So Aka Akyiri Sen Sɛnea Wususuw?
NNANSA ansa na Yesu rewu no, odii dwuma bebree wɔ Yerusalem, na saa da no bɛyɛɛ nea ɛkyerɛ biribi kɛse ma Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ asɔrefi hɔ, na ɔmaa nsemmisa a Yudafo ɔsom akannifo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔde besum no firi nyinaa ho mmuae. Awiei koraa no, ɔkaa kyerɛwfo ne Farisifo no anim anibere so na ɛma wohuu wɔn sɛ nyaatwomfo ne nhurutoa a wɔbɛkɔ Gehena.—Mateo, atiri 22, 23.
Ɔrefi asɔrefi hɔ no, n’asuafo no mu biako see no sɛ: “Kyerɛkyerɛfo, hwɛ abo bi ne aban bi!” Yesu a anyɛ no fɛ no kae sɛ: “Woahu aban akɛse yi? Wɔrennyaw, ɔbo ɔbo so a wɔrennwiriw ngu fam.” (Marko 13:1, 2) Afei Yesu fii asɔrefi hɔ nea etwa to, sian kɔɔ Kidron Bon mu twaam wɔ hɔ kɔforoo Ngo Bepɔw no.
Ɔte anwummere owia no mu wɔ bepɔw no so, a ohu asɔrefi a ɛwɔ Bepɔw Moria so wɔ bon no akyi no, Petro, Yakobo, Yohane, ne Andrea baa ne nkyɛn wɔ kokoam. Na nsɛm a ɔka faa asɔrefi no a wobedwiriw agu fam no ho no wɔ wɔn adwenem. Wobisae sɛ: “Ka kyerɛ yɛn, Bere bɛn na eyinom bɛyɛ, na dɛn na ɛbɛyɛ wo ba a woaba ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho sɛnkyerɛnne?” (Mateo 24:3; Marko 13:3, 4, New World Translation) Wɔn asemmisa no ho mmuae a ɔmae saa awia no wɔ Ngo Bepɔw no so no ho hia yɛn yiye. Ɛbɛma yɛakwati twɛn a yɛbɛtwɛn bere tenten ansa na yɛasusuw “nneɛma nhyehyɛe no awiei” ho.
Na wɔn asemmisa no yɛ abien. Na biako fa asɔrefi no ne Yudafo nhyehyɛe no awiei ho; na foforo no fa Yesu ba a ɔbɛba daakye sɛ Ɔhene ne mprempren nneɛma nhyehyɛe yi awiei ho. Yesu mmuae no de nsemmisa abien yi nyinaa ho mmuae mae, sɛnea wɔde ama wɔ Mateo 24 ne 25, Marko 13, ne Luka 21 no. (Hwɛ Adiyisɛm 6:1-8 nso.) Ɛdefa mprempren wiase, anaa nneɛma nhyehyɛe no awiei ho no, Yesu kaa nneɛma pii ho asɛm, a sɛ wɔka ne nyinaa bom a, ɛyɛ nsɛnkyerɛnne a ɛbom a ɛhyɛ nna a edi akyiri no nsow. So saa nsɛnkyerɛnne a ɛbom yi renya ne mmamu? So ɛno kyerɛ sɛ yɛwɔ nna a edi akyiri a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no mu anaa? So ne mmamu no bɔ yɛn kɔkɔ sɛ ebia aka akyiri sen sɛnea yesusuw anaa?
Yesu nsɛnkyerɛnne a ɛbom no mu biako ne: “Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so.” (Mateo 24:7) Wɔ 1914 mu no, Wiase Nyinaa Ko I fii ase. Saa mfedu no mu Yehowa Adansefo ani baa wɔn ho so ntɛm ara. Na dɛn ntia? Wɔ December 1879 mu, mfe 35 a na atwam mu no, na Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no gyina Bible mmerebu so aka sɛ 1914 bɛyɛ adesamma abakɔsɛm mu bere titiriw bi. So ebetumi aba sɛ ɔko yi, a ɛyɛ ɔko a edi kan a esii wiase nyinaa ankasa, a awiei koraa no, aman 28 de wɔn ho hyɛɛ mu na wokunkum nnipa ɔpepem 14 no, ne nsɛm a ebesisi a ɛbɛma wiase awiei ho nsɛnkyerɛnne a ɛbom a Yesu de mae no abam no mfiase anaa? So nsɛnkyerɛnne no afã horow no nso bedi akyi aba?
Wɔ “Yesu Kristo adiyi” bi mu no, wɔhyɛɛ mogyahwiegu koro yi ara ho nkɔm. Ɛha na ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ bi ne nea ɔte so no ‘yi asomdwoe fi asase no so.’ (Adiyisɛm 1:1; 6:4) Ɛno sii fi 1914 kosi 1918 mu ampa. Na Wiase Nyinaa Ko I yɛ mfiase ara kwa. Wɔ 1939 mu no, Wiase Nyinaa Ko II dii akyi bae. Aman 59 de wɔn ho hyɛɛ saa ɔko no mu, na wokunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 50. Wɔ mfe 45 a adi Wiase Nyinaa Ko II akyi mu no, akodi bɛboro 125 na akɔ so, na wɔakunkum nnipa bɛboro ɔpepem 20.
Sɛnkyerɛnne no fã foforo bi ne: “Ɔkɔm bɛba.” (Mateo 24:7) Wiase Nyinaa Ko I mu ne ɛno akyi no, ɔkɔm baa mmeae pii. Amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ ɔkɔm akɛse asi bɛboro mpɛn 60 fi 1914, na akunkum nnipa ɔpepem pii. Bio nso, mprempren mpo, aduan pa a wonnya nni ne nyarewa a wobetumi asiw ano ma mmofra 40,000 wuwu da biara.
“Asasewosow kɛse bɛba.” (Luka 21:11) Ɛwosow asase no bere a Wiase Nyinaa Ko I fii ase akyi. Wɔ 1915 mu no, asasewosow bi kunkum nnipa 32,610 wɔ Italy; wɔ 1920 mu no, foforo kunkum nnipa 200,000 wɔ China; wɔ 1923 mu wɔ Japan no, 99,300 wuwui; wɔ 1935 mu wɔ ɔman a mprempren wɔfrɛ hɔ Pakistan mu no, 25,000 hweree wɔn nkwa; wɔ 1939 mu wɔ Turkey no, 32,700 wuwui; wɔ 1970 mu wɔ Peru no, 66,800 wuwui; wɔ 1976 mu wɔ China no, 240,000 (ebinom se 800,000) wuwui; wɔ 1988 mu wɔ Armenia no, 25,000 hweree wɔn nkwa. Nokwarem no, asasewosow akɛse aba fi 1914!
‘Ɔyaredom bɛba mmeaemmeae.’ (Luka 21:11) Wɔ 1918 ne 1919 mu no, nnipa bɛyɛ 1,000,000,000 yaree Spanish influensa, na bɛboro 20,000,000 wuwui. Nanso na ɛno yɛ mfiase ara kwa. Wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso mu no, atridii, dwonsɔyaw, anifurae, ayamtu a ano yɛ den, ne nyarewa afoforo kɔ so bubu na ekunkum nnipa ɔpepehaha pii. Bio nso, komayare ne akisikuru kunkum ɔpepem pii. Nyarewa a wonya fi ɔbea ne ɔbarima nna mu rekunkum adesamma. Nea ɛde ehu kɛse aba nnɛ ne AIDS a ɛyɛ hu, a wobu akontaa sɛ ɛka obi simma biako biara, a wonnyaa ano aduru no.
‘Amumɔyɛ bɛdɔɔso.’ (Mateo 24:12) Amumɔyɛ akɔ so adɔɔso fi 1914, na nnɛ de abu so kɛse. Awudi, mmonnaato, korɔnbɔ, nsɛmmɔnedifo akuw ntam akodi—ɛnonom ne atesɛm nkrataa mu ne radio ne TV so atesɛm mu nsɛntitiriw. Basabasayɛ a nyansa nnim kɔ so a wontumi nyɛ ho hwee. Wɔ United States no, ɔbarima bi tow tuo a ɛtotow ntɛmntɛm bɔ sukuufo mmofra kuw bi—5 wuwu, 29 pirapira. Wɔ England no, ɔbarima bi a wabɔ dam de tuo a wɔfrɛ no AK-47 kunkum nnipa 16. Wɔ Canada no, ɔbarima bi a ɔmpɛ mmea asɛm kɔ Montreal Sukuupɔn mu kokunkum mmea 14. Nnipa a wɔte sɛɛ no te sɛ mpataku, agyata, mmoa a wɔyɛ keka, mmoa a wonni adwene a wɔawo wɔn sɛ wɔnkyere wɔn nsɛe wɔn.—Fa toto Hesekiel 22:27; Sefania 3:3; 2 Petro 2:12 ho.
“Ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ beraw.” (Luka 21:26) Wɔtow atom atopae a edi kan no akyi bere tiaa bi no, atomik nyansahufo Harold C. Urey kaa daakye ho asɛm sɛ: “Yebedi ehu, ada ehu mu, atra ehu mu na yɛawu ehu mu.” Nea abɛka nuklea akodi ho hu ho ne nsɛmmɔnedi, ɔkɔm, sikasɛm a emu yɛ den, ɔbrasɛe, mmusua a ɛsɛe, asase no a wɔresɛe no ho hu. Nokwasɛm ne sɛ, mmere bɔne a atesɛm nkrataa a ɛba daa ne TV so atesɛm ma yehu no ama ehu atrɛw wɔ baabiara.
Ɔsomafo Paulo nso kyerɛw sɛnea nsɛm tebea bɛyɛ wɔ nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri mu no ho asɛm. Ne nsɛm no kenkan te sɛ nea wɔrekenkan ɛda no mu atesɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Na hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi dan wo ho fi wɔn ho.”—2 Timoteo 3:1-5.
So Nneɛma Nyinaa Kɔ So ‘Te sɛ Nea Ɛte fi Adebɔ Mfiase’?
Ɔsomafo Petro kaa nna a edi akyiri no fã bi ho asɛm siei sɛ: “Nna a ebedi akyiri no mu, fɛwdifo a wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi de fɛwdi bɛba abɛka sɛ: Ne ba no bɔhyɛ no wɔ he? Na efii sɛ agyanom dedae yi, ade nyinaa te nea ɛte fi adebɔ mfiase.”—2 Petro 3:3, 4.
Nnɛ, sɛ wofi ase ka nna a edi akyiri ho asɛm a, nnipa pii ma Petro nkɔmhyɛ nsɛm no ba mu bere a wodi fɛw sɛ: ‘O, nneɛma yi nyinaa aba pɛn. Ɛyɛ abakɔsɛm a ɛsan ti ne ho mu ara kɛkɛ.’ Enti wobu wɔn ani gu kɔkɔbɔ no so na wɔkɔ so ‘di wɔn ankasa akɔnnɔ akyi.’ “Wɔboapa” na wɔbɔ nkɔmhyɛ ahorow a ne mmamu hyɛ nna a edi akyiri yi nsow pefee no kyene.—2 Petro 3:5.
Nanso, nsɛnkyerɛnne a ɛbom a Yesu hyɛɛ ho nkɔm no afã horow no nyinaa nnyaa mmamu kɛse wɔ bere tiaa bi mu sɛɛ da, a nea afi mu aba no akɔ akyiri saa. (Sɛ nhwɛso no, kenkan Mateo 24:3-12; Marko 13:3-8; Luka 21:10, 11, 25, 26 bio.) Na yɛpɛ sɛ yɛtwe w’adwene si nna a edi akyiri no ho sɛnkyerɛnne foforo bi a wɔkaa ho asɛm wɔ Adiyisɛm no so.
Yɛnhwɛ Adiyisɛm 11:18. Ese sɛ Kristo Ahenni no fi ase di tumi na amanaman no bo fuw na atemmu bere du a, ɛno na Yehowa ‘bɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no.’ So efi nsɛe asase no nnɛ anaa? Ampa, nnipa de asase so nneɛma adi dwuma bere nyinaa anya wɔn ho. Nanso wɔ saayɛ mu no, ɛnyɛɛ nea wobetumi asɛe no sɛ okyinsoroma a wotumi tra so. Mprempren de, esiane mfiridwuma ho nyansahu a aba fi 1914 nti, nnipa anya saa tumi no, na ɛdenam ahonyade a wɔde anibere hwehwɛ nti, wɔresɛe asase no ampa, wɔama asase a atwa yɛn ho ahyia no so aba fĩ na wɔde asase no tumi a ɛwɔ sɛ ɛbɛwowaw nkwa no ato asiane mu.
Nnipa adifudepɛfo ne honam fam ade dodowpɛfo reyɛ saa ma ɛyɛ hu. Nneɛma bɔne a afi mu aba no bi ni: nsu yerɛyerɛ a ɛtɔ, wim a ayɛ hyew, mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so a asɛe, sumina a adɔɔso, awuduru a wɔtow gu, nnuru a wɔde gu nhaban so ne nea wɔde kum mmoawa mmoawa ho asiane, nuklea ho nneɛma a wɔtow gu, asase mu ngo a wotu gu nsu mu, sumina a wɔnkata so, mmoa ne nnua ahorow a wɔn nkwa da asiane mu, nsutare a awuwu, asase mu nsu a emu aba fi, kwae ahorow a wɔasɛe no, asase a emu aba fĩ, asase ani dɔte pa a ɛresa, ne owusiw kumɔnn a ɛresɛe nnua ne mfuw ne nnipa nso akwahosan.
Ɔbenfo Barry Commoner se: “Migye midi sɛ sɛ wɔanhwɛ ma asase a wɔkɔ so sɛe no no annyae a, awiei koraa no, fata a asase no fata sɛ beae a nnipa tra no bɛsɛe . . . Ɛnyɛ abɔde ho nyansahu a wonnim na ɛde asɛnnennen no aba, na mmom adifudepɛ.” Nhoma State of the World 1987 no kratafa 5 se: “Nnipa dwumadi dodow no afi ase de asase ankasa a wobetumi atra so no ato asiane mu.” Wɔtoo TV so dwumadi titiriw bi a woyi kyerɛe wɔ United States wɔ 1990 mu no sɛ “Mmɔden a Wɔrebɔ de Abɔ Okyinsoroma no ho Ban.”
Onipa rennyae asase a ɔresɛe no no da; Onyankopɔn bɛma agyae bere a ɔsɛe wɔn a wɔresɛe asase no. Onyankopɔn ne ne soro Asraafo Panyin Kristo Yesu bɛyɛ eyi denam atemmu a wɔde bɛba amanaman a wɔpɛ honam fam adedodow no so wɔ Harmagedon ɔko a edi akyiri no mu no so.—Adiyisɛm 16:14, 16; 19:11-21.
Awiei koraa no, hyɛ Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa nna a edi akyiri no ho a ɛda nsow yi nsow: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa wiase nyinaa.” (Mateo 24:14) Asɛmpa yi kyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni redi tumi wɔ soro mprempren na ɛrenkyɛ na abɛsɛe nhyehyɛe bɔne yi na asan ayɛ asase no Paradise. Wɔaka asɛmpa no pɛn, nanso wɔnkaa no wiase nyinaa da. Nanso, Yehowa Adansefo ayɛ saa fi 1914, a ɔtaa a Yesu kaa ho asɛm siei no mfa ho—bara a aban bara wɔn, kuw basabasayɛ a wohyia, afiasenna, ayayadeyɛ, ne pii a wokunkum.
Wɔ 1919 mu no, na Yehowa Adansefo 4,000 na wɔreka asɛmpa yi. Wɔakɔ so adɔɔso, ma enti afe a etwaam no, na bɛboro 4,000,000 reka asɛmpa no wɔ nsase 212 so, wɔ kasa horow bɛyɛ 200 mu, na wɔde Bible, nhoma ahorow, ne nsɛmma nhoma ɔpepehaha pii mema, wɔyɛ ofie Bible adesua ahorow ɔpepem pii wɔ nkurɔfo afie mu, na wɔyɛ nhyiam akɛse ahorow wɔ agumadibea akɛseakɛse mu wɔ wiase afanan nyinaa.
Ansa na 1914 reba no, na ɛnyɛ nea wobetumi ayɛ asɛmpaka dwumadi kɛse a ɛte sɛɛ da. Egye nnɛyi nhoma tintim mfiri a ɛho yɛ hare, akwantu mfiri ahorow, computer ahorow, mfiri a wɔde di nkitaho, ne afei ademana ne nkitahodi dwumadi ho nhyehyɛe a yɛn bere yi so nkutoo na atumi aba no, na wɔatumi ayɛ adwuma no akodu nea wɔde adu no.
Wɔbɔɔ Yeremia bere so Yerusalem kɔkɔ wɔ ɔsɛe a ɛreba no so no ho; emufo dii fɛw, nanso na aka akyiri sen sɛnea wosusuwii. Wɔde Harmagedon ɔsɛe ho kɔkɔbɔ a ɛsen saa rema nnɛ, a adanse a ɛdɔɔso yiye ka ho. (Adiyisɛm 14:6, 7, 17-20) Ɔpepem pii siw wɔn aso. Nanso bere no so rehuan; aka akyiri sen sɛnea wosusuw. So aka akyiri sen sɛnea wususuw?
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Yeremia bere so no, na aka akyiri sen sɛnea wosusuwii