So Wunim Bible No Yiye?
‘Toma nhoma no? Ampa, ɛwɔ Bible no mu. Nanso Yona nhoma no nni mu. Hefa na wɔwoo Kristo? Oo, ɛyɛ Yerusalem—anaa Nasaret? Mintumi nhu sɛ Yesaia nhoma no wɔ Bible no fã a edi kan no anaa nea ɛto so abien. Asomafo no dodow yɛ he? Minnim.’
“CHRISTIANITY TODAY nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Sɛ wɔn a wɔnyɛ Kristofo nkutoo na wobisabisaa wɔn nsɛm yi a, anka nea wohui yi renyɛ obiara nwonwa. Nea ɛyɛ nwonwa—na ɛhaw adwene—ne sɛnea wohui sɛ Kyerɛwnsɛm no ho nimdeɛ a Kristofo a wɔawo wɔn foforo wɔ no sua koraa no.”
Sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha biara mu nkyem 22 susuwii sɛ Toma nhoma bi wɔ Bible no mu, na na ɔha biara mu nkyem 13 ntumi nhu sɛ ɛwom. Yona nhoma no de, ɔha biara mu 27 kae sɛ enni Bible no mu, na ɔha biara mu 12 kae sɛ wonnim sɛ ɛwom. Ɔha biara mu nkyem asia antumi ankyerɛ wɔn adwene mpo wɔ faako a wɔwoo Kristo no ho, ɔha biara mu nkyem 16 kyerɛe sɛ ɛyɛ Yerusalem, na ɔha biara mu nkyem 8 kae sɛ ɛyɛ Nasaret. Ɔha biara mu nkyem 13 nnim faako a Yesaia nhoma no wɔ wɔ Bible no mu, na ɔha biara mu nkyem 11 kae sɛ ɛwɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm (“Apam Foforo”) no mu. Bere a na pii nim sɛ asomafo no yɛ 12 no, ɔha biara mu nkyem 12 bɔɔ dodow foforo, fi 2 kosi bɛboro 20, na na ɔha biara mu nkyem 10 nnim koraa.
Asemmisa a ɛhaw wɔn adwene yiye ne sɛ ebia asɛm “Onyankopɔn boa wɔn a wɔboa wɔn ho” no wɔ Bible no mu anaa ennim. “Kristofo” a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu 38 pɛ na na wonim sɛ enni Bible no mu baabiara, bere a wɔn mu fã kɛse no ara, ɔha biara mu nkyem 42 susuwii sɛ ɛyɛ Bible mu asɛm. Na wɔn a wɔaka no nnim.
“Christianity Today bisa sɛ: “Dɛn nti na pii nnim Bible no ho hwee saa.” “Ɛda adi yiye sɛ efi Bible no a wɔnkenkan no. Amerikafo fã nkenkan Bible no. Kristofo a wɔawo wɔn foforo no mu fã kɛse no ara kenkan Bible no pɛnkoro anaa mprenu dapɛn biara, anaasɛ wɔnkenkan koraa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Kristofo pii nnim Bible no ahe biara!”