Asemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
◼ Dɛn nti na sɛnea wɔakyerɛ 2 Petro 1:19 ase wɔ New World Translation no mu no ne Bible afoforo mu de no nhyia no?
Ɔsomafo Petro resi sɛnea Onyankopɔn asɛm a efi honhom mu som bo no so dua no, ɔkyerɛwee sɛ: “Enti yɛwɔ nkɔmhyɛ asɛm a wɔama atim yiye koraa no; na moreyɛ yiye sɛ mohwɛ no yiye sɛ ɔkanea a ɛharan baabi a ɛyɛ sum, kosi sɛ ade bɛkye na adekyee nsoromma apue, mo koma mu.”—2 Petro 1:19, NW.
Hyɛ no nsow sɛ wɔde kasamufa “kosi sɛ ade bɛkye na adekyee nsoromma apue” no ahyɛ comma (nsanhɔ) abien ntam. Bible nkyerɛase ahorow dodow no ara nyɛ eyi.
Sɛ nhwɛso no, Ɔbenfo James Moffatt kyerɛ saa nkyekyem no awiei ase sɛ:” . . . ɛharan sɛ ɔkanea a ɛwɔ sum bi mu; kosi sɛ Ade bɛkye na adekyee nsoromma no apue wɔ mo koma mu.” Nkyerɛase a ɛte sɛ eyi no ma wonya adwene sɛ adekyee nsoromma no pue wɔ gyidifo koma mu, te sɛ bere a wonya honhom mu hann bi mu osuahu no.
Nanso, Mose bere so tɔnn no, wɔdaa no adi sɛ ‘nsoromma befi Yakob mu’ apue.(Numeri 24:17; Fa toto Dwom 89:34-37 ho.) Yesu daa ne ho adi pefee sɛ ɔne saa ‘Dawid aseni, ne adekyee nsoromma a ɛharan no.’—Adiyisɛm 22:16.
“Adekyee nsoromma” anaa “adekyee nsoromma a ɛharan” yi a wɔkyerɛ onii ko a ɔyɛ no ne nea na ɔsomafo Petro reka ho asɛm no hyia. Na waka ahosakra ho anisoadehu a ohui bɛyɛ mfe 30 a atwam no ho asɛm. (Mateo 16:28-17:9) Saa anisoadehu fɛfɛ no twee adwene sii bere a Yesu ‘bɛba wɔ n’ahenni mu,’ anaa wɔbɛhyɛ no anuonyam wɔ Ahenni tumidi mu no so. Nea Petro hui no sii sɛnea Onyankopɔn asɛm som bo no so dua; saa ara na ɛho hia sɛ Kristofo hwɛ saa nkɔmhyɛ asɛm no yiye.
Ɛwom sɛ na adesamma nyinaa koma wɔ sum mu—na ɛda so ara te saa—de, nanso ɛho nhia sɛ ɛba saa wɔ Kristofo nso fam. Ɛte sɛ nea wɔwɔ ɔkanea bi a ɛharan wɔ baabi a anka ɛhɔ bɛyɛ sum, wɔn komam. Na Petro nim sɛ ɛnam Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm a ɛma hann, a Kristofo bɛhwɛ no yiye so no, wɔn ani bɛda hɔ, na wɔatumi ahu bere a ade rekye no. Ɛno bɛyɛ bere a “adekyee nsoromma” anaa “adekyee nsoromma a ɛharan” no bedi tumi ankasa wɔ Ahenni tumi mu no.
Ɛyɛ anigye sɛ E.W. Bullinger kyerɛw 2 Petro 1:19 ho asɛm sɛ: “Ɛda adi pefee wɔ ha sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nkahyem ade bi ba, efisɛ nkɔmhyɛ ne hann a ɛharan no, na Kristo ne Ne pue no ne Adekyee nsoromma ne Adekyee no. Nokwarem no, ɛrentumi nkyerɛ sɛ wɔretu yɛn fo sɛ yentie nkɔmhyɛ asɛm no kosi sɛ wobeyi Kristo adi wɔ yɛn komam! Dabi; mmom no, ɛsɛ sɛ yɛma nkɔmhyɛ asɛm yi tra yɛn komam, kosi sɛ ɛnam Kristo pue a obepue no so bɛbam—Nea wɔfrɛ no ‘Adekyee Nsoromma no’ sɔre no.—Figures of Speech Used in the Bible, 1898.
Ne saa nti, Bible nkyerɛase dodow bi de nkahyem ade di dwuma wɔ 2 Petro 1:19.a New World Translation of the Holy Scriptures no kɔ so kura sɛnea wɔahyehyɛ nsɛm no akyerɛw no wɔ mfitiase Hela mu no no mu. Nanso ɛde kasamufa “kosi sɛ ade bɛkye na adekyee nsoromma apue” no ahyɛ comma abien ntam, ma atew ne ho afi afotu a ese yɛnhwɛ asɛm no yiye ‘sɛ ɔkanea a ɛharan baabi a ɛyɛ sum, mo komam’ no ho.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ nhwɛso no, hwɛ The Twentieth Century New Testament (1904 de). The Emphatic Diaglott (1942 de). Concordant Literal New Testament (1976).