Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 9/1 kr. 16-17
  • So Wubesua Ade Afi Mmere No Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubesua Ade Afi Mmere No Mu?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • B15 Hebrifo Kalenda
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • So Wunim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Nea Ɛkɔ So Afe Biara wɔ “Asase Pa No” So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 9/1 kr. 16-17

Bɔhyɛ Asase No So Mmeae Ahorow

So Wubesua Ade Afi Mmere No Mu?

YEHOWA kae bere bi sɛ: ‘Nna nyinaa a asase wɔ hɔ yi, ogu ne otwa, awɔw ne ahohuru rennyae da.’ (Genesis 8:22) Ɔnam saa kwan yi so sii kuayɛ mmere no so dua.

Dɛn na wunim wɔ mmere horow no ne abusuabɔ a ɛda ɛne kuayɛ ntam no ho? Sɛ wote kuropɔn bi mu anaasɛ wonyɛ kua koraa mpo a, ɛsɛ sɛ wusua Israel mmere ne kuayɛ mu dwumadi ahorow no ho ade. Dɛn ntia? Efisɛ sɛ wunim eyi ho ade yiye a, wobɛte Onyankopɔn Asɛm no ase yiye.

Akuafo fɛtɛw asase, gu aba, na afei wotwa wɔn nnɔbae no porow ho. Nanso, sɛ yɛbɛte nea Bible no ka no ase yiye a, ɛsɛ sɛ yehu pii, a bere a saa dwumadi ahorow no kɔɔ so no ka ho. Fa asase fɛtɛw sɛ nhwɛso, sɛnea yehu wɔ atifi ha sɛ wɔreyɛ wɔ asase a ɛnna fam, a na ɛhɔ ne tete Yudea no so no.a Wususuw sɛ ɔsram bɛn mu na wotwaa saa mfonini yi? Sɛ wunim bere a wɔde fɛtɛw asase wɔ wo man mu a, ebetumi adaadaa wo. Bere a wɔde fɛtɛw asase wɔ asase no fã a ɛwɔ atifi no ne bere a wɔde yɛ saa wɔ asase no fã a ɛwɔ anafo no nyɛ pɛ; afei nso nsonsonoe wɔ wɔn sorokɔ ne osutɔ mmere mu.

Ebia eyi bɛka sɛnea wubu Bible mu nsɛm a esisii no. Ebia wobɛkenkan sɛnea Elia paw nea obedi n’ade no ho asɛm: “Na okohuu Safat ba Elisa sɛ ɔrefɛtɛw; anantwi mpamho dumien na edi n’anim.” (1 Ahene 19:19) Wususuw sɛ ɔsram bɛn mu na saa asɛm no sii, na na asase no ani te dɛn? Na wɔ Yohane 4:35 no, Yesu kae sɛ: “Ɛyɛ a, monka sɛ aka asram anan na otwa bere adu? . . . Momma mo ani so na monhwɛ mfuw mu sɛ anya ahoa ama otwa.” Ɛwom sɛ ɔkaa bere pɔtee bi ho asɛm de, nanso so wunim bere ko?

Kyerɛwtohɔ pon no ma yehu mmere ne kuayɛ mu dwumadi ahorow wɔ Bɔhyɛ Asase no so ho nsɛm. Ɔfã a atew ne ho no ma yehu Yudafo kalenda kronkron no mu asram ahorow no.b Sɛ wode eyi toto yɛn asram no ho a, wohyɛ sɛnea ebi mu twe no nsow, te sɛ Nisan (anaa, Abib) a emu twe bedu March awiei anaa April mfiase mu no. Ɔfã a edi hɔ de kɔ mfinimfini hɔ no kyerɛ bere a nnɔbae hoa, na ɛno ma yehu bere a wɔyɛɛ kuayɛ mu dwumadi ahorow te sɛ otwa ne ɔporow. Kyerɛwtohɔ pon no ɔfa a ɛwɔ mfinimfini no ma wutumi yɛ afe no mu wim nsakrae no ho ntotoho.

Fa kyerɛwtohɔ pon no di dwuma na woanya ntease ne anisɔ a emu dɔ wɔ Bible kyerɛwtohɔ ahorow te sɛ abien a wɔadi kan abɔ din no mu ho.

Bere a wɔfrɛɛ Elisa sɛ ɔmmɛyɛ odiyifo no, na ɔrenya asase fɛtɛw dwumadi titiriw bi mu kyɛfa. Ɛte sɛ nea na eyi yɛ Tishri (September-October) mu, bere a ahohuru bere mu ɔhyew a emu yɛ den no atwam no. Ná nsu a edi kan tɔ no afi ase rema asase no mu ayɛ mmerɛw, na ɛma wotumi fɛtɛw asase, na afei wɔagu aba.

Na bere bɛn na Yesu kaa nsɛm a ɛwɔ Yohane 4:35 no? Ná aka asram anan ansa na twabere adu. Hyɛ no nsow sɛ bere a wotwa atoko no fi ase wɔ Nisan (March-April) mu, bɛyɛ Twam bere mu. Kan bra akyi asram anan. Ɛno de wo bedu Kislew (November-December) mu. Na nsu a ɛtɔ no mu afi ase yɛ den, a osutɔ ne awɔw bere a emu yɛ den kyɛn saa rebɛba. Enti, nokwarem no, na Yesu reka sɛnkyerɛnne kwan so otwa ho asɛm bere a ɔkae sɛ: “Momma mo ani so na monhwɛ mfuw mu sɛ anya ahoa ama otwa” no.

Nea edidi so yi yɛ nsemmisa a wubetumi de adi dwuma wɔ wo kokoam adesua anaa wo ne w’abusua no adesua bere a ɛyɛ anika mu:

▪ Ná bere a wotwa asaawa wɔ Yeriko no ne Adar ɔsram no; ne saa nti, ɔkwan bɛn so na nsɛm a ɛwɔ Yosua 2:6 ne 3:15 no si Bible no nokware a ɛka so dua?​—Yosua 4:19; 5:11.

▪ Awi porow ba wɔ twabere akyi, enti ɔkwan bɛn so na bɔhyɛ a ɛwɔ Leviticus 26:5 no kyerɛ sɛ nnepa pii bebu so?

▪ Ɔkwan bɛn so na 2 Samuel 21:10 kyerɛ sɛ ebia Rispa sii pɛ wɔ ne mmabarima baanu a wokum wɔn na ama wɔayi mogya ho asodi afi Onyankopɔn nkurɔfo so no ho?

▪ Dɛn nti na wobuu ɔprannaa ne osu a wɔbɔɔ din wɔ 1 Samuel 12:17 no sɛ ɛyɛ mmuae a efi soro?​—Mmebusɛm 26:1.

▪ Dɛn na Rut gyina so de huu sɛ sɛnea Boas ne no dii no nyɛ biribi a ɔreyɛ bere tiaa bi mu?​—Rut 1:22; 2:23.

Dɛn nti na womma saa kyerɛwtohɔ pon yi mmɛn wo bere a worekenkan Bible no?

KISLEW NISAN

25 Asɔrefidwira 14 Twam

15-21 Apiti

16 Aba a edi kan mu Afɔrebɔde

IYYAR ADAR

14 Twam aka akyiri 14, 15 Purim

(Numeri 9:10-13)

SIWAN TISHRI

6 Adapɛn Nnapɔnna 1 Wɔhyɛn Torobɛnto

(Pentekoste) 10 Mpata Da

15-21 Asese Nnapɔnna

22 Nhyia Kronkron

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ 1990 Calendar of Jehovah’s Witnesses no nso.

b Ná wɔde ɔsram foforo (Veadar) ka kalenda no ho mpɛn ason wɔ mfe 19 mu

[Nsɛm a wɔahyehyɛ/​Mfonini wɔ kratafa 17]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

NISAN (ABIB)

March-April

Atoko

IYYAR (SIF)

April-May

Awi

SIWAN

May-June

Borɔdɔma a Ennyinii

TAMMUS

June-July

Bobe a Edi Kan

AB

July-August

Ahohuru Bere mu Nnuaba

ELUL

August-September

Nkyiresia, Bobe Aba, Bordɔma

TISHRI (ETANIM)

September-October

Fɛtɛw

HESHVAN (BUL)

October-November

Ngodua Aba

KISLEW

November-December

Nguan wɔ Awɔw Bere mu

TEBET

December-January

Afifide a Ɛrenyin

SEBAT

January-February

Ɔsonkoran gu nhwiren

ADAR

February-March

Akutu

VEADAR

March

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 16]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 17]

Garo Nalbandian

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena