Wiase Yi “Mframa” A Wɔhome Yɛ Nea Edi Awu
“Mo na Onyankopɔn ama moanya nkwa, ɛwom sɛ na anka moawuwu mo mfomso ne nnebɔne mu de, nea bere bi monantew mu sɛnea mframa tumi no so sodifo no te.”—EFESOFO 2:1, 2, NEW WORLD TRANSLATION.
1. Ɔkwan bɛn so na mframa a wɔsɛe no abɛyɛ nea edi nkurɔfo awu?
MFRAMA pa a wɔhome! Hwɛ sɛnea ɛma obi nya ahomeka bere a watra ɔdan a emu mframa asɛe mu akyi no! Nanso, efi yɛ ɔhaw titiriw wɔ petee mu mpo nnɛ. Awuduru ahorow kɔ wim kɛse wɔ aman horow pii so. Wusiw a awuduru wom, mframa bɔne ne mmoawa a wɔde nyarewa ahorow ba fa mframa mu kɔ mmeae ahorow. Mframa a ɛma nkwa a yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no fi ayamye mu de ama no redan ayɛ nea edi awu kɛse esiane onipa adifudepɛ ne anibiannaso nti.
2. “Mframa” a efi wom bɛn na ɛde asiane kɛse ba sen mframa ankasa a wɔasɛe no a ebia yɛbɛhome no?
2 Nanso bere a mframa a wɔsɛe no yɛ nea asiane wom no, mframa bi a wɔasɛe no a edi awu kɛse mpo wɔ hɔ. Ɛnyɛ nuklea asiane a esii wɔ Chernobyl (Rusia) no mu mframa a asɛe no anaasɛ Los Angeles, California (U.S.A.) mframa a nnuru wusiw ayɛ mu ma no. Dabi, yɛwɔ asiane a ɛne home a yɛrehome “mframa” a edi awu kɛse mu. Ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm bere a ɔkaa eyi kyerɛɛ ne mfɛfo Kristofo no, sɛ: “Mo na Onyankopɔn ama moanya nkwa, ɛwom sɛ na anka moawuwu mo mfomso ne nnebɔne mu de, nea bere bi monantew mu sɛnea mframa tumi no so sodifo no te, honhom a mprempren ɛyɛ adwuma asoɔden mma mu no.”—Efesofo 2:1, 2, NW.
3, 4. (a) Hena ne “mframa tumi no so sodifo”? (b) Dɛn nti na “mframa” a wɔka ho asɛm wɔ Efesofo 2:1, 2 no nyɛ ahonhommɔne atrae?
3 Dɛn ne saa “mframa” yi? Paulo kyerɛ sɛ ɛwɔ “tumi,” na “sodifo” bi wɔ hɔ a odi so tumi. Akyinnye biara nni ho sɛ yenim sodifo yi. Ɔne Satan Ɔbonsam, nea Yesu Kristo frɛɛ no sɛ “wi yi ase sodifo” no. (Yohane 12:31) Esiane sɛ wɔahu eyi nti, Bible ho adenimfo bi te nka sɛ Paulo fɛm asɛm yi fii Yudafo anaasɛ abosonsomfo nhoma ahorow mu na ɔkaa mframa no ho asɛm sɛ ɛyɛ ahonhommɔne a Satan di wɔn so tumi no atrae. Bible nkyerɛase ahorow pii da adwene yi adi. Nanso “mframa” yi nyɛ “ɔsoro hɔnom” a “ahonhommɔne” te hɔ no.—Efesofo 6:11, 12.
4 Bere a Paulo kyerɛw krataa kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Efeso no, na Satan ne n’ahonhommɔne no da so ara wɔ soro, ɛwom sɛ na wonni Onyankopɔn anim dom de. Na wonnya ntow wɔn nkyenee asase so. (Adiyisɛm 12:7-10) Bio nso, mframa yɛ ade a ɛfa adesamma ho kɛse sen honhom abɔde. Wɔ ɔkwan a ɛfata so no, sɛ wohwie Onyankopɔn abufuw kuruwa a etwa to no gu “ahunum” a, adesamma abusua no bɛte nea ebefi mu aba no nka.—Adiyisɛm 16:17-21.
5. Dɛn ne “mframa” a yɛka ho asɛm wɔ ha no, na nkɛntɛnso bɛn na enya wɔ nkurɔfo so?
5 Enti, ɛte sɛ nea Paulo de mframa ankasa, anaasɛ wim di dwuma de kyerɛkyerɛ pɛsɛmenkominya ne asoɔden honhom anaasɛ su titiriw a nnipa a wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho no da no adi titiriw no mu. Ɛyɛ “honhom a mprempren ɛyɛ adwuma asoɔden mma mu no” ne “wiase honhom” koro no ara. (Efesofo 2:2; 1 Korintofo 2:12) Sɛnea mframa ankasa wɔ baabiara a nkurɔfo ayɛ krado sɛ wɔbɛhome no, saa ara na “wiase honhom” no wɔ hɔ bere nyinaa. Efi nnipa mmofraase kosi bere a wɔbɛkɔ adamoa mu no, ɛkanyan na ɛsakra ɔkwan a wɔfa so yɛ ade na wosusuw nneɛma ho bere a wɔhwehwɛ sɛ wobedi wɔn botae ne wɔn anidaso ahorow ho dwuma no.
6. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔma wiase yi “mframa” no tumi ano yɛ den, na edi “tumi” dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na “mframa” yi a obi home no betumi ama wasuasua Ɔbonsam atuatew kwan no?
6 Saa bɔne ne atuatew honhom yi di adesamma abusua a ɛtɔ sin no so tumi kɛse. Bere a nkurɔfo home saa “mframa”yi no, atipɛnfo nhyɛso ne ahohwi akɔnnɔ a enya nkɔso bere nyinaa no ma tumi a ɛwɔ no ano yɛ den. Enti ɛwɔ nkurɔfo so tumi kɛse. (Fa toto Romafo 6:12-14 ho.) Nokwarem no, Ɔbonsam ne nneɛma bɔne nyinaa farebae. (Yohane 8:44) Enti ɔdaadaa adesamma ma wosuasua n’ankasa atuatew kwan no na ɔnam saayɛ so kanyan ɔman honhom anaasɛ “mframa” yi, ɔsakra no na odi so tumi. Esiane sɛ Satan ne “tumi” bɔne yi so “sodifo” nti, ɔde kyerɛ nkurɔfo adwene kwan. Wɔayɛ nneɛma a ɛwom no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn bere nyinaa bedi dwuma de adwudwo honam fam akɔnnɔ ano na wɔadi wiase no mu nneɛma akyi na amma wɔannya bere anaasɛ adwene sɛ wobehu Onyankopɔn na wɔabrɛ ho wɔn ase ama ne honhom kronkron, “honhom ne nea ɛma nkwa” no. (Yohane 6:63) Wɔawu wɔ honhom fam.
7. (a) Ɔkwan bɛn so na na Kristofo yɛ “abufuw mma’ wɔ bere bi mu? (b) Bere a yɛbɛyɛɛ Kristofo no, nsakrae bɛn na yɛyɛe?
7 Na Kristofo nso wɔ saa “mframa” a asɛe yi “tumi” anaasɛ tumidi ase ansa na wobesuaa Onyankopɔn Asɛm no mu nokware no na wofii ase sɛ wɔbɛma wɔn abrabɔ ne ne trenee gyinapɛn ahorow ahyia. “Wɔn [wiasefo] mu na anka yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ nea ɔhonam ne adwene pɛ, na sɛnea yɛn awosu te no yɛyɛ abufuw mma te sɛ wɔn a aka no nso.” Nanso bere a yɛba bɛyɛɛ Kristofo no, yegyaee home a yɛhome wiase yi “mframa” a edi awu no. ‘Yeyii onipa dedaw a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no kyenee, na yɛhyɛɛ onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu.’—Efesofo 2:3; 4:22-24.
8. Ɔkwan bɛn so na tebea a yɛwom nnɛ no te sɛ nea na Israel man no wom wɔ sare no so?
8 Mprempren nea ɛyɛ asiane ne sɛ bere a yɛaguan afi saa wiase yi tebea a asɛe no mu no, wobetumi adaadaa yɛn ma yɛasan akɔ mu bio. Yɛadu akyiri wɔ “awiei bere” no mu na yɛabɛn wiase foforo no pɛɛ. (Daniel 12:4) Nokwarem no, yɛmpɛ sɛ yɛn akatua bɛbɔ yɛn esiane sɛ yɛtɔɔ afiri koro no ara a Israelfo no tɔɔ mu no mu nti. Bere a wɔnam anwonwa kwan so gyee wɔn fii Misraim na woduu Bɔhyɛ Asase no hye so no, ‘wɔdwɛree mpempem pii wɔ sare so hɔ.’ Dɛn ntia? Efisɛ ebinom dan abosonsomfo, afoforo bɔɔ aguaman na afoforo nso sɔɔ Yehowa hwɛe denam wɔn anwiinwii no so. Paulo da asɛm bi a tumi wom adi bere a ɔka eyi no: “Na eyinom nyinaa ama wɔayɛ nhwɛso, na wɔakyerɛw ama yɛn a wiase bere awiei ato yɛn yi afotu.”—1 Korintofo 10:1-11.
9. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi atra wiase no mu nanso yɛrenyɛ ne fã? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na amma wɔasan antwe yɛn ankɔ wiase no tebea a edi awu no mu bio?
9 Yesu bɔɔ mpae wɔ n’asuafo no ho sɛ: “Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no. Mensrɛ sɛ: Yi wɔn fi wiase, na mmom sɛ: Yi wɔn fi ɔbɔne no ho sie!” (Yohane 17:14, 15) Yehowa bɛbɔ yɛn ho ban de, nanso ɔnto “ɔfasu” ntwa yɛn ho nhyia na saa ara nso na ɛnyɛ nea ɔnam anwonwa kwan so bɔ yɛn ho ban fi wiase yi “mframa” ho. (Hiob 1:9, 10, NW) Enti nea ɛyɛ asɛnnennen ma yɛn ne sɛ yɛbɛtra Satan wiase no mu nanso yɛrenyɛ ne fã ne sɛ, ne “mframa” a asɛe no betwa yɛn ho ahyia nanso yɛrenhome. Bere a yɛkenkan wiasefo nhoma, yɛhwɛ television, anaasɛ yɛkɔ agodibea ahorow no, ebia yɛbɛhome wiase no “mframa” no bi. Bere a nkitaho a yɛne wiasefo bedi—adwumam, sukuu mu, ne mmeae afoforo—yɛ nea yɛrentumi nkwati no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensan ntwe yɛn nkɔ wiase yi tebea a edi awu no mu bio.—1 Korintofo 15:33, 34.
10, 11. (a) Ɔkwan bɛn so na wobetumi de Yehowa honhom mu paradise a yɛwɔ no atoto wɔ a yɛwɔ baabi a “wɔnnom sigaret wɔ hɔ” no ho? (b) Sɛ yɛte wiase yi “mframa” hua a, ade pa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
10 Yebetumi de yɛn tebea no atoto te a yɛte adidibea bi a ɛwɔ baabi a “wɔnom sigaret wɔ hɔ” ne baabi a “wɔnnom sigaret wɔ hɔ” ho. Sɛ Kristofo a yɛwɔ Yehowa honhom mu paradise no, yɛwɔ beae a “wɔnnom sigaret wɔ hɔ” ma ɛfata na yɛatwe yɛn ho afi wiase yi honhom no ho. Nokwarem no, yɛrenhyɛ da nkɔtra beae a “wɔnom sigaret” wɔ hɔ no. Ɛno bɛyɛ nea nyansa nnim. Nanso dɛn na ɛtaa esi bere a yɛwɔ baabi a “wɔnnom sigaret wɔ hɔ” wɔ adidibea no? Mframa a wusiw wom a asɛe no bi bɔ ba hɔ ma yɛte ne mpampan! Sɛ ɛba saa a, so yehu sɛ mframa a asɛe no yɛ huam? Anaasɛ yɛtwe yɛn ho ntɛm ara mmom sɛnea yebetumi?
11 Nanso dɛn na woyɛ bere a wiase yi “mframa” bɔ ba faako a wowɔ no? So woyɛ ade ntɛm na ama woatwe wo ho afi saa nkɛntɛnso bɔne yi ho? Sɛ wotra hɔ home a, ɛyɛ nea wobetumi agye di sɛ ebenya wo nsusuwii so tumi. Bere tenten a wohome mframa yi no, dodow no ara na w’ani begye ho kɛse. Afei nso, wɔ bere tiaa mu no, ne hua no renyɛ nea ɛbɔn na mmom nea ɛkanyan akɔnnɔ, ɛbow na eye ma ɔhonam no. Ebetumi ama kokoam akɔnnɔ bi a worebɔ mmɔden sɛ wubedi so no mu ayɛ den.
12. Dɛn na ɛho hia na ama yɛakwati tumi a wiase yi “mframa” afã horow a ɛyɛ den sɛ wobehu no benya wɔ yɛn so no?
12 Ɛnyɛ nea ɛyɛ mmerɛw sɛ obi behu wiase yi “mframa” no mu nneɛma a asɛe a edi awu no mu binom te sɛ nea nneɛma a ɛsɛe mframa ankasa te sɛ carbon monoxide a enni hua na wontumi nte nka te no. Enti asiane a ɛwom ne sɛ ebia yɛrenhu “wusiw bɔne a edi awu no” kosi sɛ ebedi yɛn so ansa. Enti ɛho hia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wiase yi su bɔne ahorow anaasɛ n’asoɔden a ɛyɛ wɔ Onyankopɔn trenee gyinapɛn ahorow ho no amfa ankɔto owu afiri mu. Paulo hyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran sɛ: “Muntutu mo ho fo da biara . . . na bɔne nnaadaa ampirim mo mu biara koma.”—Hebrifo 3:13; Romafo 12:2.
Nneɛma Bɛn na Ɛka Bom Yɛ Wiase Yi “Mframa”?
13. (a) Wiase yi “mframa” no fã biako bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ho? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛda adi sɛ wiase yi “mframa” anya Yehowa nkurɔfo mu binom so tumi?
13 Su horow a nnipa dodow no ara da no adi bɛn na ebia yebefi ase agye atom ansa na yɛahu mpo esiane wiase yi “mframa”no nkɛntɛnso a ano yɛ den no nti? Biako ne adwene a obi benya sɛ ɔde ɔbrasɛe nneɛma bedi agoru. Wiase yi adwene a ekura wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ne abrabɔ pa ho no yɛ nea atwa yɛn ho ahyia. Nnipa pii ka sɛ: ‘Eye sɛ wɔbɛbɔ aguaman, wɔbɛwo mpena mma na wɔde wɔn ho ahyɛ ɔbarima ne ɔbarima nna mu. Yɛreyɛ ade a mfomso biara nni ho, adebɔsu mu ade.’ So “mframa” yi anaasɛ wiase honhom no anya Yehowa nkurɔfo so tumi? Nea ɛyɛ awerɛhow no, na ɛsɛ sɛ wotu 37,426 fi Kristofo asafo no mu wɔ 1986 ɔsom afe no mu a ɛyɛ nea wotuu wɔn mu fã kɛse no ara esiane aguaman a wɔbɔe nti. Na eyinom nka nnipa a wɔn dodow kɔ anim sen saa mpo a wɔkaa wɔn anim wɔ ɔbrasɛe ho nanso wɔantu wɔn amfi asafo no mu esiane sɛ wofi koma pa mu kyerɛɛ ahonu nti no ho.—Mmebusɛm 28:13.
14. Dɛn nti na Kristofo binom abrabɔ sɛe na Kyerɛwnsɛm mu afotu bɛn na wɔpow?
14 Dɛn na ɛba wɔ wɔn a wɔbɔ aguaman no fam? Sɛ nokwasɛm ahorow no da adi a, wɔtaa hu sɛ wɔafi ase home wiase yi “mframa” a edi awu no. Wɔama wiase no su horow ama wɔabrɛ wɔn gyinapɛn horow ase. Sɛ nhwɛso no, ebia wobefi ase ahwɛ sini ahorow a anka wɔrenhwɛ wɔ mfe a atwam no mu no. Nea enye koraa no, wɔhwɛ video so dwumadi ahorow a ɛda adi sɛ enye mma Kristoni no wɔ fie. Ɔbrasɛe nneɛma a wɔde di agoru ne Bible mu ahyɛde yi bɔ abira pefee: “Na aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa anaa anibere de, mommma wɔmmmɔ din po wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo, ɛne aniwude ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ.”—Efesofo 5:3, 4
15. Ɔkwan bɛn so na sɔhwɛ a ɛbɛma obi de aguamammɔ adi agoru befi ase nkakrankakra?
15 Ɛwom sɛ ebia wobɛyɛ ntɛm apow kamfo a wɔbɛkamfo akyerɛ wo tee sɛ kɔbɔ aguaman no de. Nanso woyɛ w’ade dɛn bere a obi a wone no yɛ adwuma anaasɛ wone no kɔ sukuu bɔ mmɔden sɛ ɔne wo bɛtwe mpena, ɔne wo benya abusuabɔ a emu yɛ den anaasɛ ɔto nsa frɛ wo sɛ wo ne no mfi adi no? Ɛdenam saa kwan yi so no, wiase yi “mframa” abɔ aba faako a wowɔ no. So wobɛma w’ani agye n’ani a ɔma eku wo ho no ho na woahyɛ ho nkuran? Sɛnea amanneɛbɔ ahorow a efi mpanyimfo hɔ kyerɛ no, wɔtaa fi ase yɛ bɔne wɔ ɔkwan a ɛte saa so. Ebia wiaseni barima bi bɛka akyerɛ Kristoni bea bi sɛ: “Wo ho na ayɛ fɛ nnɛ sɛɛ yi!” Ebia ɔbea no ani begye sɛ ɔbɛte eyi ne titiriw no, sɛ ɔte nka sɛ ɔyɛ ankonam wɔ ɔkwan bi so a. Nea ɛyɛ aniberesɛm kɛse no, ebinom anyɛ wɔn ade wɔ nyansam wɔ mmɔden a wɔbɔe sɛ wobɛso wɔn mu wɔ ɔkwan a ɛmfata so no mu na wɔhyɛɛ wiaseni no nkuran ma ɔkɔɔ so yɛɛ nea na ɔreyɛ no. Na sɛ ɔbrasɛe nneyɛe a ɛte sɛɛ a woyi adi kyerɛ Kristoni ɔbea kɔ so te sɛ mframa a asɛe a ano yɛ den a ɛbɔ kɔ baabi a ɔwɔ no nso ɛ? Ɛsɛ sɛ ɔka kyerɛ ɔbarima no pefee sɛ ɔmpɛ n’ani a ɔma eku ne ho no na ɔrennye ntom nso. Sɛ ɔkɔ so home “mframa” yi a, ɛda adi sɛ ɛnyɛ nea obetumi akɔ so ako atia bio. Ebetumi ama wabɔ aguaman sɛ wamfa ne ho ankɔhyɛ aware a nyansa nnim mu a.—Fa toto Mmebusɛm 5:3-14; 1 Korintofo 7:39 ho.
16. Dɛn na ɛho hia na ama yɛayɛ “Kristo huam”?
16 Enti yɛ ntɛm sɛ wobɛpow wiase yi ɔbrasɛe “mframa” a edi awu no. Sɛ anka wobɛma ne hua a ɛkanyan akɔnnɔ no ho kwan na ɛde ahohorabɔ aba Yehowa din ne n’ahyehyɛde so no, yɛ huam a eye ma Onyankopɔn denam wo su ne w’abrabɔ pa so. Paulo ka ho asɛm wɔ saa kwan yi so sɛ: “Efisɛ yɛyɛ Kristo huam ma Onyankopɔn, wɔn a wogye wɔn nkwa ne wɔn a wɔyera mu. Ebinom de, yɛyɛ owu hua de kɔ owu mu ma wɔn, na ebinom nso yɛyɛ nkwa hua de kɔ nkwa mu ma wɔn.” (2 Korintofo 2:15, 16) Sɛ ebinom ka sɛ ɔkwan a Kristofo nam so no nye mma wɔn a, dɛn na ɛsɛe? (1 Petro 4:1-5) Ma wiase no mfa n’ankasa kwan so na entwa aba bɔne a asow te sɛ afie a emu apaapae, aguaman mma, mmaninyare ahorow te sɛ AIDS ne nkate ne honam fam ɔhaw afoforo pii no. Ɛnyɛ sɛ wubekwati ɛyaw ahorow pii nko na mmom nso wubenya Onyankopɔn anim dom. Afei nso, anyɛ yiye koraa no, ebinom ani begye w’abrabɔ pa ne Ahenni asɛm a woka no ho ma enti ‘nkwa hua a ɛde kɔ nkwa mu’ no atwetwe wɔn.
“Mframa” a Ɛne Sɛnea Wiase No Pam Ntade Na Esiesie Ne Ho
17. Ɔkwan bɛn so na sɛnea obi pam atade na osiesie ne ho da no adi sɛ wiase yi honhom anya no so tumi?
17 Wiase yi “mframa” no fã foforo fa sɛnea wɔpam ntade na wosiesie wɔn ho no ho. Nnipa pii a wɔwɔ wiase no mu no siesie wɔn ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobekanyan ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ. Wɔn a wonnii mfe dumiensa mpo pɛ sɛ wɔyɛ wɔn ho te sɛnea wɔanyinyin na wɔtwe adwene si ɔbarima ne ɔbea nna so. So “mframa” anaasɛ su a nnipa dodow no ara da no adi no anya wo so tumi? So wusiesie wo ho sɛ wode bɛkanyan anigye, sɛ wode bedi afoforo ho fɛw, sɛ wode bɛkanyan ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ? Sɛ saa a, ɛnde wode ho reto asiane mu. “Mframa” yi a wobɛhome no bɛsɛe ahobrɛase honhom a wowɔ no, ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛma wo ho atew no. (Mika 6:8) Wɔn a wɔwɔ wiase honhom no betwiw abɛn wo. Wɔnam wo nneyɛe so behu sɛ woayɛ krado sɛ wode wo ho bɛbɔ wɔn ho wɔ wɔn ɔbrasɛe no mu. Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ wofi ase fa saa kwan yi so denam “mframa” a ɛte sɛɛ a woma ɛdaadaa wo ma woyɛ nea enye wɔ Onyankopɔn ani so?
18. Ɔkwan bɛn so na kae a yɛbɛkae bere nyinaa sɛ yɛyɛ Yehowa ananmusifo no bɛboa yɛn wɔ ntade ne ahosiesie a yɛbɛpaw no mu?
18 Sɛ yɛbɛyɛ wɔn a wɔn ani da hɔ a, ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ atade anaasɛ yesiesie yɛn ho basaa. Susuw ɔkwan a Yehowa Adansefo mu fã kɛse no ara fa so hyɛ atade na wosiesie wɔn ho no ho. Wokwati sɛnea wiasefo siesie wɔn ho ma ɛtra so no nanso wosiesie wɔn ho wɔ ɔkwan a ɛyɛ fɛ so na wɔma ɛtra wɔn adwene mu sɛ wɔyɛ asomfo a wogyina Amansan nyinaa so Tumfoɔ a ɔne Yehowa no ananmu. Ma wiase dedaw no nkasa ntia atade anaasɛ wɔn ho a wosiesie wɔ anidahɔ mu no. Ɛnsɛ sɛ wɔma wiase yi su horow no ma wɔbrɛ wɔn Kristofo gyinapɛn ahorow no ase. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Enti meka eyi na midi adanse Awurade mu, sɛ monnnantew bio sɛnea amanaman a aka no nantew wɔn adwene hunuyɛ mu no . . . Esiane sɛ wɔn ani nwu ade bio nti, wɔde wɔn ho ama ahohwi, na wɔyɛ afide nyinaa anibere mu.” (Efesofo 4:17-19) Kristoni a ne ho akokwaw no besiesie ne ho wɔ anidahɔ mu na ɔrennnantew te sɛ nea amanaman no yɛ no.—1 Timoteo 2:9, 10.
19. Bere a yɛasusuw wiase yi “mframa” afã atitiriw abien ho no, dɛn na ada adi dedaw wɔ amane a ɛwɔ home a yɛbɛhome no mu?
19 Ɛde besi ha no, yɛasusuw wiase yi “mframa” no afã horow abien pɛ ho. Nanso yɛahu dedaw sɛ “mframa” yi yɛ nea epira obi kɛse wɔ honhom mu. Wɔ asɛm a edi hɔ no mu no, yebesusuw “mframa” a edi awu yi afã horow a Ɔbonsam ne ne nhyehyɛe no akɔ so ahuw agu Kristofo so a wɔhwɛ kwan sɛ ebenya wɔn no ho. Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yebekwati “mframa” a ɛte saa efisɛ wiase yi honhom a wobegye atom no te sɛ owu mframa a wɔhome!
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn ne wiase yi “mframa”, na hena na odi so tumi?
◻ Wiase yi “mframa” wɔ “tumi” bɛn wɔ nkurɔfo so?
◻ Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Kristofo wɔ baabi a “wɔnom sigaret wɔ hɔ”?
◻ Ɛdefa ɔbrasɛe nneɛma a wɔde di agoru ho no, ɔkwan bɛn so na wiase yi “mframa” betumi anya Yehowa nkurɔfo so tumi?
◻ Ɔkwan bɛn so na ade a yɛbɛyɛ wɔ anidahɔ mu no betumi aboa yɛn ma yɛakwati daadaa a wiase yi “mframa” bɛdaadaa yɛn wɔ ntadehyɛ ne ahosiesie mu?
[Mfonini wɔ kratafa 10]
So worepow sɛ wobɛhome wiase yi “mframa” a edi awu no?
[Mfonini wɔ kratafa 13]
Bere a wiase yi “mframa” no bi bɔ ba faako a wowɔ no, dɛn na woyɛ?