Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛt
‘Nokware No Bɛyɛ Mo Adehye’—Na Ama Moanya Anigye
WƆ BRITANIA no, Bible mu nokware ama nnipa bɛboro 113,000 ade wɔn ho, na pii regye nokware no da biara. Yesu nsɛm yi renya mmamu ampa: “Na mubehu nokware no, na nokware no ayɛ mo adehye.” (Yohane 8:32) Ahofadi yi de anigye ba sɛnea osuahu ahorow a efi Britania a edi so yi kyerɛ no.
◻ Baa dwumadibea no ka sɛ, bere a na Penny reyɛ afie afie ɔsom adwuma no, ɔbea panyin bi ka kyerɛɛ no mpofirim sɛ, “Minni adagyew.” Penny buae sɛ ɔbɛsan aba ne nkyɛn bio. Bere a na Penny rekɔ wɔn a wanto wɔn wɔ fie nkyɛn wɔ nna kakraa bi akyi no, ɔfom kɔɔ ofie koro no ara mu wɔ bere a ɛnyɛ nea ɔde kɔ hɔ mu. Ɔbea panyin no buee ɔpon no, na ɔka kyerɛɛ Penny sɛ ɔmmra mu. Ose: “Minim sɛ wobɛsan aba, na na meretwɛn wo.” Wɔbɔɔ Ahenni anidaso no ho nkɔmmɔ na ɔbea panyin no kae sɛ ɔwɔ anidaso sɛ ɛbɛbam. Na wadi mfe 79, na na ne kunu awu wɔ mfe abiɛsa a na atwam no mu. Asɔre a ɔkɔ no mufo ammɛkyekye ne werɛ, na na ontumi nhu nea enti a ɛsɛ sɛ ɔtra nkwa mu. Na ɔpɛ sɛ owu. Akyiri yi bere a Penny fii ase ne no yɛɛ Bible adesua no, ɔka kyerɛɛ Penny sɛ na ɔpɛ sɛ okum ne ho, nanso na onim sɛ enye. Na wabɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔnkyekye ne werɛ, na ɔmmoa no ma ɔnsan nnya anidaso. Bere a osuaa ade nkakrankakra no, n’abasamtu no dan anidaso na onyaa Yehowa mu gyidi a ɛyɛ den na ɔdaa no ase. Ɔne asɔre no twaa wɔn ntam abusuabɔ a akyɛ no mu, na wɔbɔɔ no asu bere a na wadi mfe 80, na mprempren ɔyɛ daa ɔdawurubɔfo a ɔda nnamyɛ kɛse adi. Ampa, Onyankopɔn Asɛm mu nokware ama wade ne ho, na wanya anigye kɛse.
◻ Onyankopɔn Ahenni ho nokware no ma obi nya ahofadi fi atoro som nnommumfa mu. Ebetumi asakra ne nipasu nso na mpɛn pii no, eyi sɔ afoforo ani na ɛboa wɔn ma wɔn wobehu nokware no sɛnea osuahu a edi so yi kyerɛ no.
Ababaa bi kɔbɔɔ Ɔdansefo bi pon mu, na ɔkae sɛ ɔne no mmɛyɛ Bible adesua. Dɛn na ɛma ɔyɛɛ eyi? Na ɔbea no awofo ne Yehowa Adansefo resua Bible no. na tumi a na anya wɔ n’awofo no so—ne titiriw ne papa—yɛ anigye araa ma ne babea no ho dwiriw no ankasa. Na ne papa a anka ɔnom sigaret 80 da koro no agyae nom koraa, bere a wɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ Yehowa mpene so no. Ɛkame ayɛ sɛ wɔ ɛno akyi pɛɛ no, ɔsan de nneɛma pii a wawia afi n’adwumawuranom hɔ bere bi a atwam no kɔmaa wɔn. Wɔn babea no tee nka sɛ akyinnye biara nni ho sɛ, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ biribiara a ebetumi anya n’awofo so nkɛntɛnso saa no mu. Mprempren wɔabɔ awofo no asu, na wɔn babea no ba nhyiam horow no nyinaa bi.
Nokware a Yesu kaa ho asɛm no de anigye brɛɛ wɔn a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ atifi hɔ no ne afoforo pii. Ebetumi ayɛ saa ama nnipa a wogye Bible mu nokware no tom na wɔde di dwuma wɔ wɔn asetra mu no nyinaa.—Dwom 19:7, 8.