Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma
Talente Ho Bɛ No
YESU toa ɔne n’asuafo no nkɔmmɔbɔ wɔ Ngo Bepɔw no so no so denam bɛ foforo a obu kyerɛ wɔn no so, bɛ a ɛto so abien wɔ ahorow abiɛsa a ɛtoatoa so mu. Bere a ɔwɔ Yeriko wɔ nna kakraa a atwam mu no, obuu mmena ho bɛ no de kyerɛe sɛ ɛbɛkyɛ ansa na Ahenni no aba. Bere a bɛ a afei obu no ne kan de no afã horow bi di nsɛ no, ɛkyerɛkyerɛ nneɛma a sɛ enya ba mu a ebesisi bere a Kristo aba Ahenni tumidi mu no mu. Ɛkyerɛ sɛ bere a n’asuafo no da so ara wɔ asase so no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma de ma “nea ɔwɔ no dɔɔso.”
Yesu fi ase sɛ: “Na ɛte [kyerɛ sɛ, nsɛm a ɛfa Ahenni no ho] sɛ onipa bi a ɔretu kwan akɔ baabi, na ɔfrɛɛ n’ankasa ne nkoa, na ɔde nea ɔwɔ hyɛɛ wɔn nsa.” Yesu ne ɔbarima a, ansa na ɔretu kwan akɔ soro no, ɔde nea ɔwɔ hyɛ ne nkoa—asuafo a wobenya ɔsoro Ahenni—no nsa. Saa nneɛma a ɔwɔ no nyɛ honam fam ahode na mmom egyina hɔ ma asasesin a wɔagu mu aba a wobetumi anya asuafo bebree afi mu no.
Yesu de nea ɔwɔ no hyɛ ne nkoa nsa bere tiaa bi ansa na ɔreforo akɔ soro. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam ahyɛde a ɔde maa wɔn sɛ wɔnkɔ so nyɛ adwuma wɔ asasesin a wɔagu mu aba no mu denam Ahenni no ho asɛm a wɔbɛka akɔpem asase ano nohɔ no so. Sɛnea Yesu ka no: “Na ɔmaa obiako talente anum, na obiako nso abien, na obiako nso biako, sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te; na otuu kwan.”
Enti wogyina sɛnea nkoa no mu biara ahoɔden te, anaa honhom fam hokwan ahorow a ɔwɔ so na wɔkyekyɛɛ talente awotwe—Kristo nneɛma a ɔwɔ—no. Nkoa no gyina hɔ ma asuafo akuw horow. Wɔ afeha a edi kan no mu no, ɛda adi sɛ na asomafo no ka kuw a wonyaa talente anum no ho. Yesu kɔ so kyerɛkyerɛ mu sɛ nkoa a wonyaa talente anum ne abien no nyinaa nyaa nea wɔde maa wɔn no mmɔho denam wɔn Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no so. Nanso, akoa a onyaa talente biako no de kosiee fam.
Yesu toa so sɛ: “Na ɛkyɛe no, nkoa no wura no bae, na ɔne wɔn bebuu akontaa.” Ɛyɛ afeha 20 yi mu, bɛyɛ mfe 1,900 akyi, ansa na Kristo san bae bebuu akontaa, enti nokwarem no, “ɛkyɛe” ansa na ɔreba. Afei Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ:
“Na nea onyaa talente anum no bae de talente anum kaa ho bae sɛ: Owura, talente anum na wode hyɛɛ me nsa. Hwɛ, manya talente foforo anum maka ho. Ne wura no see no sɛ: Mo, akoa pa ne nokwafo, woadi kakraa yi ho nokware, mede wo mesi ade pii so; kɔ wo wura anigye mu!” Akoa a onyaa talente abien no nyaa talente a wɔde maa no no mmɔho saara, na onyaa nkamfo ne akatua koro no ara bi.
Nanso, ɔkwan bɛn so na saa nkoa anokwafo yi kɔ wɔn Wura anigye mu? Wiɛ, wɔn Wura, Yesu Kristo, anigye no ne nea onyae bere a ɔkɔɔ n’Agya nkyɛn wɔ soro kogyee Ahenni no. Nnɛyi nkoa anokwafo no de, wonya anigye kɛse sɛ wɔde Ahenni asɛyɛde afoforo hyɛ wɔn nsa, na bere a wowie wɔn asase so asetra no, wobenya anigye a awiei koraa no ɛbɛba no wɔ nyan a wobenyan wɔn akɔ ɔsoro Ahenni mu no mu. Nanso, akoa a ɔto so abiɛsa no nso ɛ?
Akoa yi ka sɛ: “Owura, minim wo sɛ woyɛ onipa a woyɛ den; enti misuroe, na mede wo talente no mikosiee fam. Hwɛ, w’ade ni!” Akoa no hyɛɛ da powee sɛ ɔbɛyɛ asasesin a wɔagu mu aba mu adwuma denam asɛm no a ɔbɛka na wayɛ asuafo no so. Enti owura no frɛ no “akoa bɔne ne onihafo” na obu no atɛn sɛ: “Munnye ne nsam talente no . . . Na akoa a ne ho nni mfaso no, momfa no nkɔtow no nkyene akyirikyiri sum no mu. Ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.” Saa akoa kuw bɔne no mufo a wɔtow wɔn gu adiwo no hwere honhom mu anigye biara.
Eyi de asuade bi a anibere wom ma wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristo akyidifo nyinaa. Sɛ wobenya ne nkamfo ne n’akatua na wɔakwati akyirikyiri sum mu a wɔbɛtow wɔn agu na awiei koraa no wɔasɛe wɔn no a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma ma wɔn Wura a ɔwɔ soro no nneɛma a ɔwɔ no dɔɔso denam asɛnka adwuma no a wobenya mu kyɛfa sɛnea wobetumi nyinaa so. So wonam nsiyɛ so de w’ahoɔden a wowɔ no bedi dwuma saa kwan yi so anaa? Mateo 25:14-30.
◆ Asuade bɛn na bɛ a edi hɔ yi de ma?
◆ Henanom ne nkoa no, na dɛn ne nneɛma a wɔde hyɛ wɔn nsa no?
◆ Bere bɛn na owura no ba bebu akontaa, na dɛn na obehu?
◆ Anigye bɛn na akoa nokwafo no kɔ mu, na dɛn na ɛba akoa bɔne no so?