Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w88 3/1 kr. 10-15
  • “Monyɛ Kronkron . . . ”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Monyɛ Kronkron . . . ”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Kronkron, Asomfo Kronkron
  • ‘Mmara Asɛm No Yɛ Kronkron Ne Trenee Ne Papa’
  • “Yehowa Ahyɛde Teɛ”
  • Ahotew wɔ Wiase a Ahotew Nnim Mu
  • Wɔadwira Yɛn Ho Sɛ Nnipa A Wɔyɛ Nnwuma pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • ‘Kronkron, Kronkron, Kronkron Ne Yehowa’
    Bɛn Yehowa
  • “Monyɛ Kronkron”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • “Yehowa Mmara Di Mu”
    Bɛn Yehowa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
w88 3/1 kr. 10-15

“Monyɛ Kronkron . . . ”

“Te sɛ nea ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no, mo nso monyɛ kronkron, abrabɔ nyinaa mu, na wɔakyerɛw sɛ: monyɛ kronkron, efisɛ me, meyɛ kronkron.”​—1 Peter 1:15, 16.

1, 2. (a) Nkaede bɛn na na wɔakyerɛw agu ɔsɔfo panyin no abotiri no ho, na edii atirimpɔw bɛn ho dwuma? (b) Dɛn nti na nkaebɔ a wɔde ma wɔ Yehowa kronkronyɛ ho no fata nnɛ? (d) Afotu bɛn na Petro de ma wɔ kronkronyɛ ho?

“KRONKRON ma [Yehowa].” Na wɔakyerɛw nsɛm a ɛkanyan nkate yi agu ade tratraa bi a ɛyɛ sika kɔkɔɔ amapa a wɔde afam Israel sɔfo panyin abotiri ho no so na ama obiara ahu. (Exodus 28:36-38) Ɛsom sɛ nkaede a ɛkyerɛ sɛ esiane sɛ na Israelfo nte sɛ aman a wɔyɛ abosonsomfo a wɔsom anyame a wɔn ho ntew no nti, wɔsom Onyankopɔn a ne ho tew na ɔyɛ kronkron.

2 Sɛ woyɛ Yehowa Adansefo mu biako dedaw a, so wuhu sɛnea Onyankopɔn a wosom no no ho tew, ɔyɛ kronkron ne ɔtreneeni no? Ebia ɛte sɛ nea mfitiase nokware a ɛte sɛɛ a wɔbɛma woakae no ho hia. Anyɛ yiye koraa no, sɛ Yehowa nkurɔfo no, wɔama yɛanya “Onyankopɔn ade a emu dɔ”​—Bible mu nkɔmhyɛ ahorow, Bible nnyinasosɛm ahorow a wɔde bedi dwuma ne Bible nkyerɛkyerɛ a asete yɛ den mu ntease. (1 Korintofo 2:10; fa toto Daniel 12:4 ho.) Nanso, ɛda adi sɛ ebinom mfi wɔn komam mu nkyerɛ Yehowa kronkronyɛ no ho anisɔ. Dɛn ntia? Efisɛ nnipa mpempem pii de wɔn ho hyɛɛ ɔbrasɛe mu afe biara. Afoforo mpempem pii nam nneyɛe a ebu Bible mmara so a wɔde wɔn ho hyem no so ma asiane to wɔn. Ɛda adi pefee sɛ ebinom nte aniberesɛm a asɛm a ɛwɔ 1 Petro 1:15, 16 yɛ no ase: “Te sɛ nea ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no, mo nso monyɛ kronkron abrabɔ nyinaa mu, na wɔakyerɛw sɛ: Monyɛ kronkron, efisɛ me, meyɛ kronkron.”

Onyankopɔn Kronkron, Asomfo Kronkron

3. Dɛn na Mose dwom no kyerɛ wɔ Yehowa ho?

3 ‘Obi a ɔnyɛ pɛ​—yɛ kronkron?’ Ebia wobɛka sɛ ‘Ɛrentumi mma saa.’ Nanso susuw nea enti a Petro de afotu no mae no ho. Wɔ ha no, ɔsomafo no faa nsɛm a Israelfo no na wodii kan ka kyerɛɛ wɔn bere a wotu fii Misraim bere tiaa bi akyi no kae. Ɛdenam anwonwa kwan so a Yehowa nam gyee wɔn no so yi, na ada adi sɛ Yehowa yɛ Ogyefo, Obi a ɔma bɔhyɛ ahorow ba mu ne ‘ɔdɔmmarima.’ (Exodus 3:14-17; 15:3) Mose daa Yehowa su foforo adi wɔ a dwom a wɔtow de kaee Misrifo no nkogudi wɔ Po Kɔkɔɔ no mu no, sɛ: “Hena na ɔte sɛ wo, [Yehowa], wɔ anyame mu? Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu onuonyamfo?” (Exodus 15:11) Eyi ne bere a edi kan a wɔakyerɛw ato hɔ a wɔde kronkronyɛ kaa Yehowa ho asɛm.

4. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛ “kronkronyɛ mu onuonyamfo”? (b) Enti ɔkwan bɛn so na ɛsono Yehowa wɔ Kanaan anyame no ho?

4 Hebri ne Hela nsɛmfua a wɔkyerɛɛ ase sɛ “kronkron” wɔ Bible no mu no da adwene a ɛkyerɛ sɛ ‘biribi hyerɛn, ɛyɛ foforo, ɛyɛ amono, efĩ nni ho na ɛho tew’ adi. Enti Mose daa Yehowa adi kyerɛe sɛ ne ho tew sen biara, efĩ ne ɔporɔw nni ne mu, na n’ani nnye efi ho koraa. (Habakuk 1:13) Na nsonsonoe kɛse da Yehowa ne anyame a wɔwɔ​—Kanaan asase a ɛrenkyɛ biara Israelfo no bɛtra so no ntam. Nkrataa a wotutu fii fam wɔ Ras Shamra a ɛyɛ kurow a ɛwɔ Siria mpoano kusuu fam no ka Kanaan anyame nyinaa abosonnan ho asɛm tiawa nanso ɛyɛ nea edi mũ. Saa nsɛm yi ka anyame a sɛnea John Gray nhoma a ɛne The Canaanites kyerɛ no wɔyɛ “amaanefo, aninkufo, aweretɔfo, aniberefo” ho asɛm.

5, 6. (a) Ɔkwan bɛn so na anyame a na wɔn bra asɛe a na Kanaanfo som wɔn no nyaa wɔn so tumi? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn kronkron a na Israelfo no som no no nyaa wɔn so tumi?

5 Sɛnea wotumi ka siei no, Kanaanfo amammerɛ kyerɛ sɛnea anyame a wɔn bra asɛe a na wɔsom wɔn no te. The Religion of the People of Israel kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na wobu onyame bi a wosuasua no sɛ ɔsom a wɔde ma no. . . . Na [ɔbarima ne ɔbea nna onyamewa] Ashtart wɔ asomfo mmarima ne mmea a na wɔka wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ nnipa a wɔahyira wɔn ho so . . . Na wɔahyira wɔn ho so wɔ ne som mu ama aguamammɔ.” Nhomanimfo William F. Albright de ka ho sɛ: “Nanso, nea enye koraa no na wɔn som no fã a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna ho no asɛe kɛse.” “Asera nnua” a ɛyɛ bɔbea su ho sɛnkyerɛnnede som, mmofra a wɔde wɔn bɔ afɔre, nkonyaayi, kaberɛkyere, wɔn bogya a wɔne no da, mmarima a wɔne wɔn ho wɔn ho da, ne mmoa a wɔne wɔn da​—eyinom nyinaa bɛyɛɛ Kanaan ‘asase no so nneyɛe.’​—Exodus 34:13; Leviticus 18:2-25; Deuteronomium 18:9-12.

6 Nea eyi bɔ abira no, Yehowa yɛ “kronkronyɛ mu onuonyamfo.” Ɔrentumi nnya animguasede a ɛte sɛɛ wɔ n’asomfo mu no ho koma. (Dwom 15) Enti esiane sɛ Yehowa nte sɛ Kanaanfo anyame a wɔn bra asɛe no nti, ɔpagyaw ne nkurɔfo. Bere a Yehowa reka nsɛm a akyiri Petro bɛfa aka asɛm no, ɔde afotu mae mpɛn pii sɛ: “Monyɛ mo ho kronkron, efisɛ me, [Yehowa] mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron.”​—Leviticus 11:44; 19:2; 20:26.

‘Mmara Asɛm No Yɛ Kronkron Ne Trenee Ne Papa’

7, 8. (a) Ɔkwan bɛn so na na Israelfo no betumi ‘ayɛ wɔn ho kronkron’? (b) Kyerɛkyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ Yehowa Mmara no ne Hammurabi Babilonfo Mmara no mu no mu.

7 ‘Wɔn ho a wɔbɛyɛ no kronkron’ no nkyerɛ sɛ wɔyɛ pɛ na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ ahotefo; ɛkyerɛ mmara ahorow pii a wɔnam Mose so de maa Israel no so a wobedi. (Exodus 19:5, 6) Esiane sɛ na Onyankopɔn Mmara no nte sɛ ɔman foforo biara de nti, na wobetumi aka ho asɛm sɛ ɛyɛ “kronkron ne trenee ne papa.”​—Romafo 7:12.

8 Ampa, Hammurabi Babilon Mmara no a wɔkyerɛ sɛ edi Mose Mmara no anim kan no kaa nsɛm a ɛte saa ara ho asɛm. Ne mmara ahorow no mu binom, te sɛ ‘aniwa nsi aniwa ananmu’ mmara no anaa talion no te sɛ Mose mmara no mu nnyinasosɛm ahorow no. Enti akasatiafo kyerɛ sɛ Mose fɛm ne mmara ahorow no fii Hammurabi de no mu. Nanso Hammurabi mmara no hyɛɛ Hammurabi anuonyam na edii n’amammui ho dwuma. Wɔde Onyankopɔn Mmara maa Israelfo ‘na ama asi wɔn yiye nna nyinaa na ama wɔanya nkwa.’ (Deuteronomium 6:24) Yenni adanse pii a ɛkyerɛ sɛ na Hammurabi mmara no yɛ adwuma wɔ Babilon na na ɛyɛ “mmara kwan so mmoa ma nnipa a wɔhwehwɛ afotu.” (The New Encyclopœdia Britannica, 1985 de, Po 21, kratafa 921) Nanso na Mose Mmara yɛ adwuma na na ekura asoɔden ho asotwe a ɛfata. Awiei koraa no, Hammurabi mmara no twe adwene si sɛnea ɛsɛ sɛ wɔne adebɔneyɛfo di no so; ne mmara ahorow 280 no mu 5 pɛ na ɛyɛ nea wɔde bara nneɛma bi yɛ. Nanso na Onyankopɔn Mmara no atirimpɔw ne sɛ ebesiw bɔne ano na ɛnyɛ sɛ ɛde asotwe bɛma.

9. Tumi bɛn na Mose Mmara no nyaa wɔ Yudafo no asetra so?

9 Esiane sɛ na Mose Mmara no ‘yɛ kronkron ne trenee ne papa’ nti, enyaa Yudafo no asetra so tumi kɛse. Ɛde mmara mae wɔ wɔn som ho; ɛde Homeda ahorow a ɛmma wɔnyɛ adwuma mae, edii ɔman no sikasɛm nhyehyɛe no ho dwuma, ɛkaa ahwehwɛde ahorow bi a ɛfa ntadehyɛ ho ho asɛm, na ɛde akwankyerɛ a mfaso wɔ so mae wɔ aduan, ɔbarima ne ɔbea nna ne ahotew ho. Na Mose Mmara no kaa nneɛma a nipadua no yɛ daa no mpo ho asɛm.

“Yehowa Ahyɛde Teɛ”

10. (a) Dɛn nti na na Mmara no fa asetra mu nneɛma pii ho saa? (b) Ɔkwan bɛn so na Mmara no maa honam fam ahotew ne akwahosan nyaa nkɔanim? (Fa asehɔ asɛm no ka ho.)

10 Na saa ahyɛde horow a wɔakyerɛkyerɛ mu yiye a ɛfa da biara asetra ho no wɔ atirimpɔw a ɛkorɔn: ɛbɛma Israelfo no ho atew​—ɔhonam mu honhom mu, adwene mu, ne abrabɔ mu. Sɛ nhwɛso no, mmara ahorow a na ɛhwehwɛ sɛ woguare, wɔkata wɔn tiafi so, wɔde wɔn a wɔyare nsanyare no nkutoo kɔtra baabi na wokwati nnuan ahorow bi di no maa wonyaa akwahosan na wɔn ho tew wɔ ɔhonam fam.a​—Exodus 30:18-20; Leviticus, ti 11; 13:4, 5, 21, 26; 15:16-18, 21-23; Deuteronomium 23:12-14.

11. Dɛn na na obi ho a ɔbɛma atew wɔ amanne kwan so no kyerɛ?

11 Nanso na honhom fam ahotew ho hia sen akwahosan pa ne ahotew. Ɛno nti na wɔka sɛ obi a ebia odi nnuan a wɔabara no mu biako, ɔde ne ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu, anaasɛ oso funu mu no ho ntew wɔ amanne kwan so no. (Leviticus atiri 11, 15; Numeri ti 19) Enti wɔmma obi a ne ho ntew a ɔte saa no mfa ne ho nhyɛ ɔsom mu​—wɔ nsɛm ahorow bi mu no wokum no! (Leviticus 15:31; 22:3-8) Nanso na abusuabɔ bɛn na saa nneɛma a na wɔabara no ne honhom mu ahotew wɔ?

12. Ɔkwan bɛn so na amanne kwan so ahotew ho mmara ahorow no maa honhom fam ahotew nyaa nkɔso?

12 Na aguamammɔ, awufo som, ne agobɔne yɛ nea ɛkɔ so wɔ abosonsom mu. Nanso The International Standard Bible Encyclopedia da no adi sɛ: “Na wɔmma ɔbarima ne ɔbea nna ho mu adeyɛ biara ho kwan sɛ ade a wɔnam so som Yahweh. Enti na nneɛma wɔyɛ wɔ eyi nyinaa mu no mma obi ho ntew. . . . Na wɔde nidi a ɛfata ma awufo wɔ Israel, nanso wɔammfa obu a osuro wom a ɛmfata amma wɔn na saa ara nso na wɔansom wɔn . . . Israelni rentumi nkɔ nnipa a wɔte bɛn wɔn a wɔyɛ abosonsomfo afahyɛ ahorow a apontow ka ho ase, efisɛ na wɔn aduan ho ntew.” Enti na Mmara no mu ahyɛde horow no yɛ “ɔfasu” a etwa wɔne nneɛma a ɛho ntew ntam.​—Efesofo 2:14

13. Ɔkwan bɛn so na Mmara no maa adwenemtew nyaa nkɔanim?

13 Mmara no nso maa Israelfo no adwenem tewee. Sɛ nhwɛso no, n’ahyɛde horow a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna ho no maa nnipa dwen nneɛma ho kɔɔ akyiri. (Leviticus 15:16-33) Israelfo suaa ahosodi wɔ ɔbarima ne ɔbea nna mu na wɔamma akɔnnɔ bɔne annya wɔn so tumi te sɛ Kanaanfo no. Mmara no kyerɛkyerɛɛ wɔn a na wodi so no mpo ma wohyɛɛ wɔn nkate ne wɔn apɛde ahorow so na ɛkasa tiaa anibere nsusuwii.​—Exodus 20:17.

14. Ɔkwan bɛn so na na Onyankopɔn Mmara da nsow wɔ abrabɔ fam ahotew a wɔbɛma akɔ so no ho?

14 Nanso nea ɛyɛ nwonwa wɔ ne nyinaa mu no ne sɛ na Mmara no si abrabɔ fam ahotew so dua. Ɛwom, Hammurabi mmara no nso kasa tiaa bɔne ahorow te sɛ awaresɛe. Nanso asɛm bi a ɛwɔ The Biblical Archaelogist mu kae sɛ: “Esiane sɛ na Apam Dedaw no mu mmara no nte sɛ Babilonfo ne Asiriafo a na wobu awaresɛe sɛ ɛyɛ bɔne a etia hokwan ahorow a okunu no nkutoo wɔ no pɛ nti, ebu awaresɛe sɛ bɔne a anibere wom a etia abrabɔ pa.”

15. (a) Fa sɛnea ebia na ɛsɛ sɛ Israelni bɔ mmɔden kɛse na ama ne ho akɔ so atew no ho nhwɛso ma. (b) Ɔkwan bɛn so na Israelfo nyaa mfaso fii mmɔdenbɔ a ɛte saa no mu?

15 Ɛnde hwɛ sɛnea odwontofo no nsɛm yi yɛ nokware: “Yehowa mmara ho tew, na ɛtew ani.” (Dwom 19:8, NW) Ɛtɔ bere bi a kɔ a na wɔbɛkɔ so ama wɔn ho atew no gye mmɔdenbɔ kɛse. Na ɛsɛ sɛ mmea a wɔawo foforo kɔ Yerusalem kɔyɛ nneɛma ahorow de tew wɔn ho wɔ bere a wɔawo akyi adapɛn kakraa bi no. (Leviticus 12:1-8; Luka 2:22-24) Na wɔhwehwɛ sɛ mmarima ne mmea nyinaa tew wɔn ho wɔ amanne kwan so wɔ aware mu ne tebea horow a ɛne no wɔ abusuabɔ mu. (Leviticus 15:16, 18; Deuteronomium 23:9-14; 2 Samuel 11:11-13) Sɛ wɔbɔ mmɔden di Mmara no so na wɔkɔ so ma wɔn ho tew a, ‘wonya mfaso fi mu’​—ɔhonam fam, adwene mu, abrabɔ mu, ne honhom mu. (Yesaia 48:17, NW) Afei nso, hia a kɔ a wobɛkɔ so ama wɔn ho atew no ho hia ne aniberesɛm a ɛyɛ no bɛtra wɔn adwenem daa. Nea eye sen ne nyinaa no, na mmɔden a wofi koma pa mu bɔ sɛ wobɛkɔ so ayɛ kronkron no bɛma wɔanya Onyankopɔn anim dom.

Ahotew wɔ Wiase a Ahotew Nnim Mu

16, 17. (a) Wɔhwehwɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no kɔ so ma wɔn ho tew kodu he? (b) Dɛn nti na obi ho a ɔbɛkɔ so ama atew no yɛ ade a ɛyɛ den kɛse nnɛ? (d) Ɔkwan bɛn so na nnipa atitiriw ntumi nyɛɛ nhwɛsofo pa?

16 Afei yebetumi anya anisɔ ama Petro nsɛm a ɔka kyerɛɛ Kristofo yi no yiye: Sɛ asoɔmmerɛw mma, na monnyɛ mo ho sɛnea kan a munnim biribi no mo akɔnnɔ te no, na mmom te sɛ nea ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no, mo nso monyɛ kronkron abrabɔ nyinaa mu, na wɔakyerɛw sɛ: Monyɛ kronkron, efisɛ me, meyɛ kronkron.”​—1 Petro 1:14-16.

17 Yegye tom sɛ eyi nyɛ mmerɛw. Baabiara a yɛhwɛ no, yehu sɛ nkurɔfo daadaa afoforo, wonni nokware na wɔbɔ aguaman. The New York Times bɔɔ amanneɛ sɛ: “Amerikafo pii repaw sɛ wɔbɛtwe mpena ansa na wɔaware.” Nnipa atitiriw mpo nyɛ nhwɛso pa. Nnipa a wɔagye din wɔ wiase no mu nnɛ wɔ agumadi, amammuisɛm ne agodi mu no mu binom de wɔn ho hyɛ nneɛma a ɛho ntew mu wɔ baguam. Obi a n’ani gye agumadi ho kae sɛ, “Ɛyɛ huammɔdi kɛse sɛ wubenya gyidi wɔ obi mu sɛ nhwɛsofo na afei ada adi sɛ nkekae wɔ wɔn ho.” Dɛn ne ɔhaw no? Mmirikatufo a wɔagye din pii aka sɛ wɔnom nnubɔne. Hwɛ sɛ nea nnipa a nkurɔfo ani gye wɔn ho kɛse no taa bu bra a ɛho ntew, yiw ɔbra bɔne sɛ awaresɛefo, aguamammɔfo, mmarima a wɔne wɔn ho wɔn ho da, mmea a wɔne wɔn ho wɔn ho da, akorɔnfo, adwowtwafo, wɔn a wɔnom nnubɔne! Ɛte sɛnea wɔn ho tew wɔ honam fam, nanso kasa-fĩ ayɛ wɔn anom ma. Wɔn ani betumi agye sɛ wobu ahotew a ɔmanfo gye tom ho mmara so na wɔhoahoa wɔn ho wɔ ɔbra bɔne a wobu no ho.

18. Ɔkwan bɛn so na nnipa pii a wobu bra a ɛho ntew no ‘retwa nea wɔagu no’?

18 Nanso ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobepia Bible no mu nsɛm ato nkyɛn: “Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; [“Wontumi mmu Onyankopɔn animtiaa.”​—Byington] efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa. Nea ogu gu ne honam so no fi honam mu betwa porɔwee.” (Galatifo 6:7) Nneyɛe a ɛyɛ aniwu taa ma obi yare anaasɛ nyarewa te sɛ babaso, kekae ne AIDS, sɛ yɛbɛbobɔ emu atitiriw no mu kakraa bi din a, kum no ntɛm. Ɛtɔ bere bi a, abrabɔ bɔne ma obi nya adwene ne nkate mu haw, ɔyɛ basaa na okum ne ho mpo. Enti bere a ebia wɔn a wobu ɔbra bɔne no bɛserew wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn ho atew na wɔadi wɔn ho fɛw no, fɛwdifo no gyae serew bere a wofi ase ‘twa nea wɔagu no.’​—Fa toto Romafo 1:24-27 ho.

19, 20. Ɔkwan bɛn so na Kristoman asɔfo ada wɔn ho adi sɛ wɔn ho aba fĩ wɔ nyamesom fam ne abrabɔ mu?

19 Yɛte wiase a wobu nyamesom animtiaa wom nso mu. Ebia asɔfo bɛhyɛ ntade a ɛyɛ fɛ na ɛho tew de, nanso wɔkyerɛkyerɛ Babilonfo nneyɛe a ɛho ntew na wɔde nkyerɛkyerɛ a ɛho ntew te sɛ Basaakoro, hell-gya, onipa kra a enwu da ne ahodwiragya ma. Wɔte sɛ nyamesom asɔfo a Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Munnue, mo kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mote sɛ ɔda a wɔasra ho a ɛho a wohu yɛ fɛ, na emu de, afunu nnompe ne efi nyinaa ayɛ no ma. Saa ara nso na mote sɛ nnipa trenee nnipa anim, na mo mu de, nyaatwom ne amumɔyɛ ayɛ no ma.​—Mateo 23:27, 28.

20 Asɔfo mpo pene efi a ɛwɔ wɔn nguankuw no mu no so. Wɔma kwan ma nnipa a wonim wɔn sɛ wobu ɔbra bɔne na wɔn ho ntew​—aguamammɔfo, awaresɛefo, ne mmarima a wɔne wɔn ho da​—no nya gyinabea pa. Ɛdefa asɛm yi ho no, Newsweek bɔ amanneɛ sɛ: “Maryland adwenemyare ho ɔbenfo Richard Sipe a anka ɔyɛ ɔsɔfo no, ka sɛ U.S Katolekfo asɔfo 57,000 no mu bɛyɛ ɔha biara mu 20 yɛ mmaninguaman . . . Ayaresafo afoforo susuw sɛ ebia wɔn dodow ankasa bɛn ɔha biara mu 40.” Katolekfo sɔfo John J. Mcneil (obi a wagye atom sɛ ɔyɛ ɔbaninguaman) pene ɔbarima ne ɔbarima nna so wɔ baguam: “Mmea a wɔne wɔn ho anaasɛ mmarima a wɔne wɔn ho da baanu ntam ɔdɔ a wosusuw sɛ ɛyɛ nnipa ntam ɔdɔ pa no nyɛ bɔne, na saa ara nso na ɛntwe adɔfo no mfi Onyankopɔn nhyehyɛe ho, na mmom ebetumi ayɛ ɔdɔ kronkron.”​—The Christian Century.

21. Ɔkwan bɛn so na nkaebɔ a ɛne “Kronkron ma [Yehowa]” no fata ma yɛn nnɛ?

21 Enti nkaede a wɔakyerɛw agu ɔsɔfo panyin no abotiri no ho fata kɛse sen bere biara: “Kronkron ma [Yehowa].” (Exodus 28:36) Yiw, Yehowa hwehwɛ sɛ yɛkɔ so ma yɛn ho tew wɔ biribiara mu! Nanso ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi ayɛ saa? Mmeae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so titiriw? Asɛm a edi so yi bɛka nsemmisa yi ho asɛm.

[Ase hɔ asɛm]

a Na nsiesiei ahorow a ɛte sɛɛ nni Hammurabi mmara no mu; saa ara nso na wonhuu ahotew ho mmara a ɛte saa ara wɔ tete Misrifo no mu, ɛwom sɛ na aduru a wɔyɛ no kɔ anim kakra de. Ancient Egypt nhoma no ka sɛ: “Nkonyaayi ne ɔkwan a wɔfa so yɛ ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔnom nnuru no a emu da hɔ [wɔ Misrifo aduruyɛ nhoma mu].” Nanso na adaemonesɛmdi biara nni Onyankopɔn Mmara no mu na ɛne nyansahu hyia. Sɛ nhwɛso no, nnɛ bere yi mu nkutoo na nnuruyɛfo ahu hia a ɛho hia sɛ woguare bere a obi aka funu no akyi, biribi a na Mose Mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ wɔ mfe mpempem pii a atwam ni no mu!​—Numeri, ti 19.

Nsemmisa ma Ntĩmu

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛ “kronkronyɛ mu onuonyamfo,” na eyi kyerɛ dɛn ma n’asomfo?

◻ Ɔkwan bɛn so na na ɛsono Mose Mmara no wɔ aman afoforo nyinaa mmara ahorow no ho?

◻ Ɔkwan bɛn so na Mose Mmara no maa honam fam, adwene mu, ne abrabɔ fam ahotew nyaa nkɔanim?

◻ Ɔkwan bɛn so na nnipa a wobu bra a ɛho ntew no ‘retwa nea wɔagu no’?

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Anyame a wɔn bra asɛe a na Kanaanfo som wɔn no maa wɔyɛɛ animguasede

[Mfonini Fibea]

Courtesy of the British Museum, London

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Hammurabi mmara no maa nneɛma kɔɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ ahenni no mu na ɛhyɛɛ Ɔhene no anuonyam, nanso amma Babilonfo no anyɛ kronkron

[Mfonini Fibea]

Louvre Museum, Paris

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena