‘Nanso Mennɔ Yehowa!’
NÁ BOB yɛ abarimaa bere a ne na bɛyɛɛ Yehowa Adansefo mu biako no. Mfe pii mu no, ɔne no kɔɔ Ahenni Asa so ne asɛnka mpo, ɛwom sɛ wɔammɔ no asu de. Nanso, bere a aka kakraa ma wadi mfe 20 no, ogyaee ɔne Adansefo no fekubɔ. Esiane sɛ ofi tebea bɔne biako mu kɔɔ foforo mu nti, ɔsɛee n’asetra. Ɛwom sɛ ɔda so ara ka sɛ ogye nneɛma a osua fii Bible mu no pii di de, nanso eyi ntumi mma onnya ɔpɛ sɛ ɔbɛsan aba Yehowa ahyehyɛde no mu. Dɛn nti na Bob te nka wɔ saa kwan yi so?
Susuw nhwɛso foforo ho. Ná David ayɛ bere nyinaa somfo mfe pii. Ɛtɔ mmere bi a, na Bible ɔkyerɛkyerɛ binom ho nsemmisa sɔre wɔ n’adwene mu. Nanso odii nsɛnnennen no ho dwuma bere nyinaa denam susuw a osusuw ho sɛ te sɛ agoru bi a wɔkeka nneɛma ahorow sisi anim ma ɛbɛyɛ nea ntease wom no, obi nnyae bere a mfiase no biako anaa abien bi te sɛ nea entumi nhyɛ no. Onyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛtwɛn Yehowa ma wama emu ada hɔ. Nanso eduu baabi no, David kae sɛ ontumi nnya akomatɔyam wɔ saa kwan no so bio. Bere a ogyaw ne som mu hokwan ahorow no guu hɔ no, ankyɛ na ofii nokware no mu. Dɛn na ɛde nsakrae bae wɔ ne nsusuwii mu no?
Ampa, ɛyɛ yaw kɛse sɛ yehu sɛ wɔn a yɛdɔ wɔn gyae nkwa ho mmirika no tu. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de boa wɔn. (2 Korintofo 12:15; Galatifo 5:7) Nanso dɛn ankasa na ɛma obi twe ne ho fi nokware no mu no? Dɛn na wobetumi ayɛ de aboa obi a ɔte saa ma wasan aba mmirikatu no mu? Na sɛ su ahorow a ɛtete saa fi ase ba obi mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?
Koma, Ahonim, ne Gyidi
Ade biako wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no nsow wɔ wɔn a wɔafi nokware no mu no ho. Wɔn mu pii wɔ hɔ a wɔyɛ saa a ɛnyɛ sɛ wonnye nokware no nni bio. Nea ɛne no bɔ abira koraa no, wɔn mu pii ka sɛ, “Minim sɛ eyi ne nokware no, nanso . . . ” anaasɛ, “Sɛ nokware bi wɔ hɔ a, minim sɛ ɛne eyi.” Wɔn komam tɔnn no, wɔn mu pii da so ara gye di sɛ nea wɔasua afi Bible no mu no ne nokware no. Nanso ɔkwan bi so no, wɔagow wɔn nsam na wɔahwere wɔn mmɔdenbɔ. Yakobo kae sɛ: “Gyidi a nnwuma nni mu no awu.”—Yakobo 2:26.
Pii wɔ nokware gyidi mu sen nimdeɛ a obi wɔ anaa gye a ogye di sɛ biribi yɛ nokware no. Sɛ́ anka gyidi bɛyɛ adwenem adeyɛ ara kwa no, nsusuwso kwan so koma no ho asɛm wom, efisɛ Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Koma na wɔde gye di kɔ trenee mu.” (Romafo 10:10) Ɛnde, ntease mu no, Bible no kyerɛ sɛ koma no ne asɛnnennen no fibea bere a obi fi ase twe ne ho no. Sɛnea Paulo bɔɔ kɔkɔ no: “Monhwɛ yiye, anuanom, na koma bɔne a ennye nni amma mo mu biara mu, na wanwae amfi Nyankopɔn teasefo ho.”—Hebrifo 3:12.
Nea ɛbɛyɛ na yɛanya adanse sɛ koma no ho wom kɛse no, yebetumi atie Diane a na wawae no. Bere a mfɛfo Kristofo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa no no, obuae pen sɛ: “Merentumi nsan mma Yehowa nkyɛn. Mennɔ no!” Ná onim sɛ ade biako pɛ a ebetumi aboa no ma wabɛn Yehowa ne ɔdɔ a obenya ama no sɛ Ɔteasefo ne sɛ Obi a ɔfata sɛ ɔde ne ho ma no. Nokwarem no, saa ɔdɔ yi na ɛkanyan no ma ohyiraa ne ho so maa Yehowa mfiase no. Nanso ɔkwan bi so na ɔnte saa ɔdɔ no nka bio. Sɛ enni hɔ a, ɛbɛyɛ nea ɔnenam mu kwa bere a wasan aba no. Nanso ɔkwan bɛn so na obi hwere ɔdɔ a bere bi na emu yɛ den no?
Wiɛ, Paulo bɔɔ “koma bɔne a ennye nni” din. Wɔ nsɛm no bi mu no, gyidi a enni hɔ saa no fi koma no a wɔma no kwan ma ɛpɛ nea Yehowa Nyankopɔn bara anaasɛ wɔma ɛsɔre tia n’ahyɛde bi no. Wɔ saa kwan no so no, koma no bɛyɛ nea emu apaapae na enni mũ wɔ Yehowa ho bio. Enti, bere a obi hu sɛ n’adeyɛ nyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani no, ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw a ɔde bekwati nsɛnnennen afoforo ne sɛ ‘ɔbɛwae afi Nyankopɔn teasefo no ho.’ (Fa toto Genesis 3:8-10 ho.) Sɛ́ anka onii no bɛsakra n’adwene no, “koma bɔne” no ka no ma oyi Yehowa ne n’atirimpɔw ahorow fi n’asetra mu. Saa kwan no so no, obi a onni gyidi no gyaw nokware no.
Wɔ nsɛm afoforo mu no, sɛ́ anka onii no bɛma n’ahonim ahaw no wɔ adeyɛ bi ho mmom no, ɔma ne koma ka no wɔ nkontompo kwan so ma ɔnam akyinnyegye, mfomso hwehwɛ, anaa ɔwae so hwehwɛ adwene mu aguan. Sɛ otumi ma ɔte ne ho ase sɛ ne gyidi no nnyinaso no nyinaa yɛ nea mfomso wom a, ɔnte nka bio sɛ ɛyɛ ɔhyɛ sɛ ɔtra ase ma ɛne no hyia. Nnipa a wɔte saa no tow ahonim pa kyene na ‘wogu gyidi ho asu.’—1 Timoteo 1:19.
Nokwarem no, obi betumi afi nokware no mu esiane ntease afoforo bi nti. Nanso sɛnea ɛte biara no, ɛkame ayɛ sɛ koma ho asɛm wom bere nyinaa. Eyi nti, afotu yi yɛ ne bere mu de ampa ara: “Kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa, na emu na nneyɛe nyinaa fi.”—Mmebusɛm 4:23.
Wobetumi Asan Aba
Gye a yebegye atom sɛ yɛn ankasa nsusuwii bɔne na ɛma yɛhweree gyidi no gye akokoduru. Nanso saa a yɛbɛyɛ no ne adeyɛ a edi kan wɔ yɛne Yehowa ntam abusuabɔ a emu yɛ den a yɛbɛsan anya no ho adwumayɛ mu. Steve a ɔyɛ ɔkwampaefo wɔ England no osuahu yɛ saa ɔsɛmpɔw yi ho mfatoho fɛfɛ.
Ɛwom sɛ Steve annwae amfi nokware no ho da de, nanso eduu baabi no, ofii ase tee nka sɛ onni akomatɔyam ne gyidi. Sɛ ɔka asɛm kyerɛ afoforo a, ne nsɛm no ntɔ n’ankasa asom. Sɛ Steve ne ne honhom mu anuanom mmarima ne mmea wɔ hɔ a, na ɔte nka sɛ watom, te sɛ nea ɔnka wɔn ho.
Nea ɛyɛɛ Steve anigye no, ohui sɛ asɛnnennen no fi n’ankasa. Steve ka sɛ: “Manyɛ mfomso a ɛne sɛ mɛtew me ho sɛnea ɛbɛyɛ a medwen nneɛma ho ahu ano, te sɛ nea honhom nkanyan fibea bi wɔ honam a ɛnyɛ pɛ no mu a ɛbɛma manya mmuae a ɛteɛ no.” (Fa toto Romafo 7:18 ho.) Mmom no, ohui sɛ ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ ne komam na otu nnaadaa akɔnnɔ a ɛretwe no afi nokware no ho no ase. Bere a ofii ase fii nhyɛase no ankasa so no, ɔyɛɛ adwuma de hyɛɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn ne N’Asɛm no mu gyidi mu den bio. Ɛnnɛ, Steve de anigye resom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo.
Sɛnea Afoforo Betumi Aboa
Ɛnyɛ obiara a wagyae nokware no anaasɛ ɔreyɛ agyae no na ohu nneɛma pefee sɛnea Steve yɛe no. Nokwarem no, mpɛn pii no ɛyɛ honhom mu adehu a emu da hɔ yi a wonni no na ɛde asehwe ba awiei koraa no. Ɛha na mfɛfo Kristofo betumi aboa. (Romafo 15:1; Galatifo 6:1) Nanso ɔkwan bɛn so na wobetumi ayɛ eyi ɔkwan a eye sen biara so?
Ɛda adi sɛ ɛnnɔɔso sɛ wɔbɛto nsa afrɛ obi a ɔte saa no anaasɛ wɔbɛhyɛ no nkuran sɛ ɔnsan mmra. Ɛho hia sɛ wohu akwanside ahorow no na woyi fi hɔ. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden ahorow de kanyan onii a wayɛ mmerɛw anaasɛ wagyae ɔsom no koma. Nkɔmmɔbɔ a wommuamua nsɛm so nanso ayamye wom na ɛma wofi komam kasa betumi aboa onii no. Kyerɛwnsɛm te sɛ 1 Timoteo 1:19, Hebrifo 3:12, ne Yeremia 17:9, 10 betumi aboa no ma wahwehwɛ ne komam akɔ akyiri na wahu nea ɛrema ‘wawae afi Nyankopɔn teasefo no ho’ no.
Bere a wɔahu nea ɛde aba no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden de di ho dwuma. Koma ankasa a ɔyare aka no no hwehwɛ sɛ sɛ ɔyarefo no bɛte apɔw a, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ no yiye na ebia wɔyɛ ho oprehyɛn a ɛyɛ yaw mpo. Sɛ koma no bɛsan ayɛ ade ɔkwan pa so bio a, ɛsɛ sɛ woyi akɔnnɔ bɔne, ahofadi ho su horow, anaasɛ nokwasɛm afoforo a ɛrema aman no fi hɔ. Kristofo a wɔyɛ hyew betumi ne onii a wagyae ɔsom no abom abɔ mpae, na sɛ mpanyimfo no susuw sɛ eye a, wobetumi ne no asua Bible no mpo. Akwan a ɛte sɛɛ so nkutoo na wobetumi asan akanyan onii no ma wabenya ɔdɔ ama Yehowa bio.—Mmebusɛm 2:1-5.
Ná eyi yɛ nokware ‘wɔ Diane asɛm no mu. Ɔne mpanyimfo a wɔn ho akokwaw nkɔmmɔbɔ boaa no ma ohuu nea ehia sɛ ɔyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no hyew. Bere a Diane hui sɛ wabehu Yehowa yiye bio no, ogyee mmoa a wɔde maa no no toom. Bere a wasua Bible no bɛyɛ afe akyi no, ɔne ne kunu san bɛyɛɛ Yehowa ayeyifo a wɔyɛ hyew bio.
Esiane sɛ ɔdɔ hwehwɛ adeyɛ nti, mpɛn pii no ɛyɛ nea Yehowa ka a wɔbɛyɛ na wɔanya ne mmoa a efi ɔdɔ mu no na ɛda adi sɛ etu mpɔn kɛse. Yiw, dwumadi boa obi ma ɔsan nya ɔdɔ a bere bi ɛkanyan ne koma no. (Dwom 34:8) Ebia eyi de nneɛma pɔtee bi a wɔbɛyɛ de ako atia akɔnnɔ bɔne anaasɛ wɔde besiesie komam su ahorow bi a ɛmfata no na ebefi ase. Saa ɔko yi mu nkonimdi biara yɛ nkɔanim wɔ koma no a wɔsan de ba Yehowa nkyɛn no mu. (Mmebusɛm 23:26; 1 Petro 2:1-3) Bere a wodi koma no so no, wonya ɔpɛ sɛ wɔbɛka nea ɛwom no bi akyerɛ afoforo. Enti, bere a wɔn a na anka wɔyɛ Ahenni adawurubɔfo a wogyaee ɔsom no abɛfata ara pɛ no, ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn ma wonya asɛnka mu kyɛfa, efisɛ “koma na wɔde gye di kɔ trenee mu, na ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagye mu.”—Romafo 10:10.
Wɔ wɔn a wɔte nka sɛ wɔnnɔ Yehowa bio no fam no, ebia kwan a wobetwa asan aba nyamesom pa asetra mu no bɛyɛ nea ɛware na ɛyɛ den. Nanso, honhom mu ahoɔden a Steve ne Diane san nyae no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wobetumi asakra koma no. Yiw, wobetumi asan aba denam Yehowa honhom no dwumadi, n’Asɛm no a wɔde di dwuma, ne biako a wɔne n’ahyehyɛde no bɛyɛ a wɔhyɛ mu den no so. Yɛwɔ anidaso a efi nokwaredi mu na yɛbɔ mpae sɛ wobetumi aboa nnipa a wɔtete saa no ma wɔabenya Yehowa som ne ɔsom kronn mu anigye bio sɛ wɔn a wofi wɔn koma nyinaa mu dɔ Yehowa.—Marko 12:30; 1 Korintofo 13:8; 3 Yohane 1-4.