Atɛntrenee Ma Obiara—So Ɛbɛba Da Bi?
WƆN a wɔkɔsra London Old Bailey a ɛyɛ Nsɛmmɔnedi Asennibea Kɛse ɔdan a agye din wɔ abakɔsɛm mu no hu ɔbea bi a ɔyɛ atɛntrenee ho mfonini honi wɔ atifi. Okura nsenia wɔ ne nsa biako mu a ɛno da no adi sɛ wɔbɛkari adanse biara yiye. Okura afoa a wɔde bɛtwe wɔn a wodi fɔ no aso wɔ ne nsa foforo no mu. Wɔ mmeae afoforo pii no, wubetumi ahu saa sɛnkyerɛnnede yi nhwɛso horow, a ɛtɔ mmere bi a wɔakyekyere ohoni a ogyina hɔ ma “Atɛntrenee” no ani de rekyerɛ sɛnea ɔnhwɛ anim.a
Nanso, ebia wubebisa sɛ: So nea ogyina hɔ ma, atɛntrenee ma obiara no, wɔ hɔ wɔ asase biara so ampa? Nokwarem no, mmara ne wɔn a wɔhwɛ ma nkurɔfo di so wɔ asase biara so. Na atemmufo ne asennibea ahorow nso wɔ hɔ. Ɛda adi sɛ nnipa a wɔde nnyinasosɛm di dwuma abɔ mmɔden sɛ wobekura adesamma hokwan ahorow mu na wɔahwɛ sɛ atɛntrenee koro no ara wɔ hɔ ma obiara. Nanso, ɛda adi yiye sɛ wɔn mmɔdenbɔ no adi nkogu. Ɛkame ayɛ sɛ da biara, yɛte, yehu, anaasɛ yɛkenkan ɔporɔw, nsisi, ne ntɛnkyea ho asɛm.
Susuw ɔbea bi a wɔde no kɔɔ asennibea bi no nhwɛso yi ho. Ansa na wɔreda no adi sɛ odi fɔ anaasɛ odi bem no, ɔtemmufo no ma ohui sɛ sɛ ohyia no ahɔhodan bi mu, a ɛda adi sɛ ɔne no bɛda a, ‘obedi asɛm a wɔde ato no so no ho dwuma.’ Yiw, wɔn a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛhwɛ ama atɛntrenee aba no ada wɔn ho adi mpɛn pii sɛ wɔaporɔw na wontumi nyɛ wɔn adwuma yiye. Time nsɛmma nhoma no kaa United States ɔmantam bi a wɔbɔɔ emu asennibea kɛse mu atemmufo baanum biara mu baasa sobo wɔ abrabɔ mu adeyɛ a ɛmfata ho wɔ ɔtemmufo foforo a wɔboaa no nti no ho asɛm.
Bio, sɛ nkurɔfo hu sɛ nsɛmmɔnedifo kɔ so guan asotwe a, pii bɛyɛ wɔn a asɛm mfa wɔn ho bio na ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔn ankasa bebu mmara so. (Ɔsɛnkafo 8:11) Yɛkenkan asɛm a efi Netherlands yi sɛ: “Dutchfo pii nunu amansɛmdifo sɛ wɔhyɛ biribiara ho kwan a wɔma a ɛde nsɛmmɔnedi ba no ho nkuran. Afoforo kasa tia asennibea ahorow, titiriw atemmufo . . . a wɔde atemmu nketenkete a ɛtɔ da a mmɔborohunu a wontumi nte ase wom ma no.” Nanso pii wɔ atɛntrenee a yehia no kɛse no mu sen mmara sodi anaa atemmu nhyehyɛe no a wobesiesie
Wunim sɛ wɔ nsase pii so no asikafo kuw ketewaa bi wɔ hɔ a wɔkɔ so nya wɔn ho bere a ahiafo pii no hyia sikasɛm mu ntɛnkyea. Saa ntɛnkyea yi kɔ so bere a esiane honam ani hwɛbea, abusua a obi fi mu, ɔkasa, ɔbarima anaa ɔbea a obi yɛ, anaa ɔsom nti nkurɔfo nnya hokwan biara a wɔde bɛma wɔn tebea no ayɛ yiye anaasɛ mpo wɔde bɛhwɛ wɔn ho no. Nea afi mu aba ne sɛ ohia, ɔkɔm, ne nyarewa aka nnipa ɔpepem pii. Bere a nnipa pii a wɔwɔ aman a wɔanya sika mu no nya nnuruyɛ akwan a anya nkɔanim mu mfaso no, ɔpepem pii a wonnim wɔn dodow hu amane na wowu efisɛ wontumi nnya nsu pa anaa nnuru a ne bo nyɛ den mpo. Ka atɛntrenee ho asɛm kyerɛ wɔn! Wɔn de no yɛ ntɛnkyea a efi awo mu kosi owu mu.—Ɔsɛnkafo 8:9.
Na nea ɛte sɛ ntɛnkyea a ɛnyɛ nea onipa betumi de aba no nso ɛ? Susuw mmofra a wɔbɛwo wɔn no na wɔadi dɛm fi awo mu no ho. Sɛ ɔbea bi wo ne ba na wabubu anaasɛ wawu, nanso mmea afoforo a wɔbɛn hɔ no gyigye wɔn mma a wɔte apɔw a, so ɔte atɛntrenee nka? Sɛnea asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ no, wobesiesie nea ɛte sɛ ntɛnkyea a ɛte saa no.
Nanso ɛde besi ha no, so wo ne asɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 1:15 no nyɛ adwene? Ɛhɔ no na bere a ɔhene nyansafo bi a ɔwɔ osuahu pii no rekasa sɛnea onipa hu ade no, ogye toom sɛ: “Nea akyea no, wontumi nteɛ, na nea edi kam no, wontumi nkan.”
Obi a ogyee din kɛse mpo ne Yesu Kristo. Yɛkenkan ne mfatoho bi a ɛfa ɔtemmufo bi “a onsuro Onyankopɔn, nanso ɔmfɛre nnipa” ho wɔ Luka 18:1-5. Wiɛ, okunafo bi kɔɔ so srɛɛ ɔtemmufo no sɛ ommu atɛntrenee mma no sɛnea mmara no ma no hokwan. Nanso Yesu kae sɛ ɔtemmufo bɔne no boaa no efisɛ n’adesrɛ no bɛyɛɛ ɔhaw. Enti wobetumi aka sɛ na Yesu nim sɛ ntɛnkyea abu so. Nokwarem no, akyiri yi wɔyɛɛ n’ankasa ayayade na wogyinaa asoto bi a ɛnyɛ nokware so kum no yayaw a ɛda adi sɛ na ɛyɛ atɛntrenee a wɔadan ani abutuw foforo!
Nnipa pii gye di sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ntɛnkyea ho asɛm haw no. Wɔ Mass bi a wɔbɔe wɔ Central America asase bi so mu no, Paapa John Paul II kae sɛ: “Sɛ wutiatia obi so, sɛ wubu ne hokwan ahorow so, sɛ wubu no ntɛnkyea, sɛ woyɛ no ayayade, sɛ wububu hyɛn ne fie kɔkyere no sie anaasɛ wubu hokwan a ɔwɔ sɛ ɔtra ase no so a, woayɛ bɔne na woadi mfomso kɛse atia Onyankopɔn.” Nsɛm a eye. Nanso, ntɛnkyea kɔ so. Mmofra a wonnii mfe anum a wɔwɔ saa asase no so 10 biara mu 8 nnya aduan pa nni. Nnipa no ɔha biara mu abien na asase no mu nea wotumi de yɛ afuw no mu ɔha biara mu 80 yɛ wɔn de.
Enti so Onyankopɔn bi a odwen ntɛnkyea a ɛyɛ hu sɛɛ no ho ampa, Onyankopɔn bi a ntɛnkyea a ɛka wo ho no asɛm haw no, wɔ hɔ? So ɔbɛhwɛ ama atɛntrenee aba da bi?
[Ase hɔ asɛm]
a Yɛn mfonini a ɛda akyi no fi Justitia Fountain a ɛwɔ Frankfurt am Main, Germany. Ohoni a ɔwɔ saa kratafa yi so no si ɔdan kɛse bi a ɛwɔ Brooklyn, New York, U.S.A. no so.