Tie Onyakopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm no!
Petro Nhoma a Ɛto so Abien no mu Nsɛntitiriw
YEHOWA nkɔmhyɛsɛm anaasɛ nkrasɛm no te sɛ kanea a ɛhyerɛn wɔ baabi a ɛhɔ yɛ sum, na ehia sɛ nokware Kristofo tie no yiye. Eyi nyɛ mmerɛw bere a atoro akyerɛkyerɛfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ɔwae anya nkɔso no. Nanso yɛnam ɔsoro mmoa so betumi ayɛ saa. Na sɛ yebenya nkwa wɔ Yehowa da a ɛrebɛn ntɛmtɛm no mu a, ɛsɛ sɛ yedi Onyankopɔn asɛm so pintinn.
Ɔsomafo Petro nhoma a ɛto so abien a efi honhom mu no betumi aboa yɛn ma yɛatie Onyankopɔn nkɔmhyɛsɛm no. Ebia Petro kyerɛw nhoma yi fii Babilon wɔ bɛyɛ 64 Y.B. mu. Ɔka Onyankopɔn nokware no ho asɛm yiye wɔ ne nhoma no mu, ɔbɔ ne mfɛfo gyidifo kɔkɔ wɔ Onyankopɔn da a ɛreba sɛ owifo no ho, na ɔboa n’akenkanfo ma wohu sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma nnipa mmaratofo mfomso daadaa wɔn. Esiane sɛ yɛrebɛn Yehowa da no nti, yebetumi anya Petro nsɛm a efi honhom mu no mu mfaso kɛse.
Nya Nkɔmhyɛsɛm no mu Ahotoso
Sɛ Kristofo no, ehia sɛ yɛyere yɛn ho na yeyi su pa adi kyerɛ, na yetie nkɔmhyɛsɛm no. (2Pe 1:1-21) Nea ɛbɛyɛ na yɛrenyɛ mmerɛw anaasɛ yɛansow aba no, ehia sɛ yɛde ‘papayɛ, nimdeɛ, boasetɔ, onyamesom pa ahofama, onuadɔ, ne ɔdɔ ka yɛn gyidi ho.’ Bere a Petro hui sɛ Yesu asakra ne ho, na ɔtee sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛ Kristo saa bere no, ɛhyɛɛ nkɔmhyɛsɛm no mu den. (Marko 9:1-8) Ehia sɛ yetie saa asɛm a efi honhom mu no.
Hwɛ Wo Ho Yiye wɔ Awaefo Ho
Yɛnam Onyankopɔn nkɔmhyɛsɛm a yebetie no yiye no so betumi ahwɛ yɛn ho yiye wɔ awaefo ne nnipa afoforo a wɔn bra asɛe no ho. (2:1-22) Petro de kɔkɔbɔ mae sɛ atoro akyerɛkyerɛfo bɛba asafo no mu. Nanso, Yehowa bebu awaefo yi ntɛn, sɛnea obuu abɔfo asoɔdenfo, Noa bere so amumɔyɛ wiase no, ne Sodom ne Gomora nkurow ntɛn no. Atoro akyerɛkyerɛfo no bu tumi a Onyankopɔn de ma no animtiaa, na wɔdaadaa wɔn a wɔyɛ mmerɛw no sɛ wɔmmɛka wɔn ho wɔ bɔneyɛ mu. Na anka ɛbɛyɛ papa ama saa awaefo no sɛ “wɔanhu trenee kwan no, kyɛn sɛ wɔahu na wɔadan afi ahyɛde kronkron a wɔde ahyɛ wɔn no mu.”
Yehowa Da Reba!
Sɛ́ wɔn a wotie nkɔmhyɛsɛm no wɔ nna a edi akyiri yi mu no, ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma fɛwdifo a wodi ba a Yesu aba ho nkrasɛm no ho fɛw no daadaa yɛn. (3:1-18) Wɔn werɛ fi sɛ Onyankopɔn a wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe saa nneɛma nhyehyɛe yi sɛee wiase a na ɛwɔ hɔ ansa na Nsuyiri no reba no. Ɛnsɛ sɛ wobu Yehowa boasetɔ sɛ nyaayɛ, efisɛ ɔpɛ sɛ nkurɔfo sakra wɔn adwene. Wɔbɛsɛe nneɛma nhyehyɛe yi wɔ “[Yehowa] da” no mu, na wɔde”ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu” besi ananmu. Enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa na yɛyɛ wɔn a “wonni nkekae ne dɛm asomdwoe mu.” Sɛ́ anka yɛbɛma atoro akyerɛkyerɛfo adaadaa yɛn mmom no, momma yenyin wɔ Yesu Kristo ho nimdeɛ mu.
Momma yɛmfa Petro nsɛm no nsie yɛn koma mu. Hwɛ wo ho yiye wɔ atorofo adiyifo ho bere nyinaa. Tra ase sɛ obi a onim sɛ ɛrenkyɛ na Yehowa da no aba. Na tie Onyankopɔn nkɔmhyɛsɛm bere nyinaa.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 31]
Wɔtow Wɔn Gu Tartaro: Yehowa “antwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛtwe abɔfo a wɔyɛɛ bɔne no aso, na mmom denam Tartaro a ɔtow wɔn gui no so no, ɔde wɔn ahyɛ esum kabii mu de akora wɔn so ama atemmu.” (2 Petro 2:4, New World Translation) Eyi nyɛ anansesɛm mu Tartaro a wɔka ho asɛm wɔ Homer Iliad no mu sɛ ebun bi a wɔde atoro anyame a wɔba fam, Cronus ne Titan ahonhom afoforo guu afiase wɔ hɔ no. Bible mu Tartaro no yɛ tebea a wɔabrɛ no ase a ɛte sɛ afiase a Onyankopɔn tow abɔfo asoɔdenfo no gu mu wɔ Noa nna no mu. (Genesis 6:1-8; 1 Petro 3:19, 20; Yuda 6) “Esum kabii” no ma Onyankopɔn tew wɔn fi honhom mu hann no ho sɛ n’abusua mu akobɔfo. Sɛ wɔn a wɔde wɔn asie ama n’atemmu no, wonni anidaso pa biara. Tartaro yɛ ebun mu a wɔde Satan ne n’adaemone bɛhyɛ ansa na Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no afi ase ho mfonini. Wɔbɛsɛe wɔn wɔ Yesu Mfirihyia Apem Ahenni no awiei.—Mateo 25:41; Adiyisɛm 20:1-3, 7-10; 14.
[Mfonini]
Zeus tow anyame a wɔba fam guu anansesɛm mu Tartaro
[Mfonini Fibea]
National Archaeological Museum, Athens, Greece