So Nnipa Pa Nyinaa Kɔ Soro?
“Na ayi no aba awiei na mmom ɛnyɛ haw a na mahaw kɛse no. . . . Na ɛte sɛ nea ɛyɛ nwonwa sɛ me babarima ketewaa no afi ase tutu n’anan wɔ adapɛn kakraa bi a atwam no mu, a na n’anim ketewaa no kyerɛ nkonimdi. Nanso mprempren Andrew awu! . . .
“Mekɔɔ so gyinaa mfɛnsere no ano, mehwɛɛ sum no mu na mehwehwɛɛ soro. Mibisae sɛ: ‘Abofra no wɔ he mprempren? So ɔwɔ soro baabi wɔ nsoromma no mu?’
ABOFRA wu yɛ osuahu a ɛyɛ awerɛhow sen biara a awofo betumi anya. Wobisa sɛ, ‘Yɛn ba no wɔ he mprempren? Ɔwɔ soro anaasɛ baabi foforo?’ Asɔre ahorow pii kyerɛkyerɛ sɛ nkokoaa a wowuwu no kɔ soro. Wɔ Johannesburg, South Africa no, nsɛm a wɔakyerɛw agu ɔdamoa bi so no kenkan sɛ: “Na Onyankopɔn pɛ nhwiren bi a ahan, ne bɔfo faa yɛn de no mu biako.” Nanso obi bebisa sɛ: ‘Dɛn nti na Onyankopɔn “pɛ nhwiren a ahan” bere a sɛnea gyidi a agye din kyerɛ no, ɔwɔ pii dedaw no?’ Na nnipa pii bisa sɛ . . .
‘Ɔsoro Te Dɛn?’
Nnipa pii nnim sɛnea ɔsoro te ankasa. Ebinom de ahotoso ka “anigye a wubenya wɔ soro bere a woawu no” no ho asɛm. Nanso dɛn na Bible no ka? Bible no nkyekyem a edi kan pɛɛ no ka sɛ: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.” (Genesis 1:1) Eyi gyina hɔ ma ɔsoro a aniwa hu no, nsoromma ne nsoromma akuwakuw ahorow pii a ɛyɛ fɛ no. (Deuteronomium 4:19) Nanso honhom fam ɔsoro nso wɔ hɔ. Enti Bible no ka Yehowa “trabea kronkron fɛfɛ a ɛkorɔn” ho asɛm.—Yesaia 63:15, NW.
Hena na odii kan foro kɔɔ saa yɛn soro Agya no ‘trabea a ɛkorɔn’ hɔ? Ne Dɔba, Yesu Kristo. Ɔkae sɛ: “Na obi mforoo soro, gye nea ofi soro sianee no, onipa Ba . . . no.” (Yohane 3:13) Eyi kyerɛ pefee sɛ na abɔde a wɔyɛ nnipa no mu biara nkɔɔ soro ɛ. Nanso Yesu hyɛɛ bɔ sɛ nnipa bi bɛkɔ hɔ. Aka bere kakraa bi na waforo akɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo anokwafo no sɛ: “Merekɔ makosiesie baabi mama mo . . . na mabɛfa mo makɔ m’ankasa me nkyɛn, na nea mewɔ no, mo nso moaba hɔ.”—Yohane 14:2, 3.
Ɛnde ɛda adi sɛ nnipa pa bi kɔ soro. Nanso so nnipa pa nyinaa na wɔkɔ soro? Na onipa fi—asase no nso ɛ? So wɔnam nuklea ɔko so bɛsɛe no ma adan gyabiriw bi a etwa ne ho wɔ ahum? Dabida. Bible no ka sɛ: “Awo ntoatoaso kɔ, na awo ntoatoaso ba, na asase de, etim hɔ daa.” (Ɔsɛnkafo 1:4) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Ɔbɔadeɛ no sɛe saa asase fɛfɛ yi, ɛwom mpo sɛ nnipa a wɔyɛ pɛsɛmenkominya asɛe n’afã horow bi de? Onyankopɔn Asɛm hyɛ bɔ sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:29.
Ɛnde ɛda adi sɛ asase no wɔ daakye a ɛyɛ anigye. Yesu ka siei wɔ ne Bepɔw so Asɛnka a agye din no mu sɛ: “Nhyira ne wɔn a wodwo, na wɔn na wobenya asase no adi.” (Mateo 5:5) Bio nso, Bible no nhoma a etwa to a ɛne Adiyisɛm no kyerɛ sɛ asase no bɛdan paradise. Ɛka wɔ adesamma asoɔmmerɛwfo ho sɛ: “Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:3, 4.
Yɛahu wɔ nea yɛadi kan aka no mu sɛ nnipa pa bi kɔ soro bere a afoforo nya asetra mu anigye wɔ asase so no. Eyi kyerɛ sɛ wɔyɛ nnipa akuw horow abien. Ɔkwan bɛn so na ebetumi aba saa? Bio nso, te sɛ Andrew maame no, nnipa pii dwen nea ɛba wɔn mma so bere a wowu a wɔmmɔɔ wɔn asu no ho. Roma Katolekfo kyerɛkyerɛ sɛ wɔkɔ baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Limbo. So beae bi a ɛte saa wɔ hɔ? So nkokoaa kɔ hɔ? Wɔde mmuae a ɛma akomatɔyam ne awerɛkyekye ama wɔ asɛm a edi hɔ no mu.