Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 5/1 kr. 25-29
  • Kɔ So Gu Aba​—Yehowa Bɛma Anyin

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔ So Gu Aba​—Yehowa Bɛma Anyin
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awofo nhwɛso ne Ntetee Pa
  • Yɛyɛ Akwampae Adwuma
  • Beae a Wɔmaa me Dwumadi​—Ireland
  • Nnipakuw Basabasayɛ
  • Nokware no Aba Fifi
  • Su Horow Resakra
  • Ntetee Titiriw a Minyae wɔ Gilead Sukuu
  • Yehowa Nhyira Kɔ Sɔ
  • Nea Ɛho Hia Sen Biara a Mede me Nkwa Yɛe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Yɛyɛ Nea Yehowa Ka a, Yenya Nhyira Pii
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • “Yehowa Bɔfo Bɔ Wɔn A Wosuro No Nyinaa Ho Nsra”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Minyaa Abotɔyam Wɔ Onyankopɔn Som Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 5/1 kr. 25-29

Kɔ So Gu Aba​—Yehowa Bɛma Anyin

SƐNEA FRED METCALFE KA KYERƐE

Wɔ 1948 mfiase pɛɛ, bere a mereyɛ afie afie asɛnka no, mekɔɔ afuw ketewaa bi a ɛwɔ Cork kurotia, Ireland kesee fam no mu. Mekyerɛɛ okuafo no nipa ko a meyɛ no, n’ani beree. Ne bo fuwii yiye paa, ɔteɛteɛɛ mu sɛ meyɛ Komunistni, na ofii adi sɛ ɔrekɔfa ne sɔsɔw. Miguan fii afuw no mu ntɛm ara, na mihuru traa baesekre a na magyaw asi ɔkwan nkyɛn hɔ no so. Na ɛhɔnom koko no korɔn yiye, nanso mede baesekre no sianee ntɛmntɛm sɛnea metumi a na menhwɛ makyi, bere a na meyɛ okuafo no a ɔretow ne sɔsɔw no asi m’akyi te sɛ peaw no ho mfonini wɔ m’adwenem no.

NA SAA kwan yi so a nkurɔfo yɛ wɔn ade no akokwaw me wɔ mfe abien a na atwam fi bere a mifi England baa Republic of Ireland sɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ 1946 mu no mu. Na Ahenni asɛmpakafo kuw ketewaa a mebɛkaa wɔn ho, a wɔn dodow bɛyɛ 24 no, ahyia nitan ne atɛnnidi pii dedaw. Nanso na mewɔ ahotoso sɛ awiei koraa no, Yehowa honhom bɛma yɛasow aba.​—Galatifo 6:8, 9.

Nanso, ansa na mɛka nea ɛbaa akyiri yi ho asɛm no, ma menka me mmofraase asetra ne ntetee a ɛboaa me ma migyinaa tebea a emu yɛ den yi ano no ho asɛm kakraa bi menkyerɛ wo.

Awofo nhwɛso ne Ntetee Pa

Me papa huu nokware no wɔ 1914 mu tɔnn. Bere a na wɔakɔhwɛ bɔɔl wɔ Sheffield, England, na ɔresan aba fie no, ɔkenkanee Bible kratawa bi a na ɛkyerɛkyerɛ tebea a awufo wom mu. Na wadi kan akɔ asɔre ahorow bi sɛ ɔkɔhwehwɛ ne nsemmisa ho mmuae, nanso wannya mmuae papa biara. Afei, n’ani gyee nea ɔkenkanee wɔ saa kratawa no mu ho. Ɔkraa Studies in the Scriptures po asia a na wɔaka ho asɛm wɔ kratawa no mu no, na ɔkenkanee anibere so, mpɛn pii no kosi ahemadakyẽ. Paapa huu nokware no ntɛm ara.

Ankyɛ na ofii ase ne yɛn hɔnom Yehowa Adansefo asafo no bɔe, na ɔkɔɔ so yɛɛ saa bɛboro mfirihyia 40, a ɔde saa mfe no mu dodow no ara somee sɛ ɔhwɛfo guamtrani. Nea ɛyɛɛ me papa anigye ne sɛ ne nuanom mmarima mu baanu ne ne nuabeanom baasa no nyinaa gyee nokware no toom. Ne nuabarima biako dii ababaa bi a ɔtɔn ade wɔ aguadidan mu adanse, na ɔne ne nuabea nyinaa bɛyɛɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so na wɔasra wɔn. Me papa ne ne nuabarima no waree mmabaa baanu yi.

M’abusua mu no, na meyɛ mmarimaa a wɔde “Awurade ntetee ne kasakyerɛ” yɛn wɔn no mu biako. (Efesofo 6:4, King James Version) Ɛyɛ me anigye sɛ m’awofo ankyɛe wɔn mmɔdenbɔ so wɔ nokware no a wɔde bɛtete yɛn no mu. Saa bere no, na nhoma biara nni hɔ a wɔahyɛ da ayɛ na aboa awofo ma wɔde akyerɛkyerɛ wɔn mma Bible mu nokware ahorow; nanso yɛde nhoma The Harp of God, yɛɛ abusua Bible adesua mprenu nnawɔtwe biara, na yesusuwii ɛda no mu kyerɛwsɛm ho daa.​—Deuteronomium 6:6, 7; 2 Timoteo 3:14, 15.

Me maame ne me papa yɛɛ nhwɛso pa nso wɔ nhyiam horow ho anisɔ ne nnamyɛ wɔ asɛnka adwuma mu no mu. Bio nso, na me papa nim agorudi ka ne honhom fam su pa ahorow no ho, na ɔde saa su yi maa ne mma nso. M’awofo adwumaden no sow aba pa. Wɔn mma mmarima baanan a mprempren wɔwɔ wɔn mfe 60 mu no nyinaa da so ara de anigye resom Yehowa.

Yɛyɛ Akwampae Adwuma

Wɔ April 1939 mu, bere a madi mfe 16 no, miwiee sukuu na mebɛyɛɛ daa ɔkwampaefo. Me papa bɛkaa me ho wɔ akwampae adwuma no mu, na ɔmaa me ntetee a ɛfata yiye. Yɛde baesekre yɛɛ asasesin a atwa yɛn fie ho ahyia bɛyɛ akwansin ason nyinaa mu adwuma fefeefe. Da biara, yɛn baanu nyinaa fa nhomawa 50, na yɛde ne nyinaa ma ansa na yɛaba fie.

Mfe abien akyi no, minyaa hokwan yɛɛ Britain akwampaefo atitiriw a wodi kan no mu biako. Na nhyira yi a minyae no yɛ anigye, nanso ɛhaw me sɛ merefi teokrase abusua a ɛyɛ anigye mu ahobammɔ no mu. Bere bi akyi, ɛnam Yehowa mmoa so no, ɛkokwaw me.

Migyaee m’akwampae adwuma no wɔ Wiase Nyinaa Ko II mu, bere a esiane afã biara a yenni ho ɔsɛmpɔw no nti, wɔde me ne Adansefo nkumaa afoforo kɔtoo afiase no. Wɔ Durham Afiase no, wobuu me sɛ meyɛ YP (Young Prisoner anaa Ɔdeduani Kumaa). Na eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ mehyɛ trɔɔs tiatiaa​—ade a na ennye koraa wɔ awɔw bere mu. Wode yɛ Wilf Gooch (mprempren ɔyɛ Baa Boayikuw titrani wɔ Britain), Peter Ellis (Britain Baa Boayikuw no muni), Fred Adams, ne me​—a yɛn nyinaa tenten bɛyɛ anammɔn asia​—sɛ yɛabom gyina hɔ hyehyɛ trɔɔs ntiantia te sɛ sukuufo mmarimaa ho mfonini wɔ w’adwenem!

Beae a Wɔmaa me Dwumadi​—Ireland

Woyii me fii afiase akyi no, mede mfe abiɛsa yɛɛ akwampae adwuma no wɔ England mmeae pii. Afei, wɔmaa me dwumadi bi a na ɛbɛsɔ me ahwɛ na ama manya akomatɔyam nso​—Republic of Ireland. Nea na minim wɔ Ireland kesee fam ho nyinaa ne sɛ ɛkame ayɛ sɛ ɛhɔnomfo nyinaa yɛ Roma Katolekfo. Nanso mibuu m’ani guu nsɛm a ɛnhyɛ nkuran a ebinom kae no so, na mantwentwɛn me nan ase sɛ megye dwumadi no atom. Bere a na ɛsɛ sɛ wɔtrɛw nokware som mu nen, na na mewɔ awerɛhyem sɛ Yehowa nam ne honhom kronkron so bɛboa me.

Na Republic of Ireland Adansefo no mu dodow no ara te ahenkuro, Dublin mu, na biako anaa baanu bi pɛ na wɔwɔ mmeae afoforo. Enti, na nnipa pii nhuu Yehowa Ɔdansefo mpo da. Me ne akwampaefo atitiriw afoforo baasa fii ase yɛɛ adwuma wɔ Cork kuropɔn mu. Na ɛyɛ den sɛ yebenya obi a ɔbɛyɛ aso atie. Sɛ asɔfo no rebɔ Mass a, wɔtaa bɔ nkurɔfo kɔkɔ wɔ yɛn ho, frɛ yɛn “Komunistfo abonsamfo.” Atesɛm nkrataa nso bɔɔ nkurɔfo kɔkɔ wɔ yɛn dwumadi ho.

Da koro bi, na tiyifo bi de oyiwan a ano yɛ nnam reyi me. Nkɔmmɔbɔ mu no, obisaa me nea mereyɛ wɔ Cork. Mekyerɛɛ no nea meyɛ no, ne bo fuwii yiye na odidii me atɛm. Na abufuw ama ne nsa rewosow, na misusuwii sɛ mefi ɔdan no mu hɔ no, na mikura me ti wɔ me nsam! Hwɛ sɛnea me ho tɔɔ me sɛ mifii hɔ kɔe a hwee anyɛ me!

Nnipakuw Basabasayɛ

Na ɛtɔ mmere bi a, yehyia nnipakuw basabasayɛ. Sɛ nhwɛso no, da koro bi wɔ March 1948 mu no, bere a me ne onua a ɔka me ho Fred Chaffin reyɛ afie afie asɛnka a adagyew nnim no, nnipakuw bi tow hyɛɛ no so. Fred guan kɔɔ baabi a bɔs gyina a nnipakuw no taa no, na ɔsrɛɛ ofirikafo no ne ne boafo no hɔ mmoa. Wɔboaa ataafo no mmom. Fred guan faa kwan no so kɔɔ akyiri, na ɔkɔtɛw ɔsɔfo no fie ho ɔfasu tenten bi akyi.

Saa bere no, na makɔfa me baesekre no. Mekɔfaa mfikyiri kwan bi so sɛ mede resan akɔ kurom, nanso bere a misii ɔkwan kɛse no mu no, na nnipakuw no retwɛn wɔ hɔ. Mmarima baanu hwim me bag no na wɔtow emu nneɛma no kɔɔ wim. Afei wofii ase bobɔɔ me na wotiatiaa me. Mpofirim ara ɔbarima bi bepuee hɔ. Na ɔyɛ polisini a ɔnhyɛ polisifo atade, na ɔma wogyae me boro, na ɔde me ne atuafo no kɔɔ police station.

Saa ntua yi ma yenyaa nea yebegyina so ‘ayi asɛmpa no ano na yɛde asi hɔ mmara kwan so.’ (Filipifo 1:7) Bere a wɔde asɛm no kɔɔ asennibea no, polisini a obegyee me, a ɔno ankasa yɛ Roma Katolekni no, de adanse mae, na nnipa baasia dii ntua ho fɔ. Asɛm no ma wohui sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛkɔ afie afie, na ɛyɛɛ kɔkɔbɔ maa wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ yɛn basabasa no.

Mfiase no, wosusuwii sɛ asiane wom dodo sɛ wɔbɛma anuanom mmea akɔ mmeae te sɛ Cork sɛ akwampaefo atitiriw. Nanso, na mpɛn pii no, ɛte sɛ nea ɛyɛ papa sɛ anuanom mmea bɛkɔ mmea anigyefo nkyɛn. Enti, bere tiaa bi ansa na wɔretow ahyɛ yɛn so no, Asafo ti no de anuawanom akwampaefo baanu bi a wɔbɔ mmɔden baa Cork. Obiako a ɔde Evelyn MacFarlane bɛyɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo akyiri yi, na ɔyɛɛ adwuma pa wɔ Chile. Ɔfoforo no, Caroline Francis, a na watɔn ne fie wɔ London sɛnea ɛbɛyɛ na ɔbɛyɛ ɔkwampaefo wɔ Ireland no, bɛyɛɛ me yere.

Nokware no Aba Fifi

Na anka ɛrenyɛ den sɛ yebesusuw sɛ yɛresɛe yɛn mmere sɛ yɛregu Ahenni nokware aba wɔ tebea horow a ɛte sɛɛ mu. Nanso, nokware no a yehui sɛ ɛrefifi wɔ mmeae ahorow no maa yɛkɔɔ so kuraa ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa tumi a ɔde ma nneɛma nyin mu no mu. Sɛ nhwɛso no, bere bi Asafo ti no de ɔbarima bi a ɔkyerɛw sɛ ɔhwehwɛ Ma Onyankopɔn Nyɛ Ɔnokwafo nhoma no biako no din ne n’address manaa yɛn. Na address no wɔ Fermoy, kurow ketewaa bi a fi Cork kuropɔn mu kɔ hɔ bɛyɛ akwansin 22 no. Enti mede me baesekre siim Kwasida anɔpa bi sɛ merekɔhwehwɛ onii yi.

Mikoduu Fermoy no, mibisaa ɔbarima bi sɛ ɔnkyerɛ me kwan. Ɔkae sɛ “O, sɛ wonam kwan yi so a, fi ha kɔ hɔ yɛ akwansin akron.” Misiim na awiei koraa no, mikoduu afuw bi a ɛwɔ akuraase kwan ketewaa bi so mu. Na aberante a ɔkraa nhoma no gyina afuw no kwan ano pon ano. Medaa me ho adi no, ɔkae sɛ: “Saa nhoma no som bo te sɛ sika pa a ɛne nhoma no mu duru yɛ pɛ!” Yɛbɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye, na manhu mpo sɛ mede baesekre twaa akwansin 30 san kɔɔ fie. Mprempren mpo, mfirihyia 40 akyi no, sɛ mihyia saa “aberante,” Charles Rinn, wɔ nhyiam ase afe biara a, m’ani gye pii. Asafo ahorow du na ɛwɔ Cork mpɔtam hɔ nnɛ.

Wɔ 1950 mfe no mu no, me ne Caroline petee nokware no aba pii wɔ Ireland mfinimfini fam mantam mu. Yenyaa nkuranhyɛ a ɛma yɛkɔɔ so yɛɛ adwuma wɔ 1951 mu bere a ahobrɛasefo te sɛ “Granny” Hamilton ne n’ase yɛɛ ntɛm gyee asɛm no so no. “Granny” Hamilton bɛyɛɛ ɔdawurubɔfo a odii kan bɔɔ asu wɔ County Longford.​—1 Tesalonikafo 2:13.

Na faako a yɛbɛtra yɛ asɛnnennen. Sɛ wɔde nhyɛso ba afiewuranom so ara pɛ a, na wɔatu yɛn. Enti, bere a wɔatu yɛn afi adan ahorow abiɛsa mu atoatoa so no, yɛtɔɔ ntamadan, ade a wɔde sɛw fam, ne mpa a wɔdam, na yɛde dii akɔneaba wɔ Ford afiri bi mu. Na yesi ntamadan no wɔ baabiara a yebenya wɔ da biara asɛnka dwumadi awiei. Akyiri yi, yɛtɔɔ ɔdan a lɔre twe a ne tenten yɛ anammɔn 13. Na esua, na nnɛyi nneɛma a ɛma ahotɔ kakraa bi pɛ na ɛwom​—na ɛsɛ sɛ yɛnantew bɛyɛ ɔkwansin nkyem anan mu biako kɔsaw nsu a yɛbɛnom​—na na yenni ade a esiw awɔw ano, nanso na yɛn de, ɛyɛ ahonya ma yɛn. Wɔsɔɔ sɛnea mitumi di agoru no hwɛe da koro bere a dua ntini bi a afɔw ma mewatiriw na mede m’akyi kɔhwee abura ketewaa bi a emu nnɔ pii mu no. Nanso bere a ɔmansin sohwɛfo no ne ne yere bɛsraa yɛn no, yɛne wɔn traa saa ɔdan a lɔre twe no mu ara.

Na ɛtɔ mmere bi a, nnipa ayamyefo da papayɛ a yɛnhwɛ kwan adi. Sɛ nhwɛso no, yɛkɔɔ Sligo a ɛwɔ Ireland atɔe fam no mu wɔ 1958 mu, bere a na wɔapam awarefo akwampaefo bi afi kurom hɔ mfe awotwe akyi. Yɛbɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ ɔmma yennya baabi mfa yɛn ɔdan a lɔre twe no nsi, na yɛde nnɔnhwerew pii hwehwɛɛ bi akyi no, yekohuu baabi a anka wɔpae abo wɔ hɔ a wɔnyɛ hɔ adwuma bio. Ɔbarima bi a na ɔreka anantwi wɔ ɔkwan no so ka kyerɛɛ yɛn sɛ faako a wɔpae abo no yɛ n’abusuafo de. Yɛkyerɛɛ no sɛ yɛyɛ Bible kuw bi ananmusifo na yebisaa no sɛ: So yebetumi atra ha anaa?” Ɔpenee so sɛ yebetumi ayɛ saa.

Ankyɛ na obisaa yɛn sɛ: “Moyɛ Bible Kuw bɛn mufo?” Yɛbɔɔ hu saa bere no. Yɛka kyerɛɛ no sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo. Yɛn bo tɔɔ yɛn yam kɛse bere a ɔkɔɔ so kuraa n’adamfofa su no mu no. Nnawɔtwe kakraa bi akyi no, ɔmaa yɛn adansedi krataa sɛ ɔde hɔ ama yɛn sɛ yɛntra hɔ afe. Ɔkae sɛ: “Yɛmpɛ sika biara. Nanso yenim ɔsɔretia a muhyia, enti sɛ obi bisa mo hokwan a mowɔ sɛ motra ha a, mo adanse nen.”

Yɛwɔ Sligo no, yɛtee sɛ ɔbarima bi a wonim no yiye a ɔtɔn ade wɔ aguadidan mu na ɔbɔ bɔɔl wɔ hɔ a ɔkyerɛɛ anigye bere a akwampaefo a wodii kan kɔɔ hɔ no wɔ kurom hɔ no. Nanso, na wɔnkɔɔ ne nkyɛn papa biara wɔ mfe awotwe a atwam no mu, enti, na yennim sɛnea ɔte afei. Mattie Burn anim serew bere a medaa me ho adi no maa yenyaa mmuae. Na nokware no aba a wogui mfe pii a atwam no nwui ɛ. Ɔda so ara yɛ Sligo asafo ketewaa a ɛyɛ hyew no muni.

Su Horow Resakra

Beae bi a sɛnea pii mpɛ yɛn asɛm no daa adi wɔ hɔ kɛse sen biara ne Athlone kurom. Yefii ase dii adanse fefeefe wɔ hɔ wɔ 1950 mfe no mu no, asɔfo yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔn a wɔte kurow no fã bi no mfa wɔn nsa nhyɛ krataa bi a wɔde bisa sɛ wɔmpɛ sɛ Yehowa Adansefo ba wɔn afie no ase. Wɔde eyi kɔmaa aban no, na ɛmaa adwuma no yɛ wɔ Athlone bɛyɛɛ den mfe bi. Da koro bi mmofra bi hui sɛ meyɛ Ɔdansefo, na wofii ase totow abo. Bere a mikogyinaa aguadidan bi mfɛnsere anim no, aguadidan wura no ma mehyɛn aguadidan no mu​—ɛnyɛ m’ahobammɔ nti, na mmom ne mfɛnsere no ahobammɔ​—na ɔma mefaa mfikyiri hɔ pon no mu pue fii hɔ.

Nanso, nnansa yi ara wɔ August 1989 mu, bere a mekɔhwɛɛ onua nokwaredifo bi afunsie dwumadi so wɔ Athlone no, sɛnea Yehowa maa nneɛma nyinii wɔ hɔ no maa me ho dwiriw me. Asafo no mufo akyi no, ɛhɔnomfo bɛyɛ 50 de obu tiee afunsie dwumadi no wɔ Ahenni Asa fɛfɛ a na anuanom no asi no mu.

Ntetee Titiriw a Minyae wɔ Gilead Sukuu

Wɔ 1961 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔ nkosua ade asram du wɔ Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu mu. Na wɔreyɛ adesua titiriw yi ama anuanom mmarima nkutoo, enti na ɛsɛ sɛ me ne Caroline de mpaebɔ susuw ɔfrɛ no ho yiye. Na mfe 12 atwam a yɛn ntam ntetewee. Bio nso, esiane sɛ na me yere nso wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛkɔ Gilead Sukuu na wayɛ ɔsɛmpatrɛwfo nti, ɛhaw no yiye sɛ wɔamfrɛ no bi. Nanso, esiane adwempa a ɔwɔ nti, ɔde Ahenni nneɛma dii kan na ɔpenee so sɛ ɛsɛ sɛ mekɔ. Na adesua no yɛ hokwan a ɛyɛ nwonwa. Nanso na ɛyɛ anigye sɛ mɛsan aba fie abɛyɛ adwuma wɔ Asafo ti no baa dwumadibea, na mahyɛ Adansefo bɛyɛ 200 anaa nea ɛboro saa a na wɔregu aba na wogugu so nsu wɔ Ireland wɔ 1960 mfe no mfiase mu no nkuran.

Mfe bi akyi no, wɔ 1979 mu no, Caroline tumi kɔɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ New York no bere a wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔ adesua titiriw bi a wɔyɛ ma Baa Boayikuw mufo wɔ Gilead no. Ɛno ne ade titiriw a ɔyɛe wɔ nea ɛyɛɛ ne nkwa nna a etwa to no mu. Owui mfe abien akyi. Mfe 32 a yɛde boom yɛɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no mu nyinaa no, Caroline kɔɔ so kuraa nnamyɛ a ɔwɔ ma Yehowa som ne ahotoso a ɔwɔ sɛ ɔbɛma nneɛma anyin no mu.

M’ani gyinaa no yiye. Ade biako a ɛboaa me ma mitumi gyinaa ano ne asɛm bi a epuei wɔ saa bere no mu Nyan! nsɛmma nhoma bi mu a asɛmti no ne “Sɛnea Wusua sɛ Wobɛtra Ase a Nea Wodɔ no no Nka wo Ho.” (July 8, 1981) Na m’ani taataa nsu bere biara a medwen me hokafo a mahwere no no ho no, nanso meyɛɛ nea asɛm no hyɛɛ ho nyansa sɛ menyɛ no, na meyɛɛ pii wɔ Yehowa ɔsom adwuma no mu.

Yehowa Nhyira Kɔ Sɔ

Na afe a etwaam no mu wɔ April, 1980 mu no, mewɔ hɔ bere a Onua Lyman Swingle a ɔyɛ Sodikuw no muni maa ɔkasa de hyiraa Dublin baa dwumadibea foforo no so no.

Hwɛ anigye ara a na ɛyɛ sɛ yehui sɛ adawurubɔfo 1,854 na wɔwɔ asasesin, a saa bere no na Northern Ireland ka ho no mu! Na mprempren, mfe du akyi no, Yearbook no bu dodow a ɛsen biara 3,451 wɔ 1990 mu ho akontaa!

Saa bere yi mu nso, manya nhyira foforo. Bere bi a na meresom sɛ Ahenni Ɔsom Sukuu kyerɛkyerɛfo no, mihyiaa Evelyn Halford, onuawa ɔhoɔfɛfo ne mmɔdenbɔfo bi a na watu aba Ireland rebɛsom wɔ faako a mmoa ho hia kɛse no. Yɛwaree May 1986 mu, na wayɛ mmoa ama me yiye wɔ me teokrase dwumadi ahorow nyinaa mu.

Wɔ mfe 51 a mede ayɛ bere nyinaa ɔsom adwuma fi bere a mifii sukuu no, mede emu 44 atra Ireland. Ɛyɛ abotɔyam sɛ mihu pii a meboaa wɔn no sɛ wɔda so ara resom Yehowa, ebinom som sɛ mpanyimfo ne asomfo. Metumi aka no pen sɛ nneɛma a ɛyɛ anigye sen biara a obi betumi anya biako ne sɛ ɔbɛboa obi foforo de no asi nkwa kwan no so.

Nokware som a mahu sɛ anya nkɔso wɔ mmeaemmeae wɔ Ireland, wɔ ɔsɔretia a ano yɛ den nyinaa akyi no yɛ nea ahyɛ me gyidi den. Mprempren, adawurubɔfo bɛyɛ 3,500 wɔ asafo ahorow bɛboro 90 mu wɔ ɔman no mu nyinaa. Nokwarem no, anohyeto biara nni nea Yehowa betumi ayɛ mu. Sɛ yɛde nsiyɛ gu aba na yegugu so nsu a, ɔbɛma anyin. (1 Korintofo 3:6, 7) Minim sɛ eyi yɛ nokware. Mahu sɛ ayɛ saa wɔ Ireland.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena