Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 5/15 kr. 21-23
  • Yehowa Tie Yɛn Sufrɛ A Ɛsɛ Sɛ Odi Ho Dwuma Ntɛm Ma Yɛn No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Tie Yɛn Sufrɛ A Ɛsɛ Sɛ Odi Ho Dwuma Ntɛm Ma Yɛn No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ogye a Ɛsɛ sɛ Wonya no Ntɛm ho Adesrɛ
  • Wɔn a Wose “Wiɛ!”
  • “Wɔnkamfo [Onyankopɔn] Kɛseyɛ”
  • Fa Wo Ho To Ogyefo No So
  • Yehowa Yɛɛ ‘Ogyefo’ Wɔ Mmere A Na Wɔrekyerɛw Bible No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Yehowa Mpow Koma a Abubu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • “Kyerɛ Yɛn Mpaebɔ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • So Wo Mpaebɔ ‘Te Sɛ Aduhuam’?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 5/15 kr. 21-23

Yehowa Tie Yɛn Sufrɛ A Ɛsɛ Sɛ Odi Ho Dwuma Ntɛm Ma Yɛn No

NA MMOA ho hia ntɛm ara. Na eyi da adi wɔ ɔhene no nsahyɛfo anim a ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ kɛse no mu. Wobisaa nsahyɛfo no nea ɛhaw no no, ɔkaa awerɛhow a odi wɔ Yerusalem ne n’afasu a abubu pasaa no ho asɛm. Afei wobisaa no sɛ: “Ɛdɛn na worehwehwɛ?” Nsahyɛfo Nehemia kyerɛw akyiri yi sɛ: “Mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae.” Ɛyɛ sufrɛ komm, a ɔde bisaa Yehowa mmoa ntɛmntɛm. Dɛn na efii mu bae? Persia hene Artasasta hyɛɛ Nehemia ntɛm ara sɛ ɔnsan nkɔto Yerusalem afasu!​—Nehemia 2:1-6.

Yiw, Onyankopɔn tie wɔn a wɔdɔ no adesrɛ a ɛsɛ sɛ odi ho dwuma ntɛm ma wɔn no. (Dwom 65:2) Enti, sɛ ɛte sɛ nea sɔhwɛ bi so dodo ma wo sen sɛnea wubetumi agyina ano a, wubetumi abɔ mpae te sɛ nea odwontofo Dawid yɛe wɔ Dwom 70 no, bere a na ohia ɔsoro mmoa ntɛm ara no. Dwom yi atifi asɛm kyerɛ sɛ nea enti a wɔkyerɛwee ne sɛ “wɔde bɔ nkae.” Etĩ Dwom 40:13-17 mu, a nsakrae kakraa bi na ɛwom. Nanso ɔkwan bɛn so na Dwom a ɛto so 70 no betumi aboa yɛn sɛ Yehowa nkurɔfo?

Ogye a Ɛsɛ sɛ Wonya no Ntɛm ho Adesrɛ

Dawid de adesrɛ yi na efii ase sɛ: “Onyankopɔn, begye me, [Yehowa], yɛ ntɛm bɛboa me.” (Dwom 70:1) Sɛ yɛwɔ ahohia mu a, yebetumi abɔ mpae sɛ Onyankopɔn mmɛboa yɛn ntɛm ara. Yehowa mmfa nneɛma nnsɔ yɛn nhwɛ, na ‘onim sɛnea obeyi wɔn a wɔde fɛre som no afi sɔhwɛ mu.’ (2 Petro 2:9; Yakobo 1:13) Na sɛ ɔma kwan ma sɔhwɛ bi kɔ so, na ebia akyerɛ yɛn biribi nso ɛ? Ɛnde yebetumi abisa sɛ ɔmma yɛn nyansa mfa nni ho dwuma. Sɛ yɛde gyidi bisa a, ɔma yɛn nyansa. (Yakobo 1:5-8) Onyankopɔn ma yɛn ahoɔden a yehia na yɛde agyina sɔhwɛ ano no nso. Sɛ nhwɛso no, ‘ɔwowaw yɛn ɔyarepa so.’​—Dwom 41:1-3; Hebrifo 10:36.

Ɛsɛ sɛ bɔne a yenyaa fii awo mu, ne sɔhwɛ a yehyia daa, ne Ɔbonsam mmɔdenbɔ sɛ ɔbɛsɛe yɛne Yehowa ntam abusuabɔ no nso kanyan yɛn ma yɛbɔ Onyankopɔn mpae de bisa mmoa da biara. (Dwom 51:1-5; Romafo 5:12; 12:12) Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow nso ne mpaebɔ nhwɛso no mu nsɛm yi: “Mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na yi yɛn fi bɔne mu.” (Mateo 6:13) Yiw, yebetumi asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmma yɛnnyɛ bɔne bere a wɔresɔ yɛn ahwɛ na ama yɛayɛ no so asoɔden no, na onsiw Satan, ‘ɔbɔne,’ no kwan na wannya yɛn. Nanso momma yɛmfa nneyɛe a ɛbɛma yɛakwati tebea a ɛbɛma yɛahyia sɔhwɛ ne Satan mfiri wɔ ɔkwan a enhia so nka yɛn sufrɛ a yɛde hwehwɛ ogye no ho.​—2 Korintofo 2:11.

Wɔn a Wose “Wiɛ!”

Ebia wɔbɛsɔ yɛn ahwɛ yiye efisɛ atamfo bɛbɔ yɛn ahohora wɔ gyidi a yɛda no adi no ho. Sɛ ɛba sɛ eyi bi to wo a, dwen Dawid nsɛm yi ho: “Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra ani nwu, na wɔn anim ngu ase, ma wɔn a wɔpɛ me bɔne nsan wɔn akyi na wɔnnan ahohorafo. Wɔn a wose “wiɛ, wiɛ” no, ma wɔmfa aniwu nsan wɔn akyi.” (Dwom 70:2, 3) Na Dawid atamfo pɛ sɛ owu, na ‘wɔhwehwɛ ne kra,’ anaasɛ nkwa. Nanso, sɛ anka ɔbɛbɔ mmɔden sɛ obetua wɔn bɔne so ka no, onyaa gyidi sɛ Onyankopɔn bɛma wɔn ani awu. Dawid bɔɔ mpae sɛ n’atamfo ‘ani nwu na wɔn anim ngu ase’​—wɔnyɛ basaa, wɔn nsa nsi fam, wɔn aba mu mmu, wɔn adwene ntu mfra wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobedi wɔn pɔ bɔne no ho dwuma no mu. Yiw, ɛmmra sɛ wɔn a wɔhwehwɛ sɛ biribi yɛ no na wonya anigye wɔ n’amanehunu mu no nyɛ basaa na wɔn anim ngu ase.

Sɛ yenya nea wobetumi afrɛ no nitan mu anigye bere a asiane to yɛn tamfo bi no a, yebebu yɛn bɔne no ho akontaa akyerɛ Yehowa. (Mmebusɛm 17:5; 24:17, 18) Nanso, sɛ atamfo bɔ Yehowa ne ne nkurɔfo ahohora a, yebetumi abɔ mpae sɛ Yehowa din kronkron no nti, ‘ɔmma wɔnsan wɔn akyi, na wɔn anim ngu ase’ wɔ nnipa a wɔpɛ sɛ wonya wɔn anim anuonyam no anim. (Dwom 106:8) Onyankopɔn na odi were, na obetumi asopa n’atamfo ne yɛn atamfo na wagu wɔn anim ase. (Deuteronomium 32:35) Sɛ nhwɛso no, Nasi kannifo Adolf Hitler pɛe sɛ ɔtɔre Yehowa Adansefo a wɔwɔ Germany no ase. Hwɛ sɛnea odii nkogu pasaa, efisɛ mpempem pii reka Ahenni nkrasɛm no wɔ hɔ mprempren!

Sɛ atamfo no de fɛwdi rebu yɛn animtiaa a, ebia wobetumi aka sɛ: “Wiɛ, wiɛ.” Esiane sɛ saa abɔnefo no twa Onyankopɔn ne ne nkurɔfo mpoa nti, ‘wɔnsan wɔn akyi na wɔnnan ahohorafo,’ na wɔn anim ngu ase. Sɛ yɛbɔ eyi ho mpae a, momma yenkura yɛn mudi mu na yɛmma Yehowa koma ani nnye, na ama wabua Satan ne obi foforo biara a otwa No mpoa no. (Mmebusɛm 27:11) Na ɛnsɛ sɛ yesuro yɛn atamfo ahantanfo no da, efisɛ “nea ɔde ne ho to [Yehowa] so no ho bɛyɛ no sonn.” (Mmebusɛm 29:25) Babilon Hene Nebukadnesar ɔhohoahoafo, a ɔfaa Onyankopɔn nkurɔfo nnommum no anim guu ase, na ogye toom sɛ ‘ɔsoro Hene no tumi brɛ wɔn a wɔnam ahantan so no ase.’​—Daniel 4:37.

“Wɔnkamfo [Onyankopɔn] Kɛseyɛ”

Ɛwom sɛ atamfo betumi ama wɔahaw yɛn de, nanso momma yɛne yɛn mfɛfo asomfo nkamfo Yehowa bere nyinaa. Sɛ anka yɛbɛma kwan ma amanehunu no amene yɛn na amma yɛankamfo Yehowa kɛseyɛ mmom no, Dawid se: “Ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nni ahurusi, na wɔn ani nnye wo ho. na ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka daa sɛɛ: Ma wɔnkamfo [Onyankopɔn] kɛseyɛ.” (Dwom 70:4) Yehowa nkurɔfo kɔ so ma wɔn ani gye yiye efisɛ ‘wodi ne mu ahurusi na wɔn ani gye.’ Sɛ n’Adansefo a wɔahyira wɔn ho so na wɔabɔ wɔn asu no, abusuabɔ a emu yɛ den a wɔne no wɔ no ama wɔanya anigye kɛse. (Dwom 25:14) Nanso, wobetumi abu wɔn sɛ wɔn a wɔde ahobrɛase hwehwɛ Onyankopɔn. Esiane sɛ wɔyɛ gyidifo a wodi Onyankopɔn mmara so nti, wɔkɔ so hwehwɛ ɔno ne n’Asɛm ho nimdeɛ foforo.​—Ɔsɛnkafo 3:11; 12:13, 14; Yesaia 54:13.

Bere a Yehowa Adansefo kɔ so bɔ asɛmpa no dawuru no, nea wɔreka daa ne sɛ: “Wɔnkamfo [Onyankopɔn] kɛseyɛ.” Wɔkamfo Yehowa, na wɔde obu a ɛsen biara ma no. Wɔde anigye boa wɔn a wɔhwehwɛ nokware no na wɔasua Onyankopɔn ho ade, na wɔahyɛ no anuonyam nso. Esiane sɛ Yehowa nkurɔfo nte sɛ wiasefo a wɔdɔ anigyede no nti, ‘wɔdɔ ne nkwagye.’ (2 Timoteo 3:1-5) Esiane sɛ wonim wɔn bɔne a wonyaa fii awo mu no nti, wɔde aseda kɛse ma wɔ Yehowa Nyankopɔn dɔ nsiesiei ma nkwagye a ɛbɛma wɔanya daa nkwa, a ne Dɔba, Yesu Kristo afɔrebɔ na ɛde ba no ho. (Yohane 3:16; Romafo 5:8; 1 Yohane 2:1, 2) So worekamfo Onyankopɔn kɛseyɛ, na wokyerɛ sɛ ‘wodɔ ne nkwagye’ denam nokware som a wode wo ho hyem de kamfo no no so?​—Yohane 4:23, 24.

Fa Wo Ho To Ogyefo No So

Bere a Dawid daa nea odwen ho no adi wɔ dwom yi mu no, na ohia biribi ntɛm ara ma enti ɔkae sɛ: “Na me de, meyɛ mmɔbɔ, na meyɛ ohiani. Onyankopɔn, yɛ ntɛm ma me. Wone me boafo ne me gyefo, [Yehowa], ntwentwɛn wo nan ase.” (Dwom 70:5) Sɛ sɔhwɛ ahorow a ɛto gyidifo no bi ato yɛn​—amanehunu te sɛ ɔtaa, sɔhwɛ ahorow, ne Satan ntua ahorow​—a, ɛbɛyɛ te sɛ nea yɛyɛ ‘ahiafo.’ Ɛwom sɛ ebia yɛnyɛ ahiafo wɔ honam fam de, nanso ɛte sɛ nea yenni ahobammɔ biara wɔ atamfo a wɔyɛ amimfo nsam. Nanso, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa betumi agye yɛn sɛ ne nkoa anokwafo, na ɔbɛyɛ saa nso.​—Dwom 9:17-20.

Yehowa ne ‘ogyefo’ bere a yehia ogye no. Ebia na yɛn ankasa sintɔ de yɛn akɔ sɔhwɛ tebea bi mu. Nanso sɛ ‘yɛn agyimisɛm adannan yɛn kwan’ a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn koma “huru hyɛ [Yehowa].” (Mmebusɛm 19:3)

Yentumi mfa asodi no nto no so, na sɛ yɛde gyidi bɔ no mpae a, wayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn. (Dwom 37:5) Na sɛ yɛreyere yɛn ho akwati bɔne nso ɛ? Ɛnde momma yɛnhyɛ da nka eyi ho asɛm pɔtee wɔ mpaebɔ no mu, na yɛnsrɛ ɔsoro mmoa na ama yɛakɔ so anantew trenee kwan so. (Mateo 5:6; Romafo 7:21-25) Onyankopɔn bebua yɛn mpaebɔ a efi koma mu no, na sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ ne honhom kronkron no akwankyerɛ ase a, yebedi yiye wɔ honhom mu.​—Dwom 51:17; Efesofo 4:30.

Sɛ wɔresɔ yɛn gyidi ahwɛ a, ebia yɛbɛte nka sɛ yɛrentumi nnyina ano bio. Esiane sɛ yɛn honam a ɛyɛ bɔne no yɛ mmerɛw nti, ɛbɛpɛ sɛ enya ogye ntɛm. (Marko 14:38) Enti ɛmmra sɛ yɛbɛsrɛ sɛ: “[Yehowa], ntwentwɛn wo nan ase.” Ne titiriw no, sɛ yɛma ahohorabɔ a wɔde ba Yehowa din so no ho asɛm haw yɛn a, ɛbɛkanyan yɛn ma yɛabɔ mpae sɛnea odiyifo Daniel yɛe no: “[Yehowa], tie, [Yehowa], fa firi, [Yehowa], yɛ aso na yɛ. Ntwentwɛn wo nan ase, ma ensiane wo, me Nyankopɔn ara nti, na wo din na wɔabɔ . . . wo man so.” (Daniel 9:19) Yebetumi agye adi sɛ yɛn soro Agya no bɛyɛ no ntɛm efisɛ ɔsomafo Paulo ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Momma yɛmfa nnam mmra ɔdom ahengua no anim, na yɛanya mmɔborohunu, na yɛahu ɔdom, na ɛbere a ɛsɛ mu aboa yɛn.”​—Hebrifo 4:16.

Mma wo werɛ mfi da sɛ Yehowa ne Ogyefo. Sɛ ne nkoa no, ɛbɛyɛ papa ama yɛn sɛ yɛbɛkae eyi ne Dwom 70 mu mpaebɔ nsɛm no. Ɛtɔ mmere bi a, ebia ɛho behia sɛ yɛbɔ asɛm bi a ɛho hia yiye ho mpae mpɛn pii. (1 Tesalonikafo 5:17) Ebia ɛbɛyɛ sɛ nea yennya ɔhaw pɔtee bi ano aduru, ɔkwan biara nni hɔ a yɛbɛfa so afi ahokyere mu. Nanso yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no bɛhyɛ yɛn den, na ɔremma wɔnsɔ yɛn hwɛ ntra nea yebetumi agyina ano. Enti, mmrɛ sɛ wobɛkɔ Daa Ɔhene no ahengua anim wɔ mpaebɔ a efi komam mu. (1 Korintofo 10:13; Filipifo 4:6, 7, 13; Adiyisɛm 15:3) Fa gyidi bɔ mpae, na fa wo ho to Yehowa so koraa, efisɛ otie yɛn mpaebɔ a yɛde bisa mmoa no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena