Nokware Nnamfo a Wɔhwehwɛ
ABERANTE bi pirae kɛse wɔ motor akwanhyia mu. Ade tɔɔ no so adapɛn pii na afei ne ho fii ase tɔɔ no nkakrankakra. Ɔkae sɛ: “Sɛ na mewɔ nnamfo pa pii te sɛ nnipa a minim wɔn no a, anka me ho bɛyɛ me den ntɛmntɛm.” ‘Nnamfo a na mewɔ ansa na merenya akwanhyia no mu pii agyaw me hɔ kɔ. Nanso nnamfo pa betumi ama obi anya ahoɔden kɛse.’
Saa tebea yi yɛ nnɛyi wiase a enni adamfofa su no ho nhwɛso. Sɛ nneɛma kɔ yiye a, obi betumi anya wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ nnamfo bebree. Nanso sɛ asiane ba a, wogyaw no hɔ kɔ. Ɛtaa yɛ den sɛ wobenya nokware nnamfo.
Nanso, nokware adamfo biako anaa baanu a wowɔ no ma nneɛma sakra kɛse wɔ asetra mu. Asɛm no ho abenfo ka sɛ: “Hwehwɛ a wɔhwehwɛ abusuabɔ a emu yɛ den no yɛ yɛn bere yi mu asɛntitiriw.” Wɔka asɛm bi sɛ: ‘Nnamfo pa ne wɔn a wɔboa wo wɔ hiada mu.’
Wɔ bere bi mu no, na nkurɔfo susuw afoforo ho kɛse na na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa wɔn nnamfo anaasɛ afipamfo. Nanso bere titiriw a ɛne Wiase Ko I maa nnipa ntam abusuabɔ sɛee kɛse. Bonniayɛ, atenka a wonni mma afoforo, ne me na ɛsɛ sɛ midi kan su na ɛwɔ hɔ mprempren.
Wɔde nsɛm yi kaa tebea a ɛyɛ awerɛhow yi ho asɛm siei wɔ mfeha 19 a atwam ni no mu sɛ: “Wɔ nna a edi akyiri no mu no, ɛbɛyɛ den kɛse sɛ obi bɛyɛ Kristoni. Efisɛ nnipa bɛdɔ wɔn ho ne wɔn sika nkutoo; wɔbɛyɛ ahantanfo ne ahoahoafo, wobedi Onyankopɔn ho fɛw, wɔrentie wɔn awofo, wobeyi wɔn bonniayɛ, na wɔbɛyɛ bɔne kɛse. Wɔbɛyɛ mpi na wɔrentie afoforo; wɔbɛyɛ atorofo ne ahawfo bere nyinaa na ɔbrasɛe ho asɛm renhaw wɔn. Wɔbɛyɛ anuɔdenfo ne atirimɔdenfo, na wobedi wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ papa ho fɛw. Wobeyi wɔn nnamfo ama.”—2 Timoteo 3:1-4, The Living Bible.
Nnɛ wiase no ho mfonini a ɛyɛ awerɛhow na ɛfata bɛn ara ni! Na ɛda adi sɛ ɛma yenya anidaso kakraa bi sɛ yebenya nokware nnamfo. Nanso, yebetumi anya nokware nnamfo mprempren mpo. Hwɛ sɛnea wɔsom bo! Wubetumi adan akɔ wɔn nkyɛn bere nyinaa na ama woanya mmoa, afotu, awerɛkyekye ne adamfofa a emu yɛ hyew. Nanso ɛho hia sɛ wuhu nsonsonoe a ɛwɔ nokware nnamfo ne atoro nnamfo ntam.
Ɛnyɛ “Nnamfo” Nyinaa Na Wɔyɛ Nokware Nnamfo
Na aberante a opirae wɔ akwanhyia no mu a yɛadi kan aka ne ho asɛm no yɛ bɔɔlbɔ kuw bi muni na na ɔwɔ “nnamfo” pii. Akuw horow ne nkurow nketewa mufo taa hyehyɛ abusuabɔ ahorow a ɛyɛ anigye. Nanso ebia “adamfofa” a ɛte sɛɛ renkyɛ. Na sɛ wubenya “nnamfo” pii na woahwere wɔn nyinaa no yɛ abasamtu kɛse, sɛnea aberante no hui no. Sɛ wubenya nnipa a wunim wɔn yɛ mmerɛw; sɛ wubenya nokware nnamfo no nte saa.
Ɛnyɛ den sɛ adefo anaasɛ nnipa a wokura dibea akɛse benya “nnamfo” pii. Sɛnea Bible ka no: “Ɔdefo adɔfo dɔɔso.” “Obiara bɔ mmɔden sɛ obenya nnipa atitiriw anim dom; obiara kyerɛ sɛ ɔyɛ ayamyefo adamfo.” (Mmebusɛm 14:20; 19:6, Today’s English Version) Nanso wɔn mu baahe na wokura adwene a ɛteɛ bi? Na sɛ nnipa a wɔwɔ nnamfo pii no ahode anaasɛ dibea fi wɔn nsa a, ebia ɛrenkyɛ biara na wonni adamfo biara.
Ɛtaa yɛ nea nnipa a wɔn ho yɛ fɛ no wɔ “nnamfo” pii—nneɛma a aniwa hu no nya wɔn mu pii so nkɛntɛnso. Nanso “adamfofa” a ɛte saa no betumi apira obi kɛse na ebetumi ayera wɔ amanehunu mu te sɛ ɔhyew mu huhurow. Enti ɛho hia ankasa sɛ . . .
Wobɛyɛ Nyiyim
Yiw, wɔ nnamfo a wɔhwehwɛ mu no, nyansa wom sɛ wobɛyɛ nyiyim. Atoro nnamfo taa yɛ nnaadaafo kɛse a wɔde adwene a ɛnteɛ hwehwɛ nnipa anim dom. “Onipa a ɔdɛfɛdɛfɛ ne yɔnko no, osum n’anammɔn afiri.”—Mmebusɛm 29:5.
Enti susuw nnamfo a wowɔ mprempren no ho yiye. So wonya wo so tumi wɔ ɔkwan pa so anaasɛ ɔkwammɔne so? So wɔyɛ ahopɛfo, katee, anaasɛ ahantan? So wɔde ahopere yɛ ade a wonnwen ho na wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ nneɛma a asiane wom? Sɛ wɔyɛ mmarima a, su bɛn na wokura wɔ mmea ho? So wɔapɔw na wobu afoforo anaasɛ ebia wɔn bra asɛe ankasa? So wo nnamfo ada wɔn ho adi sɛ wɔnyɛ anokwafo, nnipa a wontumi mfa ho nto wɔn so? So wɔnom nnubɔne? So wɔyɛ asadweam? Sɛ ɛte saa a, ɛnde wo nkwa da asiane mu. Ebia woyɛ ɔnokwafo, wo ho tew, na wobrɛ wo ho ase nanso kae sɛ: “Fekubɔ bɔne sɛe su a ɛho wɔ mfaso.”—1 Korintofo 15:33, NW.
Nnamfo bɔne a wowɔ no mu asiane kɛse ne sɛ wubesuasua wɔn. Wubenya wɔn akwan horow ne wɔn su no bi nkakrankakra, ebia wɔ ɔkwan a worenhu so. Sɛnea Bible ka no: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.”—Mmebusɛm 13:20.
Ɛyɛ mmerɛw sɛ wubedi mfomso bere a worehwehwɛ nnamfo no. Nanso mpa abaw. Nnipa a wɔwɔ adamfofa su ɔpepem pii da so ara wɔ wiase no mu. Enti ɔkwan bɛn so na wubetumi anya nokware nnamfo a wɔte saa?
[Mfonini wɔ kratafa 4]
Wo ayɔnkofo betumi anya wo so tumi kɛse