Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 10/1 kr. 10-15
  • Mikael, Ɔbapɔmma Kɛse No Sɔre Gyina

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mikael, Ɔbapɔmma Kɛse No Sɔre Gyina
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mikael, Ɔbapɔmma Kɛse No
  • “Ogyina Hɔ” Ma Daniel Man
  • Mikael ‘Sɔre Gyina’
  • Wɔn A Wobenya Nkwa Wɔ “Ahohia Bere” Mu
  • Hena Ne Ɔbɔfo Panyin Mikael?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nokware Asomfo a Yebehu Wɔn Wɔ Awiei Bere no Mu
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Onyankopɔn Somafo Hyɛ No Den
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Nniso A Wɔbɛsesa​—Ɛrenkyɛ!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 10/1 kr. 10-15

Mikael, Ɔbapɔmma Kɛse No Sɔre Gyina

“Ɛbere no mu na Mikael, ɔbapɔmma kɛse a ogyina hɔ ma wo man mma no bɛsɔre agyina.”​—Daniel 12:1.

1. Nsɛm a ebesisi daakye wɔ wiase no mu bɛn na wohu siei wɔ Bible no mu, na eyi nti nsemmisa bɛn na ɛsɔre wɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho?

YEHOWA de kɔkɔbɔ a ɛfata ama: Asomdwoe remma asase so bere tenten a benkum fam hene ne nifa fam hene no ntam akameakamedi no kɔ so no. Tumi abien yi benya nneɛma a wɔn adwene renhyia wɔ ho bere nyinaa. Bio nso, wɔ wɔn nitan no awiei no, benkum fam hene no bɛpɛ sɛ ɔsɛe Onyankopɔn nkurɔfo honhom mu yiyedi a wɔwom no ansa na ‘n’awiei aba.’ (Daniel 11:44, 45) So Onyankopɔn nkurɔfo benya nkwa wɔ ntua no mu? Na dɛn na ɛba nifa fam hene no so bere a ne tamfo kɛse awiei ba no?

2, 3. (a) Nkɔmhyɛ a yehu wɔ Hesekiel nhoma no mu bɛn na ɛboa yɛn ma yɛte nkɔmhyɛ a ɛfa benkum fam hene ne nifa hene no ho no ase? (b) Sɛnea Hesekiel nkɔmhyɛ no kyerɛ no, dɛn na ebefi ntua kɛse a etwa to a ɛbɛba Onyankopɔn nkurɔfo so no mu aba?

2 Nkɔm a Hesekiel a ɔtraa ase wɔ Daniel bere so hyɛe no boa yɛn ma yebua nsemmisa ahorow yi? Wɔde honhom kaa Hesekiel nso ma ɔkaa “nna a edi akyiri no” ho asɛm na ɔde kɔkɔbɔ mae wɔ sɔre a ‘Gog a ofi Magog’ bɛsɔre ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo asase no ho. (Hesekiel 38:2, 14-16; Daniel 10:14) Wɔ saa nkɔmhyɛ no mu no, Gog gyina hɔ ma Satan na n’asraafo gyina hɔ ma Satan adwumayɛfo a wɔwɔ asase so a wɔbɛbɔ mmɔden a etwa to sɛ wɔbɛtɔre Onyankopɔn nkurɔfo ase no nyinaa. Esiane sɛ saa ntua yi a ɛte sɛ benkum fam hene de no ba wɔ nna a edi akyiri no mu nti, ɛyɛ nea ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ benkum fam hene no ‘ahemfi ntamadan a ɔde si bepɔw fɛfɛ kronkron no ntam’ no yɛ nea ɔde boa Gog ntua no. (Daniel 11:40, 45) So ntua no bedi nkonim?

3 Hesekiel hyɛɛ nkɔm sɛ: “Na ɛda no, ɛda a Gog bɛba Israel so no, Awurade [Yehowa] asɛm ni, m’abufuw mu yamgya bɛdɛw. Na mede owuyare ne mogya ne wɔn bedi, na mɛtɔ osu a ehwie na ɛsram so ne amparubo, ogya ne sufre agu ɔno ne n’asafotow ne aman bebree a wɔkeka ne ho no so.” (Hesekiel 38:18, 22) Dabi, ntua no renni nkonim. Wobegye nokware Kristofo na wɔbɛsɛe Gog dɔm no.​—Hesekiel 39:11.

4. So nifa fam hene no benya nkwa bere a benkum fam hene no awiei aba no? Nkɔmhyɛ afoforo bɛn na ɛboa mmuae yi?

4 Ɛnde ɛda adi sɛ benkum fam hene no awiei bere no yɛ awiei bere ma Gog ne ne dɔm nyinaa a nifa fam hene no nso ka ho. Eyi ne nkɔmhyɛ afoforo a ɛwɔ Daniel nhoma no mu no hyia. Sɛ nhwɛso no, yɛkenkan sɛ bere a wɔde Onyankopɔn Ahenni asi hɔ akyi no, “ebebubu ahenni horow no nyinaa [a benkum fam hene ne nifa fam hene no nyinaa ka ho] ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” (Daniel 2:44) Afei nso, wɔ Daniel anisoadehu a ɛfa odwennini ne ɔpapo ho no mu no, na abɛn ketewaa bi na egyina hɔ ma Anglo-Amerika amammui tumi no. Ahyehyɛde bi a ɛkorɔn sen onipa de na ɛsɛee abɛn ketewaa yi wɔ “wɔn ahenni akyiri bere” no mu na ɛnyɛ benkum fam hene no: “Ɛnyɛ [onipa] nsa na ebebubu no.”​—Daniel 7:24-27; 8:3-10, 20-25.

Mikael, Ɔbapɔmma Kɛse No

5. Hena na ɔbɛyɛ Yehowa Nanmusifo Panyin a ɔnam no so begye Ne nkurɔfo nkwa, na dɛn nti na eyi fata?

5 Ɔbɔfo a odi hɔ no ka Ɔnanmusifo a Yehowa de no bedi dwuma ma wasɛe tumi horow yi nyinaa ho asɛm kyerɛ. Ɔka sɛ: “Ɛbere no mu na Mikael, ɔbapɔmma kɛse a ogyina hɔ ma wo man mma no bɛsɔre agyina; na ɛbɛyɛ ahohia bere a efii sɛ ɔman bae no besi bere no so ɛmmae da, na ɛbere no mu na wobegye wo manfo afi mu, obiara a wobehu sɛ wɔakyerɛw ne din nhoma no mu no.” (Daniel 12:1) Wɔ ɔbɔfo no nkɔmhyɛ mfiase no, wɔkaa Mikael ho asɛm sɛ na ɔreko ama Israel de atia Persia ne Hela mmapɔmma (Daniel 10:20, 21) Afei, bere a nkɔmhyɛ no rebɛn n’awiei no, Mikael koro yi ara ‘asɔre agyina’ ama Daniel nkurɔfo. Hena ne saa Onyankopɔn nkurɔfo nkonimdifo yi?

6, 7. (a) Sɛnea Kristoman mu nhomanimfo bi kyerɛ no, hena ne Mikael? (b) Bible mu adanse bɛn na ɛboa yɛn ma yehu Mikael yiye?

6 Wɔ 1800 mfe no mfiase mu hɔ pɛɛ no, Bible suani Joseph Benson kae sɛ Mikael ho nkyerɛkyerɛmu a wohu wɔ Bible mu no “twe adwene si Mesia no so pefee.” afeha a ɛto so dunkron no mu Lutheranni E. W. Hengsteberg gye toom sɛ “Mikael nyɛ obiara sɛ Kristo.” Saa ara nso na bere a ɔsɔfo J. P. Lange reka Adiyisɛm 12:7 ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛfa no sɛ efi mfiase no . . . Mikael ne Kristo a ɔhyɛ akotade a ɔreko atia Satan no.” So Bible no gye eyi tom? Yiw, ɛyɛ saa.a

7 Sɛ nhwɛso no, sɛnea ɔbɔfo no kyerɛ no, Mikael “bɛsɔre agyina.” Wɔ ɔbɔfo no nkɔmhyɛ no mu no, “sɛ wɔbɛsɔre” anaasɛ “wɔbɛsɔre agyina” (Hebri, ‛a·madhʹ) no betumi akyerɛ sɛ “sɛ wɔde mmoa bɛma.” (Daniel 11:1) Ebetumi akyerɛ sɛ “sɛ wɔbɛsɔre ahyɛ,” “sɛ wɔbɛtew atua,” “sɛ wɔbɛsɔre atia,” anaasɛ “sɛ wobegyina ano” nso. (Daniel 11:6, 11, 14, 15, 16a, 17, 25) Nanso ɛtaa twe adwene si ɔhene bi adeyɛ, sɛ ebia ɔfa ne tumi anaasɛ ɔyɛ ade wɔ ɔkwan a etu mpɔn so sɛ ɔhene no so. (Daniel 11:2-4, 7, 16b, 20, 21, 25) Eyi ne ntease a ɛne ɔbɔfo no nsɛm a ɛwɔ Daniel 12:1 no hyia yiye. Na ɛda adi sɛ ɛboa nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Mikael ne Yesu Kristo, efisɛ Yesu ne Yehowa Hene a wapaw no a ɔde ahyɛde ama no sɛ ɔnsɛe aman ahorow no nyinaa wɔ Harmagedon. (Adiyisɛm 11:15; 16:14-16; 19:11-16) Ɛne nkɔmhyɛ afoforo a ɛkyerɛ bere a Onyankopɔn Ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo ase no yɛ ade tia saa wiase yi amanaman no nso hyia.​—Daniel 2:44; 7:13, 14, 26, 27.

8, 9. (a) Henanom na mfiase no na wɔne ‘Daniel man,’ na wɔne henanom mprempren? (b) Ɔkwan bɛn so na Mikael ada anigye kɛse a ɔwɔ wɔ ‘Daniel man’ ho no adi wɔ mfe pii a atwam no mu no?

8 Wofi bere tenten de Mikael abata ‘Daniel man’ a wɔne Israelfo no ho. Na ɔne wɔn na ɛwɔ sare no so na ɔboaa wɔn ma wɔko tiaa tete ahemman ahorow ahonhom “mmapɔmma.” (Daniel 10:13, 21; Exodus 23:20, 21; Yuda 9) Na wɔwoo no wɔ asase so sɛ onipa a wɔfrɛ no Yesu sɛ ɔmmɛyɛ Mesia a wɔde bere tenten ahwɛ ne kwan no, “aseni” a wɔde no hyɛɛ Daniel nana Abraham bɔ no. (Genesis 22:16-18; Galatifo 3:16; Asomafo no Nnwuma 2:36) Nea ɛyɛ awerɛhow no, honam fam Israel sɛ ɔman no, pow Yesu; enti Yehowa pow wɔn sɛ ne man titiriw. (Mateo 21:43; Yohane 1:11) Ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔde ne din bɛto ɔman foforo bi so, honhom mu “Nyankopɔn Israel” a honam fam Yudafo ne nnipa a wɔnyɛ Yudafo a wogye Yesu di wom.​—Galatifo 6:16; Asomafo no Nnwuma 15:14; 1 Petro 2:9, 10.

9 Wɔkyekyee ɔman foforo a ɛne Kristofo a wɔasra wɔn asafo yi wɔ 33 Y.B. mu na ɛno akyi no, ɛsom sɛ Onyankopɔn Israel. Ɛdefi saa bere no reba no, eyi bɛyɛ ‘Daniel man.’ (Romafo 2:28, 29) Ansa na Yesu renyan afi awufo mu akɔ soro wɔ 33 Y.B. mu no, ɔhyɛɛ ‘Daniel man’ no bɔ sɛ ɔbɛkɔ so agyina wɔn akyi bere a ɔkaa eyi kyerɛɛ wɔn a wɔbɛyɛ saa Israel foforo no mufo no: “Na hwɛ me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.”​—Mateo 28:20; Efesofo 5:23, 25-27.

“Ogyina Hɔ” Ma Daniel Man

10. Sɛnea asɛm a ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Daniel kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na Mikael rebɛyɛ ade wɔ ɔkwan pɔtee bi so, na nsemmisa bɛn na eyi ma ɛsɔre?

10 Nanso afei ɔbɔfo no ka sɛ Mikael bɛyɛ ade wɔ ɔkwan pɔtee bi so. Bere a ɔde asɛmfua ‘gyina hɔ’ adi dwuma mprenu no, ɔka sɛ: “Ɛbere no mu na Mikael, ɔbapɔmma kɛse a ogyina hɔ ma wo man mma no bɛsɔre agyina.” (Daniel 12:1) Dɛn na ‘sɔre a Yesu sɔre gyina’ no kyerɛ? Na ɔkwan bɛn so na obetumi ‘asɔre agyina’ sɛ ‘wasɔre agyina ama [Daniel] man’ dedaw a? Ansa na yebebua nsemmisa ahorow yi no, susuw asɛm bi a ɛbɛma yɛatumi ate asɛm no ase ho.

11. Ɔkwan bɛn so na ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ yɛbɛka sɛ Yesu ‘gyina hɔ’ fi 1914?

11 Wɔ Yesu wusɔre wɔ 33 Y.B. mu akyi no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.” (Mateo 28:18) Yesu fi bere tenten adi tumi a ɛte saa wɔ ne nkoa a wɔasra wɔn wɔ asase so no so. (Kolosefo 1:13) Nanso, na bere nnui sɛ Yesu bedi tumi sɛ Onyankopɔn Ahenni no Hene. Mmom no, bere a ɔforo kɔɔ soro akyi no, ‘ɔtraa Onyankopɔn nsa nifa’ kosii bere a na wɔde saa Ahenni no besi hɔ. (Dwom 110:1, 2; Asomafo no Nnwuma 2:34, 35) Saa bere no bae wɔ 1914 a ɛyɛ “bere a wɔahyɛ” no mu. (Daniel 11:29) Wɔ saa afe no mu no, wɔde Yesu sii hene sɛ Onyankopɔn Ahenni so Hene na ntɛm ara sɛ ɔbɔfo panyin Mikael no, ɔtow Satan fii soro kyenee. (Adiyisɛm 11:15; 12:5-9) Enti efi 1914 reba no, Yesu ‘gyina hɔ’ sɛ Ɔhene.​—Dwom 2:6.

12, 13. Nhyira titiriw bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo anya fi 1914 a ɛkyerɛ sɛ Yesu ‘gyina hɔ ma Daniel man’?

12 ‘Gyina a Yesu gyina hɔ’ no ayɛ nhyira kɛse ama ‘Daniel man.’ Di a wabedi tumi ne tow a watow Satan akyene asase so no atew wɔn daakye fi a ɛwɔ soro no ho. (Yohane 14:2, 3) Wɔ ɛno akyi no, wobetumi anyan wɔn a wɔawuwu dedaw wɔ nokwaredi mu no afi awufo mu ma wɔakonya wɔn soro apɛgyade no. (1 Tesalonikafo 4:16) Wɔn nkaefo a wɔda so ara wɔ asase so no huu ɔtaa kɛse mu amane wɔ wiase nyinaa ko a edi kan a ɛkame ayɛ sɛ ɛmaa wogyaee wɔn asɛnka adwuma no mu. Nanso wɔ 1919 mu no, wɔsan hyɛɛ wɔn den na wɔsan woo wɔn bio wɔ wiase no mu sɛ ɔman foforo.​—Yesaia 66:7, 8; Adiyisɛm 9:14; 11:11, 12.

13 Wɔ ɛno akyi no, Yesu dii ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ‘ɔbɛsoma n’abɔfo na wɔakɔboaboa hintidua ne wɔn a wodi nsɛmmɔne nyinaa ano’ no so. (Mateo 13:41) Wɔ ɔkwan yi so no, wakɔ so anya Kristofo a wɔasra wɔn a ‘wonim wɔn Nyankopɔn, wɔyɛ den na wɔayɛ ade yiye’ asafo a ɛho tew. Wɔaka Ahenni no ho asɛm wɔ asase nyinaa so ma enti ‘wɔama nnipa bebree anya nhumu.’ (Daniel 11:32, 33; Mateo 24:14) Efi 1935 reba no, Yehowa de “nguan foforo” a wɔredɔɔso a wɔwɔ asase so anidaso na wɔde nokwaredi anya Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa abɛka asafo yi ho.​—Yohane 10:16; Adiyisɛm 7:9, 14, 15.

14. Dɛn na afi ‘gyina a Yesu gyina hɔ ma Daniel man’ wɔ nna a edi akyiri yi mu nyinaa no mu aba?

14 Wɔ a saa Kristofo kuw yi wɔ hɔ nnɛ no yɛ nwonwa. Wɔ wiase a amammuisɛm ama emu apaapae mu no, wɔakɔ so akura afã biara a wonni wɔ amammuisɛm mu sɛ Onyankopɔn Ahenni nkoa no mu. (Yohane 17:14) Esiane eyi nti, wɔahyia ɔtaa wɔ ahene baanu no nyinaa nsam. Atoro nyamesom nso ayɛ nhyehyɛe ne apam sɛ wɔbɛtɔre wɔn ase. Sɛ anka ɛbɛba saa no, wɔadi yiye mmom na nnɛ wohu wɔn wɔ nsase bɛboro 200 so na wɔboro nnipa anokwafo ɔpepem abiɛsa. Wonya honhom mu paradise mu anigye wɔ Kristo nniso ase a ɛne sum ne abasamtu a ɛwɔ wiase yi mu no bɔ abira koraa. (Yesaia 65:13, 14) Enti, Yesu ‘agyina hɔ ama [Daniel] man mma’ wɔ nna a edi akyiri yi mu nyinaa.​—Daniel 12:1.

Mikael ‘Sɔre Gyina’

15. Ɔkwan bɛn so na Yesu ‘sɔre gyina,’ na eyi ba wɔ bere bɛn?

15 Ɛnde ɔkwan bɛn so na Yesu a “ogyina hɔ” dedaw no ‘sɔre gyina’ wɔ saa bere no mu? (Daniel 12:1) Ɛkyerɛ sɛ ne nniso kɔ tebea foforo bi mu sɛnea yebetumi aka no. Bere adu sɛ ɔbɛyɛ ade wɔ ɔkwan titiriw bi so de agye ‘Daniel man’ afi ɔsɛe mu wɔ nnipa nniso nsam. (Hesekiel 38:18, 19) Ɛda adi sɛ “ɛbere” a wɔaka ho asɛm wɔ ha no yɛ benkum fam hene ne nifa fam hene no “awiei bere” a benkum fam hene pɛ sɛ ɔsɛe honhom mu yiyedi a Onyankopɔn nkurɔfo wom no. (Daniel 11:40-45) Ansa na bere yi bɛba no, na Yesu asase so nkoa anokwafo no nkutoo na wabu ne nniso no aniberesɛm (Dwom 2:2, 3) Nanso afei na bere adu sɛ “wobeyi Awurade Yesu adi,” bere a wɔbɛhyɛ obiara ma wɔagye n’ahenni atom no. (2 Tesalonikafo 1:7, 8) Sɛe a wɔbɛsɛe asɔretiafo dɔm nyinaa a Yesu ne ne mfɛfo adedifo Mfirihyia Apem Nniso no bedi akyi aba bere a Ahenni no na ɛbɛyɛ nniso biako pɛ a ebedi adesamma so tumi no bɛyɛ nea ɛka eyi ho.​—Adiyisɛm 19:19-21; 20:4.

16. Dɛn na efi ‘sɔre a Yesu sɔre gyina’ tia aman a wɔyɛ amumɔyɛfo no mu ba?

16 Nea ɛne eyi hyia no, ɔbɔfo no ka sɛ, sɛ Mikael sɔre gyina a, “ɛbɛyɛ ahohia bere a efii sɛ ɔman bae no besi bere no so ɛmmae da.” (Daniel 12:1; fa toto Mateo 24:21 ho.) Ɛbɛyɛ bere a wɔbɛsɛe abɔnefo na wɔagye wɔn a wodi nokware no nkwa. (Mmebusɛm 2:21, 22) Tie ade a ɛyɛ hu a adesamma a wonni nokware no bɛyɛ wɔ ho wɔ saa bere no mu no: “Na wɔka kyerɛ mmepɔw ne abotan no sɛ: Monhwe yɛn so mfa yɛn nhintaw mfi nea ɔte ahengua no so ne oguammaa no abufuw ho, efisɛ n’abufuw da kɛse no adu, na ɛhena na obetumi agyina ano?”​—Adiyisɛm 6:16, 17.

17. Dɛn na ɛbɛba Satan asase so dɔm a benkum fam hene ne nifa fam hene no ka ho no so?

17 Wɔaka nea ebefi “ahohia bere” a ɛbɛba Satan asase so dɔm no so ho asɛm wɔ Hesekiel nkɔm a ɔhyɛ de tiaa Gog a ofi Magog no mu sɛ: “Israel mmepɔw so na wobɛtɔ, wo ne w’asafotow nyinaa ne aman a wɔka wo ho no.” (Hesekiel 39:4) Bere a Yeremia reka ahohia bere koro no ara ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Na da no na [Yehowa] bɛma atɔfo adeda hɔ afi asase awiei akosi asase awiei.” (Yeremia 25:33) Ɛbɛyɛ ahohiahia bere ampa. Yesu bɛma adesamma akodi ho abakɔsɛm tenteenten no aba awiei bere a ‘ɔbɛsɔre agyina’ na wayi nnipa tumi horow a wɔma eyi ba no afi hɔ no.​—Dwom 46:9; 1 Korintofo 15:25.

Wɔn A Wobenya Nkwa Wɔ “Ahohia Bere” Mu

18. (a) Osuahu bɛn na nokware asomfo benya bere a Mikael ‘bɛsɔre agyina’ no? (b) Dɛn na ‘wɔn din a wɔbɛkyerɛw wɔ nhoma mu no’ kyerɛ?

18 Bere a Onyankopɔn nkurɔfo bɛte nea ebefi wɔn atamfo nitan mu aba no nka no, eyi bɛyɛ “ahohia bere” ama abɔnefo titiriw. (Dwom 37:20) Ɔbɔfo no ka kyerɛ Daniel sɛ: “Na ɛbere no mu na wobegye wo manfo afi mu, obiara a wobehu sɛ wɔakyerɛw ne din nhoma no mu no.” (Daniel 12:1) Na ‘Daniel man mma’ no mufo pii awuwu ma wɔn nsa aka wɔn soro akatua wɔ saa bere yi mu. Akyinnye biara nni ho sɛ saafo yi ne Mikael benya saa sraadi mu nkonimdi kɛse yi mu kyɛfa. (Adiyisɛm 2:26, 27; Dwom 2:8, 9) Wɔn a wɔbɛka wɔ asase so no rennya ɔko no mu kyɛfa; nanso wɔbɛyɛ mudi mu kurafo enti wobegye wɔn nkwa. (Adiyisɛm 17:14; 19:7, 8) Wɔn ahokafo a wɔne “nnipakuw kɛse” no nso benya nkwa. (Adiyisɛm 7:9, 14) Enti nkaefo a wɔasra wɔn no ne “nguan foforo” no nyinaa ‘behu sɛ wɔakyerɛw wɔn din wɔ nhoma no mu,’ kyerɛ sɛ wɔbɛkyerɛw wɔn din sɛ wɔfata sɛ wonya akyɛde a ɛne daa nkwa wɔ soro anaasɛ asase so.​—Yohane 10:16; Exodus 32:33; Malaki 3:16; Adiyisɛm 3:5.

19. (a) Ɔkwan bɛn so na ‘sɔre a Mikael bɛsɔre agyina’ no de asomdwoe bɛba asase no so? (b) Asemmisa a ɛsɛ sɛ yebua bɛn na aka?

19 Eyinom benya hokwan a ɛbɛma wɔahu nokware asomdwoe a wɔde bɛba asase so nyinaa no. Wobehu Yehowa bɔhyɛ yi mmamu: “Na wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ, na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa] no, wɔn na wobenya asase no adi.” (Dwom 37:9) Esiane sɛ Onyankopɔn Ahenni na ɛbɛyɛ nniso biako pɛ a ebedi asase no so wɔ saa bere no mu nti, onipa biara a ɔte nkwa mu no bɛyɛ Yehowa akoa. (Yesaia 11:9) Enti wɔ ahene baanu no “awiei bere no mu no” Mikael “bɛsɔre agyina” na wama adesamma anya asomdwoe. Akode ahorow a tumi akɛse no aboaboa ano anaasɛ biribi foforo biara rentumi nsiw eyi kwan. Ɛnde so ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛtwɛn kosi saa bere no ansa na yɛanya asomdwoe? Dabi, asomdwoe bi wɔ hɔ a Kristofo betumi anya mu anigye mpo mprempren​—nokwarem no, ɛyɛ asomdwoe bi a eye sen ɔko a enni hɔ ara kwa. Ɛyɛ asomdwoe bɛn? Ɔbɔfo no nkɔmhyɛ a ɔde maa Daniel no kɔ so ma yehu eyi.

[Ase hɔ asɛm]

a Esiane sɛ wɔfrɛ Mikael sɛ ɔbɔfo panyin nti, ebinom te nka sɛ hu a wobehu no sɛ ɔne Yesu no ma nidi anaasɛ dibea a ɔwɔ no so tew wɔ ɔkwan bi so. (Yuda 9) Nanso, adanse a ɛma wohu sɛ ɛyɛ ɔno no na ɛmaa Kristoman mu nhomanimfo a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ atifi hɔ no huu Mikael sɛ ɔne Yesu wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wogye Baasakoro di no nyinaa akyi.

So Wokae?

◻ Hena ne Mikael a ɔne ɔbapɔmma Kɛse no?

◻ Henanom ne Daniel nkurɔfo nnɛ?

◻ Ɔkwan bɛn so na Mikael gyina hɔ mprempren ma Daniel man?

◻ Ɔkwan bɛn so na wɔ bere tiaa bi mu no, Mikael bɛsɔre agyina wɔ ɔkwan titiriw bi so?

◻ Henanom na wobenya nkwa wɔ bere a Mikael bɛsɔre agyina no mu?

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Mmɔden a etwa to a wɔbɛbɔ sɛ wɔbɛtɔre Onyankopɔn nkurɔfo aso no bedi nkogu​—nanso ɔkwan bɛn so?

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Onyankopɔn nkurɔfo benya nkwa bere a Mikael ‘sɔre gyina’ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma ahene baanu no ntam akameakamedi no aba awiei

[Adaka wɔ kratafa 15]

“Na ɔsɛefo bɛba nkurow nyinaa so, na kurow biara remfi mu mfi; na abon ayera, na asasetaw nso asɛe, sɛnea [Yehowa] kae no. Momma Moab ntaban, na ontu nkɔ. Na ne nkurow bɛyɛ amamfõ a obiara nte mu. Nnome nka nea ɔyɛ [Yehowa] adwuma ebi ne bi, na nnome nka nea osianka n’afoa fi mogya mu.”​—Yeremia 48:8-10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena