Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 3/15 kr. 23-25
  • Kaesarea Ne Tete Kristofo No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kaesarea Ne Tete Kristofo No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Roma Nniso
  • Oyikyerɛ No
  • “Yehowa Pɛ Na Ɛnyɛ Hɔ”
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • “Ahenni No Ano Nsafe” Ne “Nnipakuw Kɛse” No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • ‘Onyaa Akokoduru’ De Dii Adanse Fefeefe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Bible Nkɔmhyɛ Mu Gyidi Gye Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 3/15 kr. 23-25

Kaesarea Ne Tete Kristofo No

TETE mpoano kurow Kaesarea a Herode kyekyeree bere tiaa bi ansa na wɔrewo Yesu Kristo no ayɛ faako a wɔnam fam tutu so ahu nneɛma pii nnansa yi. Wɔde “King Herod’s Dream” (“Ɔhene Herode Dae”) a ɛyɛ nneɛma a wɔahu yi ho oyikyerɛ no rekyinkyin Amerika Kusuu Fam mprempren.a

Herode nyaa Roma ɔhempɔn Augustus anim dom. Enti, ɔfrɛɛ kurow no Kaesarea (a ɛkyerɛ sɛ “Kaesare Dea”) ne ne po so ahyɛn gyinabea no Sebastos (Hela kasa ma “Augustus”). Herode adwumayɛfo sii po so ahyɛn gyinabea bi a ɛyɛ nwonwa maa ahyɛn bɛyɛ ɔha, na wosii asɔrefi nwonwaso bi a ohoni kɛse bi wom maa ɔhempɔn no som.

Roma Nniso

Kaesarea bɛyɛɛ Roma amrado ahorow​—mmarima a na wodi Yudea so no atrae. Na Kaesarea ne Roma amammui ne sraadi dwumadibea titiriw. Ɛhɔ na ɔsraani panyin Kornelio ne “n’abusuafo ne ne nnamfo” bɛyɛɛ momonotofo a wɔnyɛ Yudafo a wodi kan a wogyee Kristosom toom no. (Asomafo no Nnwuma, ti 10) Ɔsɛmpakafo Filipo kɔɔ Kaesarea; saa ara na Petro nso kɔɔ hɔ. Ahyɛn a ɔsomafo Paulo de tuu n’asɛmpatrɛw akwan no bi gyinaa Kaesarea po so ahyɛn gyinabea. Na bɛyɛ afe 56 Y.B. mu no, Paulo ne Luka traa Filipo a ɛda adi sɛ na wabɛtra hɔ a na ne mmabea baanan nso som Onyankopɔn no fie.​—Asomafo no Nnwuma 8:40; 12:18, 19; 18:21, 22; 21:8, 9.

Kaesarea na wɔde Paulo bae ma obegyinaa Roma amrado Felike anim no. Ɛhɔ nso na Paulo kaa ne nsɛm a agye din yi kyerɛɛ Festo no: “Mede asɛm no medan Kaesare.”​—Asomafo no Nnwuma, atiri 23-26.

Oyikyerɛ No

Sɛ wohyɛn saa oyikyerɛ yi mu a, w’ani tua Tike a ɛyɛ Kaesarea nyamewa no honi. Ne din no kyerɛ “Siade” anaa “Akraye.” Nanso ɛnyɛ siade nyamewa bi na na Kristofo a wɔwɔ hɔ no wɔ ne mu ahotoso na mmom nokware Nyankopɔn, Yehowa no. Na wogye Yesu Kristo a Ɔhene Herode bɔɔ mmɔden sɛ obekum no no nso di.

Wɔ adan abien a edi hɔ no mu no, wuhu sɛnea fam tutufo huu nneɛma no wɔ Kaesarea ne sɛnea wosii po so ahyɛn gyinabea no. Afei, wɔ ɔdan a ɛto so anan no mu no, wuhu nneɛma atitiriw a wohui wɔ Kaesarea no mu biako a wɔasan ayɛ no foforo. Ɛno nkutoo ne Roma amrado a wɔde Yesu Kristo kɔɔ n’anim no nkyerɛwee a wonim. Nkyerɛwee no kenkan sɛ: “Pontio Pilato, Yudea amrado.”

Afei nso kɔbere mfrafrae sika pa abien bi wɔ saa ɔdan yi mu a ɛho yɛ anigye kɛse. Wɔakyerɛw nea edi kan (nifa so) no so sɛ: “Sion ahofadi afe a ɛto so abien.” Nea ɛto so abien no so nsɛm ne: “Sion ogye afe a ɛto so anan.” Nhomanimfo kyerɛ sɛ wotwaa saa sika yi 67 Y.B. ne 69 Y.B. mu. Na “ahofadi” a wɔka ho asɛm no ne bere a Yudafo no kɔɔ so kuraa Yerusalem mu bere a Cestius Gallus san de ne Romafo asraafo dɔm a wɔrebetua wɔn no kɔe wɔ afe 66 Y.B. mu no akyi no.

Saa san a wɔsan kɔe no maa etumi yɛɛ yiye sɛ wobeguan afi Yerusalem. Nnipa a na wogye Yesu di no guanee, efisɛ na wahyɛ da aka sɛ: “Sɛ muhu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnde munhu sɛ ne bɔ abɛn. Ɛnna momma wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so, na wɔn a wɔwɔ [Yerusalem] mfi mu nkɔ, na wɔn a wɔwɔ nkuraase no, mommma wɔnkɔ mu.” (Luka 21:20, 21) Ɛda adi sɛ na wɔn a wotwaa saa “nkonimdi” sika yi no nni ɔsɛe a na ɛda hɔ twɛn wɔn no ho adwene biara!

Wɔ afe 70 Y.B. mu no, Roma asraafo no san bae, wobedii Yerusalem so, na wɔsɛee asɔrefi no. Sɛnea Josephus kyerɛ no, wokunkum nnipa bɛboro ɔpepem biako a na wɔabɛhyɛ kurow no mu ma redi Twam no. Roma sahene Tito de agoru ahorow a wodii wɔ Kaesarea agodibea hɔ hyɛɛ saa nkonimdi yi​—ne ne nuabarima Domitia awoda​—ho fã. Ɛhɔ na wɔtotoo nneduafo 2,500 maa nkekaboa, wɔhyew wɔn, anaasɛ wokunkum wɔn wɔ atɔprɛ agoru mu.

Efesofo awo nyamewa Artemi a ɔwɔ nufu pii no honi na ɛwɔ oyikyerɛ no ɔdan a edi hɔ no mu. Saa onyamewa yi ara na n’asomfo yɛɛ basabasa bere a Paulo asɛnka maa nnipa pii pow ahonisom a ɛyɛ akyide na wobedii Yesu Kristo akyi no.​—Asomafo no Nnwuma 19:23-41.

Nnwinne mmubui a wɔde rekyerɛ no kyerɛ faako a na afeha a edi kan akwantu mu trɛw kodu sɛnea Kyerɛwnsɛm da no adi no. Wɔ tete adekoradan biako pɛ mu no, wohuu nnwinne mmubui ahorow a efi mmeae a atew ne ho kɛse te sɛ Yugoslavia, Italy, Spain, ne ebia Afrika Kusuu Fam. Esiane akwantu pii a ɛte saa no nti, ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛte ase sɛ nsrahwɛfo a wofi Roma Ahemman no mu mmeae a ɛwɔ akyirikyiri tumi baa Yerusalem wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu. Pii tee asɛmpa no wɔ wɔn ankasa kasa mu wɔ hɔ, wɔbɛyɛɛ gyidifo, na wɔbɔɔ wɔn asu. Ɛda adi sɛ ebinom de asɛmpa no san kɔɔ wɔn ankasa nsase so a wɔforoo ahyɛn a efi Kaesarea.​—Asomafo no Nnwuma, ti 2.

Wɔ ɔdan a edi hɔ no mu no, nkaedum fitaa a ɛyɛ ahinanan bi suso afeha a ɛto so abiɛsa anaa anan mu ɔbo ntayaa bi mmubui mu. Mfiase no na wɔakyerɛkyerɛw asɔfo mmusua nkyekyem 24 a wɔsomee wɔ Yerusalem asɔrefi no mu no wɔ so. Saa asɔrefi no abubu agu mfe ɔhaha pii, nanso na Yudafo no wɔ awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ wɔbɛsan asi bio. Mfehaha pii akyi no na wɔda so bɔ mpae sɛ Onyankopɔn bɛsan de asɔfodi nkyekyem no asi hɔ wɔ wɔn bere so. Nanso wɔansan ansi asɔrefi no. Na Yesu aka ne sɛe no asie. Na ansa na wɔresɛe no no, ɔsomafo Paulo a na ɔyɛ Yudani a na anka ɔyɛ Farisini no daa no adi sɛ Onyankopɔn de biribi a eye kyɛn so asi asɔrefi no ananmu​—asɔrefi a ɛyɛ kɛse koraa, honhom mu de, a na ɔdan a wɔde nsa sii wɔ Yerusalem no yɛ ho mfonini, anaasɛ egyina hɔ ma no ara kwa no.​—Mateo 23:37-24:2; Hebrifo, atiri 8, 9.

Mfehaha twaam, na nkonimdifo bae na wɔkɔe. Awiei koraa no, Kaesarea mmubui no mem kɔɔ anhwea ne nsu ase. Ná ɛretwɛn nnɛyi fam tutufo a nea wɔahu no aboa yɛn ma yɛate tete asetra ne nneɛma a yɛkenkan ho asɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu no mu bi ase yiye no.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔayi akyerɛ wɔ National Museum of Natural History a ɛwɔ Washington, Natural History Museum of Los Angeles County, ne Museum of Natural History a ɛwɔ Denver, Colorado no dedaw. Nea ɛka mmeae afoforo a afei na wobeyi akyerɛ wɔ hɔ no ho ne Science Museum of Minnesota a ɛwɔ Saint Paul, ne Boston Museum of Science, ne Canadian Museum of Civilization a ɛwɔ Ottawa nso.

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Tike, Kaesarea “siade” nyamewa no

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 23]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

Courtesy of the Natural History Museum of Los Angeles County

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 24]

Aaron Levin

Israel Department of Antiquities and Museums; photographs from Israel Museum, Jerusalem

Courtesy of the Natural History Museum of Los Angeles County

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena