Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 12/1 kr. 26-29
  • Yehowa Ama Me Ahoɔden

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Ama Me Ahoɔden
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛnnennen fi Ase
  • Asetra Foforo Mfiase
  • Boasetɔ de Mfaso Bae
  • Akokoduru wɔ Atumfo Anim
  • Ɔsom Titiriw
  • Dwumadi Foforo
  • Me Ho Nyɛ Den, Nanso Me Gyidi Yɛ Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Anisɔ Ma Yehowa Mmoa a Enni Huammɔ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • ‘Wɔahwe me Ase Nanso Wɔnsɛee Me’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Yehowa Yɛ Onyankopɔn a N’adɔe Dɔɔso Wɔ Me So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 12/1 kr. 26-29

Yehowa Ama Me Ahoɔden

SƐNEA EKUMBA OKOKA KA KYERƐE

WƆWOO me too “Kristofo” abusua mu wɔ Afrika Mfinimfini ɔman bi mu, na mede Onyankopɔn ho dɔ nyinii. Na m’agya yɛ ɔsɛnkafo mmɔdenbɔfo, na sɛ ɔkɔkyerɛkyerɛ wɔ asɔre anaasɛ ɔkɔbɔ mpae wɔ nkurɔfo afie mu a, metaa ka ne ho kɔ. Esiane sɛ na mete sɛ abarimaa a ɔwɔ ahofama nti, asɛnkafo afoforo paw me ma meboa ɔsɔfo no bere a ɔbɔ Mass no. Wɔka kyerɛɛ me mpo sɛ da koro ebetumi aba sɛ mesua ade ma me nso mabɛyɛ ɔsɔfo.

Nanso, edu anwummere a, na meyɛ ɛhɔnom nnwontofokuw bi a wɔfrɛ wɔn Matumba-Ngomo no mu odwontofo ne nea onim asaw titiriw. Saa dibea no mu no, me ne yɛn mantam no mu mmerante ne mmabaa buu ɔbra bɔne ahorow nyinaa bi. Nanso na meda so ara hwɛ kwan sɛ mɛware yere biako pɛ, na awiei koraa no makɔ soro ne “ahotefo” no akɔtra. Manhu sɛ ehia sɛ misiesie m’asetra, efisɛ sɛnea Katolekfo nkyerɛkyerɛ kyerɛ no, wɔde me bɔne nyinaa kyɛ me Memeneda biara, bere a makɔ bɔneka no.

Nsɛnnennen fi Ase

Wɔ afe 1969 mu, bere a mewɔ kɔlege no, mifii ase tee ɛyaw nka wɔ m’akwaa so. Ná minnim nea ɛma ɛyɛɛ saa, nanso asram a edi hɔ no mu no, emu kɔɔ so yɛɛ den. Ɛwom sɛ na m’awofo yɛ Katolekfo a wonim wɔn yiye de, nanso wosii gyinae sɛ wɔde me bɛkɔ abosom ahorow so, na wɔkae sɛ obi ato me aduru, nanso wɔnam wɔn mpae ne wɔn nnuru so bɛsa me yare. Nanso mifii ase tɔɔ apakye, na ebeduu 1970 no, na ɛyɛ den ma me sɛ mɛnantew bere a mikura poma mpo no. Saa bere no, minyaa adwene sɛ ɛrenkyɛ na mabubu agu fam koraa.

Awiei no, wɔ February 1972 mu no, m’agya sii gyinae sɛ ɔde me bɛkɔ ayaresabea wɔ Wembo Nyama. Mekyɛe wɔ ayaresabea hɔ araa ma wofii ase kae sɛ ɛhɔ yɛ me de! Nkurɔfo ba ayaresabea hɔ, wɔsa wɔn yare ma wɔkɔ, na afei bere bi akyi no, wɔsan de yare foforo ba hɔ, nso na meda so wɔ hɔ ara! Ná ɛsɛ sɛ m’agya kɔ fie kotwa ɔmo, nanso saa bere no na maware awo mma baanu, na ɛwom sɛ na me yere adi mfe 21 pɛ de, nanso ɔhwɛɛ me na ɔkɔpɛɛ adwuma yɛe sɛnea ɛbɛyɛ na watumi adi yɛn ahiade ahorow ho dwuma.

Nanso, na tebea no ama mahaw pii. Ná madi mfe 24, na me yare no mu kɔ so yɛ den, bere a me nnamfo redi yiye, a wɔn mu pii anya adwuma pɔtee bi yɛ no. Ɛyɛɛ me sɛ sɛ mikum me ho a, obiara ho bɛtɔ no. Enti, mekyekyɛɛ me nneɛma nyinaa maa me mma ne me nuanom, nanso manka nea na ɛwɔ m’adwenem ankyerɛ wɔn. Mannyaw hwee sɛ me soro atade bi a na m’ani gye ho yiye a na mepɛ sɛ wɔde sie me no nkutoo.

Asetra Foforo Mfiase

Afei wɔde Yehowa Adansefo mu biako bɛtoo mpa a ɛwɔ me nkyɛn no so. Ɛwom sɛ na n’ani biako afura na na nea aka no nso reyɛ afura de, nanso ɔyɛɛ ntɛm de Bible no dii Yehowa ne Ahenni no ho adanse kyerɛɛ me. Nna kakraa bi akyi no, woyii no fii ayaresabea hɔ, nanso ɔde me hyɛɛ Adansefo bi a wɔbɛsraa no no nsa. Nkɔmmɔbɔ bi akyi no, na ɛsɛ eyinom nso fi hɔ kɔ, nanso wɔn mu biako kɔɔ so ne me suaa ade denam krataakyerɛw so. Ɔmaa me nhoma ahorow a wɔde sua Bible no, na mede anigye kɛse kenkanee.

Saa kwan yi so no, me nsa kaa honhom fam aduan, na haw a na mahaw no dan anigye. Ná ɛte sɛ nea m’asɔre no de acid (nsu yeredɛdɛ) na, ɛma me nom, na afei de merenya nkwa nsu nom kwa. Medaa Yehowa ase wɔ me koma mu sɛ wama made me ho afi gyidi hunu ahorow te sɛ Baasakoro, ɔkra a enwu, awufo suro, ne nananom a wɔawuwu som ho.

Ebesi saa bere yi, na mepɛ sɛ mifi ayaresabea hɔ. Afei metee sɛ wɔde bere nyinaa asomfo mmusua abien reba Wembo Nyama, enti misii gyinae sɛ mɛtra hɔ kosi sɛ wɔbɛba. Anigye bɛn ara na minyaa sɛɛ yi bere a awiei koraa no wobehuu me wɔ me mpa mu wɔ ayaresabea hɔ no! Afei de mitumi ne obi ankasa a mihu no toaa me Bible adesua no so, sen sɛ mɛyɛ saa denam krataakyerɛw so.

Nna kakraa bi akyi no, mibisaa wɔn sɛ so wɔyɛ adesua wɔ Ahenni Asa so sɛnea na makenkan ho asɛm wɔ nsɛmma nhoma mu no anaa. Wofi ayamye mu kyerɛɛ me sɛ wɔyɛ wɔn nhyiam ahorow nyinaa wɔ ɔsɛsɛ ketewaa a wɔn mu biako te mu no mu. Wɔkae nso sɛ wɔn ani begye ho sɛ wɔde me bɛtra baesekre so akɔ hɔ. Ɛmfa ho sɛ na mete ɛyaw kɛse nka wɔ m’akyi dompe mu ne m’akwaa nyinaa so no, mede anigye kɔɔ nhyiam ahorow no nyinaa. Miduu ahwehwɛde ahorow no ho no, mitumi buu akontaa ɔsram biara sɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu mpo, fi April 1974 mu.

Asram abiɛsa akyi no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. Midii ayaresabea hɔ adwumayɛfo no adanse, ne ayarefo a wɔwɔ hɔ no, ne Protestant asɛmpatrɛwfo a wɔbɛsrasra hɔ no, ne m’abusuafo​—wɔ si a wɔn a wodi akyiri yi sii wɔn bo sɛ wɔbɛsɔre atia me no nyinaa akyi. Saa bere yi mu no, midii adanse bere a meda me mpa so anaa mete mmubuafo akongua a ayaresabea no de maa me kosi sɛ metumi atɔ mankasa me de no mu.

Boasetɔ de Mfaso Bae

M’abusuafo ɔsɔretia nyinaa akyi no, mekɔɔ so nantewee Yehowa kwan so na minyaa nhyira pii. Me yere begyinaa nokware no afã na wɔbɔɔ no asu wɔ 1975 mu. Yesii gyinae sɛ yɛbɛtra Katako-Kombe, baabi a na wɔahyehyɛ asafo wɔ hɔ dedaw no. Ná yɛn ho asɛm haw m’awofo efisɛ obi ka kyerɛɛ wɔn sɛ wobekunkum Yehowa Adansefo nyinaa wɔ 1975 mu. Bere a yɛampene so sɛ yɛne wɔn begyae bɔ no, wɔammana yɛn aduan bio, na ehiaa yɛn kɛse wɔ honam fam. Mekae sɛ bere bi ɔkɔm dee me babarima kumaa no ma ade tɔɔ ne so bere a yɛannya hwee anni da koro ne fã no. Nanso anuanom Kristofo brɛɛ yɛn mpataa ne aduan. Akyiri no, m’awofo fii ase boaa yɛn bio, nanso yɛn nuanom no annyae honam fam mmoa a wɔde maa yɛn no.

Wɔ February 1975 mu no, me nsa nifa dwudwoe na efii ase yɛɛ ketewaa. Nanso mikuraa me gyidi mu na misii me bo sɛ mede anigye bɛkɔ so asom Yehowa. Ɛyɛ me anigye sɛ mɛka sɛ ahoɔden san baa me nsa mu bio akyiri yi, a mitumi de yɛ ade, na aboa me ma mitumi bue me Bible ne Asafo no nhoma ahorow mu.

Akokoduru wɔ Atumfo Anim

Wɔ 1977 mu no, ɛhɔnom aban soafo no bɔɔ me sobo wɔ ɔmansin baguafo a na wɔkyeree asafo bi a ɛbɛn hɔ mu ɔkwampaefo titiriw bi nkyɛe no anim. Da koro ɔsraani bi a okura tumi krataa a ɛkyerɛ sɛ wɔhwehwɛ me no bɛfaa me kɔe. Me ne m’abusua bɔɔ mpae, hyɛɛ asafo no nkuran, na afei me ne no kɔe. Esiane Yehowa honhom nti, mitumi yii nsɛm a wɔka too yɛn so no nyinaa ano akokoduru so, na nkɔmmɔ tenten a me ne ɔmanfo ne asraafo atumfo no bɔe akyi no, wogyaa me ne ɔkwampaefo titiriw no.

Asram bi akyi no, aban soafo foforo bi nso bɛfrɛɛ me kɔɔ n’anim, na bio, ɛnam Yehowa mmoa so no, mitumi de anigye ne akokoduru kasa maa asɛmpa no. Me ne saa onipa yi bɔɔ nkɔmmɔ kyɛe, na yewiei no, ogyaee me na ɔno ankasa piaa me mmubuafo akongua no fii n’adwumayɛbea hɔ. Afei ɔka kyerɛɛ me brɛoo sɛ: “Bra me fie anwummere yi.” Nsrahwɛ bi akyi no, mitumi ne no fii Bible adesua ase. Akyiri yi no, minyaa nnipa afoforo baason a wodi tumi ne wɔn yɛɛ ofie Bible adesua. Wɔn mu dodow no ara baa yɛn hɔnom asafo nhyiam horow no.

Ɔsom Titiriw

Mesrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me, na mintumi nni me bɔhyɛ sɛ mede m’ahoɔden nyinaa bɛsom no no so wɔ yare a meyare nyinaa akyi. Mebɔɔ mmɔden sɛ medu akwampaefo boafo ahwehwɛde no ho, wɔ bere a manhyɛ da ammisa sɛ mɛyɛ bi no. Yehowa boaa me ma mitumi yɛe, enti mehyehyɛɛ ɔsom yi ho akwammisa krataa sɛ mɛyɛ fi June akosi October mu. Afei Asafo ti no penee so sɛ menyɛ daa ɔkwampaefo, na mifii ɔsom yi ase wɔ November 1976 mu. Wɔ September 1977 mu no, m’anigye dii mu bere a me nsa kaa dwumadi sɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Katako-Kombe asafo no mu no.

Ɔkwan bɛn so na mitumi yɛɛ eyi? Meyɛɛ asasesin no mu adwuma a mete me mmubuafo akongua no mu denam me yere ne anuanom a wɔwɔ asafo no mu mmoa so. Ɛtɔ mmere bi a, me nkutoo mpo mekɔ asɛnka a mikura poma. Mehwee ase pɛnkoro anaa mprenu bi. Afei meda fam hɔ twɛn a menkeka me ho kosi sɛ obi a ɔresen bɛboa me ma m’asɔre na ɔde me poma no asan ama me. Ná mekae sɛnea Yesu asomafo ne asuafo no sii wɔn bo no bere nyinaa. (Asomafo no Nnwuma 14:21, 22; Hebrifo 10:35-39) Bere biara a mɛhwe ase no, mebɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmma m’aba mu mmmu, na mmom ɔmma me ahoɔden a mede bɛkɔ so asom no. Ná mekae bɔhyɛ a ɛyɛ nwonwa a ɛwɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mu sɛ “apakye behuruw sɛ ɔforɔte” no bere nyinaa.​—Yesaia 35:6.

Dodow a metrɛw me som mu no, dodow no ara na mitumi dii me honam fam dɛmdi ahorow so nkonim. Wɔ 1978 mu no, minyaa hokwan sɛ mɛkɔ Ahenni Ɔsom Sukuu no wɔ Lubumbashi, na na ɛsɛ sɛ mede lɔre, ahyɛmma, ne keteke tu kwan akwansin 1,200. Nokwarem no, Yehowa ma minyaa ahoɔden a ɛdɔɔso wɔ akwantu yi mu. (Yesaia 12:2; 40:29) Mprempren mitumi nantew​—ɛwom sɛ ɛyɛ den de​—bɛyɛ anammɔn 300 a minkura poma. Migye midi sɛ Yehowa tiee me mpaebɔ wɔ 1973 mu sɛ ɔmma me ahoɔden na memfa nsi me bo nsom no no.

Dwumadi Foforo

Wɔ 1984 mu, bere a madi mfe ason wɔ Katako-Kombe no, me nsa kaa dwumadi foforo sɛ me ne asafo a ɛwɔ Lodja-Centre no nkɔyɛ adwuma. Afe akyi no, yefii nhoma mu adesua kuw foforo bi ase a efi baabi a yɛwɔ kɔ hɔ bɛyɛ akwansin 7, na ankyɛ na yefii foforo ase a fi hɔ kɔ hɔ bɛyɛ akwansin 20. Ankyɛ na wɔpenee akyiri de yi so sɛ kuw a wɔatew wɔn ho, na wɔ 1988 mu no, wogye toom sɛ asafo, na mesom wɔ hɔ mprempren sɛ ɔpanyin.

Akwampae adwuma no aboa me yiye wɔ honhom ne honam fam nyinaa. Bere a mafi adi akɔ asɛnka a mikura me poma no, mitumi yɛɛ apɔw mu teɛteɛ a aduruyɛfo no kamfo kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Mewɔ ahoɔden mprempren yi sen sɛnea na ɛte bere a mifii ase yɛɛ ɔkwampaefo no, na nea mepɛ ne sɛ mede boasetɔ bɛtra adwuma yi mu akosi ase. Me ho pere me sɛ mehu sɛnea Yehowa bɛboa me ma ‘mahuruw sɛ ɔforɔte,’ bere a ɛremma sɛ mɛte ɔyare yi mu ɛyaw yayaw no nka bio no.

Mifii koma nyinaa mu da yɛn soro Agya a wama me ahoɔden, akokoduru, ne bere nyinaa ɔsom adwuma no ase. Mprempren madi mfe 36, na mfe 11 wɔ akwampae adwuma no mu akyi no, m’anidaso ne sɛ mɛkɔ so ayɛ adwuma no a nea ɛbɛba daakye biara mfa ho. Masi me bo sɛ mede m’ahoɔden nyinaa bɛhyɛ Onyankopɔn a ɔyɛ kɛse, Yehowa anuonyam na mayi no ayɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena