Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 1/15 kr. 30
  • Nya Gyidi ne Ahonim Pa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nya Gyidi ne Ahonim Pa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Gyidi ho Afotu
  • Ɔsom ho Afotu
  • Onyamesom Pa Ahofama ne Nea Yɛwɔ a Yɛbɛma Adɔɔ Yɛn So
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Timoteo—‘Gyidi Mu Ɔba Nokwafo’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Dɛn Na Ebetumi Aboa Yɛn Ma Yɛakura Nokwasɛm No mu Pɛpɛɛpɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nkrataa a Wɔde Kɔmaa Tesalonikafo ne Timoteo no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 1/15 kr. 30

Nya Gyidi ne Ahonim Pa

Timoteo Nhoma a Edi Kan no mu Nsɛntitiriw

BƐYƐ afe 56 Y.B. mu no, ɔsomafo Paulo bɔɔ Efeso asafo no mu mpanyimfo kɔkɔ sɛ “mpataku bɔne” bɛsɔre wɔ wɔn mu na ‘wɔaka nkontomposɛm.’ (Asomafo no Nnwuma 20:29, 30) Mfe kakraa bi mu no, na awaefo nkyerɛkyerɛ abɛyɛ aniberesɛm araa ma Paulo hyɛɛ Timoteo sɛ onni honhom mu ako wɔ asafo no mu na wakora n’ahotew so, na waboa mfɛfo gyidifo ma wɔatra gyidi no mu. Na ɛno ne ade titiriw nti a Paulo kyerɛw ne nhoma a edi kan no fi Makedonia kɔmaa Timoteo bɛyɛ 61-64 Y.B. mu no.

Ɔde akwankyerɛ maa Timoteo wɔ mpanyimfo nnwuma, afa a Onyankopɔn de ama mmea, nea ɛma wɔfata sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo ne nsɛm afoforo ho. Akwankyerɛ a ɛte sɛɛ so wɔ mfaso nso nnɛ.

Gyidi ho Afotu

Paulo de afotu a ɛne sɛ onnya gyidi ne ahonim pa na efii ase. (1Ti 1:1-20) Ɔhyɛɛ Timoteo sɛ ɔntra Efeso na “woatu nnipa bi fo sɛ wɔnnkyerɛ ɔkyerɛ foforo.” Paulo de aseda mae wɔ ɔsom adwuma a wɔde hyɛɛ ne nsa no ho, na ogye toom sɛ wamfa nimdeɛ ne gyidi anyɛ ade bere a ɔtaa Yesu akyidifo no. Ɔsomafo no hyɛɛ Timoteo sɛ ɔnkɔ so nko honhom mu ko no, “nya gyidi ne ahonim pa,” na ɛnsɛ sɛ ɔyɛ te sɛ wɔn a ‘wɔagu gyidi ho asu no.’

Ɔsom ho Afotu

Afei, Paulo de afotu mae sɛ “amanaman kyerɛkyerɛfo, gyidi ne nokware mu.” (2:1-5) Na ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae ma wɔn a wokura dibea a ɛkorɔn no, na Kristofo atumi atra ase asomdwoe mu. Ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wobegye nnipa nyinaa nkwa, na ɔkyerɛkyerɛ titiriw ne sɛ Kristo ‘de ne ho mae sɛ nnwensa maa nnipa nyinaa.’ Paulo kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ ɔbea de ahobrɛase siesie ne ho, na ɛnsɛ sɛ odi ɔbarima so.

Ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ asafo no yiye. (3:1-16) Enti Paulo daa nneɛma a ɛma wɔfata sɛ ahwɛfo ne asafo mu asomfo adi. Na Timoteo behu sɛnea ɛsɛ sɛ ɔbɔ ne bra wɔ asafo no, “nokware adum ne nnyinaso” no mu wɔ nea ɔsomafo no kyerɛwee no mu.

Paulo de afotu maa Timoteo ankasa na aboa no ma wahwɛ yiye wɔ atoro nkyerɛkyerɛ ho. (4:1-16) Akyiri yi ebinom bɛtwe wɔn ho afi gyidi no ho. Nanso Timoteo nam n’ani a ɔbɛma aba ne ho ne ne nkyerɛkyerɛ so ‘begye ne ho ne n’atiefo nkwa.’

Timoteo nsa kaa sɛnea ɔne ankorankoro, mmofra ne mpanyin bedi ho afotu nso. (5:1-25) Sɛ nhwɛso no, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ nsiesiei a ɛfata ma akunafo a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ din pa sɛ Kristofo no. Na ɛsɛ sɛ akunafo nkumaa ware wo mma mmom sen sɛ wobedi nseku. Ɛsɛ sɛ wɔde nidi mmɔho ma mpanyimfo a wɔsom sɛ ahwɛfo no.

Onyamesom Pa Ahofama ne Nea Yɛwɔ a Yɛbɛma Adɔɔ Yɛn So

Onyamesom pa ahofama ho afotu na Paulo de wiee ne krataa no. (6:1-12) “Onyamesom pa [ahofama] a ɔpene wɔ mu” yɛ adenya kɛse, nanso yɛn bo a yebesi sɛ yebenya sika no de ɔsɛe ba. Paulo hyɛɛ Timoteo sɛ ɔnko gyidi ko pa no, na ‘waso daa nkwa no mu pintinn.’ Sɛ adefo bɛso saa nokware nkwa no mu a, ɛnsɛ sɛ ‘wɔde wɔn ani to ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn so.’

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa  30]

Wɔnam Abawo so Agye Wɔn Nkwa: Bere a Paulo kyerɛw eyi no na ɛnyɛ nkwagye a ɛbɛma wɔanya daa nkwa ho asɛm na ɔreka, na mmom ɔbea a osuro Onyankopɔn afa a ɛfata a ɔwɔ no: “Nanso sɛ ɔtra gyidi ne ɔdɔ ne ahotew ne adwenemtew mu a, wobegye no nkwa n’abawo mu.” (1 Timoteo 2:11-15) Wɔnam abawo, ne mma a ɔhwɛ wɔn, ofie a ɔhwɛ so no so begye ɔbea ‘nkwa,’ na wanyɛ ɔsekuni a ɔnyɛ hwee a ɔde ne ho hyɛ nnipa afoforo nsɛm mu. (1 Timoteo 5:11-15) Ne fie nnwuma bɛboa no wɔ ɔsom a ɔde ma Yehowa no mu. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa hwɛ yiye wɔ wɔn abrabɔ ho, na wɔde wɔn bere di dwuma nyansam.​—Efesofo 5:15, 16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena