Monnantew Sɛ Yɔnko Adwumayɛfo Wɔ Nokware No Mu
Yohane Nhoma a Ɛto so Abien ne Abiɛsa no mu Nsɛntitiriw
NOKWARE no ho nimdeɛ yɛ Yehowa asomfo agyiraehyɛde. (Yohane 8:31, 32; 17:17) Ɔsoro nokware no mu nantew ho hia ma nkwagye. Na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkoa yɛ yɔnko adwumayɛfo wɔ nokware no mu.
Ɔsomafo Yohane nhoma a ɛto so abien ne abiɛsa a efi honhom mu no ka ‘nokware no mu nantew’ ho asɛm. (2 Yohane 4; 3 Yohane 3, 4) Yohane nhoma a ɛto so abiɛsa no hyɛ biakoyɛ sɛ “yɔnko adwumayɛfo [wɔ] nokware [no mu]” ho nkuran nso. (3 Yohane 5-8) Ebetumi aba sɛ ɔkyerɛw nhoma abien no nyinaa wɔ Efeso anaasɛ baabi a ɛbɛn hɔ wɔ 99 Y.B. mu. Nanso Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no betumi anya nea ɛka no mu mfaso.
Yohane Nhoma a Ɛto so Abien Si Nokware so Dua
Yohane nhoma a ɛto so abien no dii kan sii nokware ne ɔdɔ so dua, na ɛde “antikristo no” ho kɔkɔbɔ mae. (Nkyekyem 1-7) Ɔde krataa no kɔmaa “Awuraa a wɔayi no,” ebia onipa biako bi. Nanso sɛ ɔde kɔmaa asafo bi de a, ɛnde na ne “mma” yɛ Kristofo a wɔde honhom awo wɔn a Onyankopɔn ‘ayi’ wɔn ama ɔsoro asetra. (Romafo 8:16, 17; Filipifo 3:12-14) Yohane ani gyei sɛ na ebinom ‘nam nokware mu,’ ma enti wɔreko atia ɔwae. Nanso, na ehia sɛ wɔhwɛ wɔn ho so yiye wɔ “antikristo” a ɔpow sɛ Yesu bae ɔhonam mu no. Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ tie ɔwae ho kɔkɔbɔ a ɛte sɛɛ no.
Afei Yohane de awaefo a wɔne wɔn bedi ho afotu mae, na afei ɔde n’ankasa nkyia wie. (Nkyekyem 8-13) Ɛdenam adwuma te sɛ asɛnka so no, ɔne afoforo asow aba a ama wɔn a ɔde ne krataa kɔmaa wɔn no asakra. Ɛdenam wɔn ‘ho so a wobɛhwɛ yiye’ wɔ honhom fam nkutoo so na ‘wobenya akatua mũ,’ a ɛda adi sɛ ɔsoro “abotiri” a wɔde asie ama anokwafo a wɔasra wɔn no ka ho. (2 Timoteo 4:7, 8) Sɛ obiara a ‘ɔntra Kristo kyerɛ no mu no’ ba wɔn nkyɛn a, ɛnsɛ sɛ ‘wogye no kɔ wɔn fi, nso wonkyia no,’ na ama wɔakwati yɛ a wɔbɛyɛ ne “nnwuma bɔne” no fafafo. Bere a Yohane ada anidaso a ɔwɔ sɛ ɔbɛba na ɔne saa mfɛfo gyidifo no abɛkasa anim ne anim akyi no, ɔde nkyia wiei.
Yohane Nhoma n Ɛto so Abiɛsa si Biakoyɛ so Dua
Wɔkyerɛw Yohane nhoma a ɛto so abiɛsa no kɔmaa Gaio, na nea edi kan no, hyɛ nea na ɔreyɛ ama ne mfɛfo gyidifo no nsow. (Nkyekyem 1-8) Na Gaio ‘nam nokware no mu’ denam Kristosom nkyerɛkyerɛ mũ no nyinaa a na odi akyi no so. Na ɔreyɛ ‘adwuma a nokwaredi wom’ de boa anuanom a wɔsrasra wɔn no. Yohane kyerɛwee sɛ: “Ɛsɛ yɛn sɛ yegye sɛɛfo, na yɛayɛ yɔnko adwumayɛfo ama nokware no.” Yehowa Adansefo yi ahɔhoyɛ su a ɛte saa ara adi kyerɛ nnɛ ahwɛfo akwantufo.
Yohane de Diotrefe subammɔne no totoo Demetrio de ho akyi no, ɔde ne nhoma no baa awiei. (9-14) Onuonyampɛfo Diotrefe ankyerɛ obu biara amma Yohane, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ obetu wɔn a wɔde ayamye gye anuanom no afi asafo no mu. Nanso, ɔbɔɔ Demetrio bi din sɛ ɔyɛ nhwɛso pa. Na Yohane wɔ anidaso sɛ ɛrenkyɛ obehu Gaio, na ɔde nkyia ne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ Gaio benya asomdwoe wiei.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 30]
Krataa, Krammɛn ne Adubiri: Yohane pɛe sɛ ɔkɔsra “Awuraa a wɔayi no” ne ne “mma, mmom sen sɛ ɔde “krataa ne adubiri” bɛkyerɛw nneɛma pii ho asɛm akɔma wɔn. Sɛ anka ɔsomafo no de “adubiri ne krammɛn” bɛkɔ so akyerɛw Gaio mmom no, na ɔhwɛ kwan nso sɛ ɛrenkyɛ obehu no. (2 Yohane 1:12; 3 Yohane 1, 13, 14) Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase sɛ kyerɛwdua.” Wɔ Romafo ne Helafo mu no, na demmire kyerɛwdua ano yɛ feafeaa, na na tokuro da mu te sɛ ntakra kyerɛwdua a wɔde dii dwuma akyiri yi. Hela asɛmfua meʹlan a wɔakyerɛ ase sɛ “adubiri” no yɛ adeyɛ asɛm me’las a wɔde ka mmarima ho asɛm no fã bi a wotumi de ka mmarima ne mmea nyinaa ho asɛm, na—ebia na ɛyɛ ngo anaasɛ dua a ɛhyew wusiw mu ade tuntum bi, anaasɛ efi nnuadewa anaasɛ mmoa a wɔahyew wɔn mu. Na wɔtaa ma adubiri no kyen, na kyerɛwfo no nan, na ɔde ne tui anaasɛ demmire no bɔ mu. Na saa mmere no mu nhoma yɛ tratraa a wɔde mmɛw dua na ɛyɛ. Kristofo a wodi kan no de nhoma a ɛte sɛɛ no kyerɛw nkrataa, nhoma mmobɔwee ne nsaano nkyerɛwee.