Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Asɛmpa No Renya Nkɔanim Wɔ Cyprus Wɔ Ɔsɔretia Nyinaa Akyi
ƆSOMAFO Paulo kaa Ahenni no ho asɛmpa wɔ Cyprus. (Asomafo no Nnwuma 13:4-12) Ná ɛyɛ 47-48 Y. B mu. Ɛnnɛ, Yehova Adansefo 1,154 reka asɛmpa no wɔ saa supɔw fɛfɛ yi so na wɔ afe yi April mu no, nnipa 2,570 kɔɔ Nkaedi no ase a ɛkyerɛ sɛ nnipa komapafo ne wɔn a wosuro Onyankopɔn pii wɔ supɔw yi so. Nanso bere a nnipa no mu pii gye Bible mu asomdwoesɛm a Yehowa Adansefo ka no tom no, Greek Ortodoks asɔfo no sɔre tia adwuma no te sɛ nea Yudafo asɔfo a na wɔwɔ Yesu bere so yɛe no. (Yohane 15:20) Cyprus baa dwumadibea no kyerɛw sɛ: “Greek Ortodoks Asɔre no reda ne bo a asi sɛ ɛbɛsɛe yɛn asɛnka adwuma no adi sen bere biara.” Afei amanneɛbɔ no ka sɛnea asɔfo no haw anuanom no wɔ afie afie ɔsom adwuma no mu na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ wɔn abufuw sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma wɔne wɔn agye akyinnye. Afei wɔbɔ wɔn sobo sɛ wɔrehaw afoforo adwene, nanso anuanom no mma wɔn bo mfuw na wogyaw wɔn hɔ kɔ.
Nokwarem no, asɔfo no ɔsɔretia no ntaa mma nea wɔhwehwɛ no nyɛ hɔ, sɛnea osuahu a edi so yi kyerɛ no: “Asram kakraa bi a atwam ni no, ɔbea bi fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, na ne kunu abɛka adesua no ho nnansa yi. Afei ɔsɔfo bi kɔsraa awarefo yi a na ɔwɔ anidaso sɛ ɔbɛma wɔagyae wɔn Bible adesua no. Ɔsɔfo no bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ Baasakoro no mu akyerɛ wɔn. Bere kakraa bi akyi no, okunu no de n’ano too asɛm no mu na ɔkae sɛ: ‘Mente sɛnea Yesu a mprempren ɔwɔ soro a ɔwɔ honam nipadua, sɛnea wokyerɛ no, betumi ne Onyankopɔn a ɔwɔ honhom tebeam no abom biako wɔ bere koro ara mu no ase.’ Mmuae a ɔsɔfo no mae ne sɛ: “Wiɛ, ɛho nhia sɛ wote biribiara ase.’ Onigyeni no kae sɛ: ‘Nanso mete ase sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba na enye Onyankopɔn ankasa. Mempɛ sɛ mɛte Baasakoro no ho asɛm bio.’ Bere a ɔkaa eyi no, ɔsɔfo no sɔre gyinaa hɔ na ɔde abufuw kae sɛ: ‘Woakɔ wo anim dodo wɔ wo Bible adesua no mu. Worentumi nsakra.’”
Mprempren ɔbea no kɔ nhyiam ahorow nyinaa bi na wɔbɔɔ no asu wo “Yehowa mu Ahotoso” ɔmantam Nhyiam no ase. Ɔbarima no da so ara sua ade na ɔkɔ nhyiam ahorow binom.
Amanneɛbɔ a efi Cyprus baa dwumadibea no ka sɛ: “Enti, wɔ asɔfo no mmɔdenbɔ nyinaa akyi no, wontumi nnu wɔn botae no ho. Mmom no, nea yehu ne sɛ afei anigyefo pii ba nhyiam horow ase sen kan no. Wɔ bere koro no ara mu no, anuanom no asi wɔn bo kɛse sɛ wɔde asɛmpa no bɛkɔ nnipa komapafo nkyɛn.” Yehowa gyina n’anokwafo akyi sɛnea wahyɛ bɔ wɔ Yeremia 1:19 sɛ ɔbɛyɛ no: “Na wɔne wo bedi ako, nanso wɔrentumi wo, efisɛ midi w’akyi. [Yehowa] asɛm ni, na megye wo.”