Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 4/1 kr. 31
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔyɛ ‘Nnipa a Wɔnsuaa Nhoma; Wɔnyɛ Nnipa Titiriw Biara’
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Wɔn a Wɔbɛyɛɛ Yesu Asuafo
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Sɛ Obi Bɛyɛ Osuani a, Adɛn Nti na Ɛnsɛ sɛ Ɔtoto no Ase?
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Marko Ampa Abaw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 4/1 kr. 31

Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

◼ Yohane 18:15 ka osuani bi a ɔsɔfo panyin no nim no ho asɛm. So ɔno ara ne osuani a ɔde “adagyaw” guanee, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Marko 14:51, 52 no?

Dabi, ɛte sɛ nea onii a na ɔsɔfo no nim no no ne ɔsomafo Yohane, na Marko ne osuani a ɔde “adagyaw” guanee no.

Sɛ yɛfa bere a nsɛm yi sisii no nnidiso nnidiso a, yefi ase wɔ Getsemane turom. Ehu kaa asomafo no bere a wɔkyeree Yesu Kristo no. “Wɔn nyinaa gyaw no guanee.” Marko kyerɛwtohɔ no mu no, nkyekyem a edi hɔ no da nea ɛne eyi bɔ abira adi: “Na aberante bi a ofura nwera de akata n’adagyaw so dii wɔn akyi; na wɔkyeree no; na ogyaw nwera no fii wɔn nsa de adagyaw guanee.”​—Marko 14:50-52.

Ɔkwan yi so no, wɔde sɛnea asomafo 11 no yɛɛ wɔn ade no toto sɛnea Osuani a wɔammɔ ne din yi yɛɛ n’ade ho, enti ntease wom sɛ yebesusuw sɛ na ɔnyɛ asomafo no mu biako. Asɛmpa a Yohane a wɔfrɛ no Marko, a ɔyɛ Barnaba nua no kyerɛw no nkutoo na ɛbɔ asɛm a esii yi ho amanneɛ. Enti, yɛwɔ nea yebetumi agyina so aka sɛ na Marko ne “aberante bi” a ofii ase dii Yesu a wɔkyeree no no akyi, nanso oguan gyaw ne ntama a ɛkata ne ho bere a nnipakuw no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyere ɔno nso no​—Asomafo no Nnwuma 4:36; 12:12, 25; Kolosefo 4:10.

Bere bi mu wɔ saa anadwo no ara mu no, ɔsomafo Petro nso dii Yesu akyi wɔ akyirikyiri. Ɔkwan yi so no, nsɛdi kakraa bi wɔ eyi mu; osuani kumaa (Marko) fii ase dii Yesu akyi, nanso ɔsanee, na akyiri no, asomafo a woguanee no baanu fii ase dii wɔn Wura a wɔakyere no no akyi. Yɛkenkan wɔ ɔsomafo Yohane Asɛmpa no mu sɛ: “Na Simon Petro ne osuani biako bi dii Yesu akyi; nso ɔsɔfo panyin no nim osuani no, na ɔne Yesu hyɛn ɔsɔfo panyin aban mu hɔ.”​—Yohane 18:15.

Ɔsomafo Yohane de edin “Yohane” di dwuma ma Yohane Suboni no nanso ɔmfa ɔno ankasa din nka ne ho asɛm da. Sɛ nhwɛso no, ɔkyerɛw “osuani a odi eyinom ho adanse na ɔkyerɛw eyinom no” ho asɛm. Ɔkyerɛw nso sɛ: “Na nea ohui no adi adanse, na n’adanse no yɛ nokware, na ɔno de, onim sɛ ɔka nokware.” (Yohane 19:35; 21:24) Hyɛ Yohane 13:23 nso nsow: “Na asuafo no mu biako a Yesu dɔ no tweri Yesu kokom.” Na ɛno yɛ bere tiaa bi ansa na wɔrekyere Yesu. Akyiri yi, ɛda no ara mu no, Yesu a na wɔabɔ no asɛndua mu no pawee osuani biako, a Yohane ka no ho asɛm ɔkwan koro no ara so sɛ: “Na Yesu huu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ ɔne no gyina hɔ no, [Yesu] see ne na sɛ: Ɔbea, hwɛ wo ba ni!”​—Yohane 19:26, 27; fa toto Yohane 21:7, 20 ho.

Su koro yi ara a ɛne n’ankasa din a ɔmmɔ no da adi wɔ Yohane 18:15. Bio nso, wɔka Yohane ne Petro ho asɛm bom wɔ Yesu wusɔre akyi ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Yohane 20:2-8 no mu. Eyinom ma yehu sɛ na ɔsomafo Yohane ne ‘osuani a ɔsɔfo panyin no nim no no.’ Bible no nkyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a ɔsomafo a ofi Galilea (Yohane) bɛyɛɛ nea onim ɔsɔfo panyin no na ɔsɔfo panyin no nso nim no. Nanso nim a ɔsɔfo panyin no fifo nim no no maa Yohane tumi twaa ɔpon ano hwɛfo no ho kɔɔ aban no mu, na ɔmaa Petro nso nyaa kwan hyɛn mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena