi yɛn bo sɛ yebedi nokware ama Yehowa na yebehyira ne din daa daa na ‘yebetintim a yenhinhim.’
[Ase hɔ asɛm]
a Watch Tower Bible and Tract Society na etintimii.
[Kratafa 14 adaka]
Wɔagyae Abusua Mu Nitan
NÁ MARIE gyina nsu a wɔrebɔ asu wom no ho a ɔretwɛn sɛ wɔbɛbɔ ne nua ba no asu wɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Cicero, Illinois, no ase. Mpofirim ara ɔtee ne bi wɔ ne nkyɛn pɛɛ sɛ, “So minnim wo wɔ baabi?” Otwaa n’ani na ohuu obi a ɔnkae no papa—ɔbea bi a wofrɛ no Agerthia.
Maria adwene san kɔɔ bere a na onnya mmɛyɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako no so bere a na ɔkɔ ntoaso sukuu a na wɔn baanu de wɔn ho hyɛ abusua mu basabasayɛ ahorow mu, ko tia wɔn ho wɔn ho no. Ná Agerthia kuw no mufo a wɔyɛ abibifo sukuufo mmeawa no ne Marie kuw no mufo a wɔyɛ aborɔfo sukuufo mmeawa no teɛteɛm ka kasafĩ kyerɛ wɔn ho wɔn ho. Afei wɔko ankasa na wopirapira wɔn ho wɔn ho. Ná Marie kae sɛnea Agerthia bɔɔ abeawa bi ma wɔde no kɔtoo ayaresabea no. Ɛba saa a, wɔpam saa mmeawa no nyinaa fi sukuu mu, nanso sɛ wɔsan gye wɔn ara pɛ a, wofi ase frɛfrɛ wɔn wɔn ho wɔn ho din ahorow na ntɔkwaw no fi ase bio.
Afei wɔ mfe 13 bi akyi no, wohyiaam wɔ beae a wɔrebɔ asu no—afei de wonni wɔn ho wɔn ho ho adwemmɔne bio. Ɛnyɛ nea abusua mu nitan ama wɔn mu apaapae bio, wɔyɛɛ wɔn ho wɔn ho atuu wɔ ɔdɔ mu sɛ honhom mu anuanom a wɔyɛ biako wɔ nokware gyidi no mu. Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho nokware nimdeɛ ama wɔayɛ wɔn adwene foforo.—Romafo 12:1, 2.
Abusua mu nitan nni Yehowa nkoa mu. Mmom no, wɔdodɔ wɔn ho ma ɛne Yesu asɛm no hyia, sɛ: “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho! Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:34, 35.