Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 12/1 kr. 3-4
  • Daniel Nkɔmhyɛ No Adaeso Ahorow A Ɛkã Wo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Daniel Nkɔmhyɛ No Adaeso Ahorow A Ɛkã Wo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkɔmhyɛ Adaeso Ne Anisoadehu Ahorow
  • Wɔtew Ano Wɔ “Awiei Bere” Mu
  • Tie Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm Ma Yɛn Bere Yi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Daniel Nhoma no ne Wo
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Daniel Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Daniel​—Nkɔmhyɛ Nhoma A Ɛyɛ Nokware
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 12/1 kr. 3-4

Daniel Nkɔmhyɛ No Adaeso Ahorow A Ɛkã Wo

“Munim, medan kɔ mo tete adiyifo a wɔwɔ Apam Dedaw mu no ne nsɛnkyerɛnne ahorow a ɛka Harmagedon ho asɛm no so, na ɛma misusuw ho sɛ ebia yɛne awo ntoatoaso a ɛrebehu bere a ɛno bɛba no. Minnim ara sɛ ebia moahyɛ saa nkɔmhyɛ ahorow no bi nsow nnansa yi a, nanso nokwasɛm ne sɛ ɛka mmere a yɛwom yi ho asɛm pɛpɛɛpɛ.”​—U.S. Ɔmampanyin Ronald Reagan.

ƐNYƐ ɔmampanyin Reagan nko ne onipa a wate nka sɛ ebia bere a yɛwom yi ne nea wɔkaa ho asɛm too hɔ wɔ Bible nkɔmhyɛ ahorow mu no. Sɛnea mprempren wiase nsɛm tebea ne Kyerɛwnsɛm mu nkɔmhyɛ ahorow hyia no ama nnipa ɔpepem pii foforo nso ho adwiriw wɔn. Nanso ɛnyɛ ahohia bere a ɛso bi mmae da nko na nkɔmhyɛ no ka ho asɛm to hɔ na mmom trenee nneɛma nhyehyɛe foforo a ebedi akyi aba ntɛm nso.

Asɛm yi na efi nsɛm afoforo anan a ebepue akyiri yi wɔ Ɔwɛn-Aban no mu a woasiesie na ama woahu tete adiyifo yi mu biako a na ne din de Daniel no. Ebi a woate ne ho asɛm. Na ɔyɛ Yudani a ofi adehye abusua mu. Bere a na Daniel yɛ aberante no, wɔde no kɔɔ Babilon a ɛhɔ na wɔtetee no wɔ Nebukadnesar a na ɔyɛ Babilon Ahemman no hene a ɔto so abien no ahemfie. Na eyi yɛ afeha a ɛto so ason A.Y.B. awiei mu hɔ, ansa na Yerusalem sɛe no reba. Daniel traa nnommumfa mu kosii sɛ Babilon hwee ase wɔ 539 A.Y.B. mu na ɛno akyi na ɔkɔsomee wɔ Medo-Persia ahemfo a wodi kan no ahemfie. Bere a na ɔwɔ nnommumfa mu no, ɔkyerɛɛ adaeso ahorow ase na onyaa honhom mu adehu ahorow a ɛfa yɛn bere yi ho. Yiw, nea Daniel ka too hɔ no fa wo ne w’abusua ho.

Nkɔmhyɛ Adaeso Ne Anisoadehu Ahorow

Nokwarem no, adaeso ne anisoadehu ahorow a ɛwɔ Daniel nhoma no mu no yɛ bere tiaa ne bere tenten mu nkɔmhyɛ ahorow. Ɛyɛ wiase abakɔsɛm a wɔadi kan akyerɛw ato hɔ. Na yedi kan hu tumi ho apereperedi a akɔ so wɔ nnipa, ahenni ahorow, ne amammui ahemman ahorow ntam fi Daniel bere so wɔ abakɔsɛm mu ara abedu “awiei bere” no mu no.​—Daniel 8:17, 19.

Ɛsɛ sɛ bere tiaa mu nkɔmhyɛ ahorow no mmamu ma yenya ahotoso wɔ bere tenten mu nkɔmhyɛ ahorow a ebedu yɛn bere yi so no mu. Bere tiaa mu nkɔmhyɛ ahorow no bi ne nea ɛwɔ he?

Ná biako yɛ ɔdae a ɛfa dua kɛse bi a wotwa too fam na wɔkyekyeree no mfe anaasɛ “mmere ason” ansa na wɔrema kwan ma asan afefɛw bio no ho. (Daniel 4:10-17) Wɔ nkɔmhyɛ yi bere tiaa mmamu mu no na ɛfa Ɔhene Nebukadnesar a ɔsoo dae no ho. Afe biako akyi no, ‘wotwaa’ sodifo yi ‘fii hɔ’ denam adwenemyare so. Ɔyɛɛ n’ade sɛ wuram aboa mfe ason. Afei wɔ ‘nna a wɔka too hɔ akyi no,’ Nebukadnesar adwene san ba maa no na wɔsan de n’ahenni nso maa no. (Daniel 4:28-37) Sɛnea The International Standard Bible Encyclopedia kyerɛ no, atetesɛm ahorow kyerɛ sɛ ɛrekɔ Nebukadnesar ahenni awiei no, ɔyaree. Nanso na saa dae yi wɔ bere tenten mu mmamu nso, sɛnea nsɛm afoforo a ɛbɛba akyiri yi bɛkyerɛ no.

Bere tiaa mu nkɔmhyɛ foforo a ɛwɔ Daniel nhoma no mu nso ne anwonwa kwan a nsa bi bɛkyerɛw ɔdan a na Nebukadnesar bananaBelsasar retow pon ama n’abirɛmpɔn wom no afasu ho no. (Daniel, ti 5) Na wɔregu adwinne kronkron a wɔakɔfa afi Yehowa asɔrefi a ɛwɔ Yerusalem no ho fĩ. Wɔ honhom akwankyerɛ ase no, Daniel kyerɛɛ saa ɔsoro atemmu no mu asɛm no ase. Na wɔ ne mmamu mu no, “anadwo no ara” Babilon hwee ase na “wokum Kaldeafo hene Belsasar,” sɛnea Helani abakɔsɛm kyerɛwfo Xenophon si so dua no. (Daniel 5:30) Na nnɛ nnipa nsateaa nkyerɛwee gu afasu ho ma mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi. Yɛbɛkyerɛkyerɛ eyi nso mu wɔ nea ɛbɛba akyiri yi no bi mu.

Wɔtew Ano Wɔ “Awiei Bere” Mu

Ɛrekɔ Daniel nkɔmhyɛ nhoma no awiei no, ɔkyerɛw asɛm yi a ɔbɔfo bi ka kyerɛ no no too hɔ sɛ: “Na wo, Daniel, toto nsɛm no mu na sɔ nhoma no ano kodu awiei bere no; nnipa bebree bɛtweetwee mu na nimdeɛ adɔɔso.”​—Daniel 12:4.

Ɛnnɛ “nimdeɛ” a ɛfa Bible nkɔmhyɛ mmamu ho no adɔɔso ampa. Nhumu a adɔɔso yi ama Bible asuafo ɔpepem pii agye adi sɛ yɛwɔ “awiei bere” mu ampa ne sɛ, Onyankopɔn trenee Ahenni no abɛn. (Daniel 2:44) Ɛrekyerɛ sɛnea Daniel nhoma no fa eyi ho no, Soncino Books of the Bible no ka sɛ: “Di a trenee bedi nkonim awiei koraa no, bere a wɔde Onyankopɔn Ahenni no asi hɔ akyi no yɛ nea wɔka ho asɛm titiriw wɔ Daniel.”

So wowɔ anidaso sɛ ‘trenee bedi nkonim awiei koraa no’? Sɛ saa a, ɛnde na Daniel nkɔmhyɛ adaeso ne anisoadehu ahorow no ho hia wo kɛse. Asɛm a edi hɔ yi bɛka eyinom mu bi ho asɛm akyerɛ wo na ɛde adanse bɛma a ɛkyerɛ sɛ Daniel yɛ nkɔmhyɛ nhoma a ɛyɛ nokware.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena