Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 1/1 kr. 19-24
  • Mmofra​—Mommma Wɔnnnaadaa Mo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra​—Mommma Wɔnnnaadaa Mo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sua Biribi Fi Nea Ɛtoo Hawa No Mu
  • Hwɛ Yiye Wɔ Satan Nnɛɛdɛe Ho
  • Nnaadaa Kwan A Ɔfa So Nnɛ
  • Nsiesiei A Wɔde Bɔ Mmofra Ho Ban
  • Hu Onipa Ko A Ɛsɛ Sɛ Woyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Monwɛn—Satan Pɛ sɛ Ɔmene Mo!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Ɔbonsam Nnɛɛdɛe Nkwan No A Wɔda No Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Monhwɛ yiye wɔ mo tamfo Bonsam ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 1/1 kr. 19-24

Mmofra​—Mommma Wɔnnnaadaa Mo

“Satan ankasa po dan ne ho sɛ hann bɔfo.”​—2 KORINTOFO 11:14.

1. (a) Akwan horow bɛn so na wɔafa adaadaa yɛn mu pii? (b) Henanom na wɔtaa daadaa wɔn kɛse?

AKYINNYE biara nni ho sɛ wɔadaadaa yɛn nyinaa pɛn wɔ akwan horow bi so. Ebia bere a na wo ne obi redi agoru bi no, ɔfaa nnaadaa kwan bi so dii nkonim wom. Anaasɛ ebia wotɔɔ atade bi a na wubu sɛ ɛyɛ fɛ a bere a wohyɛe wɔ bere tiaa bi mu na wusii no ansa na worehu sɛ atade no nte sɛ nea na wususuw no. Henanom na ɛtaa yɛ mmerɛw kɛse sɛ wɔbɛdaadaa wɔn, anaasɛ wɔbɛfa anifere kwan so anya wɔni So ɛnyɛ wɔn a wonni osuahu pii no? Na mpɛn pii nea efi eyi mu ba no yɛ nea anibere wom kɛse sen nkogu a wudi wɔ agoru bi mu anaasɛ sisi a wosisii wo wɔ ade bi a wotɔe mu no.

2. Ɔkwan bɛn so na wɔadaadaa mmofra binom ma wɔayɛ bɔne a anibere wom?

2 Sɛ nhwɛso no, Julie a afei ara na wanya mfe abien wɔ ntoaso sukuu mu no kae sɛ, “na abarimaa a ne ho yɛ fɛ na wagye din sen biara wɔ sukuu no mu no dɔ me.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Meka kyerɛɛ no sɛ minsiesiee me ho sɛ mɛyɛ nea ɔpɛ no, nanso ɔkɔɔ sɔ ara kaa sɛnea ɔdɔ me ne sɛ biribiara bɛyɛ yiye no ho asɛm kyerɛɛ me. Dodow a mekae sɛ dabi no, dodow no ara na ɔkɔɔ so haw me. Ɔkae sɛ. ‘Midwen wo ho ankasa, na misusuw sɛ saa ara na wote nka wɔ me ho. Sɛ worenna no adi nkyerɛ me a, ɛnde misusuw sɛ ɛnsɛ sɛ yehu yɛn ho yɛn ho bio.’” Enti Julie gyaa ne ho mu ma ɔbɔɔ aguaman. Ɛda a edi hɔ a ohuu sɛnea abarimaa no de ne so “nkonim” a wadi no rehoahoa ne ho no, ɛhɔ na ohuu sɛnea wama wadaadaa no koraa no. Anka ɛsɛ sɛ ohu sɛ, sɛ abarima no dɔ no ampa a, ɔrenyɛ saa.

3. (a) Dɛn nti na aguamammɔ yɛ bɔne a anibere wom? (b) Satan Ɔbonsam botae ne dɛn?

3 Nea wɔnam anifere kwan so anaasɛ wɔdaadaa Julie ma ɔyɛe no yɛ Onyankopɔn mmara so bu a anibere wom. Ɛno nti Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Munguan aguamammɔ!” Na ɛka no pefee sɛ: “Aguaman biara nni apɛgyade Kristo ne Nyankopɔn ahenni mu” (1 Korintofo 6:18; Efesofo 5:5) Enti bere a ebia sɛ́ wudi nkonim anaasɛ nkogu wɔ bɔɔlbɔ bi mu anaasɛ wotɔ ade pa anaa ade bɔne no renyɛ nea ɛfa Satan Ɔbonsam ho no, ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa wo ma woabu Onyankopɔn mmara so. Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.” (1 Petro 5:8) Ampa, ɔde ne nnɛɛdɛe nsusuwii no nyinaa redi dwuma a yɛ a ɔyɛ ne ho sɛ hann bɔfo no ka ho sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma yɛagyae Yehowa Nyankopɔn som! So ɛno nyɛ aniberesɛm?​—2 Korintofo 11:14.

Sua Biribi Fi Nea Ɛtoo Hawa No Mu

4. Dɛn nti na wobetumi aka sɛ Satan de mmofra ayɛ ne botae titiriw?

4 Nanso wɔ mo a moyɛ mmofra no fam no, eyi yɛ aniberesɛm kɛse: Mo na Satan de n’ani asi mo so titiriw. Dɛn ntia? Esiane sɛ moyɛ mmofra nti, munni nimdeɛ ne nyansa pii, na wɔn a wonni osuahu pii no nso na Satan pɛ. Saa na ɔyɛe wɔ n’atuatew no mfiase pɛɛ. Kae sɛ Hawa nkyɛn na ɔkɔe wɔ Eden turo no mu, na ɛnyɛ ne kunu Adam a wɔbɔɔ no bere bi akyi ansa na wɔrebɔ ɔbea no. Satan dii nkonim wɔ hɔ. Yiw, ɔdaadaa Hawa a ɔnkyɛe na onni osuahu pii no. Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔbɔɔ Adam kan, ansa na Hawa dii hɔ. Na ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa no, na ɔbea no na wɔdaadaa no a ɔkɔtoo mmara.”​—1 Timoteo 2:13, 14.

5. (a) Adwene bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛma wɔdaadaa yɛn ma yenya? (b) Dɛn na na ehia ɔsomafo Paulo, na dɛn nti na na ɛfata?

5 Ɛnsɛ sɛ wususuw sɛ Satan akwan a ɔfa so no rennya wo, ne sɛ ɔrentumi mma wummu Onyankopɔn mmara so. Kae kɔkɔbɔ a efi honhom mu a ese “Satan ankasa po dan ne ho sɛ hann bɔfo” no. (2 Korintofo 11:14) Na ɛyɛ ɔsomafo Paulo asɛnhia sɛ ebia Ɔdaadaafo Kɛse no bedi nkonim wɔ Paulo mfɛfo Kristofo a wonni osuahu pii no so. Paulo kyerɛwee sɛ: “Misuro sɛ ebia, sɛnea ɔwɔ no de n’anitew bɛdaadaa Hawa [bɔɔ no asɔn] no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afi Kristo fam kronnyɛ no ho.”​—2 Korintofo 11:3.

6. Dɛn na sɛ wɔbɛbɔ obi asɔn no kyerɛ?

6 Hyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ sɛ ɔdaadaa Hawa nko; ɔbɔɔ no asɔn nso. Eyi kyerɛ sɛ ɔtwetwee no kɔɔ tebea a asiane wom mu denam biribi ho akɔnnɔ a ɔma onyae anaasɛ sɔhwɛ so. Sɛnea Webster’s Third New International Dictionary kyerɛ no, asɔnbɔ kyerɛ “sɛ wɔbɛdɛfɛdɛfɛ obi ma wayɛ asoɔden,” “sɛ wobenya obi denam anifere kwan a wɔnam so ma n’ani gye biribi ho so.” Nsɛm asekyerɛ nhoma yi ka no pɔtee sɛ, asɔnbɔ kyerɛ “sɛ wɔbɛdɛfɛdɛfɛ (ɔbea) ma wɔanya no ne no ada nea edi kan.” Yebetumi anya mfaso wɔ Satan kwan a ɔfaa sɔ bɔɔ Hawa asɔn (ɛwom sɛ nna ho asɛm nni eyi mu de) no mu a yɛbɛhwehwɛ no mu ne afei nso denam akwan a ɛte saa ara a ɔfa so nnɛ no a yebehu no so.

7, 8. (a) Na Satan asɛm a obisaa Hawa no atirimpɔw ne dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na Satan maa dua no aba a wobedi yɛɛ akɔnnɔ?

7 Mfiase pɛɛ no, Satan nam anifere kwan so de ɔwɔ dii dwuma maa Hawa adwene mu fii ase yɛɛ no naa wɔ Onyankopɔn mmara ho. Wɔ nsɛm a wahyɛ da asiesie a ɛbɛma wanya adwemmɔne na wagye kyim mu no, obisae sɛ: “Ampa sɛ Onyankopɔn aka sɛ: Munnni turom ha nnua nyinaa bi?” Ná Satan nam asemmisa yi so rekyerɛ sɛ ɛyɛ mmɔbɔ sɛ ontumi nni turom hɔ nnua nyinaa bi. Nokwarem no, nea ɔkae ne sɛ, sɛ́ anka obewu te sɛ nea Onyankopɔn aka no, sɛ odi dua a wɔabara no no a, obenya mfaso ankasa mmom. Satan ka kyerɛɛ no sɛ: “Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.”​—Genesis 3:1-5.

8 Hwɛ bɔne kɛse ne anifere ara a ɛyɛ wɔ Satan fam sɛ ɔbɛka sɛ Onyankopɔn de nimdeɛ a mfaso wɔ so resuma Hawa. Sɛnea Satan kyerɛ no, na Onyankopɔn de owu ho hu rehunahuna no wɔ gyinae a n’ankasa besi ama ne ho no mu. Nea asɛm a ɔka kyerɛɛ Hawa no kyerɛ ara ne sɛ, ‘Hwɛ, worehwere ade! Ɛnyɛ owu na wubewu. Wubetumi anya anigye a Onyankopɔn nya no bi. W’ankasa wubetumi asi nea eye anaa enye ho gyinae ama wo ho.’ Hawa ani gyee ho sɛ n’ankasa betumi asi ne gyinae a ɔrenyi n’ano nkyerɛ obiara.

9. Sɛnea wɔakyerɛ wɔ Yakobo 1:14, 15 no, nsɛm a esisii nnidiso bɛn na ɛmaa Hawa yɛɛ bɔne a awiei koraa ɛma owui no?

9 Enti, Hawa fii ase hwɛɛ dua no ma ne kɔn dɔe. “Na ɔbea no hui sɛ dua no ye sɛ wodi, na ɛyɛ aniwa fɛ, na dua no dɔ kɔn na ɛbɛtew ani no, ɔtew n’aba no bi na odii.” (Genesis 3:6) Nanso akyiri yi bere a Hawa hui sɛ wannya nea ɔde hyɛɛ no bɔ no, ɔkae sɛ: “Ɔwɔ na ɔdaadaa me.” (Genesis 3:13) Nokwarem no, ɔbɔɔ no asɔn nso, na ɔnam nea ɔnam anifere kwan so maa ne kɔn dɔe anaasɛ ɔde sɔɔ no hwɛe no so twetwee no kosii sɛ pɛsɛmenkominya akɔnnɔ ma ɔyɛɛ bɔne a akyiri koraa no na ɛsɛ sɛ owu.​—Yakobo 1:14, 15.

Hwɛ Yiye Wɔ Satan Nnɛɛdɛe Ho

10. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nnipa a wonnim Satan nnɛɛdɛe no, na afotu ahorow bɛn na nyansa wom sɛ yebedi akyi?

10 Satan fa anifere kwan ahorow a ɛte saa ara so de daadaa mmofra nnɛ na ɔbɔ wɔn asɔn nso. Nanso esiane sɛ Bible no de Satan nnaadaa kwan a ɔfa so no ho abakɔsɛm nyinaa ama nti, ɛho nhia sɛ wobɛyɛ obi a onnim n’akwan. (2 Korintofo 2:11) Nea wuhia ne adwempa a wode betie kɔkɔbɔ ne afotu ahorow a Yehowa Nyankopɔn nam n’Asɛm no ne n’ahyehyɛde no so de ma no.​—Mmebusɛm 2:1-6; 3:1-7, 11, 12; 4:1, 2, 20-27; 7:1-4.

11. Ɔkwan bɛn na Satan taa fa so bɔ mmofra asɔn anaasɛ ɔdaadaa wɔn ma wɔyɛ bɔne?

11 Ɔkwan bɛn na Satan taa fa so daadaa mmofra ma wɔyɛ bɔne? Ɔyɛ saa denam ma a ɔma nneɛma a Onyankopɔn kasa tia, nneyɛe a ɛbɛma Onyankopɔn dom abɔ obi, yɛ te sɛ nea ɛyɛ anigye kɛse a bere koro no ara mu no asiane nso nni mu te sɛ nea ɔmaa aduaba no yɛe wɔ Hawa ani so no. Na te sɛ nea ɔyɛɛ Hawa no, ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma woanya adwene sɛ worehwere biribi a ɛyɛ anigye wɔ ɔkwan a ɛho nhia so. Enti Satan nam nnɛɛdɛe ne anifere kwan so bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe obu a wowɔ ma Onyankopɔn Asɛm no ne afotu a efi w’awofo a wosuro Onyankopɔn ne n’ahyehyɛde no hɔ ba no. Enti ntease pa na Bible no de ka sɛ ‘Munnyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛe [anaasɛ sɛnea The Kingdom Interlinear Translation of the Greek Scriptures ka no, “nneyɛe a efi anifere mu”] nni asi’ no.​—Efesofo 6:11.

12. (a) Nokwasɛm a ɛfa Satan ho bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa fa no aniberesɛm, na dɛn ntia? (b) Wubu nea wɔaka wɔ 1 Yohane 2:15 ne Yakobo 4:4 no dɛn? (d) Dɛn na Satan bɛpɛ sɛ ɔdaadaa wo ma wugye di?

12 Ɛda adi sɛ nyansa nnim sɛ Hawa gyee Satan atoro no dii. Na so mmofra pii mmu kɔkɔbɔ ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu anaasɛ nea wɔn awofonom anaa Kristofo mpanyimfo de ma no sɛ ɛho nhia titiriw biara nnɛ? Wo nso ɛ? Sɛ nhwɛso no, so wofa nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Satan Ɔbonsam ne wiase yi sodifo ne sɛ ɔne nneɛma nhyehyɛe yi nyame a ɔrefura nkurɔfo adwene ani no aniberesɛm? (1 Yohane 5:19; Yohane 12:31; 14:30; 16:11; 2 Korintofo 4:4) So wobɔ mmɔden ankasa sɛ wubetie Onyankopɔn ahyɛde no, sɛ: “Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase no”? (1 Yohane 2:15) Na bisa wo ho sɛ: ‘So migye nea Kyerɛwnsɛm no ka no di ankasa, sɛ “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo” no’? (Yakobo 4:4) Satan bɛpɛ sɛ ɔdaadaa wo ma wugye di sɛ asiane nni wiase no mu, ne sɛ saa na ɛte wɔ nneɛma a ɛhyɛ ho nkuran no nso mu. Nanso hwɛ yiye! Mma ɔnnnaadaa wo!

Nnaadaa Kwan A Ɔfa So Nnɛ

13. Amanne bɛn na abu so wɔ mmeae ahorow pii, na dɛn na Satan bɛpɛ sɛ yegye di wɔ ho?

13 Satan taa de nneɛma a ebia ne yɛ nyɛ bɔne anaasɛ ɛnyɛ nea wɔkasa tia ankasa wɔ Bible mu no daadaa nkurɔfo ma wɔyɛ bɔne. Sɛ nhwɛso no, bere a awarefo pii kae anigye a wonyae wɔ wɔn nantew a edi aware anim mu no, ɛyɛ nea asiane wom bere a aberante ne ababaa nkutoo yɛ nhyehyɛe pue no. Nokwarem no, nhyehyɛe a wɔyɛ pue yi yɛ nnɛyi amanne a Wiase Ko I akyi na ɛbaa so wɔ mmeae pii. Satan bɛpɛ sɛ wugye di sɛ ɛyɛ anigyede a mfomso biara nni ho a ɛma mmerante ne mmabaa tumi hu wɔn ho wɔn ho a obiara wɔ ne de. Nanso nokwasɛm ne sɛ, abrabɔ mu asiane ahorow wom.

14. (a) Dɛn na wobetumi aka wɔ amanne a ɛne nhyehyɛe a wɔyɛ pue no ho? (b) Nkate bɛn na emu betumi ayɛ den wɔ nhyehyɛe a wɔyɛ pue no mu?

14 Esiane osuahu a Kristofo a wɔanyin a wɔn ho akokwaw wɔ no nti, wonim asiane ahorow yi yiye na wobetumi de akwankyerɛ pa ama wɔ ho. (Mmebusɛm 27:12) Nanso ebia wote nka sɛ asiane biara nni nhyehyɛe a wɔyɛ pue no mu, ne sɛ w’awofo yɛ katee wɔ wo so dodo, ma enti ɛmma w’ani nnye. Nanso sɛnea wotumi de aba a nkurɔfo sow hu wɔn no, saa ara na nhyehyɛe a wɔyɛ pue no nso te. (Mmebusɛm 20:11; Mateo 7:16) Sɛ nhwɛso no, abeawa bi a wadi mfe 18 a na ɔtaa yɛ saa a onyinsɛnee kae sɛ: “Ná meyɛ mmofra mpempem pii a wosusuw sɛ ɛrentumi nka wɔn no mu biako.” Ogye toom sɛ bere a ɔyɛɛ saa mpɛn pii akyi no, “wɔn ho wɔn ho nsa a woso ne wɔn ano a wofew anyɛ wɔn hwee bio.” Saa ara na abeawa bi a wadi mfe 17 a na ɔtaa yɛ saa bɔ amanneɛ sɛ: “Mfewano ne yɛn ho yɛn ho mu a yesuso no kɔ so araa kodu baabi a mete nka sɛ ɛsɛ sɛ abarimaa no ne me da.” So ɛno yɛ nkate a wɔntaa nnya? Dabida.

15. Ɔhaw ahorow bɛn na ne fã kɛse no ara betumi ayɛ nea efi nhyehyɛe a wɔyɛ pue no?

15 Sɛ mmerante ne mmabaa a wɔn ani gye wɔn ho wɔn ho ho tew wɔn ho, sɛnea wɔtaa yɛ bere a wɔyɛ nhyehyɛe pue no a, etumi ma ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ mu yɛ den araa ma ɛma wɔn a wokura adwempa mpo bu Onyankopɔn mmara so. Susuw eyi ho, mmeawa a wonnii mfe aduonu a wɔwɔ United States no mu bɛboro ɔpepem biako nyinsɛn afe biara na wɔn mu mpem ɔhaha pii yi nyinsɛn gu anaasɛ wɔwo mma bere a wɔnwaree. Nea ɛyɛ awerɛhow no, saa mmeawa a wonnii mfe aduonu yi mu binom yɛ Yehowa Adansefo mma na saa ara na ɛte wɔ mmarimaa a wɔne wɔn nyinsɛn no mu binom fam. Ɔhaw ahorow yi ne ebia nyarewa afoforo a wɔnam ɔbarima ne ɔbea nna so nya afe biara no fã kɛse fi nnɛyi adeyɛ a wɔagye atom a ɛne nhyehyɛe a wɔyɛ pue no.

16. (a) Bere bɛn nkutoo na wobetumi adi nna ho akɔnnɔ ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so? (b) Dɛn na ɛba Onyankopɔn nkurɔfo pii so?

16 Onyankopɔn hyehyɛe sɛ ɛsɛ sɛ wodi ɔbarima ne ɔbea nna ho dwuma wɔ aware mu, faako a ebetumi ama wɔanya anigye ne akomatɔyam a eye no. (Hebrifo 13:4; Mmebusɛm 5:15-19) Nanso Satan fi anibere mu de Onyankopɔn akyɛde yi adaadaa nkurɔfo ama wɔabɔ aguaman. Wɔ tete mmere no mu no, wokunkum Israelfo 24,000 esiane bɔne yi a wɔyɛ tiaa Onyankopɔn nti, na mprempren nso, afe biara wotu nnipa mpempem pii fi Kristofo asafo no mu esiane aguamammɔ nti. Enti hu nyansa Tie afotu ne akwankyerɛ. Mma wɔnnaadaa wo.​—Numeri 25:1-9, 15-18; 31:16.

17. (a) Nnaadaa adwene bɛn na Satan hyɛ ho nkuran wɔ nneɛma te sɛ agumadi, nnwom, ne asaw ho? (b) Dɛn nti na wiase no anigyede yɛ nea asiane wom ma Onyankopɔn nkurɔfo?

17 Hwɛ yiye wɔ Satan nnɛɛdɛe afoforo no nso ho. Sɛ nhwɛso no, agumadi, nnwom ne asaw abɛyɛ wiase yi anigyede no fã titiriw. Ampa, saa nneɛma yi yɛ nyɛ bɔne ankasa na ebetumi ayɛ nea ɛma wonya anigye a mfaso mpo wɔ so. (1 Timoteo 4:8; Sakaria 8:5; Luka 15:25) Nanso Satan nam nnaadaa kwan so ama wɔanya adwene sɛ ɛyɛ nea asiane biara nni ho, sɛ ɛyɛ nea wɔne wiasefo na ɛyɛ saa bere nyinaa mpo a. Nanso Onyankopɔn Asɛm no bɔ kɔkɔ sɛ: “Mommma wɔnnaadaa mo. Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra a mfaso wɔ so. (1 Korintofo 15:33, NW) Susuw ho. Sɛ nyamesom ne amammuisɛm yɛ Satan nhyehyɛe no fã a, so ɛnyɛ nea nyansa nnim sɛ wobegye adi sɛ anigyede a wiase no hyɛ ho nkuran no yɛ nea enni tumi biara? Ɛho hia sɛ wohwɛ yiye bere nyinaa na “wiase a atwa wo ho ahyia no ammia wo amma woanyɛ sɛ ɛno.”​—Romafo 12:2, The New Testament in Modern English a J. B. Philips yɛe.

Nsiesiei A Wɔde Bɔ Mmofra Ho Ban

18. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ moma mo ani sɔ awofo a wɔde afotu ne akwankyerɛ ma mo no?

18 Yehowa Nyankopɔn fi ɔdɔ mu ayɛ nsiesiei a ɛbɛbɔ mo mmofra ho ban na amma wɔannaadaa mo. Nea edi kan no, wama moanya awofo a wɔde afotu ne akwankyerɛ bɛma mo. Na mubetumi ama mo ani agye bere a wɔyɛ saa no. Abeawa bi a wadi mfe 18 a onyinsɛnee bere a ɔnwaree a onni anigye kae sɛ “sɛ m’awofo yɛɛ wɔn adwuma a ɛsɛ sɛ awofo yɛ na wɔkaa asiane a ɛwɔ mpenatwe mu no na wɔbaraa me wɔ ɛno ho a, anka ɛremma saa.” Enti sɛ wowɔ awofo a wosuro Onyankopɔn a, ma w’ani nsɔ wɔn. Ɛnyɛ nea wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛka wo ahyɛ na ama asetra ayɛ nea anigye nnim ama wo denam anohyeto ahorow a wɔde ma wo no so. Mmom no, wɔdɔ wo na wɔpɛ sɛ wɔbɔ wo ho ban. Fa wɔn osuahu ne nyansa no di dwuma denam wɔn afotu a wobɛhwehwɛ no so.

19. Mmoa afoforo bɛn na wɔde ama na abɔ mmofra ho ban?

19 Bio nso, Yehowa de n’asase so ahyehyɛde no ama na aboa wo. Sɛ nhwɛso no, asɛm a ɛne “Mmofra Bisa Sɛ . . . ” no pue wɔ Nyan! biara a ɛba no mu na ɛkyerɛ nyansa a ɛwɔ Yehowa gyinapɛn ahorow no mu. Saa ara na wɔde School and Jehovah’s Witnesses nhomawa no mae na aboa mo ma moadi Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm so wɔ sukuu mu. Wɔde nkuranhyɛ ne afotu pii nso ma wɔ Ɔwɛn-Aban no mu, ne afei nso asafo, ɔmansin, ne ɔmantam nhyiam ahorow ase. Ampa, saa asɛm, “Mmofra​—Mommma Wɔnnnaadaa Mo” yi ankasa mpo yɛ ɔkasa bi a wɔmae wɔ ɔmantam nhyiam bi ase nnansa yi ara ne ɔsom Nhyiam dwumadi bi fã.

20. (a) Dɛn nti na wɔde mmoa pii ma mmofra? (b) Su bɛn na ɛbɛboa mo ma moako atia mmɔden a Satan bɔ sɛ ɔbɛdaadaa mo no?

20 Ɛnsɛ sɛ mususuw sɛ ani a yɛma ekũ mo ho yi nyinaa yɛ nea yɛde rebɔ mmɔden sɛ yɛde bɛka mo ahyɛ wɔ anigye a morenya no mu. Mmom no, Onyankopɔn ahyehyɛde no dɔ mo na biribiara a etintim ne nea ɛka no yɛ nea ɛde rebɔ mo ho ban​—nea wɔde regye mo nkwa! Momma mo ani nsɔ nsiesiei ahorow yi. Momfa Bible no sua a Asafo nhoma ahorow ka ho nyɛ mo su; momma Bible mu nokware ahorow no ho anigye nka mo na monkyerɛ ho anisɔ. Momma mo adwene nyɛ sɛ abofra a wadi mfe 18 yi de no, a ɔno na bere a wasusuw afotu a ɛfa mmofra ho tẽẽ ho akyi no, ɔkaa eyi no: “Ɛma mihu nya a yɛn mmofra nkumaa anya sɛ yɛwɔ nokware no mu no! Ahyehyɛde foforo biara nni asase so a esusuw ne mmofra ho na ɛdɔ wɔn kɛse saa!” Momma yɛnka mmom na yɛnko ntia mmɔden ahorow a ɔbonsam bɔ sɛ ɔbɛdaadaa yɛn no, efisɛ yenim n’akwan!

Nti̇̃mu Adaka

◻ Dɛn nti na Satan de mmofra ayɛ ne botae titiriw?

◻ Ɔkwan bɛn so na Satan daadaa Hawa ma ɔyɛɛ bɔne?

◻ Ɔkwan bɛn na Satan taa fa so nnɛ de daadaa mmofra ma wɔyɛ bɔne?

◻ Nsiesiei horow bɛn na ɛwɔ hɔ a wɔde bɔ mmofra ho ban?

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Sɛnea Satan pawee sɛ ɔbɛdaadaa Hawa a na onni osuahu pii te sɛ Adam no, saa ara na Satan de mmofra yɛ ne botae titiriw

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Sɛ mmofra tew wɔn ho a, nna ho akɔnnɔ ano betumi ayɛ den na ama wɔabu Onyankopɔn mmara so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena