Adiyisɛm Mo Mu Mmoa No—Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokenkan Wɔn Ho Asɛm?
ADIYISƐM! Eyi yɛ din ahorow a wɔde frɛ Bible mu nhoma a etwa to no mu biako. Nsɛm a wotumi yɛ ho mfonini pefee ayɛ nhoma no ma, na emu titiriw ne ɔtweaseɛ no ne nkekaboa abiɛsa no. Ebinom akyerɛ sɛ mmoa yi ho yɛ hu. Afoforo nso ka sɛ ɛyɛ akwakora bi na wabɔ ne tirim aka. Ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ wokenkan Adiyisɛm no mu mmoa no ho asɛm? Efisɛ eyi fa anigye a wubenya no ho.
Ampa, na ɔsomafo Yohane abɔ akwakora bere a ɔkyerɛw Adiyisɛm nhoma no bɛyɛ mfe 1,900 a atwam ni no. So eyi kyerɛ sɛ mmoa a ɔkaa wɔn ho asɛm no yɛ adwene a awu mu adaeso ara kwa? Dabida, efisɛ ɛnyɛ Yohane nko ne akwakora a odi kan a onyaa anisoadehu a ɛte saa. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Daniel nso nyaa mmoa ho anisoadehu wɔ ne nkwakorabere mu, na anisoadehu ahorow yi bɛyɛɛ adesamma nniso mu nsakrae ho nkɔmhyɛ a ɛyɛ nokware. (Daniel atiri 7 ne 8) Bio nso, Yesu ankasa buu Daniel sɛ obi a Onyankopon honhom kaa no, ma ɔfrɛɛ no odiyifo, na ɔfaa nsɛm fii ne nkyerɛwee no mu kae.—Mateo 24:15.
Yesu kyerɛe sɛ n’asomafo no benya ɔsoro akwankyerɛ foforo bio wɔ ne wu akyi. (Yohane 16:12, 13) Afei nso, esiane sɛ Adiyisɛm nhoma no afã ahorow pii anya mmamu wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so nti, yɛwɔ awerɛhyem sɛ ɔsomafo Yohane anisoadehu a ɛfa Adiyisɛm no mu mmoa no ho no,fi Onyankopɔn honhom mu.—2 Timoteo 3:16. Adiyisɛm nhoma no mu asɛm a edi kan no ka sɛ: “Yesu Kristo adiyisɛm a Onyankopɔn de maa no . . . Na ɔsomaa ne bɔfo na ɔnam no so de maa n’akoa Yohane nsɛnkyerɛnne mu. (Adiyisɛm 1:1, NW) Enti, nsɛm a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no ne nea ɛfa mmoa no ho no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de a ɛnyɛ paara. Ɛho nhia sɛ wubesuro sɛ wobɛkenkan wɔn ho asɛm no. Sɛnkyerɛnne kwan so mmoa yi ma Kristofo nya nimdeɛ a ɛho hia na ɛma wotumi kora abusuabɔ a ɛda wɔne Onyankopɔn ntam no so. Enti ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Anigye ne nea ɔkenkan no den ne wɔn a wɔte nkɔmhyɛ yi mu nsɛm, na wodi nneɛma a wɔakyerɛw wom no so; na bere a wɔahyɛ no abɛn.” Yiw sɛnkyerɛnne ahorow yi ho ntease a wubenya no betumi ama woanya anigye nnɛ ne daakye.—Adiyisɛm 1:3, NW.