So Woahu Safe No?
DƐN nti na ɔdɔ ho hia Kristofo saa? Esiane Onyankopɔn a wɔsom no no nti. Ɔsomafo Yohane kaa ne ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Sɛnea awofo pii hwɛ kwan sɛ wɔn mma bedi wɔn anammɔn akyi no, saa ara na Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ sɛ ɔno. Enti ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Munsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo, na monnantew ɔdɔ mu.”—Efesofo 5: 1. 2.
Ɔdɔ ma Kristofo su afoforo no kari pɛ nso. Wɔ Yesu bere so no na Yudafo no—ne titiriw no, wɔn akannifo no—yɛ nnipa a wɔbɔ Bible no sua ho mmɔden. Nanso susuw nea Yesu ka kyerɛɛ wɔn no ho: “Mohwehwɛ kyerɛw nsɛm no mu, efisɛ mususuw sɛ mowɔ daa nkwa wɔ mu; . . . na mahu mo sɛ munni Nyankopɔn dɔ wɔ mo mu.” (Yohane 5:39, 42; Luka 11:42) Sɛ ná wɔwɔ ɔdɔ ne nimdeɛ a, anka wobehu sɛ Yesu ne Mesia no. Sɛnea ɛyɛe no, wɔn mu pii hweree hokwan a anka wobenya aka Kristofo asafo no mufo a wodi kan ho no.
Kae Roman Katolekfo nkonimdifo a wɔde wɔn nyamesom kɔɔ Wiase Foforo no mu no nso. Ebetumi aba sɛ na wɔwɔ gyidi a ɛyɛ den ne nnamyɛ kɛse a ɛma wotumi yɛɛ nea wɔyɛe no. Nanso ɛda adi sɛ ɛnyɛ ɔdɔ na ɛkaa wɔn ma wɔyɛɛ saa. Sɛ ɛnte saa a, anka wɔremmɔ nnipa a na wɔte Amerika asasepɔn no so dedaw no korɔn, wɔrenyɛ wɔn ayayade, wɔrento wɔn mmonnaa, na wɔrenkunkum wɔn.
Enti ɔdɔ ne Kristofo su titiriw. Henanom na ɛsɛ sɛ woyi ɔdɔ yi adi kyerɛ wɔn? Yesu ka kyerɛ yɛn sɛ: “Dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu! Eyi ne mmara no mukɛse ne nea edi kan. Nea etia abien te sɛ ɛno: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”—Mateo 22:37-39.
Nokwarem no, Kristofo dɔ no kɔ akyiri sen saa. Yesu kae sɛ: “Monnɔ mo atamfo, munhyira wɔn a wɔdome mo, monyɛ wɔn a wɔtan mo yiye, na mommɔ mpae mma wɔn a wɔhaw mo, na wɔtaa mo; na moayɛ mo agya a ɔwɔ soro no mma; efisɛ ɔma ne wia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔma osu tɔ gu wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ so.” (Mateo 5:44, 45) Nea ɛkyerɛ ne sɛ, Kristoni dɔ no yɛ nea ɛkame ayɛ sɛ emu trɛw ka obiara! Nanso dɛn na eyi kyerɛ wɔ di a wɔde bedi dwuma no mu?
Sɛ Yɛdɔ Onyankopɔn Ankasa A
Ade biako ne sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ankasa a, ɛho hia sɛ yehu no yiye. Onyankopɔn ankasa ama ɛno tumi yɛ yiye denam Bible no a ɔde ama yɛn a ɛno ankasa yɛ krataa a efi ne hɔ ma yɛn no so. Sɛ yɛn nsa ka krataa fi obi a yɛdɔ no nkyɛn a, yɛn mu pii kenkan no ntɛm ara a ɛmfa ho sɛ dɛn ara na yɛreyɛ. So ɛsɛ sɛ yɛte nka sɛ Bible no akenkan ho nhia saa? Dabida. Ampa, wɔ pii fam no, ɛnnɛ asetra no yɛ nea nneɛma a egye adwene ayɛ mu ma, na ɛte sɛ nea pii ani gye television a wɔbɛhwɛ ho sen sɛ wɔbɛkenkan ade. Nanso Kristofo ankasa mma ɛno nsiw wɔn kwan wɔ Onyankopɔn Asɛm no a wɔbɛkenkan mu. Enti, wɔte sɛ odwontofo no a ɔno na ɔkaa eyi no: “Me kra di w’adansesɛm [a wohu wɔ Bible mu nnɛ no] so, na medɔ no kɛse.”—Dwom 119:167.
Onyankopɔn kyerɛ yɛn sɛnea ɔpɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ Bible no mu. Sɛnea awofo de abrabɔ ho gyinapɛn ahorow sisi hɔ ma wɔn mma no, saa ara na Yehowa de gyinapɛn ahorow asisi hɔ a ɔhwɛ kwan sɛ yebekura mu—gyinapɛn ahorow a ɛnyɛ nea woyi bi fi mu. Sɛ nhwɛso no, Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da ne awifo ne aniberefo ne asabofo ne amaanefo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no.” (1 Korintofo 6:9, 10) Ɛno yɛ nea ɛdɔɔso ara yiye! Nanso obiara a ɔdɔ Onyankopɔn ankasa no ani begye sɛ ɔbɛhyɛ no nsow. Dɛn ntia? Efisɛ sɛnea ɔsomafo Yohane daa no adi no: “Eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so.”—1 Yohane 5:3.
Nea ɛyɛ awerɛhow no, nneɛma a Bible no kasa tia no mu pii reyɛ ayɛ nea wogye tom nnɛ wɔ nnipa a wɔyɛ “Kristofo” no mu mpo. Amanneɛbɔ bi a Protestant asɔre bi de mae wɔ Canada no kamfo sɛ wonsusuw mmarima a wɔne wɔn ho da a wobegye wɔn atom ama asɔfodi no ho, na ɛkae sɛ wobetumi agye aguamammɔ atom wɔ tebea horow bi mu, na ɛde kaa ho sɛ ɛho nhia sɛ wɔbɛka sɛ awaresɛe yɛ aware mu nokware a wonni. Akyinnye biara nni ho sɛ saa amanneɛbɔ no akyerɛwfo pɛ sɛ wɔda no adi sɛ wɔwɔ adwene a emu dɔ na wosusuw afoforo ho. Nanso so na wɔreyi ɔdɔ adi akyerɛ Onyankopɔn anaasɛ wɔn a wɔrehyɛ wɔn nkuran wɔ saa abrabɔ bɔne no mu no? Ɛnte saa, efisɛ Paulo kae sɛ wɔn a wɔyɛ eyi no rennya Onyankopɔn Ahenni no. Hwɛ ɔdɔ kɛse ara a ɛyɛ sɛ wɔde akokoduru bekura Onyankopɔn gyinapɛn ahorow mu na wɔaboa wɔn a wɔyɛ mmerɛw ma wɔayɛ saa ara sen sɛ wofi nkate ara kwa mu bɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔafa ɔkwan a ɔbrɛ nni mu so a awiei koraa no ɛde wɔn bɛkɔ ɔhaw mu
Ɛka Yɛn Ma Yɛka Ho Asɛm Kyerɛ Afoforo
Sɛ yɛkenkan Bible no a, yehu nneɛma a ɛyɛ nwonwa a Onyankopɔn abɔ ne tirim wɔ ho ama adesamma no nso. Yehu sɛnea “Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Yebu Onyankopɔn atirimpɔw nso a ɛne sɛ obeyi nsɛmmɔnedi afi asase so na ɔde paradise nneɛma nhyehyɛe a asomdwoe wom aba denam n’Ahenni no so wɔ Yesu koro no ara ase no. (Mateo 6:9,10; Adiyisɛm 21:3, 4) Sɛnea Bible hyɛ bɔ no: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, . . . Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:10, 11.
Nokwasɛm ne sɛ, Bible no asɛm no ara ne nea adesamma abusua no hia. Ɛno nti na ɛyɛ awerɛhow sɛ wobɛte sɛ Kristoman asɛmpatrɛwfo a wɔma ohia ne nsisi a wohu wɔ aman a wodi hia so no gye wɔn adwene ma enti wɔde wɔn ho hyehyɛ amammuisɛm ne ɔman anidan mpo mu no. Ɔman anidan rentumi nni saa aman ahorow no ɔhaw ahorow no ho dwuma. So saa asɛmpatrɛwfo no dɔ Onyankopɔn ankasa? Sɛ saa a, so anka wɔrennya ne bɔhyɛ ahorow no mu gyidi na wɔnnan wɔn nguankuw no nkyerɛ n’Ahenni no so? Akyinnye biara nni ho sɛ nguanhwɛfo a wɔdɔ wɔn nguankuw ampa no bɛkyerɛ wɔn sɛnea Onyankopɔn mmara so di betumi aboa nnɛ sen sɛ wobepiapia wɔn akɔhyɛ amansɛmdi mu nhyehyɛe ahorow a ekowie abasamtu mu no mu.
Nokwasɛm no ne sɛ, Bible mu nsɛm no yɛ nwonwa araa ma onipa biara a ɔwɔ ɔdɔ rentumi mfa nsie. Ɛno nti na ɔdɔ ka Kristofo ankasa ma wɔka nea wonim no ho asɛm kyerɛ afoforo no. Wɔ Kristoman mu no, wɔtaa gyaw adwuma a ɛne Bible no ho asɛm a wɔbɛka akyerɛ afoforo no ma nnipakuw kakraa bi a wɔde ayɛ wɔn adwuma a wotua wɔn ka—asɔfokuw no. Nea afi eyi mu aba no nye. Sɛnea Lutheran sɔfo bi gye toom wɔ Christianity Today nsɛmma nhoma mu no: “Asɔre no ayɛ mmerɛw nnɛ efisɛ honhom mu akannifo no antete gyidifo kuw no amma wɔammɛyɛ adwuma koro no ara a wɔyɛ no bi. Anaasɛ ebia gyidifo no nhu dwuma yi na wonnye ntom nso.”
Kristofo ankasa ‘hu adwuma yi na wogye tom nso.’ Wɔfa ɔsomafo Paulo asɛm yi aniberesɛm: “Momma yenso anidaso asɛm a yegyina so ka no mu pintinn, efisɛ ɔnokwafo ne nea ɔhyɛɛ bɔ no.” (Hebrifo 10:23) Wɔn adwene ne dɛn? Nea ɛkaa Kristofo kuw bi wɔ afeha a edi kan no mu a ɔsomafo Paulo kamfoo wɔn kɛse no: ‘Eyinom fi ɔdɔ mu na wɔka Kristo ho asɛm.’—Filipifo 1:16.
Ɔdɔ Ma Mfɛfo Kristofo
Yiw, ɔdɔ ne Kristosom ankasa ano safe efisɛ ɛyɛ nea ɛkã Kristofo ankasa asetra nyinaa. Ɛma wɔbɛyɛ soronko wɔ nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia no mu. Dɛn ntia? Ɔsomafo Yohane kae wɔ wiase yi ho sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Ɔbɔne no ne Satan Ɔbonsam, na wiase no da ne su horow adi wɔ ne nneyɛe pii mu. Wohu Satan nkɛntɛnso no wɔ atorodi, ɔbrasɛe, nsisi, abusua mu nitan, ne sikasɛm nhyehyɛe mu nsisi a abu so nnɛ no mu. Ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔresom ɔdɔ Nyankopɔn no na ɔresuasua no denam ɔdɔ su a onya so no yɛ soronko!
Ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi nkutoo bɛyɛ eyi. Enti Bible no nso hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhwehwɛ wɔn a wɔwɔ ɔdɔ su ho anisɔ a ɛte saa ara. Ɛno bɛma Kristofo atumi aboa wɔn ho wɔn ho. Ɛno nti na ɔsomafo Paulo kyerɛw nkuranhyɛsɛm yi no: “Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, . . . yentutu yɛn ho yɛn ho fo.”—Hebrifo 10: 23-25.
Sɛ wobɛpɛ sɛ wugye saa nkuranhyɛ no tom a, Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛma woahu nnipakuw bi a wɔrebɔ mmɔden kɛse sɛ wobeyi ɔdɔ ankasa adi wɔ wɔn asetra mu. Akyinnye biara nni ho sɛ saa kuw yi bi wɔ wo mpɔtam hɔ, na Onyankopɔn honhom wɔ wɔn so efisɛ wɔ ne nyinaa mu no, ɛno ne nokware Kristofo dɔ fibea. “Honhom aba ne ɔdɔ.” (Galatifo 5:22) Bɔ a wo ne wɔn bɛbɔ no bɛboa wo ma woatie ɔsomafo Petro nkuranhyɛsɛm yi: “Munnya ɔdɔ mma anuanom kuw no nyinaa.”—1 Petro 2.17.
Hwɛ awerɛhow ara a ɛbɛyɛ sɛ obi behu sɛ wɔ mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn nyinaa akyi no, ɔka wɔn a wɔte Yesu asɛm a ɛyɛ yaw yi no ho: “Minhuu mo da, mumfi me sonkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ!” (Mateo 7:23) Sɛ yenya ɔdɔ, Kristosom ankasa ano safe no, a, wɔrenka ɛno nkyerɛ yɛn. Ɔdɔ bɛkanyan yɛn ma yɛakenkan Bible no, yɛatra ase sɛnea ne nnyinasosɛm ahorow te, ahwehwɛ Kristofo ne wɔn abɔ, na yɛaka nnepa a ɛwɔ Bible mu no ho asɛm akyerɛ afoforo. Yiw, ɔdɔ bɛka yɛn ma yɛayɛ nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ. Na sɛnea Yesu kae no, ɛyɛ “nea ɔyɛ [n’agya] a ɔwɔ soro no apɛde no” na Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no bɛyɛ ne dea. Ɔsomafo Yohane de kaa ho sɛ: “Nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—Mateo 7:21; 1 Yohane 2:17.
Yiw, nya ɔdɔ. Ma ɛnkanyan wo na yɛ Onyankopɔn apɛde. Wonam saa yɛ so bɛda wo ho adi sɛ Kristoni ankasa, efisɛ Yesu kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Na wubenya daa akatua a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no.
[Kratafa 7 mfoni]
Nya Ɔdɔ