Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 8/1 kr. 3-4
  • Mmofra A Wɔsom Onyankopɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra A Wɔsom Onyankopɔn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmofra a Wɔte sɛ Obosu a Wɔma Afoforo Ho Dwo Wɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Bible Mmere So Mmofra Asomfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Mmofra A Wɔwɔ Anigye Wɔ Yehowa Ɔsom Adwuma Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Mmofra
    Yɛn Ahenni Som—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 8/1 kr. 3-4

Mmofra A Wɔsom Onyankopɔn

SO ƐYƐ wo nwonwa sɛ mmofra a wɔn ho twa de wɔn bere bɛba wo pon ano ne wo abɛbɔ nkɔmmɔ afa Onyankopɔn ho, a wonnye akatua biara anaa? So ɛyɛ nwonwa sɛ, wɔ mmere a nnipa rekɔ so yɛ wɔn a wonni gyidi yi mu no, mmofra ne wɔn awofo bom ka Bible bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa a ɛfa daakye a anigye wom ho no ho asɛm anaa?a

Wɔ Yehowa Adansefo asafo horow 60,000 ne akyi a ɛwɔ asase so nyinaa no pii mu no, wubehu mmofra bebree. Wɔnkɔ dapɛn dapɛn Kwasida asɔre anaa ɔkyerɛsuasɛm adesua. Mmom no, saa mmofra yi nya asafo nhyiam horow mu mfaso na wɔde wɔn ho hyem mpo. Ebia wɔn a wosusuae no bɛma mmuae ntiantiaa. Mmofra a wonnya nnii mfe dumiɛnsa de wɔn ho hyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu. Mmofra a wonnii mfe aduonu pii de wɔn sukuu akwamma boa afoforo ma wosua Onyankopɔn ne ne daakye bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa no ho ade. Nokwarem no, mmofra dwumadi a ɛte sɛɛ no nyɛ ade foforo. Bible no ka mmerante ne mmabaa anokwafo, ne mmofra ne mmofra nkumaa nso, a wɔyɛɛ nhwɛso a ɛda nsow wɔ Yehowa som mu no ho asɛm.

Bible mu Nnwom nhoma no kaa “mmerante asafo” bi a wɔn ho yɛ ahomeka na wɔdɔɔso sɛ “obosu” wɔ nnwuma pa mu ho asɛm siei. Ɛkaa “mmerante” ne “mmabaa” a woyi Onyankopɔn din ayɛ ho asɛm nso. (Dwom 110:3; 148:12, 13) Ebetumi aba sɛ na mmofra bi ka wɔn a na wɔahyiam no ho bere a wohwiee Onyankopɔn honhom kronkron guu gyidifo so wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu no. Saa da no, bɛyɛ nnipa 3,000 gyee Asɛm no toom ma wɔbɔɔ wɔn asu. Ɔsomafo Petro kae sɛ saa anwonwasɛm a esii yi yɛ Yoel nkɔmhyɛ no mmamu: ‘Mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyɛ nkɔm, na mo mmerante ahuhu anisoade, na mo mpanyin asoso adae.’​—Asomafo no Nnwuma 2:4-8, 16, 17, 41.

Bible mu nhwɛso afoforo a ɛfa nnipa a wɔsom Yehowa Nyankopɔn wɔ wɔn mmofraase ho no bi ne Samuel, ɔtreneeni Ɔhene Dawid, Bible mu adiyifo a wonim wɔn yiye a wɔne Yeremia ne Daniel, ne ɔnokwafo Timoteo nso. Saa nsɛmma nhoma yi kura nsɛm ahorow abiɛsa a ɛka saa Bible mu nhwɛso ahorow yi ho asɛm. Wubehu nea enti a mmofra, ne mpanyimfo nso, bu Onyankopɔn som aniberesɛm, ne nea enti a wɔde bere pii boa afoforo ma wɔn nso wɔayɛ saa ara wɔ nsɛm no mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Gallup nhwehwɛmu bi a wɔyɛe afe 1985 mu daa no adi sɛ Amerikafo a wɔwoo wɔn fi afe 1946 reba no mu ɔha mu nkyem 12 pɛ na wɔkae sɛ na wɔwɔ “gyidi kɛse” bere a na wɔadi mfe 16 no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena