Bible No—So Ɛyɛ Kronkron Ampa?
NNIPA ahe na nnɛ wobu Bible no sɛ ɛyɛ kronkron, Onyankopɔn Asɛm? Wɔ nnɛ bere yi a nnipa gye nneɛma ho akyinnye mu no, pii bu Bible no sɛ ne bere atwam na emu nsɛm mfa yɛn ho, na wonnye nni sɛ ɛyɛ kronkron ampa. Kristoman nyamesom akannifo binom mpo kyerɛkyerɛ sɛ anansesɛm ayɛ Bible no mu ma. Na wogye kyim sɛ ‘ɛsɛ sɛ onimdefo gye sɛnea Bible no kyerɛkyerɛ abakɔsɛm mu tom anaa.’—The Interpreter’s Dictionary of the Bible, Po 2, kratafa 611.
Nhomanimfo a wɔagye din rema nkurɔfo adwenem ayɛ wɔn naa wɔ sɛnea ɛfata sɛ wɔbɛka sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm no ho. Obiako kae sɛ “sɛ obi pɛ sɛ ɔka Onyankopɔn Asɛm ho asɛm wɔ ne kasa mu a, eye sɛ ɔbɛfrɛ Bible no sɛ Israel Asɛm, tete Kristofo a wɔagye din no bi Asɛm.” (The Bible in the Modern World, a James Barr yɛe) Wususuw ho dɛn? So Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm? So ɛyɛ kronkron ampa?
Hena na Ɔkyerɛw Bible No?
Wogye tom sɛ Mose a ɔyɛ Hebrini bi a ɔtraa ase mfe 3,500 a atwam ni no na ɔkyerɛw Bible nhoma a edi kan no, Genesis. Sɛnea Bible no ankasa kyerɛ no, mmarima bɛyɛ 40 a wɔn asetra mu nsɛm tebea gu ahorow na wɔkyerɛwee Kyerɛwnsɛm nkae no, a ama wɔanya Bible nhoma ahorow, anaa ɔfã nketewaa 66 no. Nanso, mmarima yi ammu wɔn ho sɛ wɔne Bible no akyerɛwfo ankasa. Ɔkyerɛwfo biako kae sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Onyankopɔn home mu.” (2 Timoteo 3:16) Ɔfoforo kaa Bible akyerɛwfo ho asɛm sɛ: “Nnipa fi Nyankopɔn mu na wɔkasae sɛnea na honhom kronkron no de wɔn rekɔ no.”—2 Petro 1:21.
Eyi ma wɔn a wɔkyerɛwee no bɛyɛ sɛ akyerɛwfo a Onyankopɔn maa wɔn akwankyerɛ. Sɛnea Bible no kyerɛ no, mpɛn pii no, wɔmaa ɔkyerɛwfo no ankasa hokwan sɛ ɔmpaw nsɛmfua a ɔde bɛka nsɛm a wofi soro de maa no no. (Habakuk 2:2) Ɛno nti na sɛnea wɔkyerɛwee Bible mu nsɛm no gu ahorow pii saa no. Nanso Onyankopɔn de akwankyerɛ mae wɔ ne kyerɛw mu bere nyinaa.
Ɛyɛ ampa sɛ ka a akyerɛwfo yi ka sɛ wofi soro de honhom kaa wɔn no nkutoo nyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Bible no yɛ Ɔbɔadeɛ no nkrasɛm a efi soro ma adesamma. Nanso, sɛ Ɔsorosoroni no ne Bible no Kyerɛwfo anaa dabi no yɛ nea ɛsɛ sɛ yetumi hu pefee bere a yɛde boasetɔ ne adwempa hwehwɛ nhoma no ankasa mu yiye no. So Bible no de adanse a ɛkyerɛ sɛ efi soro ma? So yebetumi de ahotoso aka ampa sɛ Bible no yɛ kronkron anaa?